Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g92 12/8 kr. 24-26
  • Wiase a Eye a Mehwehwɛe

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wiase a Eye a Mehwehwɛe
  • Nyan!—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Me Botae​—Otuo a Mede Bedi Awu
  • Nyamesom Asetra—Anidaso Ahorow ne Nea Wonya Ankasa
  • M’amammui Fam Dwumadi
  • Me Kokoam Asetra​—Abasamtu a Ɛsen Biara
  • Nsakrae Bere
  • Kristofo Nipasu Foforo Si Basabasayɛ Ananmu
  • Sɛnea Wokum Me Honhom Fam Sukɔm
    Nyan!—2003
  • Ná Meyɛ Katalekni Ɔbea Sɔfo
    Nyan!—1985
  • Bible Tumi Sesa Nnipa
    Ɔwɛn-Aban: Bible Tumi Sesa Nnipa
  • Bible Mu Nokware Ma Ɔbea Kokorani Bi De Ne Ho Wɔ Bolivia
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1992
g92 12/8 kr. 24-26

Wiase a Eye a Mehwehwɛe

Sɛnea obi a anka ɔyɛ Katolekni ɔbeakokorani ka kyerɛ

WlASE bi a eye​—so na ebetumi aba? Nokwarem no, bere a Onyankopɔn bɔɔ wiase no, na ɛnyɛ n‘atirimpɔw ne sɛ ɛbɛyɛ wiase a ɔtan, basabasayɛ, pɛsɛmenkominya, ɔporɔw, ntɛnkyea ne amanehunu ahyɛ mu ma. Ɛsɛ sɛ wiase a eye bi ba. Sɛ ná ɛno betumi ayɛ yiye a, ɛnde misii me bo sɛ mɛboa ma aba.

Wɔwoo me na minyinii wɔ Corrientes. Argentina ɔmansin mu, faako a ltatí Ɔbaabun no som agye din no. Nnipa no yɛ Katolekfo a wɔpɛ nyamesom yiye, na wotutu akwan pii afe biara kɔsom ɔbaabun no. Na meka wɔn ho. Mifi me mmofrabere mu nyaa ɔpɛ sɛ mehu Onyankopɔn yi a wɔaka ne ho nsɛm pii no, nanso me papa amma me kwan ma mankɔ catechism adesua ahorow. Akyiri yi, bere a minyinii kakra no, esiane ayɔnko bɔne nti, me papa bɛyɛɛ ɔsabofo. Yɛn nyinaa huu amane de, nanso me maame titiriw na ɔyeyaw no na ɔboroo no kɛse. Esiane eyi nti, mebɛtan mmarima, na mibuu wɔn sɛ wɔn nyinaa yɛ atirimmɔdenfo na wɔn bra asɛe.

Me Botae​—Otuo a Mede Bedi Awu

Nanso, sukuu maa minyaa su pa ahorow. Mede nnamyɛ kɔɔ so suaa ade, na minyaa ade pam ne aguadi ho adesua ahorow ho adansedi nkrataa, na akyiri yi miwiee sukuu a mewɔ gyinabea a ɛkorɔn sen biara sɛ ɔkyerɛkyerɛfo. Afei na nea mehwehwɛ ankasa no refi ase abam: abodin ahorow ne adansedi nkrataa a menya na ama made me ho afi me papa nhyɛso ase. Saa bere no ara, meyɛɛ nhyehyɛe ahorow sɛ mɛyere me ho ayɛ adwuma na matumi ama me maame tebea no ayɛ yiye na afei ​—matɔ otuo akum me papa!

Nokwasɛm ne sɛ, eyi amfa anigye biara ammrɛ me, na asomdwoe nso bɔɔ me. Mmom no, metee nka te sɛ meyɛ aboa bi a wɔde no ahyɛ ebuw mu. Ná madi mfe 20 na mihui sɛ mehyɛ ban bi a mintumi mfi mu mu.

Nyamesom Asetra—Anidaso Ahorow ne Nea Wonya Ankasa

Bɛyɛ saa bere yi mu na mifii ase ne mmea kokorafo ne Komunistfo nso bɔe. Afanu no nyinaa bɔɔ mmɔden sɛ wɔde wɔn nsusuwii ahorow bɛhyɛ me so. Nanso mmoa a mede bɛma ahiafo wɔ nsase a ɛwɔ akyirikyiri te sɛ Afrika ne Asia ho nsusuwii ma misii gyinae sɛ mɛkɔ mmea kokorafo fie.

Metraa mmea kokorafo fie hɔ mfe 14. M’asetra wɔ hɔ yɛɛ ahomeka, dinn, ne nea asomdwoe wom. Ebeduu bere a me ne asɔfo a wɔwɔ nyansapɛ bi a ɛfa wiase aman a afei na wɔrenya nkɔso ho no yɛɛ adwuma no ansa na mibehuu nsonsonoe a ɛda wiase a yɛn mmea kokorafo te mu ne wiase a adesamma a aka no te mu no ntam​—ɛyaw ne atɛnkyea wiase no, faako a nnipa hu amane wɔ wɔn a wɔkorɔn ne atumfo nhyɛso ase no.

Wɔ me nyamesom kuw, Theresian Carmelite Asɛmpatrɛwfo mu no. wɔkaa pii faa atɛntrenee ho, nanso ná ɛte sɛ nea me mpanyimfo mfanni dwuma koraa wɔ wɔne afoforo nsennii mu. Akyerɛkyerɛfo nyaa akatua a ɛba fam koraa sen nea aban ahyehyɛ, a na wɔmma wɔn anaa wɔn mmusua akyɛde biara na na wotumi yi wɔn adi a wonni kan mmɔ wɔn amanneɛ na wɔmma wɔn hwee. Ná asomfo a wɔwɔ afie mu de nye koraa; sɛ wɔde nnɔnhwerew 10 kosi 12 yɛ adwuma wɔ sukuu hɔ wie a, na ɛsɛ sɛ wɔsan hwehwɛ adwuma foforo yɛ na wɔatumi aboa wɔn mmusua na wɔahwɛ wɔn. Na mepɛ sɛ meteɛteɛ saa atɛnkyea tebea no.

Bere a mekaa ho asɛm kyerɛɛ yɛn panyin no, ɔka kyerɛɛ me sɛ, nea aka me ara ne sɛ mɛfa otuo ato me kɔn ho na anka mayɛ ɔman onidanfo! Saa bere no, misusuw sɛ mɛyɛ onidanfo mmom sen sɛ mɛyɛ otirimɔdenfo sɛ wɔn. Enti misii gyinae sɛ mehwehwɛ sɛ wobeyi daa abrabɔ pa, ohia, ne osetie ho ntam a maka no afi me so. Na mepɛ sɛ meboa asɔre no wɔ ɔkwan kɛse so. Woyi fii me so ntɛm ara.

M’amammui Fam Dwumadi

Afei mifii ase dii ohia ntam no so ankasa. Sɛ ɛnyɛ nnipa ayamyefo a na wɔatwa me ho ahyia no a, anka mpɛn pii no, mannidi koraa. Mihuu sɛnea nnipa a wɔnyɛ atitiriw no asetram te ankasa bere a edi kan. Me ne ɛhɔ asɔre no yɛɛ adwuma denneennen wɔ biribiara mu ​—nyamesom, asetra, ne amammuisɛm mu. Sɛ́ obi a mekyerɛ mpanyimfo ade no, minyaa hokwan ahorow pii de kaa tebea ahorow a enye koraa a nnipa de to wɔn so no, nea ɛde ba, ne nea ebetumi ayɛ ano aduru ho asɛm. Na ano aduru ahorow yi ne dɛn? Nea edi kan ne sɛ, yɛbɛfa ɔkwan a asomdwoe wom so ne nneɛma a yɛbɛkasa atia so; na afei sɛ ehia a, yɛafa basabasayɛ so na yɛadu botae a yɛhwehwɛ no ho, atɛntrenee.

Nyamesom-amammui kuw a mede me ho bɔɔ wɔn, a Katolek asɔfo hyehyɛe na asɔre mu nnipa di akyi no, de wɔn dwumadi ahorow kɔ Afrika, Asia, ne Latin Amerika mmeae a ɛnnyaa nkɔso no so. Ɛka nsakrae kɛse a ɛsɛ sɛ ɛba ntɛm wɔ nnipa asetram ne sikasɛm ho nhyehyɛe ahorow no mu ho asɛm denam anidan nhyehyɛe so, na wɔpow sikasɛm, amammuisɛm, ne amammerɛ fam amannɔne nhyɛso pefee. N’atirimpɔw ne sɛ ɛde Latin-Amerikafo nniso a ɛbɛma hombre nuevo (onipa foforo) , a wade ne ho afi anohyeto ahorow a amanɔnne amammui nhyehyɛe ahorow de ato ne so ho no bɛba

Yɛde yɛɛ yɛn botae sɛ yebenya ahiafo so nkɛntɛnso kɛse, na yɛn ankasa yɛahu wɔn tebea wɔ asetram. Bere a botae ahorow yi wɔ me tirim no, mebɔɔ mmɔden yiye sɛ mɛboa obiara ​—mmofra ne mpanyin, wɔn a wɔrebɛn wɔn mpanyin mfe so ne mpanyimfo

Me Kokoam Asetra​—Abasamtu a Ɛsen Biara

Bere a meyeree me ho sɛ mɛma ahiafo tebea horow ayɛ yiye no, me werɛ fii sɛ akoma no betumi ayɛ ɔdaadaafo. Minyaa ɔdɔ maa me panyin a ɔyɛ ɔsɔfo bi, na me ne no trae mfe abien. Ankyɛ na minyinsɛnee. Bere a ɔsɔfo no hui no, ɔpɛe sɛ mesɛe no, nanso mampene, efisɛ na ɛno bɛyɛ awudi. Nea ɛbɛyɛ na mɛwo abofra no, na ɛsɛ sɛ migyae adwuma a me ne ɔsɔfo no yɛ no na mifi kurow no mu efisɛ na misuro sɛ anhwɛ a ɛbɛda adi sɛ ne mpena ne me.

Mifii kurow no mu a na mete ɔyaw nka kɛse, na misusuw ho sɛ mɛtow me ho akyene keteke bi ase de adi me ho dɔm, nanso biribi twee me sanee. Migyinaa mu. Nnamfo, abusuafo ne nnipa ayamyefo a wɔwɔ me kurom nyaa ɔdɔ, ayamhyehye ne ntease maa me​—biribi a ɔbarima biako pɛ a medɔ no no anyɛ da. Bere a mewoo me ba barima no, eyinom na wɔhwɛɛ yɛn. Mepɛe sɛ me ba barima no nyin bɛyɛ ɔhoɔdenfo, ɔbarima kokodurufo a odi nea ogye di ho dwuma na ɔwɔ ɔpɛ sɛ obewu ama ne nsusuwii ahorow. Sɛ́ ahwehwɛde yi ho sɛnkyerɛnne no, memaa no mfinimfini din Ernesto na akae me Ernesto Che Guevara (Argentinani a wagye din yiye sɛ obi a ɔko tia aban no) , a na m‘ani gye ne ho kɛse no.

Bere a asraafo tuu Argentinafo aban no gui no, wofii ase taa ɔman anidanfo kuw ahorow. Wokyeree me mfɛfo pii. Encapuchados (wɔn awɔde ade akata wɔn ti) bɛtow hyɛɛ me fie mpɛn pii, wɔhwehwɛɛ biribiara mu na ɛkame ayɛ sɛ wowiaa m’ahode nyinaa. Wɔfrɛɛ me mpɛn pii wɔ atumfo anim sɛ menkyerɛ faako a m’ahokafo no wɔ, nanso midii nokware maa me nnamfonom, pɛe sɛ mewu mmom sen sɛ mɛkyerɛ wɔn akyi kwan.

Nsakrae Bere

Bere a mewɔ nhyɛso a ɛte sɛɛ ase no, ná mihia obi a mɛka m’asɛm akyerɛ no, obi a metumi agye no adi na mede me ho ato no so sɛ adamfo pa. Saa bere no na Yehowa Adansefo mu baanu baa me fie. Migyee wɔn anigye so, na mehyɛɛ asomdwoe ne adamfofa su bi a ɛyɛɛ me anigye nsow wɔ wɔn ho. Ná mepɛ sɛ wɔsan ba ne me besua Bible no. Bere a wɔsan bae no, mekyerɛkyerɛɛ tebea a ɛyɛ den a mewom no mu kyerɛɛ wɔn, na mekaa no nokwarem kyerɛɛ wɔn sɛ mempɛ sɛ wɔn nso ho bɛba asɛm no mu. Wɔmaa me awerɛhyem sɛ wonsuro, efisɛ atumfo no nim nnipa ko a wɔyɛ.

Efi mfiase no, ná yɛn Bible adesua no yɛ den yiye. Esiane sɛ na minni gyidi ne ahotoso wɔ Onyankopɔn mu bio nti, ná ɛyɛ den ma me yiye sɛ megye ɔkyerɛkyerɛ nsɛm a ɛwɔ Bible sua nhoma Nokware a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu no mu atom. Ná mereyɛ agyae adesua no, na misusuwii sɛ Bible no yɛ anansesɛm ne sɛ Marx kaa nokware bere a ɔkaa sɛ nyamesom yɛ “aduru a ɛsɛe nkurɔfo adwene” no. Bere a medaa me nkate adi kyerɛɛ Adansefo no, na meka kyerɛɛ wɔn sɛ ɛnsɛ sɛ wɔsɛe bere wɔ me ho bio no, wobuae sɛ wommu no sɛ ɛyɛ bere sɛe sɛ wɔbɛboa wɔn a wohia mmoa.

Minyaa adwene foforo koraa bere a wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ menkɔ Ahenni Asa so no. Ná nhyiam ahorow a adwenkyerɛ, obu a obiara wɔ ma ne yɔnko ne adamfofa nnim koraa no afono me. Nanso, ná Yehowa Adansefo nhyiam ahorow no nte saa. Egyina Bible so na ɛhyɛ gyidi den, na ɛka yɛn ma yɛdɔ yɛn ho yɛn ho ne yɛn atamfo mpo.

Kristofo Nipasu Foforo Si Basabasayɛ Ananmu

Awiei koraa no, mihuu ɔkwan a wɔfa so ma wiase no yɛ yiye. Wɔ June 8, 1982 mu no, mede nsu mu asubɔ yɛɛ m’ahosohyira ma Yehowa Nyankopɔn ho sɛnkyerɛnne, na afei mibenyaa ɔpɛ sen bere biara sɛ meyi nipasu dedaw, amammui hombre nuevo a ɛpɛ basabasayɛ no agu, na mahyɛ nipasu foforo no ne ne su pa ahorow a wɔaka ho asɛm wɔ Galatifo 5:22, 23 no. Mprempren, mede me ho ahyɛ akodi foforo, Kristofo akodi mu, reka Ahenni no ho asɛmpa, na mede me ho ama rekyerɛkyerɛ afoforo Ahenni nokware a ɛfa wiase bi a eye a ɛbɛba ho asɛm.

Hwɛ nhyira ara a ɛyɛ sɛ mitumi kyerɛkyerɛ me ba barima no sɛ, sɛ́ anka obenyin na wasuasua Ernesto Che Guevara no, obetumi adi Yesu Kristo, yɛn Kannifo ne nhwɛsofo no anammɔn akyi! Mebɔ mpae sɛ me ne me ba no, ne wɔn a wɔdɔ trenee nyinaa, a m‘ayɔnkofo dedaw no ne m’abusuafo ka ho, bɛhyɛn wiase a eye na ɛbɛtra hɔ daa, paradise asase a anigye, asomdwoe, ahotɔ, ne atɛntrenee ahyɛ mu ma no mu. Basabasayɛ mfa mfaso mmrɛ obiara; ɛde ɔtan, mpaapaemu, abasamtu, ne ɔhaw ahorow a enni awiei nkutoo na ɛba. Mekasa fi osuahu mu, efisɛ mafa asetra a ɛte saa mu pɛn.​—Efi Eugenia Maria Monzón hɔ.

[Kratafa 26 mfonini]

Meka asɛm afie afie mu wɔ Argentina

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena