Dɛn na Ɛkyerɛ Wo Nneyɛe Kwan?
BƐYƐ mfe 2,700 a atwam no, ɔkyerɛwfo bi a honhom kaa no kyerɛw mmebusɛm a ɛkanyan adwene yi: “Amumɔyɛ yɛ ɔkwasea sɛ agoru.” (Mmebusɛm 10:23) Nokwasɛm a eyi yɛ no ada adi titiriw fi bere a nna mu nsakrae titiriw no fii ase no. Ansa na AIDS yare a ɛyɛ hu reba no, na su a ɛwɔ hɔ ne sɛ nna yɛ ‘agumadi a obi tumi de ne ho hyem,’ na ɛsɛ sɛ wodi nna ho akɔnnɔ ho dwuma ‘ɛmfa ho nea ebefi mu aba biara.’ So saa su yi asakra? Dabida.
Nna ho akɔnnɔ bɔne a nkurɔfo wɔ nnɛ no da so ara de “nkate bɔne,” ‘aware dodow,’ ne “nna mu basabasayɛfo” a wɔkyerɛ sɛ abrabɔ yɛ ankorankoro asɛm ne sɛ nna a anohyeto nnim mu kyɛfa a obi ne ahokafo pii nya no yɛ nea asɛm biara nni ho, na ɛba. (Hwɛ adaka “Nna Ho Nneyɛe,” a ɛwɔ kratafa 6 no.) Wɔkyerɛ sɛ nna mu kyɛfa a wɔne nnipa pii nya no ‘mpira obiara,’ bere tenten a ɛyɛ mpanyimfo a wɔte wɔn ho ase ntam adeyɛ no. Wɔ 1964 no, Ɔman Sukuupɔn a ɛwɔ Iowa no nnipa fekubɔ ho nimdefo Ira Reiss frɛɛ eyi “ɔdɔ ho kwan a wogye tom.”
Ɛda adi sɛ Anglikan sɔfo panyin a ɔwɔ Edinburgh, Scotland, no te nka saa ara, efisɛ ɔkae sɛ wɔwoo nnipa sɛ wonnya adɔfo pii. Ɔkae wɔ ne kasa bi a ɔma faa nna ne Kristosom ho mu sɛ: “Onyankopɔn nim bere a ɔyɛɛ yɛn, enti wama yɛn nna ho akɔnnɔ sɛ yɛmfa nni yɛn nkate ho dwuma. Wama yɛn ɔbrasɛe ho awosu mu nkwammoaa. Misusuw sɛ ɛbɛyɛ mfomso sɛ asɔre no bɛkasa atia nkurɔfo a wodi wɔn nkate akyi no.”
So adwene a ɛte saa no fata? Ɔhaw bɛn na nna a anohyeto nnim no de aba? So bere tiaa mu nna mu nkitahodi a wɔne ahokafo pii nya no de abotɔyam ne anigye ba?
Nyarewa a wonya fi nna mu a atrɛw wɔ wiase nyinaa ne nokwasɛm a ɛne sɛ nnipa ɔpepem pii a wɔnwaree nyinsɛn, titiriw mmofra a wonnya nnii mfe aduonu no, yɛ adanse a ɛkyerɛ nkogu a saa nyansapɛ no adi. Sɛnea Newsweek nsɛmma nhoma no kyerɛ no, wobu akontaa sɛ wɔ United States nkutoo no, mmofra a wonnya nnii mfe aduonu ɔpepem abiɛsa na wonya nna mu nyarewa afe biara. Bio nso, ɛte sɛ nea “mpanyimfo a wɔte wɔn ho ase” yi mu pii ‘nni dɔ,’ anaa wɔnte nka sɛ wɔwɔ asɛyɛde wɔ abofra a wɔanyinsɛn no a efi nea wɔyɛ mu ba no ho, na wotu nyinsɛn no gu ntɛm ara. (2 Timoteo 3:3) Eyi ma abofra a ɔda yafunu mu no hwere ne nkwa, efisɛ wofi atirimɔden mu tetew ne mu ne na yam. Ɔhaw a ɔwofo kumaa no betumi ahyia ne adwenemhaw a emu yɛ den ne afobu a ebetumi ahaw no ne nkwa nna nyinaa.
Oduruyɛfo Patrick Dixon buu akontaa sɛ, wɔ 1990 mfe no mu, wɔ Britain nkutoo no, ɛka a wɔbɔe wɔ ɔhaw a nna mu nsakrae titiriw de ba ho no kɔɔ soro koduu dɔla ɔpepepem 20 afe biara. Wɔ Oduruyɛfo Dixon nhoma The Rising Price of Love mu no, ɔbɔɔ mmɔden huu saa ka yi ano denam ɛka dodow a wɔbɔ wɔ nyarewa a wonya fi nna mu, a nea ɛka ho ne AIDS; ɛka a wɔbɔ wɔ awaregyae ho; ɛka a ɔman no bɔ wɔ ɔwofo-biako mmusua ho; ne ɛka a wɔbɔ wɔ aduru a wɔyɛ mmusua ne mmofra ho no ho akontaa a obui so. Sɛnea wɔbɔɔ ho amanneɛ wɔ The Globe and Mail, Canadafo atesɛm krataa bi, mu no, Oduruyɛfo Dixon ka sɛ: “Nsakrae titiriw a wɔyɛe wɔ nna mu nkitahodi mu a ɛhyɛɛ bɔ sɛ ɛbɛma yɛanya ahofadi no ama nnipa pii ayɛ nkoa wɔ wiase bi a nna mu basabasayɛ, asiane, ankonamyɛ, nkate mu yaw, nsɛmmɔnedi ne mmonnaato asɛe no mu.”
Nanso dɛn nti na nna ho akɔnnɔ kɔ so gye nkurɔfo adwene na wɔn ani gye bere tiaa mu nkitahodi ho, na wɔkɔ so de wɔn ho hyɛ nna a anohyeto nnim mu bere a mfaso nni so? Esiane sɛ ɛda adi sɛ wɔatwa aba bɔne a ɛte saa wɔ mfe aduasa a atwam yi mu nti, dɛn na ɛkanyan akɔnnɔ bɔne a ɛsɛe nkurɔfo adwene yi?
Aguamansɛm Ma Wonya Nna Ho Adwene a Ɛnteɛ
Wɔka sɛ aguamansɛm ne ade biako a ɛma nna ho asɛm gye nkurɔfo adwene. Aberante bi a n’ankasa kyerɛ sɛ ɔbarima ne ɔbea nna adi ne ti no kyerɛw wɔ The Toronto Star atesɛm krataa no mu sɛ: “Migyaee sigaretnom mfe anum a atwam no, mmosa mfe abien a atwam no, nanso biribiara nyɛɛ den wɔ m’asetram sɛ megyae ɔbarima ne ɔbea nna ne aguamansɛm a adi me ti no.”
Ogye di nso sɛ mmofra a wonnya nnii mfe aduonu a wɔtaa hwɛ aguamansɛm ho mfonini no nya nna ho adwene a ɛnteɛ. Wɔsɔ nna ho nsusuwii hunu a wohu no hwɛ, na wohu sɛ nkitahodi no ankasa ho nsɛm dɔɔso na ɔhaw wom. Eyi de ho a wɔtwe fi afoforo ho ne ɔhaw afoforo na ɛba, a nea ɛsen biara no mu biako ne ɔdɔ a emu yɛ den a wontumi nnya mma afoforo.
Wiase Anigyede De Nna Di Dwuma Ɔkwammɔne So
Nnipa de wɔn ho ahyɛ ɔbrasɛe a ɛfa nnipa pii a wɔne wɔn nya nna mu kyɛfa ho, sɛ́ wɔyɛ awarefo anaa wɔnyɛ mu akɔ akyiri, na wiase anigyede nso abɔ no dawuru wɔ baguam. Nna mu nkitahodi a ɔdɔ nnim na ɛmfata a woyi kyerɛ wɔ TV so ma nna ho nsɛm gye nkurɔfo adwene, na ama awo ntoatoaso yi anya ɔbarima ne ɔbea nna ho adwene a ɛnteɛ. Nsɛm ho dawurubɔfo a wɔbɔ anigyede dawuru no nam atorodi so ma nna mu kyɛfa a wɔn a wɔnwaree nya ne nkitahodi a ɔdɔ wom yɛ pɛ bere nyinaa. Ɛte sɛ nea nnipa a wodi anigyede akyi a wɔde agodie mu nnipa ayɛ ahoni no ntumi nhu nsonsonoe a ɛda akɔnnɔ bɔne ne ɔdɔ ntam, bere tiaa mu nna ne bere tenten mu nkitahodi a ahofama wom, anaa nsusuwii hunu ne nokwasɛm ntam.
Saa ara na dawurubɔ adwuma no taa de ɔbarima ne ɔbea nna di dwuma sɛ adwinnade a wɔnam so tɔn wɔn aguade. Nna ho duruyɛfo bi kae sɛ, “abɛyɛ adwinnade a n’atirimpɔw ne sɛ ɛbɛtwetwe adwene aba aguade bi so.” Nsɛm ho dawurubɔfo de ɔbarima ne ɔbea nna adi dwuma ɔkwammɔne so, na wɔde nna abata asetra pa ho, nanso sɛnea Family Relations nsɛmma nhoma no kae no, eyi yɛ afeha a ɛto so 20 yi mu “nna ho adwene a ɛnteɛ” foforo.
Nneɛma a Ɛsakra Sesa Su Horow
Asetram nneɛma a ɛresakra ne pill a wɔde siw nyinsɛn ano a ɛbaa gua so wɔ 1960 mu no sakraa mmea ɔpepem pii su wɔ nna ho. Pill no maa mmea susuw sɛ wɔne mmarima yɛ pɛ wɔ nna fam, nna mu ahofadi a na wonnyaa bi da. Ná afei de wobetumi anya bere tiaa mu nkitahodi mu kyɛfa te sɛ mmarima, a nyinsɛn ho suro biara nni hɔ. Esiane nna mu ahofadi ho anigye a mmarima ne mmea nyinaa wɔ no kɛse nti, wɔapia wɔn mmusua ne nna mu asɛyɛde ato nkyɛn koraa.
Afeha a edi kan no mu Bible kyerɛwfo bi kaa saa nnipa yi ho asɛm sɛ: “Wɔwɔ aniwa a awaresɛe ahyɛ no mama a ɛrennwo wɔ bɔne ho da . . . wɔwɔ koma a aben anibere mu, . . . wɔagyaw ɔkwan trenee no akɔfom kwan.”—2 Petro 2:14, 15.
Nna Ho Ade a Wɔkyerɛ Wɔ Sukuu Mu
Mmea 10,000 bi a wɔnwaree da a wɔkɔ ntoaso sukuu a wɔyɛɛ wɔn mu nhwehwɛmu wɔ U.S. no daa no adi sɛ “nimdeɛ a wɔnam nna ho ade a wɔkyerɛ so anya ne nyinsɛn anosiw ho nimdeɛ a wɔkyerɛ sɛ wɔwɔ no” mmaa nsakrae biara mmaa mmofra a wonnya nnii mfe aduonu a wonyinsɛn bere a wɔnwaree no mu. Nanso, aban sukuu ahorow bi redi ɔhaw no ho dwuma denam wɔn sukuufo a wɔma wɔn kɔndɔm kwa no so, ɛwom sɛ wɔregye saa adeyɛ yi ho akyinnye denneennen de.
Ntoaso sukuuni bi a wadi mfe 17 a Calgary Herald atesɛm krataa no bisabisaa no nsɛm no kae sɛ: “Ɛyɛ nokware sɛ mmofra a wonnya nnii mfe aduonu pii renya nna mu kyɛfa . . . , wɔn a wɔadi mfe 12 mpo.”
Dɛn Ne Ɔdɔ ne Ahofama?
Ɔdɔ, ahotoso, ne biakoyɛ a anisɔ wom nyɛ nneɛma a nna ho akɔnnɔ a wonya anaa emu kyɛfa ankasa a wonya de ba ara kwa. Ɔbarima ne ɔbea nna nkutoo ntumi mma obi nnya nokware dɔ. Nnipa baanu a obiara dwen ne yɔnko ho a wɔwɔ komam ahofama a ɛbɛma wɔahyehyɛ abusuabɔ a ɛtra hɔ daa na ɛde ɔdɔ ne nkitahodi pa ba.
Bere tiaa mu nkitahodi kowie ahobammɔ a wonni, ankonamyɛ, ne ebia nyarewa a wonya fi nna mu te sɛ AIDS mu. Nsɛm a ɛwɔ 2 Petro 2:19 no ka nnipa a wɔhyɛ nna a anohyeto nnim ho nkuran no ho asɛm yiye sɛ: “Wɔhyɛ wɔn adehyedi ho bɔ, na wɔn ankasa de, wɔyɛ ɔporɔw nkoa, efisɛ nea adi obi so nkonim no, ɛno na ɛyɛ no akoa.”
Church of England asetram asɛyɛde bagua no de n’amanneɛbɔ bi a wɔato din “Biribi a Ɛsɛ sɛ Wɔkyerɛ Ho Anigye” no too gua wɔ June 1995 mu. Sɛnea The Toronto Star kyerɛ no, nea ɛne Bible mu afotu no bɔ abira koraa no, bagua no hyɛɛ asɔre no nkuran sɛ “wonnyae asɛm ‘wɔayɛ bɔne’ no ka na wonnyae sɛ wobebu wɔn a wonya nna mu kyɛfa a wɔnwaree no atɛn.” Amanneɛbɔ no kamfo kyerɛe sɛ “ɛsɛ sɛ asafo ahorow no pene wɔn a wonya nna mu kyɛfa a wɔnwaree no so, wotie wɔn, na wosuasua wɔn, . . . na ama wɔn nyinaa ahu sɛ Onyankopɔn wɔ wɔn asetram.”
Dɛn na anka Yesu bɛfrɛ nyamesom akannifo a wɔte saa no? Akyinnye biara nni ho sɛ, “anifuraefo a wɔkyerɛ anifuraefo kwan.” Na wɔn a wodi akwankyerɛfo a wɔte saa no akyi nso ɛ? Ɔkae sɛ: “Na sɛ onifuraefo kyerɛ onifuraefo kwan a, wɔn baanu nyinaa bɛtɔ amoa mu.” Hu sɛ, Yesu kae pefee sɛ “ayerefasɛm” ne “aguamammɔ” ka “nneɛma a egu onipa ho fi” no ho.—Mateo 15:14, 18-20.
Bere a yɛahu nneɛma a ekyinkyim nna ho adwene ma nkurɔfo de di dwuma kwammɔne so yi no, obi bɛyɛ dɛn atumi atwe ne ho afi nna ho akɔnnɔ a ɛmfata ho, titiriw mmofra? Dɛn na ɛbɛma obi anya anigye ne abusuabɔ a ɛtra hɔ daa? Asɛm a edi hɔ no bɛtwe adwene asi nea awofo betumi ayɛ de aboa mmofra ma wɔasiesie wɔn ho ama daakye so.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 5]
Wɔ United States nkutoo no, mmofra a wonnya nnii mfe aduonu ɔpepem abiɛsa na wonya nna mu nyarewa afe biara
[Kratafa 6 adaka]
Nna Ho Nneyɛe
Nna Ho Anigyefo: Wɔtaa nya afoforo ho akɔnnɔ, ma enti wogyaw ɔhokafo biako hɔ kɔfa foforo ntɛm ara bere a akɔnnɔ a wonya te kɔ no. Oduruyɛfo Michael Liebowitz a ɔwɔ New York Mantam Adwenemhaw Adesuabea no na ɔkaa saa asɛm no.
Wɔn a Wɔware Awaredodow: Nnipa a wɔne afoforo pii nya nna mu kyɛfa, a mmara kwan so aware a wɔsan gyae ware foforo ka ho, na nnipa ntam abusuabɔ ho animdefo ka wɔn ho asɛm saa kwan yi so.
Nna mu Basabasayɛfo: Luther Baker, abusua adesua ho ɔbenfo ne nna ho oduruyɛfo a wɔagye no atom, no ka sɛ, wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛsɔ wɔn nna ho nkate ahwɛ denam ahokafo pii a wobenya so. Wɔde asɛm no di dwuma nso ma wɔn a wɔto mmofra mmonnaa seesei.
[Kratafa 7 mfonini]
Aguamansɛm yɛ ade a ne hwɛ ka ebinom hɔ, na ɛma wonya nna ho adwene a ɛnteɛ