Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g97 6/8 kr. 8-10
  • Asɛnnennen no Ano a Wogyina

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛnnennen no Ano a Wogyina
  • Nyan!—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Awofo a Wɔyɛ Nhwɛso Pa
  • Asɛnnennen no Ano a Wotumi Gyina
  • Gye Yehowa Nsiesiei Ahorow Ma Nkwa no Tom
  • Dɛn na Ɛkyerɛ Wo Nneyɛe Kwan?
    Nyan!—1997
  • Su a Wɔwɔ Wɔ Nna Ho a Ɛresakra no Ma Nsɛmmisa Foforo Sɔre
    Nyan!—1997
  • Nna A Edi Aware Anim
    Nyan!—2013
  • Mmofra, So Bible Abrabɔ Pa No Ne Ɔkwan A Eye Sen Biara?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1997
g97 6/8 kr. 8-10

Asɛnnennen no Ano a Wogyina

TELEVISION, nhoma, nsɛmma nhoma, sini ahorow, ne nnwom a ɛka nna ho nsɛm no na ɛma nkurɔfo nya ɔbarima ne ɔbea nna ho adwene a ɛnteɛ fi mmofraase. Ɛhyɛ mmofra ma wɔde wɔn ho hyɛ nna mu sɛnea mpanyimfo yɛ, a wonsusuw nea ɛde bɛba wɔn so wɔ nkate fam ho. Awofo bi mpo ma nna ho nhyɛso a wɔn mma wɔ no mu yɛ den denam hokwan a wɔde ma wɔn ma wɔne wɔn a wɔne wɔn nni bɔbeasu koro yɛ nhyehyɛe pue bere a wosusua no so. Atipɛnfo nhyɛso hyɛ nhyehyɛe a wɔyɛ ne wɔn a wɔne wɔn nni bɔbeasu koro pue ho nkuran, na ɛnkyɛ na mmofra pii a wɔwɔ nnamfo mmarimaa anaa mmeawa no agyae wɔn ho mu de wɔn ho ahyɛ nna mu. Luther Baker, abusua adesua ho ɔbenfo, no kae sɛ: “Hwɛ sɛnea ɛyɛ mmerɛw . . . ma abeawa a wadu ne mpanyin afe so a ɔte nka sɛ n’awofo nnɔ no no . . . sɛ ɔbɛma kwan ma n’adamfo barima ne no anya nna mu kyɛfa bere a odi mfomso susuw sɛ ɛbɛma wanya ɔdɔ ne abusuabɔ no.”

Sɛ́ anka mmofra a wɔadu wɔn mpanyin afe so de wɔn mmofrabere mu mfe besiesie wɔn ho ama asetra mmom no, wɔde wɔn ho hyɛ anigyede mu fee. Ɔbenfo Baker kae sɛ, “esiane wɔn nkate foforo a ɛhyɛ wɔn so, ne wɔn atipɛnfo a wɔdaadaa wɔn sɛ nna mu kyɛfa a obi nya no yɛ ɔkwan a ɔfa so kyerɛ sɛ ɔyɛ barima nti, mmofra pii bɛyɛ nna mu basabasayɛfo” bere a wɔadu wɔn mpanyin afe so. Bɛyɛ mfe 30 a atwam no, abakɔsɛm kyerɛwfo Arnold Toynbee dii amumɔyɛde a wɔde aba yɛn mmofra so yi ho abooboo, bere a ogye toom sɛ abakɔsɛm akyerɛ sɛ adwene a nnɛyi Atɔe fam wiase no de yɛ nneɛma no fã bi fi tumi a wotumi maa mmofra a wɔadu wɔn mpanyin afe so twee wɔn ho fii ‘nna ho’ ma wɔde wɔn adwene sii nimdeɛ a wobenya so no.

Awofo a Wɔyɛ Nhwɛso Pa

Awofo a wɔmma mmofra a wonnya nnii mfe aduonu mmu nhyehyɛe a ɔbea ne ɔbarima yɛ de pue sɛ anigyede no dwen wɔn mma daakye akwahosan ne anigye ho nokwarem. Ɛdenam abrabɔ ho gyinapɛn a ɛkorɔn a wɔbɛda no adi ne nkitahodi pa a wɔbɛma atra wɔne wɔn mma ntam so no, wobetumi anya wɔn asetra so nkɛntɛnso. Sɛnea Journal of Marriage and the Family kyerɛ no, nhwehwɛmu a wɔayɛ wɔ su a mmofra wɔ wɔ nna ho no ho da no adi sɛ “saa nkɛntɛnso yi betumi ama mmofra atwentwɛn wɔn nan ase wɔ nna ho.”

Awofo a wɔma wɔn mma hu sɛ ɛsɛ sɛ wɔhyɛ wɔn ho so na wodi wɔn asɛyɛde ho dwuma no twa so aba pa. Nhwehwɛmu bi da no adi sɛ, “sɛ mmofra a wɔadu wɔn mpanyin afe so ne wɔn awofo kura gyinapɛn ahorow a ɛma wohu hia a ehia sɛ wodi asɛyɛde ho dwuma mu a, ɛma asiane a ɛwɔ hɔ sɛ mmofra no bɛwo bere a wɔnwaree no so tew koraa.” Eyi hwehwɛ sɛ awofo no befi nyansam ahu mmofra no dwumadi ahorow—sukuu nnwuma a wɔde ba fie a wɔbɛhwɛ ma wɔayɛ; mmeae a wɔkɔ ne wɔn nnamfonom a wobehu; nhomasua ho botae ahorow a wobetumi adu ho a wɔde besi wɔn ani so; ne honhom fam nneɛma a wɔbɛbom ayɛ. Mmofra a wɔrenyin a wɔne wɔn awofo nya abusuabɔ pa a ɛte saa yi benya abotɔyam, na nna ho asɛm renhaw wɔn.

Afotu a eye sen biara a ɛwɔ hɔ ma mpanyin ne mmofra nyinaa ne nyansa a ɛwɔ Bible mu no. Wɔhyɛɛ awofo a na wɔwɔ Israel no sɛ wɔmfa abrabɔ ho gyinapɛn a ɛfata nkyerɛkyerɛ wɔn mma. Yehowa bisaa wɔn sɛ: “Ɔman kɛse bɛn na ɛwɔ ahyɛde ne atemmude trenee sɛ mmara a mede meresi mo anim nnɛ yi nyinaa?” Ɛyɛ saa “atemmude trenee” yi na na ɛsɛ sɛ wɔde kyerɛkyerɛ wɔn mma wɔ abusua asetra a ɔdɔ ne nkitahodi wom mu. “Fa kyerɛkyerɛ wo mma yiye, na kasa ho, w’afitra mu ne wo kwan so nantew mu ne wo nna mu ne wo sɔre mu.” Wotuu mmofra fo sɛ: ‘mummu mo agyanom mmara nsɛm, na monntow mo nanom kyerɛ nkyene.’ Nkitahodi a ɔdɔ wom ne nkyerɛkyerɛ a ɛte saa a efi agya ne ɛna nyinaa hɔ yɛ asetra ne nna ho nneyɛe a ɛkari pɛ fapem, na ‘ɛbɛhwɛ’ abofra bi so ne nkwa nna nyinaa.—Deuteronomium 4:8; 6:7; Mmebusɛm 6:20, 22.

Mmofra, dɛn nti na ɛsɛ sɛ mosɛe mo daakye denam nna ho nkate a mubegyae mo ho mu ama so? Mpanyin afe no yɛ bɛyɛ mfe ason. Ɛsɛ sɛ mode nyin wɔ adwenem, nkate, ne honhom fam, na munya ɔbarima ne ɔbea nna ho su a ɛkari pɛ, de siesie mo ho ma mfe 50 anaa 60 a edi hɔ no. Awofo, mummu asɛyɛde a Onyankopɔn de ama mo no aniberesɛm, na mommɔ mo mma ho ban mfi adwene mu awerɛhow a nyarewa a wonya fi nna mu ne nyinsɛn a wɔmpɛ de ba no ho. (Ɔsɛnkafo 11:10) Momma mo mma nhu sɛnea ɔdɔ ne afoforo ho a wosusuw de abusuabɔ a ɛtra hɔ daa ba no wɔ mo da biara da asetra mu.

Asɛnnennen no Ano a Wotumi Gyina

Mma kwan mma nnɛyi nna ho nsɛm a abu so no nnkyinkyim asetra ho adwene a wowɔ, na ansɛe hokwan a wowɔ sɛ wubenya daakye a anigye ne abotɔyam wom no. Susuw nnipa abusuabɔ ho nhwɛso ahorow pii a ɛwɔ Bible mu no ho. Nya awerɛhyem sɛ asetra ne ɔdɔ kɔ so yɛ nea eye na mfaso wɔ so yiye wɔ mpanyin afe akyi. Sɛ wosusuw saa nokwasɛm yi ho yiye ma ɛne Onyankopɔn apɛdeyɛ ma Kristofo mmarima ne mmea no hyia a, ɛnde na nnipa baanu a wɔdɔ wɔn ho no ato fapem ama aware a nkitahodi wom na ɛtra hɔ daa.

Sɛ wohwehwɛ awarefo a wɔka wɔn ho asɛm wɔ Bible mu te sɛ Yakob ne Rahel, Boas ne Rut, ne abarimaa guanhwɛfo ne Sulemni abeawa no nsɛm mu a, wubehu nna ho anigye bi a ɛdaa adi wɔ wɔn abusuabɔ no mu. Nanso, sɛ wokenkan Genesis atiri 28 ne 29, Rut nhoma no, ne Nnwom mu Dwom no yiye a, wubehu sɛ nneɛma atitiriw foforo bi wɔ hɔ a ɛma abusuabɔ a ɛte saa mu yɛ den.a

Gye Yehowa Nsiesiei Ahorow Ma Nkwa no Tom

Yehowa, adesamma abusua no Bɔfo, no te nna ho nkate a nnipa wɔ no ase. Ɛyɛ nea ɔdɔ wom sɛ ɔbɔɔ yɛn ne suban so a wamfa “ɔbrasɛe ho awosu mu nkwammoaa” ammɔ yɛn, na mmom, tumi a yɛde bedi yɛn nkate horow so ma ɛne Onyankopɔn apɛde ahyia. “Eyi ne nea Onyankopɔn pɛ, . . . sɛ munyi mo ho mfi aguamammɔ mu, sɛ mo mu biara nhu sɛ obenya n’ankasa n’ade ahotew ne nidi mu, ɛnyɛ akɔnnɔ anibere mu sɛ amanaman a wonnim Nyankopɔn no; sɛ obiara nntra so nnkosisi ne nua asɛm bi mu.”—1 Tesalonikafo 4:3-6.

Yehowa Adansefo de eyi di dwuma wɔ wiase nyinaa. Wɔwɔ obu ma Onyankopɔn gyinapɛn ahorow a ɛkorɔn ma Kristofo mmea ne mmarima no. Wobu mpanyimfo sɛ agyanom, “mmerante sɛ anuanom, mmea mpanyin sɛ ɛnanom, mmabaa sɛ nuabeanom, wɔ ahotew nyinaa mu.” (1 Timoteo 5:1, 2) Tebea pa a ɛma mmerante ne mmabaa ani gye bere a wɔyɛ mpanyimfo a nhyehyɛe a mmerante ne mmabaa yɛ pue ne ware a wɔware ntɛm ho nhyɛso anaa nyarewa a wonya fi nna mu ntwitware wɔn ananmu bɛn ara ni! Kristofo abusua a ɛyɛ hyew, a Kristofo asafo no ahyɛ no den no yɛ ofie a ahobammɔ wom wɔ wiase a abɔ dam wɔ nna ho no mu.

Bible nnyinasosɛm ahorow a Kristofo mmofra de di dwuma wɔ wɔn asetra mu no ma wɔde wɔn ho wɔ nna ho nhyɛso ho, na wonya anigye wɔ tie a wotie afotu a wɔde ma wɔ Onyankopɔn Asɛm mu yi mu: “Aberante, ma w’ani nnye wo mmofraase, na nya koma pa wo mmerantebere mu, na fa wo koma akwan so ne nea w’aniwa hu mu, nso hu sɛ eyinom nyinaa nti na Onyankopɔn de wo bɛkɔ atemmu mu. Na yi awerɛhow fi wo koma mu, na ma adebɔne mpare wo honam, na mmofraase ne mmerantebere yɛ ahuhude.”—Ɔsɛnkafo 11:9, 10.

[Ase hɔ asɛm]

a Hwɛ Questions Young People Ask—Answers That Work nhoma no a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wotintimii no kratafa 247.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 10]

Mma kwan mma nnɛyi nna ho nsɛm a abu so no nnsɛe hokwan a wowɔ sɛ wubenya daakye a anigye ne abotɔyam wom no

[Kratafa 9 mfonini]

Ɛda adi sɛ mmofra a wɔne wɔn mmusua bom yɛ adwuma ntaa nhwehwɛ nna mu nkitahodi

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena