Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g91 7/8 kr. 31
  • Kyakyatow Wiase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kyakyatow Wiase
  • Nyan!—1991
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Kyakyatow Nnye Koraa Ampa?
    Nyan!—1992
  • Mfomso Bɛn na Ɛwɔ Kyakyatow Ho?
    Nyan!—2002
  • Kwati Kyakyatow ho Afiri
    Nyan!—2002
  • Kyakyatow​—So Obi Di?
    Nyan!—1988
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1991
g91 7/8 kr. 31

Kyakyatow Wiase

WƆTAA frɛ kyakyatow mfiri sɛ adwotwafo a wɔn nsa biako. Nanso ɛmmɔ nkurɔfo apoo nnye wɔn sika te sɛ nea adwotwafo ankasa yɛ no; nnipa na wɔto santen kɔ ho te sɛ nguan a wɔrekoyi wɔn ho nhwi.

Mfiri yi bɛyɛ 420,000 na ɛwɔ Federal Republic of Germany, a ɛde anibere gyigye bɛyɛ $900,000,000 fi Germanfo hɔ afe biara. Dapɛn biara ɛhɔfo bɛyɛ nnipa ɔpepem anum sɛe dɔnhwerew biako hwie sika gu mfiri no mu; nnipa 80,000 sɛe bɛboro nnɔnhwerew anum dapɛn biara wɔ ho.

Mprempren Spain wɔ mfiri no 750,000. Wɔmaa kyakyatow ho kwan wɔ mmara mu wɔ hɔ wɔ 1977 mu. Eduu 1988 no, na Spaniafo sɛe $25,000,000,000 wɔ kyakyatow ahorow nyinaa ho afe biara. Wɔbɔ amanneɛ sɛ Spaniafo 200,000 tow kyakya daa a wontumi nyae. Italiafo tow kyakya bɛyɛ $12,000.000.000 wɔ 1989​—anaasɛ onipa koro biara a mmofra ka ho sɛee bɛyɛ $210. Wɔ dapɛn biako pɛ mu wɔ 1990 mfiase no, Italiafo sɛee dɔla ɔpepem 70 wɔ bɔɔlbɔ akansi ho nkyiato mu.

Kyakyatowfo a wɔwɔ United States no sɛe bɛboro $200,000,000,000 afe biara wɔ kyakyatow a wɔama ho kwan wɔ mmara mu no nkutoo ho! Ɛhɔ kyakyatowbea ahorow panyin bi kae sɛ: “Kyakyatow yɛ ɔman yi adwuma a ɛrenya nkɔanim ntɛmntɛm sen biara, sika a wɔsɛe no afe biara no te sɛ nea wɔsɛe wɔ [U.S. sraadi] ho no.” Ɔka sɛ ɔdɔ a Amerikafo wɔ ma kyakyatow no fi “nyansapɛ adwene” ne ɔpɛ koro no ara a akwantufo ne adikanfo no nyae sɛ wɔde wɔn ho bɛto asiane ahorow mu wɔ tete hɔ no. Nanso ɛsono nea ɔtow kyakya no adwene a ɛne ne ho a ɔpɛ sɛ onya mpofirim no koraa wɔ akwantufo ne adikanfo no brɛ a wɔde kaa wɔn dwumadi ahorow ho no ho.

Asetra mu nsɛm ho ɔdenimfo Vicki Abt kae sɛ: “Kyakyatow ma wunya adwene sɛ wommrɛ na wanya wo ho.” Adwene a ɛte saa betumi asɛe abrabɔ koraa. Ɛka, ohia, obi su wɔ adwuma ho a ɛsɛe, mmusua a emu paapae eyinom ne kyakyatow mu mfaso a ɛyɛ awerɛhow no. Wɔ nnipa ɔpepem pii a wɔn mu pii yɛ mmofra a wonya nnii mfe aduonu fam no, ɔkwan biara so, kyakya ara na wɔbɛtow. Bible no ka no nokwarem sɛ “bɔne nyinaa ntini ne sikapɛ.”​—1 Timoteo 6:10.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena