Di W’asetra So Seesei!
NYANSAHU mu nhwehwɛmu a wɔayɛ wɔ nnipa suban ne nea ɛkanyan no mu no aboa yɛn wɔ akwan pii so. Ebia aboa yɛn ma yɛagyina ɔyare bi ano, denam emu ntease a ɛkɔ akyiri a yɛanya so. Bere koro no ara mu no, ɛyɛ nea nyansa wom sɛ yɛbɛyɛ ahwɛyiye wɔ nkyerɛkyerɛ ahorow a ɛkanyan nkurɔfo ho, titiriw nea ɛte sɛ nea ɛne nnyinasosɛm a edi mu bɔ abira no.
Wɔ awosu ne suban ho asɛm mu no, nsɛmmisa yi sɔre: Yebetumi apia yɛn asɛyɛde ato nkyɛn na yɛafa yɛn ho adi wɔ nea yɛyɛ ho? Yebetumi asrɛ sɛ wɔmfa yɛn ho nkyɛ yɛn anaa yɛde asodi no ato obi anaa biribi foforo so wɔ mfomso anaa bɔne bi ho, na akyerɛ sɛ yɛakɔka “ɛnyɛ me” awo ntoatoaso a emufo redɔɔso no ho? Dabida. Nnipa dodow no ara fi wɔn pɛ mu gye asetra mu yiyedi ho nkamfo biara ma wɔn ho, enti dɛn nti na ɛnsɛ sɛ wogye wɔn mfomso ho asodi tom?
Enti yebetumi abisa sɛ, Dɛn na Onyankopɔn Asɛm, Kyerɛw Kronkron Bible, no ka wɔ onii ko anaa ade a edi yɛn asetra so nnɛ no ho?
Dɛn Ne Bible no Adwene?
Ade a edi kan a ɛsɛ sɛ yehu ne sɛ wɔwoo yɛn nyinaa wɔ bɔne a yenya fii yɛn awofo a wodi kan, Adam ne Hawa hɔ no mu. (Dwom 51:5) Bio nso, yɛte bere titiriw bi a wɔfrɛ no “nna a edi akyiri,” bere a nnipa hyia “mmere a emu yɛ den” mu. (2 Timoteo 3:1) Eyi kyerɛ sɛ mpɛn pii no, yehyia ɔhaw pii sen yɛn nananom, bere a yɛbɔ mmɔden sɛ yebedi yɛn asetra so yiye no.
Nanso, nnipa nyinaa wɔ hokwan sɛ wɔpaw nea wɔn ankasa pɛ. Enti ɛno mu no, wɔwɔ wɔn asetra so tumi. Eyi te saa fi tete, na yebetumi ahu wɔ Yosua nsɛm a ɔka kyerɛɛ Israel man no mu: “Mompaw nea mobɛsom no mfa.”—Yosua 24:15.
Bible gye tom sɛ wɔatow Satan Ɔbonsam afi soro ma onya adesamma abusua no nyinaa so nkɛntɛnso bɔne nnɛ sen bere biara. Ɛsan ka kyerɛ yɛn sɛ wɔ ɔsomafo Yohane nna no mu mpo no, na wiase nyinaa da ɔbɔnefo no tumi mu. (1 Yohane 5:19; Adiyisɛm 12:9, 12) Nanso sɛnea Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn nni biribiara a yɛyɛ so, anaa ɔnhyɛɛ yɛn awiei a ɔno nko na onim ntoo hɔ no, saa ara na ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn sintɔ anaa yɛn huammɔdi ahorow ho asodi biara to Satan so tee. Kyerɛwsɛm mu nokwasɛm a ɛkari pɛ ne sɛ “wɔsɔ obiara hwɛ a, na ɛyɛ n’ankasa akɔnnɔ a egyigye na ɛdaadaa no na ɛsɔ no hwɛ; ansa na akɔnnɔ no nyinsɛn a, ɛwo bɔne.” (Yakobo 1:14, 15) Ɔsomafo Paulo kyerɛwee nsɛm a efi honhom mu yi: “Monnnaadaa mo ho, Onyankopɔn wonsi no atwetwe; efisɛ nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa.”—Galatifo 6:7.
Enti yɛn mu biara bebu ne nneyɛe ho akontaa akyerɛ Yehowa Nyankopɔn. Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛamfa yɛn awosu ne sintɔ ahorow a yenya fii awo mu no anyiyi yɛn ho ano. Onyankopɔn buu tete Sodom ne Gomorafo anuɔdenfo a wɔde wɔn ho hyɛɛ bɔbeasu koro ntam nna mu no fɔ wɔ wɔn nneyɛe a aporɔw no ho. Akyinnye biara nni ho sɛ wammu ɛhɔfo no sɛ abɔde a wɔyɛ mmɔbɔ a wɔn tebea nye a wontumi nkwati bɔne esiane awosu mu mmerɛwyɛ a wosusuw sɛ wɔwɔ nti. Ɔkwan a ɛte saa ara so no, na bɔne nkɛntɛnso pii atwa nnipa a na wɔwɔ Noa nna no mu ho ahyia; nanso sɛ na wobetwa Nsuyiri a na ɛnkyɛ ɛbɛba no a, na ɛsɛ sɛ wɔpaw nea wɔpɛ, wɔn ankasa si gyinae. Kakraa bi na wɔpaw nea eye. Dodow no ara anyɛ saa.
Hebrini diyifo Hesekiel si so dua sɛ sɛ yebenya Onyankopɔn anim dom a, ɛsɛ sɛ yetumi di yɛn ho so: “Na sɛ wobɔ ɔbɔnefo no kɔkɔ, na wansan amfi ne bɔne no ne ne kwammɔne no so a, ɔno bewu n’amumɔyɛ mu, na wo de, woayi wo kra.”—Hesekiel 3:19.
Mmoa a Eye Sen Biara a Ɛwɔ Hɔ
Nokwarem no, yɛn nyinaa hia mmoa na yɛatumi adi yɛn da biara da asetra so, na wɔ yɛn mu pii fam no, eyi nna fam. Nanso ɛnsɛ sɛ yɛpa abaw. Ɛwom sɛ Onyankopɔn ani nnye bɔne su ahorow a yenya fii awo mu no ho de, nanso sɛ yɛpɛ sɛ yɛsakra yɛn suban a, ɔde mmoa a eye sen biara a ɛwɔ hɔ—ne honhom kronkron ne nokware a efi ne home mu no ma yɛn. Ɛmfa ho awosu mu mmerɛwyɛ biara a yɛwɔ ne nhyɛso a efi baabi foforo a ebenya yɛn so nkɛntɛnso no, yebetumi ‘ayi onipa dedaw no ne ne nneyɛe agu, na yɛahyɛ onipa foforo a wɔreyɛ no foforo akɔ nimdeɛ mu nea ɔbɔɔ no no suban so no.’—Kolosefo 3:9, 10.
Kristofo pii a na wɔwɔ Korinto asafo mu no yɛɛ nsakrae titiriw wɔ wɔn suban mu. Kyerɛwtohɔ a efi honhom mu no ka kyerɛ yɛn sɛ: “Nguaman ne abosonsomfo ne awaresɛefo ne ahodomfo ne mmarima a wɔne wɔn ho da ne awifo ne aniberefo ne asabofo ne amaanefo ne amimfo rennya Onyankopɔn ahenni no. Sɛnea anka mo mu bi te ne no; na afei wɔaguare mo, na wɔatew mo ho, na wɔabu mo bem Awurade Yesu Kristo din ne yɛn Nyankopɔn honhom mu.”—1 Korintofo 6:9-11.
Enti sɛ yɛrepere sɛ yebedi yɛn mmerɛwyɛ so a, momma yɛmmpa abaw. Nnɛyi Kristofo pii akyerɛ sɛ ɛdenam Yehowa mmoa so no, wɔatumi de ‘adwenem foforoyɛ asakra wɔn ho, na wɔasɔ nea Onyankopɔn pɛ a eye, na ɛsɔ ani, na ɛyɛ pɛ no ahwɛ.’ Wɔde nea ɛyɛ nokware, nea ɛteɛ, nea ɛho tew, nea ɛwɔ ɔdɔ, nea ɛkyerɛ ɔbra pa, nea ɛwɔ din pa, hyehyɛ wɔn adwenem; na wɔkɔ so ‘dwennwen saa nneɛma yi ho.’ Wodi honhom mu aduan a ɛyɛ den na wɔnam dwuma a wɔde di so ama wɔn nkatede akokwaw papa ne bɔne mu yiyi ho.—Romafo 12:2; Filipifo 4:8; Hebrifo 5:14.
Ɛhyɛ nkuran sɛ wubehu wɔn apereperedi, bere tiaa mu nkogudi ahorow, ne awiei koraa no, nkonim a ɛdenam Onyankopɔn honhom kronkron so no wodi no. Onyankopɔn ma yɛn awerɛhyem sɛ mpɛn pii no, koma no ne n’akɔnnɔ na yɛn su a yɛbɛsakra no gyina so. “Sɛ nyansa ba wo koma mu, na nimdeɛ sɔ wo kra ani a, adwempa bɛhwɛ wo so, na ntease abɔ wo ho ban, na ayi wo afi bɔne kwan mu.”—Mmebusɛm 2:10-12.
Enti sɛ wopɛ sɛ wode daa nkwa—asetra a wiase bɔne no haw ne sintɔ ahorow a ɛde mmerɛwyɛ ba nnim—yɛ wo botae a—‘bɔ mmɔden’ di w’asetra so seesei na ma ɔsoro nyansa nkyerɛ wo kwan. (Luka 13:24) Ma Yehowa honhom kronkron no mmoa wo sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛsow ahosodi aba. Nya ɔpɛ a efi wo komam sɛ wobɛma w’asetra ne Onyankopɔn mmara ahyia, na tie afotu yi: “Kora wo koma so sen nea wode sie nyinaa, na emu na nneyɛe nyinaa fi.” (Mmebusɛm 4:23) “Nokware nkwa no” a wubeso mu wɔ Onyankopɔn wiase foforo no—a Yehowa Nyankopɔn nam Yesu Kristo agyede afɔrebɔ no so besiesie awosu mu sintɔ ahorow nyinaa—mu no fata mmɔden a wobɔ sɛ wubedi w’asetra so wɔ wiase yi mu no nyinaa!—1 Timoteo 6:19; Yohane 3:16.
[Kratafa 21 mfonini]
Bible a yebesua no betumi ama yɛn ahoɔden a yɛde bedi mmerɛwyɛ ahorow a atim yɛn mu no so
[Kratafa 21 mfonini]
Bible adesua betumi aboa yɛn ama yɛakura Onyankopɔn abrabɔ gyinapɛn ahorow mu