Mmofra Bisa sɛ . . .
Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Me ne Me Nananom Nya Abusuabɔ Pa?
“Sɛ nsɛmnsɛm ba me ne me maame ntam a, na me nanabea boa siesie yɛn ntam.”—Damaris.
“ABAKƆSƐM nyinaa mu no, nananom adi akoten wɔ abusua biakoyɛ ne ne mpɔntu mu.” Saa na Oduruyɛfo Arthur Kornhaber kyerɛw wɔ ne nhoma Grandparent Power! no mu. Ɔde ka ho sɛ: “Sɛ́ akyerɛkyerɛfo, awofo aboafo, abakɔsɛm ho animdefo, abayɛnfo, afotufo, ne agogyigyefo mpo no, na dwuma a wodi wɔ nnipa nneyɛe, asetra, ne honhom fam yiyedi mu no ho hia kɛse. Mintumi nhu nea ɛyɛe a yɛn awo ntoatoaso yi atumi abu ani agu nananom dwumadi a egu ahorow na ɛho hia kɛse yi so.”
Mmere bi a atwam no, na nananom ne abusua asetra nnyinaso, titiriw wɔ Yehowa Nyankopɔn asomfo mu. Bible no hyɛɛ Israelfo sɛ wommu wɔn a wɔn mfe akɔ anim no na wonni wɔn ni. (Leviticus 19:32) Ná nananom yɛ nnipa a wɔfata nidi ankasa.—1 Timoteo 5:4.
Awerɛhosɛm ne sɛ nneɛma asakra. Kwantenten taa tetew mmusua ntam, na mmofra pii ntumi ne wɔn nananom nnya nkitahodi. Nneyɛe nso asakra. Wɔ wiase mmeae pii no, wɔmfa obu mma mpanyimfo—a abusua mufo mpo ka ho—bio. (2 Timoteo 3:1-3) Obu a ɛsɛ sɛ mmofra de ma mpanyin no asesa koraa. Mmofra pii te nka sɛ wɔn nananom anyinyin na wɔn bere atwam. Wontumi nhu nea ɛbɛyɛ a wɔn a wɔn mfe akɔ anim yi betumi ate nhyɛso ne ɔhaw a mmofra hyia nnɛ no ase yiye.
Sɛ saa na wote nka a, susuw asɛm no ho bio! Efisɛ mfaso kɛse wɔ so sɛ wo ne wo nananom benya abusuabɔ pa—titiriw sɛ wɔyɛ wɔn a wosuro Onyankopɔn a. Na sɛ wunnya ne wɔn nnyaa abusuabɔ a ɛte saa a, ɛnde na worehwere biribi ankasa. Ɔkwan bɛn so?
Nyansa ne Afotu Fibea
Mmofra pii ahu sɛ nananom betumi aboa wɔn kɛse bere a wɔrehyia mmeranteberem anaa mmabaaberem nsɛnnennen no. Seventeen nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Esiane sɛ wɔanya asetra mu suahu mfe pii nti, wobetumi aboa wo kɛse ma woagyina wo haw ano sen w’atipɛnfo a wɔn haw te sɛ wo de no. Wo ne w’atipɛnfo no nyinaa rehyia mo asetra bere mu nsakrae a edi kan ho nsɛnnennen; wo nananom afa tebea a ɛte saa pii mu. Mpɛn pii no wonim nyansa na wotumi te nneɛma ase ntɛm.” Saa afotu yi si asɛm a Bible kae mfehaha pii a atwam yi so dua sɛ: “Abotiri a ɛyɛ fɛ ne dwen, wohu no trenee kwan so.”—Mmebusɛm 16:31.
Ampa, ebia wɔtetee wo nananom wɔ tebea bi a ɛyɛ soronko wɔ wo mprempren tebea ho mu. Nanso, wubetumi ahu sɛ ɛtɔ mmere bi a, na wɔte nka te sɛ wo ara. Bere a ebia wunnya nnyaa suahu a ɛbɛma woatumi agyina nkate a ɛte saa ano no, wo nananom afa tebea bi a ɛte sɛ ɛno mu a wotumi gyinaa ano. (Mmebusɛm 1:4) Ɔtreneeni Hiob kae sɛ: “Nkwakora mu na nyansa wɔ, na onyinkyɛ ma nhumu.” (Hiob 12:12) Saa na ɛte, na ne saa nti, nananom betumi ayɛ mmoa kɛse bere nyinaa bere a abofra bi hia afotu, nkuranhyɛ ne mmoa a ɛfata no.
Sɛ nhwɛso no, na abofra Damaris ne ne nanabea ne ne maame te fie koro mu. Damaris kae sɛ: “Sɛ nsɛmnsɛm ba me ne me maame ntam a, na me nanabea boa siesie yɛn ntam. Ná ɔboa me ma misusuw nneɛma ho wɔ ɔkwan foforo so.”
Alexandria nyaa osuahu a ɛte saa bere a n’abusua tu kɔtraa baabi na ɛho behiae sɛ ɔsesa ne sukuu no. Alexandria kae sɛ: “Ná me kyerɛkyerɛfo foforo no asɛm yɛ den na na ne bo taa fuw.” Enti na ɛyɛ den ma Alexandria sɛ obegyina ne sukuu foforo mu hɔ tebea no ano. Nanso, ne nanabea yɛɛ no mmoa kɛse. Ɔboaa Alexandria ma ogyinaa tebea no ano denam nkuranhyɛ ne adwempa a ɔma onyae wɔ tebea no ho so. Alexandria ka sɛ: “Seesei m’ani gye wɔ sukuu mu, na mepɛ me kyerɛkyerɛfo no asɛm.”
Aberante bi a ɔwɔ Brazil a wɔfrɛ no Rafael ka mmoa a ne nananom de maa no bere a owiee ntoaso sukuu a na ɛsɛ sɛ ɔtoa ne nhomasua so no ho asɛm sɛ: “Wɔmaa me afotu pii faa fekubɔ ne sɛnea mɛko atia nnubɔnenom ho.” Rafael som sɛ bere nyinaa ɔsɛmpakafo seesei.
Wɔ ne nhoma Grandparenting in a Changing World mu no, Eda LeShan ka n’ankasa suahu sɛ nanabea no ho asɛm. Ɔkyerɛw sɛ: “Me banana a ɔyɛ abeawa frɛɛ me da bi ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Nana, mepɛ sɛ woboa me na matumi agyina atipɛnfo nhyɛso ano.’ Ná n’adesuakuw mufo bi redaadaa no ma ɔne mmarimaa ayɛ nhyehyɛe apue, na na wɔn mu binom frɛ no wɔ telefon so.” Esiane sɛ ne banana no hwehwɛɛ ne mmoa nti, nanabea no tumi de afotu ne mmoa a ehia maa no. Saa ara na wo nso wubetumi ahu sɛ nkɔmmɔ kakraa bi a wo ne wo nana bɛbɔ no betumi ama woanya denhyɛ ankasa.
Nananom taa yɛ mmoa, ɛnkanka bere a ɔhaw te sɛ yare anaa owu asi abusua mu no. Bere a yare bi a emu yɛ den bɔɔ abeawa Lacey papa ma owui no, ne nanabea boaa no ma ogyinaa tebea no ano. Lacey ka sɛ: “Nkitahodi kɛse aba yɛn ntam sen bere biara.”
Ɔdɔ Hama Soronko
Nsɛnnennen a ɛtɔ da a ɛba mmofra ne wɔn awofo ntam no bi mma wo ne wo nana abusuabɔ no mu. Dɛn ntia? Ade biako ne sɛ mpɛn pii no, nananom ne wɔn mmanananom taa nya abusuabɔ pa. Bible ka sɛ: “Nkwakoraa anigye ne mmanana.”—Mmebusɛm 17:6, Today’s English Version.
Kae nso sɛ, ɛyɛ w’awofo—ɛnyɛ wo nananom—na wɔwɔ asɛyɛde kɛse sɛ wɔbɛtete wo “[Yehowa, NW] kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.” (Efesofo 6:4) Esiane sɛ wo nananom asɛyɛde mu nyɛ duru nti, wɔnyɛ katee wɔ wo so sɛnea w’awofo bɛyɛ no. Afei nso, mpɛn pii no dadwen ne nhyɛso a abusua no hwɛ de ba ho haw biara nna nananom so. Esiane sɛ adwennwen a ɛte saa nna wɔn so nti, ebetumi ayɛ mmerɛw sɛ wobedi w’ahiade ho dwuma anaasɛ wɔbɛyɛ aso ama wo. Tom a wadi mfe dunson no kae ɔhwɛ a ne nananom de maa no no. Ná “wɔkyɛ no ade wɔ ne sukuu mu mmɔden ho”; na wotua ne sankubɔ adesua mpo ho ka.
Nokwarem no, ɛnyɛ nananom nyinaa na wotumi yɛ mmoa a ɛte saa, nanso wobetumi akɔ so akyerɛ wo ho anigye ara, ebia denam nkamfo ne nkuranhyɛ anaa aso a wɔbɛyɛ ama wo bere ne bere mu so. Eyi betumi ama adamfofa a emu yɛ den abɛda mo ntam. Damaris ka ne nanabea ho asɛm sɛ: “Ɔma minya anigye na mitumi ne no di nkɔmmɔ bere biara efisɛ onya ɔpɛ sɛ obetie me—sɛ ɛte sɛ nea nyansa nni asɛm a mereka no mu saa bere no mpo a.” Saa ara na aberante Jônatas ka sɛ otumi ka ne komam asɛm na onya hokwan ka biribiara a ehia no kyerɛ ne nananom.
“Mmoa a Mobɛyɛ Mo Ho”
Bere a nananom betumi akyerɛ wo nyansa na wɔadɔ wo no, ɛsɛ sɛ wɔn nso wonya wo mmofraberem ahoɔden ne fekubɔ so mfaso. Ɔkwan bɛn so? Ɛda adi sɛ akwan pii wɔ hɔ a wubetumi afa so aboa wo nananom. Mpɛn pii no, wɔn ahoɔden so tew. Anaasɛ ebia na yare bi rehaw wɔn. Akyinnye biara nni ho sɛ, sɛ woboa wɔn wɔ aguadi ne ofie nnwuma mu a, ɛbɛhyɛ wɔn nkuran.
Nananom pii yɛ akunafo na ɛtɔ da bi a, wɔte nka sɛ wɔayɛ ankonam. Sɛ wokyerɛ wɔn ho anigye kɛse a, ɛbɛboa wɔn yiye ma wɔadi ankonamyɛ so na wɔn ani agye asetram. Saa a wobɛyɛ no yɛ ɔkwan biako a ɛkyerɛ sɛ woredi Bible ahyɛde a ɛne sɛ ‘muntua mo nananom ka, efisɛ eyi sɔ Onyankopɔn ani’ no akyi.—1 Timoteo 5:4.
Akyinnye biara nni ho sɛ, wo nananom a wobɛbɛn wɔn no betumi ama w’asetra—ne wɔn de—atu mpɔn! Ebia ebesi saa bere yi de, wunnya nyɛɛ saa. Ebia wopɛ sɛ woyɛ nsakrae wɔ ɛno mu nanso wuntumi nhu ɔkwan a wobɛfa so ayɛ saa. Ebetumi aba sɛ wo nananom te akyirikyiri anaasɛ w’awofo agyae aware na eyi ama wo ne wo nananom ntam kwan aware. Asɛm a ɛbɛba bere foforo no de nyansahyɛ pa bi a ɛfa sɛnea wubetumi adi tebea a ɛtete saa ho dwuma ho bɛma.
[Mfonini wɔ kratafa 31]
Nananom betumi ayɛ atiefo pa ne afotu ne mmoa fibea
[Mfonini wɔ kratafa 32]
Boa wo nananom