Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g98 3/8 kr. 14-17
  • Dodowpo Ho Suro Ase a Yɛbɛte

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dodowpo Ho Suro Ase a Yɛbɛte
  • Nyan!—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Tebea Horow a Ebetumi Ama Wɔabɔ Hu
  • Bere a Wobɔ Mmɔden sɛ Wobɛboa
  • Wɔn Adesoa a Yɛbɛma Ayɛ Hare
  • Yɛn Bɔfo no Te Wɔn Ase
  • Nyan! Bisabisa Kasa Ho Ɔbenfo Bi Nsɛm
    Nyan!—1987
  • Ɔdodowpofo Haw No A Wobɛte Ase
    Nyan!—1987
  • Sɛnea Migyina Dodowpo Ano
    Nyan!—1998
  • Ɔmpo Dodow Bio!
    Nyan!—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1998
g98 3/8 kr. 14-17

Dodowpo Ho Suro Ase a Yɛbɛte

WUBETUMI ahu nsonsonoe a ɛda ɔkasafo a n’ano atew ne nea osuro sɛ ɔbɛpo dodow ntam? Ebia wubebua sɛ: ‘Minim.’ Nanso susuw nea Peter Louw akyerɛw wɔ Afrikaans nhoma Hhhakkel (Dddodowpofo) a ɔkyerɛwee mu no ho hwɛ: “Wɔ onipa biako a ɔpo dodow a ‘ɔmfa nsie’ akyi no, ebetumi aba sɛ edu foforo wɔ hɔ a wɔbɔ mmɔden biara sɛ wɔremma afoforo nhu, na wɔfa akwan horow so de wɔn kasa ho haw no sie.” Sɛ wɔde wɔn kasa ho haw besie? Ɛbɛyɛ dɛn na atumi ayɛ yiye?

Adodowpofo bi nam nsɛmfua bi a ahaw wɔn pɛn a wɔhyɛ no nsow so tumi de wɔn haw no sie. Afei sɛ anka wɔbɛka asɛmfua a ɛte saa no, wɔdan wɔn asɛm no anaasɛ wɔde asɛmfua foforo a ekura ntease koro no ara di dwuma. Okunu bi de ne dodowpo siei mfe 19 wɔ n’aware akyi. Bere a ne yere behuu nokwasɛm no, ɔbea no bisaa ɔkasa ho ɔyaresafo bi sɛ: “So wususuw sɛ ɛno nti na ɔma migye telefon so, na ɔma midi nneɛma ho dwuma wɔ adidibea ahorow bere nyinaa, na ɔnkasa wɔ . . . asafo nhyiam horow ase no?”

Susuw Gerard ne Maria, awarefo bi a wɔwɔ anigye a wofi South Africa no nso ho.a Mpɛn pii na Maria bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ mu akyerɛ ne kunu sɛ esiane sɛ osuro sɛ ɔbɛpo so nti na ɔmma mmuae wɔ Bible adesua nhyiam horow ase no. Na ɔka no ɔhyɛ so sɛ: “Nkwaseasɛm, wonyɛ ɔdodowpofo.” Gerard de gye a wannye ne yere anni no gyinaa yɛ a ne yere yɛ kasatenten no so. Kasa mu tebea ahorow bi nkutoo na ɛma osuro sɛ ɔbɛpo dodow. Wɔn aware akyi mfe anum na Gerard dii kan huu eyi, na ɔkae sɛ: “Nim na na minnim, na manna tema adi nso.” Seesei, sɛ anka ɔbɛkasa atia no no, ɔkamfo no wɔ mmere a ɔbɔ mmɔden de akokoduru kasa wɔ atiefo a wɔdɔɔso anim no ho.

Ɔdodowpofo David Compton kyerɛkyerɛ mu wɔ ne nhoma Stammering (Dodowpo) mu sɛ, ntease wom sɛ adodowpofo pii bɔ “hu . . . na ɛtɔ mmere bi a wodi yaw, na emu taa yɛ den. Bere a ɔdodowpofo bɔ hu paa ne bere a ɛsɛ sɛ ɔne ne mfɛfo nnipa di nkitaho, bere a ɔne wɔn kasa, sɛ́ ɛfa nsɛm biara anaa nsɛntitiriw ho; wɔ mmere a ɛte saa mu no, ɔbɛhwɛ kwan sɛ ebia wobepira no, anaa wɔbɛserew no . . . Wɔn a wotumi gyina ano yiye mpo no gye tom sɛ ehu adi wɔn so, na emfi wɔn mu koraa.”

Tebea Horow a Ebetumi Ama Wɔabɔ Hu

Sɛ wɔfrɛ ɔdodowpofo bi sɛ onyi asɛmmisa bi ano wɔ atiefo bi anim, te sɛ sukuu dan mu, adwumayɛfo nhyiam bi ase, anaa ɔsom mu nhyiam bi ase a, ebetumi ama ehu aka no ma dodowpo no aba denneennen. Wobisaa South Africani bi a wadi mfe 15 a ne din de Rosanne nsɛm wɔ radio so sɛ: “So mmere bi wɔ hɔ a ɛyɛ a wususuw sɛ ɛnyɛ den koraa sɛ wobɛka w’ano atom?” Obuae sɛ: “Mpɛn pii, sɛ nhwɛso no, wɔ sukuu dan mu, bere a mewɔ mmuae pa bi a minim sɛ sɛ meka a ɛbɛma manya mma ankasa, nanso mihu sɛ ɛyɛ den ma me pii sɛ metumi aka ankasa.”

Wobisabisaa adwumawura bi a ne din de Simon nsɛm wɔ radio so dwumadi a yɛaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no mu. Te sɛ Rosanne no, ɔkasa ho yaresafo bi aboa Simon ma wanya nkɔso. Nanso ɛtɔ mmere bi a, ɔpo so ma ɛyɛ nwonwa. Atiefo nneyɛe betumi ama eyi asɛe koraa. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛ wowɔ baguafo nhyiam bi ase a ɛsɛ sɛ wokasa pii na ɛnkɔ yiye mma wo a, nnipa a wɔte pon no ho no ho pere wɔn yiye.”

Ɛnsɛ sɛ wɔfa ehu a ɛka ɔdodowpofo no sɛ ɛte sɛ nea etumi ka obi a ɔfɛre ade bere a ɔkasa kyerɛ nnipa a onnim wɔn no. Susuw Lisa a ɔde mfe abien a atwam no akɔ Yehowa Adansefo asafo nhyiam horow ase no ho. Mpɛn pii na otumi de anotew kasa bere a ɔne nnamfo redi nneɛma hunu bi ho nkɔmmɔ no. Onya asɛmpaka adwuma a ɛhwehwɛ sɛ ɔkɔ nnipa a onnim wɔn nkyɛn no mu kyɛfa nso. Nanso ɔwɔ osuro a adodowpofo pii wɔ no bi—sɛ ɔbɛkasa akyerɛ atiefo a wɔdɔɔso. Lisa kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wɔ yɛn asafo nhyiam horow ase no, ɛyɛ den sɛ mɛma me nsa so ama asɛmmisa bi ho mmuae. Sɛ mema mmuae koraa a, ɛtaa yɛ asɛmfua anaa asɛntiaa bi. Ɛwom sɛ ɛyɛ tiaa de, nanso nea metumi aka ara ne no. Mpɛn pii na ɛyɛ a na mmuae no wɔ me tirim ne m’ano efisɛ midi kan sua bere nyinaa. Nanso me tɛkrɛma nni mmoa me.”

Nea enye mma adodowpofo bi ne sɛ wɔbɛma wɔn akenkan biribi den. Eyi hyɛ wɔn ma wɔde nsɛmfua bi a anka wɔbɛkwati di dwuma. Lisa toa so sɛ: “Wɔ yɛn asafo nhyiam horow no biako ase no, ɛtɔ mmere bi a wɔma yɛkenkan Kyerɛwnsɛm a yɛresusuw ho no nnidiso. Wɔ mmere a ɛte saa mu no, mede ehu ne ahoyeraw twɛn sɛ ebedu me so, a minnim sɛ metumi akenkan kyerɛwsɛm no anaasɛ mintumi. Ɛtɔ mmere bi a mekenkan nanso mintumi mmɔ asɛmfua bi din. Sɛ ɛba saa a mebɔ tra toa akenkan no so.”

Ɛda adi sɛ, ɛsɛ sɛ wosusuw nneɛma ho yiye ansa na wɔahyɛ ɔdodowpofo nkuran sɛ ɔnkenkan biribi den. “Nkuranhyɛ” a ɛte saa betumi ama ɔdodowpofo no abɔ hu kɛse. Mmom no, ɛfata sɛ wɔkamfo onipa a ɔte saa no anigye so sɛ wayɛ nea obetumi.

Bere a Wobɔ Mmɔden sɛ Wobɛboa

Dodowpo yɛ ɔhaw a ɛyɛ den sɛ wobehu ano. Ade a eye ma obiako no nye mma ɔfoforo. Nokwarem no, adodowpofo pii a wonya “ayaresa” bere bi no, san kɔ ɔhaw no mu akyiri yi. Wɔayɛ nhwehwɛmu pii wɔ dodowpo ho asen kasa ho haw foforo biara. Nanso, animdefo nhuu ade pɔtee a ɛde ba. Nokwarem no, wɔn mu dodow no ara gye tom sɛ ebetumi aba sɛ nneɛma pii na ɛde dodowpo ba. Nhwehwɛmu bi a wɔayɛ nnansa yi kyerɛ sɛ, efi ɔdodowpofo no amemene mu nkwammoaa a wontumi nni dwuma yiye wɔ onipa no mmofraase. Sɛnea Nnuruyɛfo Theodore J. Peters ne Barry Guitar kyerɛ wɔ wɔn nhoma Stuttering—An Integrated Approach to Its Nature and Treatment (Dodowpo—Biakoyɛ a Wɔde Yɛ Nhwehwɛmu Wɔ Sɛnea Ɛte ne N’ayaresa Ho) mu no, nea ɛde ba ho adwene a yɛwɔ seesei no “bɛyɛ dedaw bere a nhwehwɛmu foforo pii a wɔyɛ ma wonya dodowpo ho nimdeɛ foforo a eye sen nea yɛwɔ yi no.”

Esiane sɛ onipa nnim dodowpo ho ade ahe biara nti, sɛ obi rekamfo ayaresa pii a ɛwɔ hɔ no mu biako akyerɛ wɔn a wɔwɔ ɔhaw yi mu bi a, ɛsɛ sɛ ɔhwɛ yiye. Nkyerɛkyerɛ nhoma a yɛaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no de ka ho sɛ: “Nkɔso kakraa bi pɛ na adodowpofo a wɔn de mu yɛ den paa no betumi anya. Wobesua sɛ wɔbɛkasa brɛoo anaasɛ wɔbɛpo so a wɔn ho nyeraw wɔn ahe biara. . . . Yentumi nte nea enti a adodowpofo kakraa bi wɔ hɔ a wontumi nnya nkɔso ahe biara wɔ ayaresa mu no ase.”b

Ayaresafo binom anunu ɔdodowpofo sɛ wammɔ ne ho mmɔden, bere a ayaresa no anyɛ yiye no. Wɔn mu biako kae sɛ: “Ade biako pɛ a ebetumi ama nkogudi aba ne ahotoso a ɔdodowpofo no nni no.” Nhoma kyerɛwfo David Compton kae wɔ asɛm a ɛte saa ho sɛ: “Minhu nsɛm a memfa nkyerɛ sɛnea asɛm a ɛte sɛ eyi bɛhyɛ adodowpofo abufuw afa. Nea edi kan ne sɛ ɛda adi sɛ ɛnyɛ nokware ankasa. Ayaresa biara nni hɔ a ɛbɛyɛ papa ama adodowpofo nyinaa, na nea eye ma ɔdodowpofo pɔtee bi mpo no nyɛ nea asɛm biara nni ho koraa. Nea ɛto so abien, esiane sɛ dodowpo ntumi nnyae nti . . . Biribiara a ɛbɛma [gyae a entumi nnyae] ayɛ kɛse sɛnea ɛho nhia na ɛmfata no, yɛ mfomso.”

Wɔn Adesoa a Yɛbɛma Ayɛ Hare

Mpɛn pii na adodowpofo mpɛ sɛ wobesu wɔn mmɔbɔ. Nanso, pii wɔ hɔ a yebetumi ayɛ de ama wɔn adesoa no ayɛ hare. Sɛ wɔpo so a, mfa fɛre nyi w’ani nto nkyɛn. Sɛ anka wobɛhwɛ wɔn ano no, hwɛ wɔn aniwa mu mmom. Wɔn atiefo nipadua a wɔde kasa taa ka wɔn. Sɛ woanyinyan w’anim a, wɔrensuro pii. Ɔkasa ho ɔyaresafo bi kae sɛ: “Kyerɛ onipa no sɛ woayɛ krado sɛ wubetie no sɛnea woyɛ krado sɛ wubetie onipa foforo biara no.”

Akyerɛkyerɛfo a wɔwɔ ɔdodowpofo wɔ wɔn sukuufo mu betumi ayɛ pii de atew saa nipa no suro so. Wɔde afotu a edi so yi maa akyerɛkyerɛfo wɔ South Africa nhomasua ho nsɛmma nhoma Die Unie mu sɛ: “Adodowpofo dodow no ara na wɔmpo so kɛse bere a wonim sɛ nea ɔretie wɔn no nhwɛ kwan sɛ wɔde anotew bɛkasa no.”

Sɛnea nsɛmma nhoma a yɛaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no kyerɛ no, ɛho hia nso sɛ ɔkyerɛkyerɛfo no hu sukuuni no nkate ahorow. Sɛ anka akyerɛkyerɛfo de fɛre bɛkwati sukuufo a wɔte saa no, wotu wɔn fo sɛ wɔne wɔn nkasa, na wɔnhyɛ wɔn nkuran mma wɔnka sɛnea wɔte nka wɔ wɔn haw no ho nkyerɛ wɔn. Saa kwan yi so no ɔkyerɛkyerɛfo no betumi ahu ɔkasa mu tebea ahorow a sukuuni no suro paa. Nsɛmma nhoma no bɔ amanneɛ sɛ: “Anotew a ɔde bɛkasa no ɔha mu nkyekyem 80 gyina wo so.” Ɛmfa ho ne haw no, sɛ onim sɛ wogye no tom a, obenya nkɔso wɔ anotew mu. Nsɛmma nhoma no kɔ so kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɛnyɛ ɔdodowpofo no nko na sukuu dan a ehu nnim, na wɔde adwene si adesua so titiriw no so bɛba no mfaso, na mmom sukuufo a aka no nyinaa nso.”

Akyinnye biara nni ho sɛ, wobetumi de saa nyansahyɛ ahorow yi adi dwuma yiye wɔ mpanyin adekyerɛ mu.

Yɛn Bɔfo no Te Wɔn Ase

Yɛn Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn, te nnipa sintɔ ahorow ase koraa. Ɔde ahyɛde maa Mose sɛ ɔnyɛ ne kasamafo na onni Israelfo anim mfi Misraim. Ɔyɛɛ eyi a na onim yiye sɛ Mose wɔ kasa mu haw a ɛma ɛyɛɛ den maa no sɛ obedi nkɔmmɔ. Ná Onyankopɔn nim nso sɛ Mose nua, Aaron, yɛ ɔkasafo a n’ano atew. Onyankopɔn kae sɛ: ‘Minim sɛ onim kasa.’ (Exodus 4:14) Nanso, na Mose wɔ su afoforo a ɛho hia koraa te sɛ, nokwaredi, ayamye, gyidi, ne odwo. (Numeri 12:3; Hebrifo 11:24, 25) Ɛmfa ho sɛ Mose yiyii ne ho ano no, Onyankopɔn kɔɔ so paw Mose sɛ Ne nkurɔfo kannifo. Bere koro no ara no, Onyankopɔn susuw Mose suro no ho denam Aaron a ɔpaw no sɛ Mose kasamafo no so.—Exodus 4:10-17.

Yebetumi asuasua Onyankopɔn denam ntease a yɛbɛda no adi so. Di adodowpofo ni, na mmu w’ani ngu sɛnea onipa no som bo ankasa so esiane kasa ho haw a ɔwɔ nti. Eyi ho osuahu ne abeawa kumaa bi ne n’agya a ɔpo dodow asɛm no. Agya no suaa ɔkwan bi a ɔfa so de anotew kasa. Anadwo bi, ɔde dii dwuma kenkan anansesɛm bi kyerɛɛ ne babea a wadi mfe asia no, na agya no dii ahurusi wɔ n’anotew no ho.

Bere a n’agya wiei no, abeawa no kae sɛ: “Paapa, kasa yiye.”

Ɔde abufuw buae sɛ: “Merekasa yiye paa.”

Abeawa no kae sɛ: “Dabi, kasa sɛ nea woyɛ daa no.”

Yiw, abeawa kumaa yi dɔ n’agya sɛnea ɔte no, wɔ ne kasa ho haw no mpo ho. Enti bere foforo a wo ne obi a ɔpo dodow bɛkasa no, kae sɛ onipa no betumi ayɛ obi a ɔwɔ nsusuwii ne su ahorow a ɛfata. Akyinnye biara nni ho sɛ ɔwɔ nkate ahorow. Si abotare na te no ase.

[Ase hɔ nsɛm]

a Wɔasesa asɛm yi mu din no bi.

b Anidaso wɔ hɔ ma mmofra sen mpanyin. Ɔkasa ho yaresafo bi a ne ho akokwaw, Ann Irwin, kyerɛkyerɛ mu wɔ ne nhoma Stammering in Young Children (Mmofra a Wɔpo Dodow) mu sɛ: “Mmofra baanan a wɔpo dodow biara mu baasa ankasa de gyae. Sɛ wo ba ka mmofra ɔha biara mu aduonu anum a wɔn de no ankasa nnyae no ho a, ɛyɛ den paa sɛ wobetumi afa Anosiw Ayaresa so ama agyae.”

[Kratafa 15 mfonini]

Ɔdodowpofo betumi asuro sɛ ɔbɛkasa wɔ baguam

[Kratafa 16 mfonini]

Sɛ ɛyɛ den ma ɔdodowpofo sɛ ɔne wo bɛkasa a, si abotare

[Kratafa 17 mfonini]

Adodowpofo taa suro sɛ wɔbɛkasa wɔ telefon so

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena