Ɔmpo Dodow Bio!
BƐYƐ mfe aduɔwɔtwe ni na Nyan! aboa n’akenkanfo ma wɔagyina da biara haw ahorow ano. Ɛtɔ mmere bi a, ɛma wohu nneɛma ne nneyɛe foforo a ɛrekɔ so wɔ aduruyɛ mu a ebetumi anya wɔn asetra so nkɛntɛnso kɛse sɛnea asɛm a edi so yi da no adi no.
Wɔwoo Matthew wɔ 1989 mu wɔ England kusuu fam. Odii mfe abien no, na ɔyɛ abarimaa a onni ɔhaw biara. Afei, mpofirim ara, bere a yɛkɔɔ akwamma no, ofii ase poo dodow bi a emu yɛ den.
Ne maame, Margaret, kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Me ne me kunu kɔɔ yɛn hɔnom kasa ho ayaresabea hɔ, na wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ wontumi nyɛ ho hwee mma no kosi sɛ obedi mfe ason efisɛ sɛ mmofra nnii saa mfe no a, wontumi nkasa yiye. Nanso bere a Matthew kɔɔ sukuu no, na ɛyɛ den ma no sɛ obegyina ne ho fɛw a mmofra foforo di no ano, na ne dodowpo no mu yɛɛ den kɛse. Ná okyi nnipadɔm mu tra, na na ɔmmɛn afoforo. Ɛbɛyɛɛ den mpo maa no sɛ ɔbɛkɔ nhyiam ahorow wɔ Ahenni Asa so.
“Afei yehuu asɛm a wɔato din, ‘Anidaso Ma Wɔn a Wɔpo Dodow,’ wɔ April 8, 1995, Engiresi Nyan! no ‘Wiase Nsɛm’ afã hɔ. Ɛkyerɛkyerɛɛ kasa ho nnuruyɛfo kuw bi a wɔwɔ Sydney, Australia, a wɔatumi asa mmofra dodowpo no dwumadi mu tiawa.
“Yɛkyerɛw Sydney Sukuupɔn no, na yɛn nsa kaa mmuae a efi ayamye mu fii Oduruyɛfo Mark Onslow hɔ a na ɛrekyerɛ yɛn sɛ yɛne no nni nkitaho wɔ telefon so. Esiane sɛ na yɛte wiase no fã foforo nti, ne kasa ho nnuruyɛfo kuw no sii gyinae sɛ wɔbɛbɔ mmɔden ‘afi akyirikyiri ayɛ no aduru.’ Wɔkyerɛɛ yɛn a yɛyɛ Matthew awofo no ɔkwan a kuw no fa so sa yare no denam telefon, nkrasɛm afiri, ne kasɛt so. Yɛde nyansahyɛ no dii dwuma wɔ Matthew ho sɛnea ɛfata. Ná mede boasetɔ ne no tra hɔ de anidahɔ boa no tẽẽ ma osiesie ne nsɛmfua a emu nna hɔ no. Ná mifi ayamye mu kamfo no ma no akyɛde nketenkete bi wɔ ne kasa biara a ‘emu da hɔ’ ho.
“Asram asia akyi no, na Matthew nyɛ obi a ontumi nkɔ nnipa mu, na ɔmmɛn afoforo bio, na mmom abofra a hwee nhaw no a ɔwɔ anigye na otumi ne afoforo bɔ. Seesei ɔma mmuae wɔ asafo nhyiam ahorow ase, na n’ani gye kɛse sɛ ɔbɛkenkan Bible wɔ Ahenni Asa so. Onya afie-afie adwuma no mu kyɛfa nso wɔ ɔkwan a etu mpɔn so. Ne kasa mu da hɔ!
“Hwɛ anisɔ ara a yɛwɔ sɛ saa asɛm ketewa a na ɛwɔ Nyan! mu no asakra yɛn babarima no asetra!”—Wɔkyerɛw mae.