Su a Wɔwɔ Wɔ Nna Ho a Ɛresakra no Ma Nsɛmmisa Foforo Sɔre
“NNA MU NSAKRAE TITIRIW,” “nna mu ɔbrasɛe,” “abrabɔ mu nsakrae titiriw.” Nsɛm a ɛte saa bɔɔ ɔbarima ne ɔbea nna ho su horow a ɛresakra no dawuru, titiriw wɔ 1960 mfe no mu ne ɛno akyi. Nnipa pii de asɛm “nna a anohyeto nnim,” yɛɛ wɔn fene, na ɛmaa nkurɔfo poo aware ne baabunyɛ.
Nhoma kyerɛwfo Ernest Hemingway asɛm a ɔkae sɛ “Ɔbra pa ne nea wote nka sɛ eye bere a woayɛ awie, na ɔbrasɛe ne nea wote nka sɛ enye bere a woayɛ awie no,” betumi afa wɔn a ɔbarima ne ɔbea nna mu ahofadi ne emu kyɛfa a wonya ho bɔhyɛ agye wɔn adwene no ho yiye. Saa nyansapɛ yi a wogye toom no maa nnipa pii a wɔne wɔn nya nna mu kyɛfa bere tiaa no bɛyɛɛ nea asɛm biara nni ho, a ankorankoro, mmarima ne mmea nam so dwudwo wɔn akɔnnɔ. Ná anohyeto biara nni ɔbarima ne ɔbea nna “mu kyɛfa a wonya” mu. Pill a wɔde siw nyinsɛn ano a ɛbae saa mfe du no mu no maa nkurɔfo de wɔn ho hyɛɛ nna mu kɔɔ akyiri a na anohyeto biara nnim.
Nanso, AIDS ne nyarewa foforo a wonya fi nna mu na abɛyɛ ade a efii ɔbrasɛe asetra mu bae. Awo ntoatoaso a wɔn bra asɛe wɔ ɔbarima ne ɔbea nna ho no nneyɛe no ano brɛɛ ase. Mfe bi a atwam no, Time nsɛmma nhoma no kyerɛw asɛmti a ɛne “Nna Wɔ 1980 Mfe no Mu—Nsakrae Titiriw no Aba Awiei,” no akɛse guu krataa no akyi. Wɔde saa asɛm yi gyinaa nyarewa a wonya fi nna mu a abu so a na aka Amerikafo pii no so titiriw. Ɛde besi nnɛ yi, nnipa dodow bɛyɛ ɔpepem 30 na wɔanya AIDS wɔ wiase nyinaa!
Nyarewa a wonya fi nna mu ho suro a nnipa pii anya no asakra su a wokura wɔ nna mu kyɛfa a wonya wɔ bere tiaa mu ho no bio. Bere a na anigyede nsɛmma nhoma, US, 1992 de no rebɔ nhwehwɛmu bi a aban no yɛe ho amanneɛ no, ɛkae sɛ: “Mmea ahokwafo bɛyɛ ɔpepem 6.8 na wɔasakra wɔn su wɔ nna ho esiane AIDS ne nyarewa foforo a wonya fi nna mu ho suro nti.” Sɛnea asɛm no kyerɛ no, asɛm no mu da hɔ sɛ: “Ɔbarima ne ɔbea nna yɛ adwuma a anibere wom. Sɛ wode wo ho hyem a, ɛyɛ hu.”
Ɔkwan bɛn so na mfe bɔne yi aka su a nkurɔfo kura wɔ nna ho? So wɔasua biribi afi anibiannaso a wɔde poo afotu a ɛfa nnansa yi mfe mu nna a anohyeto nnim ne nokwasɛm a anibere wom a ɛne sɛ ɛde nyarewa a wonya fi nna mu aba wɔ 1980 mfe no mu ho no mu? So ɔbarima ne ɔbea nna ho ade a wɔkyerɛ wɔ aban sukuu ahorow mu no aboa mmerante ne mmabaa ma wɔatumi adi wɔn nna ho asɛm ho dwuma? Ɔkwampa bɛn so na wobetumi afa agyina nnɛyi ɔbarima ne ɔbea nna ho su horow a asakra no ano?