Ɔkwan A Wubetumi Afa So Asakra Sɛnea Wote
DƐN na ɛnka sɛnea wonya suban ne emu nsakrae a yɛabɔ ho nkɔmmɔ dedaw no ho? Nea onipa no ankasa hwehwɛ ne ne pɛ a ɔde bedi dwuma! Ne pɛ a ɔde bedi dwuma denam nea n’ankasa nim so a obegyina apaw nea ɔpɛ no so. Ne tiawa mu no, onni n’ankasa ho so tumi!
Nneyɛe ho nnuruyɛfo ahu sɛ sɛ wɔma onipa a wɔreyɛ no aduru no nya kyɛfa wɔ gyinaesi a etwa to wɔ suban a ɛsɛ sɛ ɛyɛ n’ankasa botae horow ho no mu a, anka nea ebefi mu aba no betumi ayɛ nea ɛtra hɔ daa. Vance Packard kyerɛw wɔ ne nhoma The People Shapers no mu sɛ: “Ɛda adi sɛ, mprempren sɛ obiara a n’adwenem da hɔ no nya afotu kakra a, obetumi asakra ne suban.” Wɔfrɛ eyi sɛ obi ankasa ho so a odi. Ɔkwan foforo so no, faako a wɔde obi ankasa ho so a odi no adi dwuma no, wɔahu nsakrae a ɛyɛ anigye.
Sɛ ahosodi ho hia a, ɛyɛ hokwan ma Kristofo efisɛ wɔasua sɛnea wɔda eyi adi sɛ Onyankopɔn honhom kronkron aba akron no mu biako. (Galatifo 5:22, 23) Eyi kyerɛ sɛ, Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no adeyɛ tumi no betumi anya wo suban a wobɛsakra no so tumi na aboa wo ma woatumi ayɛ saa.
Enti, dɛn na wopɛ sɛ Woyɛ wɔ wo suban ho? So wopɛ sɛ wosakra ampa? Sɛ saa a, fi dɛn ho? Ayɛ dɛn? Na dɛn ntia? So wubetumi de wo ho ato w’ankasa ahosodi so? Ɛhe na wubetumi anya mmoa a ɛde mfaso nkutoo ba no?
Ma yɛnhwɛ akwan a wɔfa so ne nneɛma a wɔde sakra suban no bi.
Adeyɛ 1: Hwehwɛ Onii Ankasa a Woyɛ
Wone nea wode bɛyɛ onii a wopɛ sɛ woyɛ no. Ɛsɛ sɛ onii a woyɛ dedaw no sakra yɛ foforo no. Enti ɛsɛ sɛ wuhu wo ho yiye. So wubetumi akyerɛ wo suban afã horow a wobɛpɛ sɛ wosakra no?
Esiane sɛ ɛyɛ den sɛ wubetumi ahu w’ankasa suban nti, wuhia sɛ wode gyinapɛn a ɛwɔ obu na wotumi de ho to so di dwuma. Kyerɛw Kronkron Bible no ye ma eyi yɛ. Fa Bible no di dwuma, na wubehu nea wunhui da wɔ wo ho, Ebia worempɛ nea ɛda adi a wuhu no mpo, nanso wubetumi anya awerɛhyem sɛ ɛbɛyɛ nokware.
Wɔde Bible atoto ahwehwɛ ho, na wɔhyɛ nnipa nkuran sɛ wɔnhwɛ mu. “Na sɛ obi yɛ asɛm no tiefo na ɔnyɛ ɔyɛfo a, ɔte sɛ onipa a ɔhwɛ n’anim suban ahwehwɛ mu; na ɔhwɛ ne ho na ɔkɔ, na ntɛm ara na ne werɛ afi su a okurae. Na nea ɔkotow hwɛɛ adehyedi mmara a ɛyɛ pɛ no mu, na ɔtraa mu, na ɔnyɛ otiefo werɛfirifo, na mmom ɔyɛ adwuma no yɛfo no, onii no na wobehyira no n’adeyɛ no mu.” (Yakobo 1:23-25) Sɛ wɔte Bible no ase yiye na wɔde di dwuma a, etumi de nsɛm mu nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri ma a ɛnyɛ sɛ ɛbɛkyerɛ wo onii a woyɛ sɛ onipa nko, na mmom ebetumi ada w’adwene ne wo su ahorow adi. Enti, Paulo kyerɛwee sɛ: “Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na ahoɔden wɔ mu, na ano yɛ nnam sen nkrante anofanu biara . . . na ɛyɛ koma nsusuwii ne adwene temmufo.” Onyankopɔn asɛm no kɔ akyiri sen saa mpo denam akwankyerɛ a ɛde ma wɔ nea ɛteɛ ankasa ne nea ɛyɛ bɔne ankasa ho no so.—Hebrifo 4:12; 5:14.
Bible no betumi ayɛ eyi nyinaa ama wo efisɛ ɛyɛ Yehowa, nokware Nyankopɔn a ɔwɔ nhumu no Asɛm. Sɛnea Dwom 139 kyerɛ no, Onyankopɔn hwehwɛ wo mu na ɔkyerɛ nea woyɛ ankasa. Nkyekyem l ka sɛ: “[Yehowa], wohwehwɛ me mu na wuhu me.” Onyankopɔn ahwɛ wo fi nyinsɛn mu. Onim wo yiye koraa. Wama wɔayɛ onipa asetra a wɔaka ho nsɛm no ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible mu. Wubehu sɛ ebia ɛfa wo ho wɔ mu, nea eye anaa nea ennye.
Enti, wubetumi ahu sɛnea wote ankasa—sɛ wopɛ sɛ wuhu a.
Adeyɛ 2: Si Onii a Wopɛ Sɛ Woyɛ Ho Gyinae
Sɛ wobɛsakra a, hwɛ hu yiye sɛ nsakrae no bɛyɛ nea mfaso wɔ so. Hwɛ hu yiye sɛ ɛyɛ nea wohwehwɛ no ne sɛ eye sen sɛnea wote mprempren no. Nneyɛe pa bɛn na ɛsɛ sɛ wode yɛ wo botae? Ɛhe na wubenya suban pa ho afotu afi? Bio, Bible no ye ma eyi yɛ.
Bible no hyɛ wo nkuran sɛ yɛ nsakrae pa, nya “nipasu foforo.” Paulo de afotu mae sɛ: “Mo kan abrabɔ fam de, munyi onipa dedaw a ɔresɛe wɔ nnaadaa akɔnnɔ mu no nkyene, na . . . wɔnyɛ mo foforo mo adwene honhom mu, na menhyɛ onipa foforo a wɔbɔɔ no Nyankopɔn so, nokware trenee ne ahotew mu.” (Efesofo 4:22-24) Bible no kyerɛ wo nea su horow a eye yi yɛ. So wokae wiase a ɛyɛ pɛ a yɛadi kan aka ho asɛm no? Sɛ wopɛ sɛ woyɛ saa wiase no fa a, ɛsɛ sɛ wuhu sɛnea ɛho hia sɛ wunya su ahorow a wɔaka ho asɛm wɔ Kolosefo 3:12-17 no, su horow te sɛ ayamhyehye, ayamye, ahobrɛase, odwo, boasetɔ, fafiri, ɔdɔ, asomdwoe, anisɔ.
Enti bere a wɔahwɛ wo Bible no mu akyi no, fa botae ahorow sisi w’anim. Hyɛ no nsow. Ma botae no mu biara nyɛ ade titiriw. Di ho dwuma!
Adeyɛ 3: Hwehwɛ Nhwɛso Ahorow a Ɛfata
Wo suban no mu pii fi afoforo a wusuasuaa wɔn—nnamfo, ayɔnkofo, awofo, sukuu mu akyerɛkyerɛfo.
Ɛnde, bere a wahu suban a wode bɛyɛ wo botae awie no, dɛn nti na wonhwehwɛ obi a ɔyɛ n’ade sɛnea wopɛ sɛ wusuasua no. Afei hwehwɛ saa onipa no mmoa. Bible mu bɛ bi ka no wɔ nyansam sɛ: “Wo ne anyansafo mmɔ, na dan onyansafo.”—Mmebusɛm 13:20.
Bible no kura Yesu Kristo ankasa a n’asetra yɛ nhwɛso a ɛsen biara ma yɛn no ho kyerɛwtohɔ. Kenkan sɛnea ɔyɛɛ n’ade wɔ nsɛm tebea ahorow nyinaa mu, ne suban, ne nhumu ne nyansa, ne nidi, n’anifere ne ayamye kɛse ne sɛnea odwen ne yɔnko nipa ho no. Hwɛ sɛnea asɛm a ɔka yi yɛ akomatɔyam: “Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnosoa nyinaa, mommra me nkyɛn na mɛma moahome. Momfa me kɔndua nto mo ho so, na munsua me, sɛ midwo na mebrɛ me ho ase koma mu; na mubenya ɔhome ama mo kra. Na me kɔndua yɛ mmerɛw, na m’adesoa yɛ hare”!—Mateo 11:28-30.
Nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ aman nyinaa mu no suasua Yesu Kristo dedaw na wɔbɔ mmɔden sɛ wobedi n’anammɔn akyi, sɛnea ɔno nso nantewee sɛnea ne soro Agya Yehowa Nyankopɔn hyɛɛ no no. Saa nnipa ɔpepem pii a wɔanya nnɛyi wiase suban bɔne no mu kyɛfa yiye no, adan akɔ Yehowa Adansefo asafo a ɛwɔ beae a wɔwɔ akɔhwehwɛ mmoa ne akwankyerɛ na wɔanni huammɔ. Wɔn a wɔyɛ nhwɛso sɛ Kristo no pii wɔ wɔn Ahenni Asa ahorow no so, na wɔde mmoa ama wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsakra wɔn ankasa suban yɛ no yiye no. Nokwarem no, Adansefo no wɔ wɔn mmerɛwyɛ a ɛwɔ adesamma a wɔnyɛ pɛ ho no; nanso wɔwɔ honhom pa a ɛyɛ wɔn adwene foforo.—Efesofo 4:23.
Adeyɛ 4: Nya Ahoɔden a Wuhia Na Woatumi Ayɛ
Ɛbɛyɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsakra wɔn akwan no awerɛkyekye sɛ wobehu sɛ mmoa wɔ hɔ. Wɔka “onipa foforo no” ho asɛm sɛ “wɔbɔɔ no Onyankopɔn so, nokware trenee ne ahotew mu.” (Efesofo 4:24) Eyi kyerɛ sɛ mmoa a ɛkyɛn onipa de a efi Onyankopɔn ankasa nkyɛn wɔ hɔ ma wɔn a wɔhwehwɛ. Wobɛyɛ dɛn atumi anya Yehowa Nyankopɔn mmoa?
Mmoa a edi kan no mu biako ne mpae a w’ankasa bɛbɔ. Mpaebɔ ma woka abisade a ɛho hia no kyerɛ tumi a wuhia na woasakra w’akwan no Fibea no. Mpaebɔ ma wode ahofadi kasa bere nyinaa a wunsuro, wɔ ahokyere mu mpo. Ɔkwan a ɛte saa a wɔfa so kɔ Onyankopɔn a odwen wo ho ankasa nkyɛn no sen ɔkwan biara a wobɛfa so anya onipa mmoa na ɛyɛ adwuma ntɛm. Enti, ɔsomafo Yohane kyerɛw sɛ: “Na nnam a yɛde kɔ ne nkyɛn ne sɛ, yɛsrɛ biribiara sɛnea ɔpɛ a, otie yɛn.” (1 Yohane 5:14) Na odiyifo Yesaia nsɛm yi hyɛ yɛn nkuran: “Monhwehwɛ [Yehowa], bere a ɔma wohu no no, momfrɛ no bere a ɔbɛn no. Ma ɔbɔne nnyaw ne kwan na onipa huhuw mpa n’adwene, na ɔnsan mmra [Yehowa] nkyɛn, na ne yam bɛhyehye no ama no, ne yɛn Nyankopɔn no nkyɛn, na ne firi a ɔde befiri dɔɔso.”—Yesaia 55:6, 7.
Bible sua bɛma woanya ahoɔden nso, na ama woanya asomdwoe, na woatumi de w’adwene asi wo botae ahorow no so daa. Bible no bɛma wo ahoɔden foforo bere a wopere kɔ suban ahorow a wode ayɛ wo botae no ho no. Bio nso, ɛbɛma woakyi wo kan akwan no. Bible ne nea ɛwɔ mu ho nimdeɛ a wubesua daa no nso beyi asɛm a ɛmfata biara a efi wiase no atesɛm ne nhomasua nhyehyɛe hɔ no afi w’adwenem.
Ɛnyɛ sɛ Kristofo nhyiam horow a wɔyɛ wɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa a ɛwɔ beae a wowɔ no so de Bible gyinapɛn ahorow ho ntetee ma nko, na mmom ɛma wonya mmoa ne nkuranhyɛ a wɔde bɛsakra wɔn suban fi kuw no hɔ nso. Saa mmoa a wɔnam asafo no so de ma yi aboa nnipa pii ma wɔatumi asakra wɔn suban. Dɛn nti na wo ne onii a ɔde nsɛmma nhoma yi maa wo no mmɔ mmoa yi ho nkɔmmɔ?
Adeyɛ 5: Suban Dedaw no a Ɛbɛsan Aba no Ano a Wubegyina
Nnipa pii abɔ mmɔden sɛ wɔbɛsakra wɔn akwan nanso wɔn aba mu abu esiane suban dedaw no a ebia wontumi nkwati nti. Nea afi mu aba ne sɛ ebinom apa abaw koraa. Saafo no taa susuw sɛ sɛ nea wobuu no sɛ wɔn anidaso koro no adi huammɔ a, ɛnde na anidaso biara nni hɔ bio koraa. Afei ebia, wɔde wɔn ho bɛma wiase nkɛntɛnso ahorow. Wɔtaa sɛe sen sɛnea wɔte ansa na wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛsakra no.
Kɔ so ma wo ho awerɛhyem sɛ ɛfata sɛ wotwe wo ho fi wo kan kwan biara a wompɛ no ho. Ɔsomafo Paulo frɛɛ ne kan suban ne asetra kwan sɛ sumina, anaasɛ nwura. (Filipifo 3:8) Enti, sɛ bere a woreyɛ nsakrae no, wuhyia akwanside anaasɛ suban dedaw no san ba a, sɔre bio na kɔ w’anim. Toa so! Kɔ so ko! Mfaso bɛba so!
Kae sɛ, w’akwan ne wo suban no mu pii fi nkɛntɛnso a na wuntumi nyɛ ho hwee saa bere no. Nkɛntɛnso ahorow yi da so araa yɛ adwuma. So wobɛma kwan na aka wo ahyem bio? Dabida? Ɛnde mpa abaw da!
Nnipa ɔpepem pii a wofi mmusua ahorow mu—nsɛmmɔnedifo ne nnipa a na wɔn bra asɛe yiye mpo—atumi asakra wɔn suban. Wɔakura wɔn gyinabea pa no mu abedu nnɛ, wɔn mu binom wɔ mfe du du pii no, wɔde wɔn pɛ mu a wofi kura wɔn mudi mu wɔ ɔkwan a ɛyɛ fɛ so akura wɔn akwampa no mu. Nanso wɔde ahoɔden ne nkanyan a wɔde yɛ saa no ho aseda ma Onyankopɔn. Sɛnea ɔsomafo Paulo kae no: “Mitumi ade nyinaa yɛ, nea ɔhyɛ me den no mu.”—Filipifo 4:13.
Wɔredi adetreneeyɛ ho ko no mu nkonim. Wo nso sɛ wopɛ a, wubetumi ayɛ nsakrae no, na wubenya asetra mu anigye wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu.—Dwom 37:29; 2 Petro 3:13.
[Kratafa 14 mfoni]
Adeyɛ 1. Hwehwɛ Onii Ankasa a Woyɛ
[Kratafa 15 mfoni]
Adeyɛ 2: Si Onii a Wopɛ sɛ Woyɛ Ho Gyinae
[Kratafa 15 mfoni]
Adeyɛ 3: Hwehwɛ Nhwɛso Ahorow a Ɛfata
[Kratafa 16 mfoni]
Adeyɛ 4: Nya Ahoɔden a Wuhia Na Woatumi Ayɛ
[Kratafa 16 mfoni]
Adeyɛ 5: Suban Dedaw no a Ɛbɛsan Aba no Ano a Wubegyina
[Kratafa 17 mfoni]
Wɔn a wɔsakra no betumi anya wiase asakra bi nso