Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g84 6/8 kr. 12-14
  • Menkenkan? Dɛn Ntia?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Menkenkan? Dɛn Ntia?
  • Nyan!—1984
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • New Enti a Wɔmpɛ sɛ Wɔbɛkenkan
  • W’akenkan a Wobɛma Anya Nkɔso
  • Bata Akenkan Ho
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Hwɛ Yiye Wɔ Akenkan Ho Anihaw Ho
    Nyan!—1996
  • Nea Enti a Ehia Sɛ Mmofra Kenkan Ade—Ɔfã 1: Wobɛkan Ade Anaa Wobɛhwɛ Biribi?
    Mmoa a Wɔde Ma Abusua No
  • So W’ani Gye Akenkan Ho?
    Nyan!—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1984
g84 6/8 kr. 12-14

Mmofra Bisa Sɛ . . .

Menkenkan? Dɛn Ntia?

PIERRE a wadi mfirihyia dunum no ntaa nkenkan ade. Ose: “Ɛwom, mekenkan mmofra anansesɛm nhoma ahorow ne ɛtɔ bere bi a nsɛmma nhoma a ɛfa akansi ho.” Nanso wɔ ɛno akyi no, ade a ɔkenkan no fã kɛse no ara yɛ ne sukuu dwumadi wɔ Paris.

Na wo nso ɛ? So ebetumi aba sɛ akenkan tiaa bi, te sɛ asɛm yi mpo yɛ adwuma a ɛyɛ den ma wo? Sɛ saa a, ɛnyɛ wo nko. Fransefo TV dwumadibea dapɛn dapɛn atesɛm krataa a wɔfrɛ no Télérama no kae wɔ asɛmti “Menkenkan? Wuredi Agoru!” no ase sɛ: “Eyi ne nea [mmofra a wobisabisaa wɔn nsɛm] ne ka wɔ akenkan ho. Wɔkaa no pen. Sɛ wɔkenkan bi mpo a, ɛnyɛ pii, a nea enti a ɛte saa no ara ne sɛ wohu sɛ ɛyɛ anihaw.” Asɛm no de baa awiei wɔ ɔkwan a ɛyɛ awerɛhow so sɛ: Ɛyɛ den sɛ yebetumi afrɛ baasa biara mu biako ampa sɛ ɔkenkanfo.”

‘Nsonsonoe bɛn na ɛwom?’ ebia saa na wubebisa Nsonsonoe kɛse, efisɛ sɛnea afeha a ɛto so 18 ɔkyerɛwfo Sir Richard Steele kae no: “Akenkan yɛ adwene no de na apɔw mu teɛteɛ yɛ nipadua no de.” Na bere a ebia woremfa su a ɛne sɛ wobɛkenkan ade na woate ase no aniberesɛm no, nyansahufo ho dwiriw wɔn wɔ adeyɛ a ɛyɛ nwonwa yi ho. Akenkan gye adeyɛ kɛse wɔ ani ne adwene no ntam araa ma wɔkyerɛ sɛ nyansahufo bi kae wɔ Science Digest nsɛmma nhoma no mu sɛ: “Sɛ yegyina computer ahorow a wɔayɛ no so ka a, yɛbɛka sɛ ani no rentumi nkenkan ade.” Nanso ɛyɛ saa . . . wɔ ahoɔhare ne ɔkwan a eye so.

Nanso akenkan sen nyansahu mu ade bi a wɔpɛ sɛ wohu ara kwa. Ɛma w’adwene ne ɔkwan a wofa so susuw nneɛma ho no mu bue. Bere a wonsɔre mfi w’akongua mu no, ebetumi ama woatu kwan akɔ asase ano nyinaa, ahyia nnipa a wɔn ho yɛ anigye, asusuw anwensɛm ahorow a ɛyɛ dɛ ho, asusuw nsɛm afoforo a ɛkanyan adwene ho, asusuw mprempren nneɛma a ɛrekɔ so ne abakɔsɛm a ɛyɛ anigye ho. Nanso nea ɛho hia kɛse koraa no, akenkan ne ade titiriw a ɛbɛma woate Bible no ase. Ɛyɛ kenkan a wobɛkenkan no nkutoo na ɛbɛma woahu nea enti a yɛwɔ ha, faako a yɛrekɔ ne nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ mprempren na yɛasɔ Onyankopɔn ani.

Enti Bible no hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnkenkan ade​—na yɛnkenkan no yiye! Wɔka kyerɛɛ Yosua a na ɔwɔ adwuma kɛse a ɛne di a obedi Onyankopɔn nkurɔfo anim akɔ Bɔhyɛ Asase no so no sɛ ‘ɔnkenkan Onyankopɔn Mmara no na onnwen ho awia ne anadwo.’ (Yosua 1:8) Saa ara na wɔka kyerɛɛ Israel Ahemfo no sɛ wɔnkyerɛw Onyankopɔn Mmara no bi ma ɛntra wɔn nkyɛn na ‘wɔnkenkan mu, wɔn nkwa nna nyinaa, na wɔasua Yehowa wɔn Nyankopɔn suro, ne Mmara yi mu nsɛm nyinaa ne ahyɛde yi hwɛ ne ɛsodi mu.’ (Deuteronomium 17:19) So akenkan a ɛte sɛɛ nyɛ nea ɛho hia saa ara mma wo nnɛ?

New Enti a Wɔmpɛ sɛ Wɔbɛkenkan

Nanso, sɛnea mmofra pii yɛ wɔn ade wɔ akenkan ho no kyerɛ sɛ wɔmpɛ koraa. Na nhomasua mu mpanyimfo binom de asodi no to ɔkwan a wɔfa so kyerɛkyerɛ akenkan wɔ sukuu no so. Ebia wokae nsɛm ahorow aɛyɛ anihaw a anigye biara nni mu a na ɛsɛ sɛ woka te sɛ “Kofi rekɔsaw nsu,” bere a na woresua akenkan no. Nhwehwɛmufo a wɔne mmofra a wɔboro 300 kasae no se: “Mmofra no nyinaa kaa sɛnea nsɛm ahorow a ɛwɔ mfitiase nhoma horow a wɔkenkan mu nyɛ anigye no ho asɛm, na wɔkaa sɛnea wɔmpɛ sɛ wɔbɛkenkan no nso ho asɛm . . . Nhoma ahorow yi haw mmofra no adwene a wɔde susuw ade ho no.” Ebia nneɛma ayɛ yiye kakra bere a worenyin no, efisɛ saa bere no ebia na ɛsɛ sɛ wokenkan nhoma ahorow a ɔkwan a wɔafa so akyerɛw no no nyɛ anigye na asete yɛ den. Enti akenkan bɛyɛɛ adwuma a w’ani nnye ho.

Nanso, sɛ wonyɛ obi a ɔpɛ akenkan a, ebia ɛnyɛ ne nyinaa na efi sukuu. Wɔ Télérama nhwehwɛmu a wɔyɛe a yɛadi kan aka ho asɛm no mu no, mmofra a wobisabisaa wɔn nsɛm no ɔha biara mu 21 kyerɛkyerɛɛ wɔn ani a ɛhaw wɔ akenkan ho no mu sɛ: “M’ani gye ho sɛ mɛhwɛ television mmom.” Dɛn na ɛde aba? Amanneɛbɔ a efi National Institute of Mental Health (United States) no se: “Adanse no yɛ adwene a ɛne sɛ television pii a wɔhwɛ gye bere a wohia na wɔde asua a kenkan, akyerɛw, ne sukuu nneɛma afoforo no nsɛmmoa mprempren. . . . Wɔ ne nyinaa mu no, ɛte sɛnea ɛhaw adesua mu botae horow a ɛkɔ anim.”

Dɛn na eyinom nyinaa de aba? Asɛm bi a na ɛwɔ International Herald Tribune mu kae sɛ: “Asuafo a wɔn dodow rekɔ anim mprempren wɔ ɔman no mu nyinaa ba ntoaso sukuu a wonni akenkan mu nimdeɛ a ɛho hia na wɔde asua abakɔsɛm no, na wɔ mfirihyia aduonu a atwam no mu no, ɛkame ayɛ sɛ abakɔsɛm a wosua ayera afi nneɛma ahorow a wosua wɔ Amerika ntoaso sukuu ahorow mu no mu.” 1979 Ford Foundation amanneɛbɔ no de ba awiei saa ara sɛ Amerikafo ɔpepem 25 ntumi nkenkan koraa na ɔpepem 35 foforo nso yɛ nea wobetumi abu wɔn sɛ woakɔ sukuu nanso wonnim akenkan.

Nanso so akenkan ho hia ankasa wɔ television ne computer bere a yɛwɔ mu yi mu? Yiw, ɛho hia! Yiw, onipa a ontumi nkenkan na ontumi nhyehyɛ adwuma akwammisa kratasin no yɛ obi a mpɛn pii ɔrennya adwuma a wɔde nsa mpo na ɛyɛ! Na so wobetumi de computer a wɔayɛ a eye sen biara no mpo asi onipa adwene a ɔde susuw ade ho no ananmu? Akenkan kanyan wo ma wususuw nneɛma ho denam yɛ a ɛma woyɛ nea wokenkan no ho mfonini wɔ w’adwene mu no so. Nanso sɛnea Debbie a wadi mfirihyia 12 ka no, “TV mma womfa w’adwene nsusuw nneɛma ho pii.” Na bere a TV yɛ nea ebetumi de nkyerɛkyerɛ ama no, so ɛnyɛ nea woda so ara hia nhoma ne nhomawa ahorow bere a wuhia asɛm pɔtee bi no? So TV ma wo kwan ma wugyina ma wosan kenkan biribi a woante ase, anaasɛ so ɛma wususuw asɛm bi a w’ani agye ho no ho? Na sɛ ɛte sɛnea computer ahorow no yɛ nea anigye kɛse wɔ ho sen nhoma horow no mpo a, so wubetumi asua sɛnea wɔde di dwuma da bi bere a ɛho akwankyerɛ nhoma nka ho?

Enti sɛ́ wobɛyɛ obi a otumi kenkan no da so ara yɛ asetra fã a ɛho hia. Na wɔn a wontumi nkenkan yiye a enti ɛmma wontumi nte akwankyerɛ a ɛwɔ aduannoa nhoma horow mu ase anaa bɔs ho nhyehyɛe ara kwa ase no wɔ tebea a enye a anibere wom mu. Ɛyɛ nea anibere wom araa ma ɔkyerɛkyerɛfo bi kae sɛ: “Sɛ́ obi nnim akenkan ne akyerɛw no yɛ dɛmdi kɛse ankasa sen sɛ obi nkwaa bi nni hɔ.”

W’akenkan a Wobɛma Anya Nkɔso

Nanso, nim a wunim sɛ ɛsɛ sɛ wokenkan ade no mma ɛnyɛ mmerɛw. Sɛ́ wobɛba abɛyɛ ɔkenkanfo a ɔbɔ mmɔden no gye adwuma pii. Sɛ nhwɛso no, ebia wunim obi a onim sanku bɔ yiye. So woagyina hɔ pɛn asusuw nnɔnhwerew dodow a egyee no na ɔde suae ansa na ɔrehu bɔ saa no ho? Sɛ́ obehu nnwom ho nsɛm ahorow anaa obehu nnwom ho sɛnkyerɛnne ahorow no ara kwa nyɛ nea ɛdɔɔso. Ɛsɛ sɛ ohu ɔkwan a ɔbɛfa so abɔ no ntɛm ne nea ɛkeka ho denam sua a ɔbɛkɔ so asua bere nyinaa no so. So ɛyɛ adwuma a ɛyɛ den? Yiw. Nanso onnu ne ho wɔ bere a ɔde yɛ saa no ho.

Saa ara na nsɛm din ara kwa a wobɛbɔ no nyɛ nea ɛdɔɔso a ɛbɛma woayɛ ɔkenkanfo pa. Sɛ nhwɛso no, Fransefo dapɛn dapɛn atesɛm krataa a wɔfrɛ no L’Express kyerɛe sɛ, ɛyɛ “sintɔ” ma obi sɛ ontumi nkenkan “sɔhwɛ a wɔama ɛne ne mfe ahyia a ennu nsɛmfua 8,000 kosi 10,000 wɔ dɔnhwere biako mu no.”

Enti nea ɛbɛboa wo ne sɛ wubebua w’ani kɛse na woakenkan nsɛmfua pii wɔ bere koro mu. Mma w’ani nnyina wɔ asɛmfua biako biara so. Mmobɔ nsɛmfua no din wɔ w’ano a wɔnte, efisɛ eyi bɛma akenkan no akɔ brɛoo. Bere a worekenkan no, bisa wo ho sɛ wote nea worekenkan no ase. Fa toto nea woasua dedaw wɔ asɛm no ho wɔ nhoma afoforo mu no ho. Eyi bɛboa wo ma woakura anigye a wowɔ no mu na ama wode w’adene asi so nso.

Sɛnea beae a worekenkan ade wɔ no te nso ho hia. Tra a wobɛtra akongua bi a ɛbɛma w’ani akum mu a afiri a wɔde bɔ nnwom rebɔ nyɛ ɔkwan a wɔfa so di asɛm a ne kenkan yɛ den ho dwuma; na san ara na ɔdan a wɔasiesie mu kɔsɔɔ nso te. Mmom no, bɔ mmɔden nya ɔpon a wɔayi biribiara a ɛbɛtwetwe w’adwene afi so ne akongua a ɛbɛma w’ani aba wo ho so.

Amerikani nyansapɛfo H. D. Thoreau kyerɛwee sɛ: “Akenkan ama nnipa pii ayɛ nsakrae foforo wɔ wɔn asetra mu.” Ɛno betumi ayɛ nokware wɔ wo fam a ɛrenkyɛ, titiriw sɛ woma w’ani begye ‘Nhoma a ɛsen nhoma ahorow nyinaa,’ a ɛne Onyankopɔn Asɛm, Bible no akenkan ho a. (1 Petro 2:2) Ebegye bere​—ne mmɔdenbɔ. Nanso ɛyɛ nea ɛfata yiye!

[Ase hɔ nsɛm]

Sɛ wutumi kenkan saa asɛm yi wɔ simma 8 mu a, na ɛkyerɛ sɛ ahoɔhare a wode kenkan ade no yɛ bɛyɛ nsɛmfua 11,000 wɔ dɔnhwerew biako mu (nsɛmfua 187 wɔ simma biako mu) !

[Kratafa 13 mfoni]

Akenkan ma wunya nimdeɛ ahorow a ɛdɔɔso pii nu ɛma wutumi behu wo Bɔfo no

[Kratafa 14 mfoni]

Mmɔden a wobɛbɔ sɛ wobɛkenkan ade wɔ tebea a ɛmma adwene nsi pi anaa ɛde anikum ba mu remma entumi nyɛ yiye

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena