Nyinsɛn A Wotu Gu Ho Asɛnnennen No—So Ɔpepem 60 A Wokum Wɔn No Ne Ano Aduru?
ABEAWA bi a wadi mfe 15 a wayɛ basaa, wabɔ hu, na ɔresu hwɛ ne mpena a ɔde abufuw gyaw ne hɔ kɔ no. Ɔkae sɛ abeawa no yɛ kwasea sɛ wanyinsɛn. Abeawa no susuwii sɛ wɔdɔ wɔn ho wɔn ho.
Ɔbea bi abam abu bere a ohu sɛ ɔyem ne ba a ɔto so asia no. Ne kunu nyɛ adwuma, na mmofra no da kɔm anadwo biara. Wɔbɛyɛ dɛn atumi ahwɛ abofra foforo?
Ɔbea bi a wasiesie ne ho fɛfɛ ka kyerɛ ne duruyɛfo sɛ: “Mannyinsɛn bere pa mu koraa.” Afei na ɔbea no anya abodin sɛ mfiri ho nimdefo, na ɔrebefi ase ayɛ n’adwuma foforo yi. Ne kunu de ne ho nyinaa ama ne mmaranim adwuma no. Ɛhe na wobenya bere de ahwɛ abofra?
Ɛsono nnipa yi mu biara asetra kwan koraa ne nsɛnnennen a wɔn mu biara hyia, nanso wɔn nyinaa paw ano aduru biako pɛ: nyinsɛn a wotu gu.
Nyinsɛn a wotu gu yɛ mfe du yi mu nsɛm a ɛkanyan nkate sen biara no mu biako, na ama wɔregye akyinnye a emu yɛ den wɔ amammui, asetra, nnuruyɛ, ne nyamekyerɛ mu. Wɔ United States no, wɔn a wɔmpene nyinsɛn a wotu gu so tu hokwan ahorow a abofra a wɔyem no wɔ ho aprenten. Wɔn a wɔpene nyinsɛn a wotu gu so nso de wɔn asɛm no agyina obu kɛse a wɔwɔ ma mmara mu ahofadi ne hokwan a ɔbea no wɔ sɛ osi gyinae no so. Wɔn a wɔmpene nyinsɛn a wotu gu so ne wɔn a wɔpene so di ako wɔ abatow mu, wɔ asennibea, wɔ asɔre ahorow mu ne wɔ mmorɔn so mpo.
Nnipa ɔpepem pii a nsɛm a ɛkanyan nkate kɛse no mma wontumi nhu nea wɔnyɛ no adi asensɛnmu. Wɔde ahwɛyiye apaw borɔfo nsɛmfua “pro-choice” [wɔn a wɔwɔ obu ma ahofadi] ne “pro-life” [wɔn a wɔwɔ obu ma nkwa] na wɔde anya wɔn a wonhu nea wɔnyɛ no. Wɔ bere a wɔsom ahofadi yi mu no, hena na ɔrempaw ahofadi? Na afei nso, hena na ɔrempaw nkwa? Wɔn a wɔpene nyinsɛn a wotu gu so no hinhim nnade a wɔde ntade sensɛn so de yɛ mmea a wɔhyɛ wɔn so a wotu nyinsɛn gu wɔ sum ase a asiane wom wu ho ɔyɛkyerɛ. Wɔn a wɔmpene so nso hinhim nkuruwa a mmofra a wɔatu wɔn agu wom sɛ ahude a wɔde kae mmofra ɔpepem pii a wɔyem wɔn a wɔawuwu no.
Wɔaka awudisɛm a ɛyɛ awerɛhow yi nyinaa ho asɛm sɛnea ɛfata wɔ Laurence H. Tribe nhoma Abortion: The Clash of Absolutes mu sɛ: “Nnipa pii a wobetumi ahu ntɛm ara sɛ abofra a wɔyem no no yɛ onipa ankasa, na wobu no kɛse sen biara na wosu no no nhu ɔpemfo no ne n’amanehunu . . . Na afoforo pii a wotumi hu ɔpemfo no ne ne nipadua ntɛm ara, na wɔteɛm sɛ wɔmma no kwan ma ɔnkyerɛ ne daakye kwan no nhu ɔpemfo no ba a ɔyem no no, na wommu asetra a anka obenya no sɛ ɛyɛ asetra ankasa.”
Bere a wogu so di abrabɔ fam ako yi, wobekunkum mmofra a wɔyem wɔn ɔpepem 50 kosi ɔpepem 60 afe yi bere a wogye nea ɔwɔ hokwan ahorow sen ne yɔnko ho akyinnye no.
Henanom afa na wowɔ wɔ asɛm a ɛkanyan nkate yi mu? Wubebua nsemmisa atitiriw yi dɛn: So ɔbea na ɔwɔ hokwan titiriw sɛ osi ho gyinae? So nyinsɛn a wotu gu teɛ wɔ tebea horow biara mu? Bere bɛn na nkwa fi ase? Na asɛm titiriw a wɔntaa mmisa ne sɛ: Nkwa ne awo Mafo no bu nyinsɛn a wotu gu dɛn?
Wofii ase tuu nyinsɛn gui akyɛ. Na wɔtaa tu nyinsɛn gu wɔ tete Hela ne Roma. Wɔ Europa wɔ Mfinimfini Mmere ne Nhomasua mu Ɔsesɛw Mmere no mu no, na wobu no sɛ wɔma hokwan kosi sɛ abofra no bɛkeka ne ho, kyerɛ sɛ ɛna no bɛte nka sɛ abofra a ɔte nkwa mu wɔ n’awotwaa mu. Nna mu nsakrae titiriw de ɔhaw bae—nyinsɛn ɔpepem pii a wɔmpɛ.
Wɔtetew mmea akuw a wose awo hokwan ahorow ne wɔn fapem no wɔ 1960 mfe no mu. Ebinom kae sɛ wɔmma mmea a mmonnaato anaa mogyafra ama wɔyem no anaasɛ ɛna a ne nkwa da asiane mu no kwan ma ontu nyinsɛn ngu. Aduruyɛ ho nimdeɛ ama wotumi hwɛ awotwaa no mu de hu dɛm a abofra no betumi adi wɔ awo mu ne ne bɔbeasu. Wotumi gyina oduruyɛfo no adwenkyerɛ so tu nyinsɛn gu. Mmea a wɔadi bɛboro mfe 40 no betumi abɔ hu wɔ dɛmdi ho.
Aman a ohia wom mu no, mmea pii a wonnya nea wɔde siw nyinsɛn ano ahe biara no te nka sɛ wontumi nhwɛ mmofra pii. Na sɛ wɔtrɛw nyinsɛn a wotu gu a wɔpene so no mu si ase a, apemfo bi paw sɛ wobetu abofra a wɔyem no no agu efisɛ nyinsɛn no amma bere pa mu anaasɛ wɔahu abofra a wɔyem no no bɔbeasu na wɔmpɛ no.
Eyi ho akyinnyegye a emu yɛ den no pii fa bere a nkwa fi ase ho. Nnipa kakraa bi na wobegye kyim sɛ mmadwoa a adan mogya tɔw no nte nkwa mu. Asemmisa no ne sɛ ɛte nkwa mu sɛ dɛn? So ɛyɛ ɔhonam bi kɛkɛ? Anaasɛ ɛyɛ onipa? So ɛyɛ odum aba anaa odum dua? Ɛnde, so mogya tɔw no yɛ onipa? So ɔwɔ hokwan ahorow sɛ onipa? Nsɛmfua ho akyinnyegye a emu yɛ den no dɔɔso bebree. Hwɛ abirabɔ a ɛyɛ sɛ wɔ ayaresabea koro no ara mu no, ebia nnuruyɛfo bɔ mmɔden sɛ wobegye abofra a wɔwo no ansa na n’awo du no nkwa nanso wokum abofra a wɔyem no a ɔne nea wɔawo no no yɛ tipɛn no! Mmara no betumi ama kwan ma wɔakum abofra a ɔwɔ awotwaa mu, nanso sɛ wokum abofra no bere a wɔawo no a, ɛyɛ awudi.
Nnɛɛmmafo mmea a wɔkyerɛ sɛ “wɔwɔ ahofadi” ne nneɛma a enni ano a wɔde siw nyinsɛn ano no na wɔyɛ dede kɛse sɛ mmara mma kwan mma wontu nyinsɛn ngu. Wɔka no denneennen sɛ wɔmma wɔn biribi a wɔfrɛ no awo hokwan, bere a nokwarem no, wɔde tumi a wɔwɔ sɛ wonyinsɛn na wɔwo no adi dwuma dedaw. Nea wɔhwehwɛ ankasa ne hokwan a wɔde bɛsɛe saa mma a wɔbɛwo wɔn no. Dɛn na wogyina so ka sɛ ɛteɛ? “Ɛyɛ me nipadua!” So ɛte saa ampa?
Nhoma Abortion—A Citizens’ Guide to the Issues ka sɛ wɔ adapɛn 12 a edi kan wɔ nyinsɛn mu no, “ɛnyɛ den koraa sɛ wobeyi ɔhonam ketewaa bɛtɛbɛtɛ no agu.” So wobetumi abu nyinsɛn a wotu gu sɛ “ɔhonam ketewaa a woyi gu” anaasɛ “nyinsɛn mu aba a wɔsɛe” no ma afata? Anaasɛ eyinom yɛ adɔkɔdɔkɔ nsɛm a wɔde ma nokwasɛm a wɔmpɛ yɛ dɛ na ama wɔn a wɔn ahonim haw wɔn no agyae wɔn haw?
Saa ɔhonam a wɔmpɛ no yɛ abɔde a nkwa wom a ɛrenyin, a ɛwɔ n’ankasa su horow a ɛbɛma wayɛ ɔbarima anaa ɔbea. Te sɛ obi asetra mu nsɛm a wɔaka asie no, ɛka onipa a ɔda nsow koraa a wɔrebɛwo no no ho asɛm fann. Abofra a wɔyem no ho nhwehwɛmu ho nimdefo a wagye din, A. W. Liley, kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛnea abɔde a nkwa wom ho nimdeɛ kyerɛ no, yentumi nnye adwene a ɛkyerɛ sɛ abofra a wɔyem no no yɛ ɛna no nipadua no fa bi kɛkɛ no ntom da. Awosu mu no, ɛna ne ɔba yɛ nnipa baanu a ɛsono wɔn mu biara wɔ nyinsɛn mu.”
Nneyɛe a Ɛmfata
Nanso, esiane sɛ ɛyɛ mmerɛw sɛ wobetu nyinsɛn agu nti, nnipa pii nte nka sɛ ɛho hia yiye sɛ wɔhwɛ wɔn ho yiye na wɔannya nyinsɛn a wɔmpɛ. Wɔpɛ sɛ wɔde nyinsɛn a wotu gu siw “nyinsɛn a wɔnhwɛ kwan” biara a ɛba no kwan.
Akontaabu kyerɛ sɛ mfe a mmeawa di ansa na wɔabu wɔn nsa no so atew wɔ afeha yi mu. Enti, mmofra nkumaa tumi wo mma. So wɔakyerɛ wɔn asɛyɛde a emu yɛ duru a ɛka saa hokwan no ho no? Ebedu bere a Amerikafo mmeawa dodow no ara bedi mfe 16 no na wɔnyɛ mmaabun bio, na wɔn mu 5 biara mu 1 nso hwere ne baabunyɛ ansa na wadi mfe 13. Mmarima ne mmea awarefo mu nkyem abiɛsa mu biako biara retwe mpena anaasɛ wɔayɛ saa pɛn wɔ bere a atwam no mu. Wɔn a wommu bra pa no na wɔtaa tu nyinsɛn gu. Te sɛ nea ɛtɔ mmere bi a wɔka sɛ wonnye tuutuusi ntom wɔ mmara mu na ama wɔasiw AIDS trɛw ano no, ebia nyinsɛn a mmara ama kwan ma wotu gu no ama asiane nni adeyɛ no mu wɔ aduruyɛ mu wɔ kwan bi so de, nanso aboa kɛse ma tebea a nyarewa a abrabɔ ma wonya betumi atrɛw na ɛtrɛw ankasa wom aba.
So Woyɛ Wɔn a Basabasayɛ anaa Tebea bi ma Wohu Amane?
Nhwehwɛmu ahorow da no adi sɛ nyinsɛn ntaa mfi mmonnaato mu mma. Nnipa 3,500 a wɔtoo wɔn mmonnaa toatoaa so ho nhwehwɛmu a wɔyɛe wɔ Minneapolis, U.S.A., daa no adi sɛ nyinsɛn biako mpo amfi mu amma. Nyinsɛn 86,000 a wotu gui wɔ kan Czechoslovakia no mu 22 pɛ na na efi mmonnaato. Enti, wɔn a wɔpɛ sɛ wotu nyinsɛn gu no mu kakraa bi pɛ na mmonnaato ne mogyafra nti wɔyɛ saa.
Na nkokoaa a wobedi dɛm kɛse a wontumi nyɛ ho hwee ho nsɛm a ɛyɛ hu a wɔka sie no nso ɛ? Nnuruyɛfo binom hyɛ ntɛm so sɛ wontu nyinsɛn ngu bere a wohu dɛmdi bi ho sɛnkyerɛnne nea edi kan ara pɛ no. So wobetumi aka sɛ nea wohui no bɛbam pɛpɛɛpɛ? Awofo pii betumi adi adanse sɛ saa nsɛm a ɛyɛ hu a wɔka sie no mu pii nyɛ nokware, na wɔwɔ mma a wɔwɔ anigye ne ahoɔden a wɔde bedi ho adanse. Afoforo a wɔwɔ mma a wobu wɔn sɛ wɔadi dɛm wɔ anigye sɛ wɔyɛ awofo. Nokwarem no, wɔn a wɔpɛ sɛ wotu nyinsɛn gu wɔ United States no mu ɔha biara mu nkyem 1 pɛ na ka a wɔka kyerɛ wɔn sɛ abofra a wɔyem no no betumi adi dɛm nti wɔyɛ saa.
Nanso, ebedu bere a wobɛkenkan asɛm yi awie no, na mmofra a wɔyem wɔn ɔhaha pii awuwu. Wowuwu wɔ he? Na ɛka wɔn a wodi saa dwuma no asetra dɛn?
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 4]
Ɛna: “Ɛyɛ me nipadua!”
Abofra: “Dabi! Ɛyɛ me nipadua!”