Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w90 11/15 kr. 28
  • Asɛm No Mu Nhumus

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛm No Mu Nhumus
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔkwan a Ɛkɔ Kan Asetra Bi Mu?
  • Katolekfo ne Nyinsɛn a Wotu Gu
  • So Wobɛpɛ Sɛ Wuyi Nyinsɛn Gu?
    Nyan!—1982
  • So Ɔsom Ahorow Yi Wɔ Ano Aduru?
    Nyan!—1993
  • Yafunu A Wotu Gu—Wiase A Emu Apaapae
    Nyan!—1987
  • Yafunu A Wotu Gu—Hena Na Ne De Teɛ?
    Nyan!—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
w90 11/15 kr. 28

Asɛm No Mu Nhumus

Ɔkwan a Ɛkɔ Kan Asetra Bi Mu?

Asram bia atwam ni no, wohui sɛ mfitiase ne ntoaso sukuufo mmeawaa baasa deda ɔkwan bi so wɔ Tokushima, Japan, a ade atɔ wɔn so esiane mmɔden a wɔbɔe sɛ wobekum wɔn ho nti. Dɛn na ɛma wɔyɛɛ saa? Asahi Shimbun bɔɔ amanneɛ sɛ: “Na wogye di sɛ na wɔyɛ tete ahene mmabea a wɔasan awo wɔn bio, na wogye dii sɛ, sɛ ade tɔ wɔn so a, wobetumi ahu wɔn kan asetra no.” Atesɛm krataa no ka sɛ nea ɛmaa asɛm yi sii ne “su a mmofra anya sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ ahonhonsɛmdi mu, [nea] ɛretrɛw kɛse wɔ mfe a atwam no mu.” Na mmeawaa no kenkan aseresɛm nhoma a ɛka obi a owu na wɔsan wo no bio ho asɛm no kɛse.

Nanso, obi a owu na wɔsan wo no bio adwene a wogye tom no yɛ adehunu te sɛ ntintan a wɔtɔ kɔ kumaforote ho wɔ anhweatan so ara pɛ. Bible no da no adi sɛ wɔ owu mu no, ‘obi san kɔ ne dɔte mu, na da no ara ne tirim a ɔbobɔe yera.’ (Dwom 146:4) Atoro nkyerɛkyerɛ a ese ɔkra no tra ase wɔ obi wu akyi no akata owu ho nokwasɛm yi so. Bible no ka sɛ ɔkra no wu, na ɛnkyerɛkyerɛ sɛ nnipa wɔ ɔkra. (Hesekiel 18:4) Nanso anidaso kɛse a ɛne owusɔre wɔ hɔ ma wɔn a Onyankopɔn kae wɔn no. (Yohane 5:28, 29) Bible no pa ɔkra a enwu da ne obi a owu na wɔsan wo no bio nkyerɛkyerɛ no farebae titiriw ho ntama; ɔne Satan Ɔbonsam, “atoro agya” no.​—Yohane 8:44; fa toto Genesis 3:4 ho.

Katolekfo ne Nyinsɛn a Wotu Gu

Bɛyɛ mfe du a atwam ni a wɔtow nyinsɛn a wotu gu ho aba wɔ Italy a ɛmaa Katolek Asɔre no dii nkogu no. Nanso, wɔ nhoma bi a Italiafo asɔfo mpanyin kyerɛw nnansa yi ara no mu no, Katolekfo mpanyimfo reda no adi bio sɛ “nyinsɛn a wɔbɛpow sɛ wobetu agu anaa wɔbɛboa ne yɛ kɛkɛ mpo no yɛ abrabɔ fam asɛyɛde a anibere wom a egyina mmara no a wɔakyerɛw agu onipa biara koma so, na asɔre no asi so dua wɔ ne mmara a ɛma wotu Kristofo a wotu nyinsɛn gu anaa wɔboa no de twe wɔn aso no mu.”

Italiafo susuw nyinsɛn a wotu gu ho dɛn? Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe nnansa yi faa nnipa 2,040 ho no daa no adi sɛ nea ɛne asɔre no ahyɛde bɔ abira no, Italiafo pene so sɛ wobetu nyinsɛn agu wɔ tebea anan mu. (1) Sɛ nyinsɛn bi de ɛna no nkwa to asiane mu a, ɔha biara mu nkyem 83 pene nyinsɛn no a wobetu agu no so. (2) Sɛ akokoaa no bedi dɛm a, ɔha biara mu nkyem 76.3 pene so sɛ wɔbɛsɛe nyinsɛn no. (3) Sɛ ɔbea no akwahosan ho bɛba asɛm a, ɔha biara mu nkyem 71.1 pene nyinsɛn a wobetu agu no so. (4) Sɛ nyinsɛn no fi mmonnaato a, ɔha biara mu nkyem 55.2 pene so sɛ ɛsɛ sɛ wɔma kwan ma wotu nyinsɛn no gu. La Repubblica bɔ amanneɛ sɛ Italiafo baanan biara mu bɛboro biako pene so sɛ wobetu nyinsɛn agu “wɔ tebea biara a ɔbea no pɛ sɛ ɔyɛ saa no mu.” Wobu akontaa sɛ nyinsɛn a wotu gu afe biara wɔ Italy a mmara ma ho kwan ne nea mmara mma ho kwan dodow yɛ 300,000.

Ɛda adi sɛ wɔ nnipa kokoam nsɛm a ɛte sɛɛ mu no, Katolekfo mpanyimfo ntumi mfaa Kyerɛwnsɛm mu afotu a ɛdɔɔso mmaa wɔn asɔremma anokwafo na wɔayɛ osetie ama wɔn. Nanso, wɔakyerɛkyerɛ nokware Kristofo nea Kyerɛwnsɛm no ka wɔ asɛm a ehia yi ho. Obu a wɔwɔ ma Bible mu abrabɔ ho ahwehwɛde a ɛkorɔn no nti, wontu nyinsɛn ngu wɔ tebea anan a wɔaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no mu biara mu.​—Exodus 21:22-25; hwɛ Dwom 139:14-17; Yeremia 1:5 nso.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena