Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g93 3/8 kr. 30
  • Ɛfi Yɛn Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛfi Yɛn Akenkanfo Hɔ
  • Nyan!—1993
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ
    Nyan!—1993
  • Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ
    Nyan!—1993
  • Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ
    Nyan!—1993
  • So Nnwom Betumi Apira Me Ankasa?
    Nyan!—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1993
g93 3/8 kr. 30

Ɛfi Yɛn Akenkanfo Hɔ

Nananom “Mmofra Bisa Sɛ . . . ” mu nsɛm a ɛbaa July 8, 1992, Awake! ne November 8, 1992, Nyan! mu no kaa nananom a wɔbɛtra yɛn nkyɛn ho asɛm. Me nanabea abɛtra yɛn nkyɛn fi bere a ne kunu wui akyi. Ɔhwɛɛ me ne me nuanom baanum so bere a na Maame ne Paapa yɛ adwuma; yɛbɛyɛɛ nnamfo. Mprempren yi a me nanabea ntumi nhwɛ ne ho yi, m’anya hokwan sɛ metua nea ɔyɛ maa me no ho ka ketewaa bi. Ɛnyɛɛ mmerɛw mmaa me ɛ, esiane sɛ mewɔ abusua a mehwɛ wɔn, na mente apɔw papa nti. Nanso m’ani gye ho sɛ mɛhwɛ no. Yiw, nneɛma pa bebree betumi afi yɛn nananom a wotu bɛtra yɛn nkyɛn no mu aba!

B. M., United States

Mmofra Ntetee Meda mo ase wɔ nsɛm a mokyerɛwee a ɛfa “Ntetee Wɔ Ɔbrasɛe Wiase Mu” ho no. (September 8, 1992, Nyan!) Mobɔɔ kɔkɔ wɔ nnaadaafo a wɔawia wɔn ho aba asafo no mu, a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no ho. Afe a ɛtwaam mu no, aberante bi a ɔte saa maa yɛn babea kumaa aduru nomee na ɔtoo no mmonnaa. Ná ɔne yɛn asafo muni bi resua Bible no. Ɛwom sɛ asennibea abu no fɔ de, nanso ɛde ɔhaw kɛse aba yɛn abusua no so. Yɛn anidaso ne sɛ Kristofo awofo nyinaa ne wɔn mma besua nsɛm yi a aba wɔ ne bere mu no, na wɔabɔ wɔn kɔkɔ sɛ ɛnsɛ sɛ wogye wɔn a ɛte sɛ nea wɔkyerɛ Bible no ho anigye bi no di mmoro so.

K. V., United States

Nsɛmma nhoma yi maa mihuu mmɔden kɛse a ɛsɛ sɛ yɛn awofo bɔ na wɔde atete yɛn wɔ Onyankopɔn suro mu. M’ankasa minyaa mfaso ni asɛmti, “Boa Wɔn Ma Wɔmpaw Ɔhokafo” no mu. M’adi mfe 16 pɛ na minni aware ho anigye mprempren. Nanso, mewɔ anidaso sɛ afotu a ɛte saa no so bɛba me mfaso daakye

N. G., Italy

Nnwom a Ano Yɛ Den Mmoroso Meda mo ase pii wɔ asɛm “Death-Metal Music​—What’s the Message?” no ho. (July 8, 1992, Awake!) Nwom a ano yɛ den ne nnwom a wɔworo nsɛm wom nyinaa agye din wɔ me sukuu mu yiye. Na wodi obiara a n’ani nnye nnwom a ɛte saa ho fɛw. Asɛm no ama ayɛ mmerɛw ama me sɛ mɛka sɛ dabi na makyerɛkyerɛ nea enti a mempɛ saa nnwom yi mu. Meda mo ase pii.

M. F., Germany

Baguam Kasa Mereka nsɛm kakraa wɔ asɛm “Wubetumi Akasa Bagua Anim!” ho. (November 8, 1992, Nyan!) Na mefɛre ade bere nyinaa. Wɔ sukuu no na ɛyɛ den ma me sɛ megyina sukuufo anim akasa, na esiane osuro a na ɛwɔ me mu nti awiei koraa no migyae sukuu. Nanso bere a mebɛyɛɛ Kristoni no, mede me ho hyɛɛ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu na na ɛsɛ sɛ mekasa bagua anim. Na ɛnyɛ mmerɛw, nanso denam mpaebɔ ne ɔpɛ a na mewɔ sɛ medi me haw no so no, mede nkakrankakra nyaa nkɔso. Meda so ara te ehu nka, nanso makasa bagua akɛse anim wɔ Yehowa Adansefo nhyiam ase mpo!

A. H., Brazil

Nya Nkɔso Wɔ Wo Nkae Mu Bere tiaa bi ansa na merebɛkan asɛm “Nea Wobɛyɛ a Wubetumi Akae Ade Yiye” no (November 8, 1992, Nyan!) , mihuu sɛ me werɛ afi sɛ mɛtɔ biribi bio bere a mikodii gua no. Asɛm no kyerɛɛ nneɛma bi a ebetumi aboa obi ma watumi akae ade yiye, te sɛ nneɛma no mfonini a yebetwa wɔ yɛn adwene mu. Na nhwɛso a ɛfa nantwi a ɔretwitwiw ne sẽ ho mfonini a obi bɛyɛ wɔ n’adwenem bere a ɔrekɔtɔ nufusu ne aduru a wɔde twiw sẽ ho no yɛ serew titiriw. Daakye mede saa akwankyerɛ ahorow yi bedi dwuma na mamfa nneɛma a ɛsɛ sɛ wɔtɔ a wɔkyerɛw no anni dwuma bio.

E. B., Germany

Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ Meda mo ase pii wɔ ɔfa “Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ” no ho. Ɛnyɛ nkurɔfo nsɛm a wɔaka a moapaw de refoa mo adwenkyerɛ nsɛmmoa koraa, na mmom ɛyɛ nnipa suahu ahorow a wɔaboaboa ano a ɛka koma ankasa. Sɛnea mopene so tintim akenkanfo kasatia ahorow, na ɛtɔ da bi a nsɛm a samufo teɛteɛ no, da mo ahobrɛase a mowɔ no adi pefee

C. O., Italy

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena