Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g93 8/8 kr. 12
  • So Ɔsom Ahorow Yi Wɔ Ano Aduru?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Ɔsom Ahorow Yi Wɔ Ano Aduru?
  • Nyan!—1993
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yafunu A Wotu Gu—Wiase A Emu Apaapae
    Nyan!—1987
  • So Wobɛpɛ Sɛ Wuyi Nyinsɛn Gu?
    Nyan!—1982
  • Asɛm No Mu Nhumus
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Yafunu A Wotu Gu—Hena Na Ne De Teɛ?
    Nyan!—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1993
g93 8/8 kr. 12

So Ɔsom Ahorow Yi Wɔ Ano Aduru?

WƆ NYINSƐN a wotu gu ho akyinnyegye ho no, nnipa pii hwehwɛ akwankyerɛ fi wɔn honhom fam akannifo hɔ. Asɛm bɛn na eyinom ka kyerɛ wɔn?

Katolek Asɔre no mpene nyinsɛn a wotu gu so koraa, na ɛkyerɛkyerɛ sɛ nkwa fi ase wɔ nyinsɛn mu. Asɔfo binom de wɔn ho ahyehyɛ amammuisɛm mu na wɔhyɛ paapa no sɛ ɔmpam Katolek amammuifo a wɔtow aba de pene nyinsɛn a wotu gu so no mfi asɔre no mu. Nanso, Katolekfo pii pene so sɛ wobetu nyinsɛn agu na wɔka sɛ ɛnsɛ sɛ wɔyɛ katee wɔ ho.

Presbyterian Asɔre (U.S.A.) bɔ amanneɛ sɛ asɔfo ɔha biara mu nkyem 46 “nnye nni sɛ Bible kyerɛkyerɛ sɛ ɛyɛ bɔne sɛ wobetu nyinsɛn agu.” Asɔre no ankasa pene so sɛ wobetu nyinsɛn agu.

United Church of Christ asɔre no Asɔfo Mpanyin Bagua a ɛto so 16 no sii gyinae sɛ asɔre no ‘pene so sɛ mmarima ne mmea wɔ hokwan sɛ wonya awo ho nhyehyɛe a ɛfata, na wotu nyinsɛn gu wɔ mmara kwan so wɔ ɔkwan a asiane nnim so sɛ wɔpaw sɛ wɔbɛyɛ saa a.’

Evangelical Lutheran Church no nhyehyɛe ka sɛ “ɛsɛ sɛ wɔpaw” nyinsɛn a wotu gu sɛ “ade a etwa to bere a biribi foforo biara a wɔyɛe anyɛ yiye no; nanso ampene so sɛ ɛbɛka sɛ ɛyɛ “bɔne” sɛ wobetu nyinsɛn agu anaa “nkwa fi ase wɔ nyinsɛn mu.”

Southern Baptist Convention mpene nyinsɛn a wotu gu so koraa. Nanso American Baptist Church ka sɛ: “Yɛn adwene nhyia wɔ nea asɔre no ka kyerɛ ɔman no fa nyinsɛn a wotu gu ho no ho. Enti, yegye ahofadi a ankorankoro biara wɔ sɛ ɔbɛka ma ɔmanfo ayɛ nyinsɛn a wotu gu ho nhyehyɛe a ɛne ne gyidi ahorow hyia tom.”

Yudasom mu apaapae, Ortodoks Yudafo mpene so koraa sɛ wobetu nyinsɛn agu, na Nnɛyi Yudafo ne Yudafo a wɔn ani gye atetesɛm ho pene so kɛse sɛ wobetu nyinsɛn agu.

Nkramosom ma kwan ma wogyina biribiara so tu nyinsɛn gu wɔ nnafua 40 a edi kan wɔ nyinsɛn mu no mu, nanso gye sɛ ɛnã no nkwa da asiane mu nkutoo ansa na wɔbɛma kwan ma wɔayɛ saa wɔ ɛno akyi. Wɔn tete nsɛm bi a wɔfrɛ no Hadith ka sɛ akokoaa a wɔyem no “a wadi nnafua 40 no te sɛ aba, ɔdan mogya tɔw wɔ nna dodow a ɛte saa mu, afei ɔdan ɔhonam ketewaa wɔ nna dodow a ɛte saa mu, na afei . . . wɔsoma ɔbɔfo ma obehuw nkwa home gu no mu.”

Shintosom nni nyinsɛn a wotu gu ho gyinabea biara, na wɔma obiara kwan sɛ ɔmpaw nea ɔpɛ.

Hindufo, Budhafo, ne Sikhfo kyerɛkyerɛ sɛ obiara nnya obu mma nkwa. Nanso wɔmfa wɔn ho nhyɛ nyinsɛn a wotu gu ho akyinnyegye mu, efisɛ wogye di sɛ wɔn a wowu no san ba ma wɔwo wɔn bio; nyinsɛn a wotu gu no ma abofra a wɔyem no no hyɛn asetra foforo mu kɛkɛ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena