Wiase Nsɛm
Mogya Sika
Ehu kaa Germanfo wɔ 1994 mu bere a wohui sɛ nnipa bɛyɛ 2,500 nyaa HIV denam mogya a wɔde maa wɔn ne nnuru a mogya wom so no. (Hwɛ April 22, 1994, Engiresi Nyan!, kratafa 28.) Süddeutsche Zeitung bɔ amanneɛ sɛ wɔ akyinnye bi a ɛkɔɔ so wɔ mmarahyɛ baguam wɔ January 1995 mu no, ɔman no soafo a ɔhwɛ akwahosan ho nsɛm so “gyinaa ɔman no aban no ananmu srɛɛ bɔne fafiri” fii wɔn a wɔrehu amane no hɔ wɔ mfomso a wodii a ama wɔn amanehunu ayɛ kɛse no ho. Wɔ asɛm no mu no, wɔkae sɛ adwuma a ɛyɛ nnuru ne nnuruyɛfo no na asodi da wɔn so titiriw, na Germanfo Red Cross nam mmɔdenbɔ ntraso a wɔnam so de “mogya yɛɛ nnuru” no so asɛe wɔn din. Ɔbea bi a ne kunu a wawu de HIV san no bɔɔ abubuw sɛ: “Sɛ ɛnyɛ sika a wobenya nkutoo na [nnuruyɛ adwuma] no susuw ho saa bere no a, anka anyɛ yiye koraa no wɔn a mogya tu wɔn bɛyɛ 700 da so ara te ase.”
Asɔfo Ho Ayɛ Nã
Spain a bere bi na wonim sɛ ɛde Katolekfo asɛmpatrɛwfo kɔ amannɔne no, repere seesei sɛ ebenya asɔfo a wɔdɔɔso ma wɔayɛ ɛhɔ adwuma nnɛ. Madrid atesɛm krataa El País bɔ amanneɛ sɛ afe biara asɔfo a wɔwɔ Spain nyinaa so tew 150. Asɔre mpanyimfo suro sɛ sukuufo 2,000 a wɔresua asɔfodi seesei no renso asɔfo dodow a wobehia daakye no. Afe a etwaam no, nnipa 216 pɛ na wɔhyɛɛ wɔn asɔfo—aka 73 ansa na adu 1993 de no—na Spain asɔfo ɔha biara mu 70 adi boro mfe 50. Nanso, nnansa yi, Yehowa Adansefo a wɔwɔ Spain no mu akwampaefo nya nkɔanim 300 afe biara. Akwampaefo yɛ asomfo a wonnye akatua a anyɛ yiye koraa no wɔde nnɔnhwerew 90 ka Ahenni ho asɛmpa no ɔsram biara.
Mogya a Wɔde Ma Mu Asiane Bebree
Sɛnea The Canberra Times a ɛwɔ Australia kyerɛ no, Red Crossfo abɔ nnuruyɛfo kɔkɔ sɛ mogya a yare wom betumi ama ɔyare mmoawa a wɔn ho yɛ hu akɔ obi mu, na ɛde besi nnɛ no wonni ɔkwan biara a edi mũ a wobetumi afa so asɔn so ayi mmoawammoawa no. Bere a Times retwe adwene asi The Medical Journal of Australia mu asɛm bi so no, ɛka sɛ mogya a ɔyare mmoawa wom yi kunkum nnipa baanan wɔ New South Wales mantam no mu wɔ 1980 ne 1989 ntam hɔ. Atesɛm krataa no mu asɛm no toaa so kae sɛ: “Asɛnnennen no ne sɛ ɔyare mmoawa a wɔfrɛ no Yersinia enterocolitica no tumi pae yɛ bebree ntɛmntɛm wɔ mogya kotoku mu bere a mogya no reyɛ akyen no mpo. Ɛtɔ mmere bi a nnipa a wonya yafunyare adapɛn kakra ansa na wɔatwe wɔn mogya ama no tumi de ɔyare mmoawa no a etumi pae yɛ bebree bere a wɔde mogya no sie twɛn sɛ wɔde bɛma afoforo no san nkurɔfo. Ade betumi atɔ ayarefo a wɔde mogya no ma wɔn no so na wɔawuwu.”
Canada Mmofra a Wɔsoso Dodo
The Globe and Mail bɔ amanneɛ sɛ “aduan ho animdefo, nnuruyɛfo a wɔhwɛ mmofra, ne nhwehwɛmufo bebree” ka sɛ “awofo a wɔabrɛ de aduankoro, ne nea wɔsɔw ho mmoroso a srade wom pii rema wɔn mma.” Mpɛn pii no sɛ awofo baanu no yɛ adwuma a, ɛma asetra yɛ den, na wonnya bere mma abusua no na ama wɔabom adi aduan a ahoɔden wom. Dɛn na ɛde aba? The Globe ka sɛ sɛnea akontaabu bi a edi mũ kyerɛ no, “anyɛ yiye koraa no, Canada mmofra mu ɔha biara mu 20 ayeyɛ kɛse aboro so esiane aduan a srade wom pii a wodi ne teɛ a wɔnteɛteɛ wɔn apɔw mu nti.” Oduruyɛfo Stan Kubow, nnuan ne nnuannuru ho ɔbenfo bi a ɔwɔ McGill Sukuupɔn mu wɔ Montreal, ka sɛ aduan a aduannuru a nipadua hia nyinaa wom a wodi ho hia. Ɔkae sɛ ehia sɛ awofo “hwɛ hu sɛ nneɛma a wɔde nufusu yɛ, aduannuru a wɔfrɛ no protein wom, nnuaba, ɛfan ne nnuan a ɛyɛ nhamahama wɔ wɔn [mma] nnuan mu.” Nhwehwɛmufo bi a asɛm no haw no bisae sɛ: “Sɛ w’akwahosan ho asɛm ho nhia wo a, dɛn na ɛho behia wo?”
Asbestos Ho Kɔkɔbɔ Kɔ So
New Scientist nsɛmma nhoma no bɔ amanneɛ sɛ kokoram a asbestos de ba bekunkum Britain adansifo mpempem pii esiane mfomso a ahobammɔ adwumayɛfo yɛe nti. Mfe bi a atwam wɔ 1960 mfe no mu, bere a na nnuruyɛ ho abenfo reka sɛ asbestos ho mporoporowa yɛ akwahosan ho asiane no, Britain aban no yɛɛ adwinnan ho mmara ahorow a ɛbɛtew saa mporoporowa yi a etu kɔ mframa mu no so. Nanso, seesei nhwehwɛmufo hu sɛ adwumayɛfo a wɔwɔ asiane mu kɛse ne duadwumfo, anyinam nkanea ho adwumayɛfo, nnorobɛn ho adwumayɛfo a na wɔyɛ adwuma a wɔmmɔ wɔn ho ban mfi nneɛma a wɔde asbestos yɛ ho no. Esiane sɛ ahurututu mu kokoram bi di mfe 30 ansa na ayi ne ho adi nti, nnansa yi ara na wohuu mfomso a wodii no. Seesei wonnim akwan a wɔfa so si dan anaa asbestos ho nneɛma a asiane wom sen biara no. Enti, Britain Akwahosan ne Ahobammɔ Ho Mpanyimfo hyɛ adansifo nkuran sɛ sɛ wohu biribi a asbestos wom a wɔnyɛ ahwɛyiye kɛse wɔ ho, na wɔnka osuro a wɔwɔ no nkyerɛ wɔn adwuma mpanyimfo, na ɛsɛ sɛ wɔyɛ dekode no ho nhwehwɛmu na wɔma wɔn nneɛma a ɛfata a wɔde bɛbɔ wɔn ho ban.
Hena na Odi?
Veja bɔ amanneɛ sɛ: “Ɔhaw biara nni kyakyatow adwuma mu.” Nsɛmma nhoma no ka sɛ Brazilfo sɛe sika bɛyɛ (U.S.) dɔla ɔpepepem 4 afe biara wɔ loto ne kyakya ahorow ho. Ɛno dɔɔso sen sika a ɔman no kar adwumakuw kɛse bi nya afe mu! Wɔkyerɛ sɛ nea ɛma nkurɔfo ani gye bingo ho ne fekuw a wotumi ne afoforo bɔ bere a wɔreto no. Nsɛmma nhoma no bɔɔ amanneɛ sɛ: “Sɛ woreto bingo a wutumi ne ahɔho anaa amannifo di nkɔmmɔ, didi, nom, na mugye mo ani.” Nanso hena na odi? Nkontaabufo Oswald de Souza ka sɛ: “Kyakya biara nni hɔ a mfaso wom kɛse saa. Nea obi a odi no nya ara ne sika a wɔde too so no nyinaa mu ɔha biara mu nkyekyem 45 pɛ.”
Ɔhaw Ahorow Bunkam Ano Aduru So
Ɛmfa ho sɛ India aban na ɛbɔ aduan ho nhyehyɛe ho ka sen biara wɔ wiase no, nnipa ɔpepem 250 na wɔda so ara wɔ saa man no mu a wonnya aduan pa nni wɔ akwan pii so. Amanaman Nkabom Mmofra Foto no amanneɛbɔ kyerɛ sɛ mmɔden a wɔrebɔ nyinaa akyi no, India mmofra ɔha biara mu 43.8 nnya aduan a ahoɔden wom nni. Nea ɛka ho no, wɔn mu ɔpepem 6.6 adi dɛm kakra wɔ adwenem a wɔwɔ hon nkwaadɔm mu nyarewa bi, na ɔpepem 2.2 atɔ ape, na afe biara aduannuru bi a wonnya ma wɔn mu 60,000 ani fura. Mmofra a wɔnsoo sukuukɔ ɔha biara mu 56 na wonni aduannuru a wɔfrɛ no iron a ɛdɔɔso, na mmofra ka nnipa ɔpepem 40 a wɔyare kɔmpɔw no ho.
Nnuan a Ɛwɔ Nkyɛnsee a Amoamoa Mu a Wɔtɔ
Winnipeg Free Press bɔ kɔkɔ sɛ: “Ebetumi aba sɛ adetɔfo a wɔtɔ nnuan de bɔ mmɔden kora sika so no retotɔ, anaa wɔrekora nkyɛnsee a amoamoa a anka ɛsɛ sɛ wɔtow gu sɛ ade a ebetumi de ɔhaw ahorow aba so.” Peter Parys a ɔwɔ kurow mu akwahosan ho adwumayɛbea kae sɛ: “Nkyɛnsee a ɛho amoamoa no mu dodow no ara yɛ papa, nanso ɛnyɛ ne nyinaa. Mpɛn pii no, nkyɛnsee no yɛ papa bere a wɔde nneɛma regu mu no; akyiri yi na ɛsɛe.” Sɛnea kurow mu akwahosan ho adwumayɛbea no kyerɛ no, nneɛma a ɛsɛ sɛ wɔtow gu no mu bi ne nkyɛnsee a awe nkannare wɔ anoano, nkyɛnsee a n’atifi anaa ɛho awe nkannare a ne popa yɛ den, anaasɛ nea wɔwosow a ɛbom, ne nkyɛnsee a ahuhuruw anaa ɛho akurukurum ɔkwan biara so, nkyɛnsee a enwini, ne nkyɛnsee a nkrataa a ɛtetare ho awawae anaasɛ ɛbere a ɛsɛ sɛ wɔde di dwuma apa ho. Atesɛm krataa no amanneɛbɔ no bɔ kɔkɔ sɛ: “Sɛ wonya bue nkyɛnsee no so pɛ a, ɛbɛyɛ trabea a ɛfata ma ɔyare mmoawa a wɔfrɛ wɔn salmonella ne staphylococcus no. Wɔn mu biara tumi de ayamtu, ɔfe, ne ayamkeka ba.”
Awo a Ɛso Ahuan
Esiane sikasɛm ne adwuma pa a wonnya nyɛ nti, awarefo pii a wɔwɔ Europa Apuei Fam retwentwɛn wɔn nan ase wɔ awo ho. The New York Times ka sɛ “ɛnyɛ awo nko na ahotoso a wonni yi ama ɛso ahuan ntɛm na mmom aware nso, na wɔn a wɔma wotwa wɔn awo akɔ soro abu abɔ ho bɛboro mpɛn du.” Times de ka ho sɛ sɛnea wɔn a wɔhwɛ nnipa dodow ho nsɛm so kyerɛ no, “wonhuu nneɛma so huan a ɛte saa pɛn gye ɔko, ɔyaredɔm anaa ɔkɔm bere mu.” Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔasiw biribi a ɛte saa ano no, bere kakra a atwam no, Belgium, Luxembourg, Hungary, Poland, ne Portugal aban ahorow no tua sika bi ma wɔn a wɔwo mma de hyɛ wɔn nkuran. Nnansa yi ara, German mantam a ɛne Brandenburg tumidifo no fii ase tuaa dɔla 650 wɔ abofra foforo biara a wɔwo no ho.
Ɔko Mu Ɔhaw Ahorow a Ɛtra Hɔ Kyɛ
Nnipa a akodi a ɛrekɔ so wɔ kan Yugoslavia no apira wɔn dɔɔso bebree sen wɔn a atuo anaa atopae akunkum wɔn anaa adi wɔn dɛm no. The Medical Post ka sɛ nhwehwɛmu bi a wɔyɛe nnansa yi da no adi sɛ “awuduru a ahyehyeahyehye, atopae a wɔtotow ne nnuru a enwini gu de ba nneɛma a atwa yɛn ho ahyia so no de akwahosan ho asɛm a anibere wom bɛba.” Saa nnuru ne nnade a awuduru wom yi resɛe nsubɔnten, na ebetumi asɛe nsu a ɛwɔ asase mu mpo. Sɛnea Post kyerɛ no, abenfo rebɔ kɔkɔ sɛ “mmofra a wɔbɛwo wɔn na wɔadi dɛm dodow bɛkɔ soro kɛse esiane sɛ wɔn awofo renom nsu a awuduru wom nti.”