Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g92 2/8 kr. 8-9
  • Minyinii Wɔ Afrika Kuropɔn Bi Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Minyinii Wɔ Afrika Kuropɔn Bi Mu
  • Nyan!—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sukuukɔ
  • Adehoro da ne Asukɔ
  • Mmofra sɛ Ahobammɔ
  • Biako a Wɔne Sukuu Nhyehyɛe no Bɛyɛ
    Sukuu ne Yehowa Adansefo
  • Nneɛma a Ɛboa Ma Wonya Nhomasua Papa
    Nyan!—1996
  • Awofo A Wɔayɛ Wɔn Ofie Adwuma
    Nyan!—1989
  • Wiase Nyinaa Sukuu a Ɛredi Yiye
    Nyan!—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1992
g92 2/8 kr. 8-9

Minyinii Wɔ Afrika Kuropɔn Bi Mu

Sɛnea nnipa redɔɔso wɔ Afrika aman a wɔwɔ Sahara kesee fam no yɛ nea ɛkɔ soro sen biara wɔ wiase no mu biako. Ɛhɔ no, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, ɔbea biara wo asia ne akyi. Ohia, ɛhɔnom tebea a ɛkɔ so sɛe, ne nneɛma a ɛho yɛ nã ma ahokyere no yɛ kɛse. Sɛnea asetra te wɔ wiase no fã a ɛte saa mu ho amanneɛbɔ a efi hɔ ankasa bi ni.

MINYINII wɔ Afrika Atɔe Fam kuropɔn kɛse yi mu. Na yɛyɛ mmofra baason wɔ abusua no mu, nanso baanu wui. Na yɛn fie no yɛ pia ne asa bi a yɛagye na yetua ho ka. Mama ne Papa da pia no mu na yɛn mmofra no deda kɛtɛ so wɔ asa so fam hɔ, mmarimaa gu fã na mmeawa no nso gu ɔfã foforo.

Te sɛ nnipa pii a na yɛne wɔn bɔ fipam no, na yenni sika pii, na na ɛnyɛ bere nyinaa na yenya biribiara a yehia. Ɛtɔ mmere bi mpo a aduan nso yɛn di. Ade kye a, yɛntaa nnya hwee nni sɛ ɛmo a ade akye so a wɔaka no hyew. Ɛtɔ da bi a ɛno koraa ho yɛ nã. Nea ɛnte sɛ ebinom a wɔkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ okunu a ɔno na ɔbɔ akɔnhoma no nya aduan no mu fa kɛse ansa na ɔyere no, na wɔde nea ɛbɛka ama mmofra no, yɛn awofo taa kyen kɔm na wɔde aduan kakraa a ɛwɔ hɔ no ama yɛn a yɛyɛ mmofra no. M’ani sɔɔ wɔn afɔrebɔ no.

Sukuukɔ

Afrikafo binom susuw sɛ mmarimaa nkutoo na ɛsɛ sɛ wɔkɔ sukuu. Wɔte nka sɛ ɛho nhia sɛ mmeawa kɔ efisɛ wɔware ma wɔn kununom hwɛ wɔn. Na m’awofo nni saa adwene no. Wɔde yɛn baanum nyinaa kɔɔ sukuu. Nanso na ɛyɛ sikasɛm mu asɛnnennen ma m’awofo. Na nneɛma te sɛ pensere ne krataa nyɛ asɛnnennen pii, nanso na nhoma a yesua ne sukuu atade a ɛsɛ sɛ yenya bi ɔkwan biara so no bo yɛ den.

Bere a mifii ase kɔɔ sukuu no na minni mpaboa. Mannya bi kosii bere a minyaa mfe abien wɔ ntoaso sukuu a na madi mfe 14 ansa na m’awofo tumi tɔɔ mpaboa maa me. Ɛno nkyerɛ sɛ na minni mpaboa koraa. Na mede biako pɛ a mewɔ no kɔ asɔre, na wɔmmma memmfa nnkɔ sukuu anaa mmeae afoforo biara. Na menhyɛ mpaboa. Ɛtɔ mmere bi a me papa tumi totɔ tumi nkrataa a yɛde foro bos, nanso sɛ edu bere bi na ontumi ntɔ a, yɛnantew kɔ sukuu ba. Na ne kɔ ne mmae nyinaa yɛ bɛyɛ sɛ akwansin anan.

Adehoro da ne Asukɔ

Na yɛhoro yɛn ntade wɔ asubɔnten bi mu. Mekae sɛ mene me maame kɔ hɔ a ɔso bokiti, samina, ne ntade no. Wɔ asu no ho no, ɔde bokiti no saw nsu de ntade no gu mu na ɔde samina twitwiw mu. Afei ɔboro ntade no wɔ abotan a ɛso yɛ toro so na oyi mu wɔ nsu no mu. Ɛno akyi no ɔhata wɔ abotan afoforo so efisɛ afɔw nti emu yɛ duru dodo sɛ ɔbɛsoa akɔ fie. Saa bere no na meyɛ abofra nti wɔma metra nneɛma a wɔahata no ho na obiara anwia. Mama na ɔyɛ adwuma no mu fã kɛse.

Na nnipa kakraa bi na wɔde nsu fa ɔdorobɛn mu kɔ wɔn fie, enti na m’adwuma biako ne sɛ mede bokiti bɛkɔ asu afi ade bi a wɔde bu nsu a wɔfrɛ no pipe mu. Na asɛnnennen no ne sɛ, ɔpɛ bere mu no, wɔtoto pipe no pii mu de kora nsu so. Bere bi, yɛannya nsu annom da mu nyinaa. Yɛannya nea ɛsɔ biako mpo! Ɛtɔ mmere bi a menantew akwansin pii de hwehwɛ nsu bokiti biako pɛ. Nsu a mesoae kwan tenten saa no maa nhwi no tutui wɔ beae a bokiti no si no. Enti midii mfe du no na m’apampam apa! Ɛyɛ me anigye sɛ nhwi no asan afuw bio.

Mmofra sɛ Ahobammɔ

Sɛ mibu kɔmpɔ hwɛ m’akyi a, mihu sɛ na yɛn asetra no yɛ nea ɛsɔ ani, ebia ɛboro nea ɛsɔ ani mpo wɔ yɛn Afrika beae a ɛte saa no. Minim mmusua pii a na wɔn asetra nnu yɛn de no koraa. Na me sukuu mu nnamfo no pii kɔtɔn ade wɔ gua so ansa na wɔaba sukuu ne bere a wɔapɔn no, na wɔanya sika ama wɔn mmusua. Afoforo nnya hwee nni anɔpa ansa na wɔaba sukuu, na wɔde ɔkɔm fi fie na wɔba sukuu da mũ nyinaa a wonnidi. Mekae sɛ mpɛn pii no sɛ midi me bodobodo wɔ sukuu a eyinom mu biako ba bɛsrɛ me. Na mibu bi ma no.

Wɔ ahokyere yi nyinaa akyi no, nnipa pii hwehwɛ sɛ wɔwo bebree. Nnipa pii a wɔwɔ hanom ka sɛ: “Ɔba koro nyɛ ɔba. Mma baanu yɛ biako, mma baanan yɛ abien.” Eyi te saa efisɛ sɛnea mmofra wuwu wɔ hɔ no yɛ nea ɛkɔ soro sen biara wɔ wiase no mu biako. Awofo nim sɛ ɛwom sɛ mmofra no bi bewu de, nanso ebinom bɛtra ase, anyin, ayɛ nnwuma na wɔde sika aba fie. Afei ɛbɛma wɔatumi ahwɛ wɔn awofo a wɔn mfe akɔ anim no. Wɔ ɔman a aban nni nhyehyɛe a wɔde hwɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no, eyi yɛ ade a ehia yiye.—Sɛnea Donald Vincent ka kyerɛe.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena