Nya Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ Ma Yɛn Mmere A Emu Yɛ Den Yi
Sɛnea Wubenya Mu Mfaso Ankasa
WUBETUMI anya denam Yehowa Adansefo “Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ” Ɔmantam Nhyiam a wobɛkɔ bi no so. Ɔpepem pii bɛkɔ bi wɔ ahohuru bere yi mu wɔ nkuropɔn pii mu wɔ wiase afanan nyinaa. Wɔbɛyɛ nnanan nhyiam yi wɔ nkurow 9 mu wɔ Ghana nkutoo wɔ December 1993 ne January 1994 mu, na wɔbɛyɛ bi nso wɔ Togo wɔ asram abien yi ara nso mu.
Sɛ́ woyɛ ɔpanyin anaa abofra—okunu, ɔyere, agya, ɛna, abarimaa anaa abeawa, anaa abofra no—wubenya ɔkyerɛkyerɛ a wɔde bɛma wɔ ɔkwan a emu da hɔ na ɛyɛ anigye a ɛso bɛba wo mfaso so. “Aware a Wobɛma Ayɛ Abusuabɔ a Ɛtra Hɔ Kyɛ,” “Yɛ Wo Fifo Nkwagye ho Adwuma Denneennen,” ne “Awofo—Mo Mma Hia Ɔhwɛ Soronko” ne dwumadi no mu nsɛmti a wobedi ho dwuma no bi.
Wɔbɛtwe adwene asi nsɛnnennen a mmofra hyia ne sɛnea wobetumi adi ho dwuma wɔ yɛn mmere a emu yɛ den yi mu so wɔ ɔkwan titiriw bi so. Nnɛyi asetra ho drama a wɔato din sɛ Mmofra a Wɔkae Wɔn Bɔfo Nnɛ no bɛhyɛ wɔn nkuran. Drama foforo a wɔasiesie no yiye a wɔato din sɛ Ɛnsɛ Sɛ Modaadaa Mo Ho Anaasɛ Musi Onyankopɔn Atwetwe no bɛka asɛnnennen a Kristofo mmofra hyia esiane nnɛyi video ne nnwom a agye din no nti ho asɛm.
Nokwarem no, yɛte mmere a emu yɛ den mu. Yesu ka siei sɛ “nna no mu ahohiahia akyi no, . . . owia beduru sum.” (Mateo 24:29) Nhyiam dwumadi no bɛka adanse a ɛkyerɛ bere a saa “ahohiahia” no ba, ne bere a owia beduru sum nso ho asɛm
Wɔ mmere a emu yɛ den yi mu no, nnipa pii bisa sɛ, Asetra atirimpɔw ne dɛn? Wɔbɛkyerɛkyerɛ asɛm yi mu fann, na akyinnye biara nni ho sɛ w’ani begye nea wobɛte afa asɛm yi ho no ho. Dwumadi no fã foforo nso bɛka Yehowa Adansefo nnɛyi dwumadi ho kyerɛwtohɔ ho asɛm, na akyerɛ nea wɔatumi ayɛ.
Nhyiam no da a etwa to no, baguam ɔkasa no bɛka asɛmti a ɛne “Ɔkyerɛkyerɛ a Mfaso Wɔ So ma Yɛn Mmere a Emu yɛ Den Yi” ho asɛm. Afotu a ɛne “Monkɔ so Nkura Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ Mu” no na ɛde dwumadi no bɛba awiei.
Akyinnye biara nni ho sɛ wubenya mfaso denam nnanan no nyinaa a wobɛkɔ no so! Yɛde anigye to nsa frɛ wo sɛ kɔ bi. Sɛ wopɛ sɛ wuhu beae a ɛbɛn wo kɛse a, kɔ mo mpɔtam hɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa so kobisa ho asɛm, anaa kyerɛw wɔn a wotintim nsɛmma nhoma yi, a wɔne Watch Tower Society, P. O. Box 760, Accra.