Wubetumi Adi Adwennwen So!
“Yɛrentumi nkwati adwennwen wɔ asetra mu da, na nea ɛsɛ sɛ yesusuw ho ankasa ne sɛnea yɛbɛyɛ yɛn ade wɔ ho mmom sen sɛ yɛbɛbɔ mmɔden ama adwennwen no afi hɔ.”—Leon Chaitow, akwahosan ho sɛnkyerɛwfo a wagye din yiye.
BIBLE ka siei sɛ wɔ “nna a edi akyiri” no mu no, “mmere a emu yɛ den bɛba.” Adanse kyerɛ pefee sɛ yɛte saa bere no mu, efisɛ—sɛnea ɛne nkɔmhyɛ no hyia no—nnipa yɛ “ahohoahoafo, ahantanfo, abususɛnkafo, awofo asɛm ho asoɔdenfo, bonniayɛfo, wɔn a biribiara ho ntew mma wɔn, wɔn a wonni dɔ, apamsɛefo, ntwirifo, wɔn a wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ so, wɔn a wɔyɛ keka, wɔn a wɔmpɛ papa, afatwafo, anuɔdenfo, wɔn a wɔhoman.”—2 Timoteo 3:1-5.
Ɛnyɛ nwonwa sɛ ɛyɛ den yiye sɛ yebekura asomdwoe mu! Ebetumi aka wɔn a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde asomdwoe bɛtra ase no mpo. Odwontofo Dawid kyerɛwee sɛ: “Ɔtreneeni amane dɔɔso.” (Dwom 34:19; fa toto 2 Timoteo 3:12 ho.) Nanso, pii wɔ hɔ a wubetumi ayɛ de atew adwennwen so, sɛnea ɛbɛyɛ a emmunkam wo so. Susuw nyansahyɛ ahorow a edidi so yi ho.
Hwɛ Wo Ho so Yiye
Hwɛ w’aduandi yiye. Nea ɛka aduan a ahoɔden wom ho ne aduannuru, nnuaba, nhabamma, awi, ne nnuan a wɔde nufusu yɛ. Hwɛ yiye wɔ esiam fitaa a wɔayi mu ahoɔdennuru ne sradeduan ho. Hwɛ yiye wɔ nkyene a wudi, asikre a wɔayi mu ahoɔdennuru, mmosa, ne kafe ho. Di aduan pa, na worenwennwen pii.
Teɛteɛ w’apɔw mu. Bible tu fo sɛ: ‘Ɔhonam mu mmɔdenbɔ so wɔ mfaso.’ (1 Timoteo 4:8) Nokwarem no, apɔw-mu-teɛteɛ a emu nyɛ den pii nanso wɔyɛ no daa—a ebinom kamfo kyerɛ sɛ wɔnyɛ no mprɛnsa dapɛn biara no—ma koma no nya ahoɔden, ɛma mogya yɛ adwuma yiye, ɛtew mogya mu srade so, na ɛtew asiane a ɛwɔ hɔ sɛ wubetumi anya komayare no so. Nea ɛsen saa no, apɔw-mu-teɛteɛ ma wote nka sɛ wote apɔw a ɛda adi sɛ esiane nnuru bi a wɔfrɛ no endorphin a nipadua no nya bere a obi yɛ adwumaden no nti.
Da sɛnea ɛfata. Kɔdaanna tumi ma wobrɛ na ɛtew w’ahoɔden a wode bedi adwennwen so no so. Sɛ woyare kɔdaanna a, bɔ mmɔden sɛ wubenya mmere a wode da ne mmere a wode sɔre. Ebinom kamfo kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ awianna di simma 30 pɛ sɛnea ɛbɛyɛ a ɛnsɛe nna pa a wobɛda anadwo no.
Yɛ nhyehyɛe pa. Nnipa a wɔhwɛ wɔn bere so yiye no tumi gyina adwennwen ano yiye. Sɛ wubetumi ayɛ nhyehyɛe pa a, di kan hu nneɛma a ehia sɛ wudi ho dwuma kan. Afei, yɛ nhyehyɛe sɛnea ɛbɛyɛ a wummu w’ani ngu eyi so.—Fa toto 1 Korintofo 14:33, 40 ne Filipifo 1:10 ho.
Nya Abusuabɔ Pa
Hwehwɛ mmoa. Wɔ ahokyere mmere mu no, anyɛ yiye koraa no, wɔn a wɔne afoforo nya nkitahodi pa no tumi nya ahobammɔ bi a ɛremma nneɛma mmunkam wɔn so. Adamfo biako pɛ a wubenya a wowɔ ne mu ahotoso a wubetumi aka w’asumasɛm akyerɛ no no betumi aboa yiye. Bible abebusɛm bi ka sɛ: “Adamfo pa dɔ bere nyinaa, na ɔyɛ onua a wɔwoo no maa hiada.”—Mmebusɛm 17:17, NW.
Siesie ntawntawdi. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Mommma owia nnkɔtɔ mo abufuw so.” (Efesofo 4:26) Nyansa a ɛwɔ ntawntawdi a wubesiesie no ntɛm mu sen sɛ wode abufuw bɛhyɛ wo mu so no daa adi wɔ nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ nnipa 929 a wonyaa komayare no mu. Ɛda adi sɛ komayare kum wɔn a na wɔn bo fuw ntɛmntɛm no wɔ mfe du a edi kan wɔ bere a wonyaa yare no akyi no sen wɔn a wodwo a wonyaa komayare no mprɛnsa. Asɛm no mu nhwehwɛmufo no kyerɛ sɛ bere a ɛte sɛ nea abufuw ne ade titiriw no, nkate a ɛmfata a emu yɛ den biara a ɛkanyan adwennwen ahommoa no denneennen wɔ nipadua no mu no betumi anya nkɛntɛnso a ɛte saa ara. Mmebusɛm 14:30 ka sɛ: “Nitan yɛ nnompe mu porɔw.”
Nya bere ma w’abusua. Wɔhyɛɛ Israelfo awofo sɛ wonnya bere mma wɔn mma, na wɔmfa nnyinasosɛm pa nhyɛ wɔn koma mu. (Deuteronomium 6:6, 7) Ɔdɔ a efi mu bae no ma wonyaa abusua mu biakoyɛ—biribi a ɛyɛ awerɛhow sɛ enni hɔ nnɛ. Nhwehwɛmu bi daa no adi sɛ sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, awarefo a wɔyɛ adwuma no bi de simma 3.5 pɛ na ɛne wɔn mma di agoru da biara. Nanso sɛ wuhyia adwennwen a, w’abusua no betumi ayɛ baabi a wonya mmoa kɛse. Nhoma bi a ɛka adwennwen ho nsɛm ka sɛ: “Abusua no ma woyɛ kuw bi a ɛde mmoa ma wɔ nkate fam muni a asɛm biara nni ho, a wonim onii ko a woyɛ ankasa na wɔdɔ wo ɔkwan biara so. Adwuma a abusua bom yɛ no yɛ akwampa a ɛsen biara a wɔnam so tew adwennwen so no mu biako.”
Kari Pɛ Wɔ W’asetra Mu
Nya ntease. Akyinnye biara nni ho sɛ obi a bere nyinaa ɔyɛ katee wɔ nneɛma ho wɔ honam ne nkate fam no betumi abrɛ, na wanya adwenemhaw mpo. Ɛho hia sɛ ɔkari pɛ. Osuani Yakobo kyerɛwee sɛ: ‘Nyansa a efi soro no wɔ ntease.’ (Yakobo 3:17; fa toto Ɔsɛnkafo 7:16, 17 ne Filipifo 4:5 ho.) Sua sɛ wobɛka dabi wɔ nneɛma a wɔhwehwɛ fi wo hɔ a ɛboro w’ahoɔden so no ho.
Mfa wo ho nto ɔfoforo ho. Galatifo 6:4 ka sɛ: “Ma obiara nsɔ n’ankasa n’adwuma nhwɛ, ɛno na obenya n’ankasa ne ho biribi ahoahoa ne ho, na ɛnyɛ obi ho.” Yiw, wɔ ɔsom ho nsɛm mu mpo no, Onyankopɔn nyɛ ntotoho a ɛmfata, na ɔnhwehwɛ nea ɛsen nea yɛn tebea bɛma yɛn kwan. Ɔkyerɛ yɛn akyɛde ne yɛn afɔrebɔ ho anisɔ ‘sɛnea yɛwɔ ade, na ɛnyɛ sɛnea yenni.’—2 Korintofo 8:12.
Nya bere gye w’ahome. Yesu mpo a na ɔyɛ adwumaden no nyaa bere ne n’akyidifo no gyee wɔn ahome. (Marko 6:30-32) Nea honhom kaa no ma ɔkyerɛwee Ɔsɛnkafo nhoma no tee nka sɛ mfaso wɔ ahomegye a ɛfata so. Ɔkyerɛwee sɛ: “Mekamfoo anigye, sɛ papa nni hɔ mma onipa owia ase, gye sɛ odidi na ɔnom na n’ani gye, na eyi ara na ɛfam ne ho ne brɛ mu, ne nkwa nna a Onyankopɔn de ma no owia ase no mu.” (Ɔsɛnkafo 8:15) Anigye a ɛkari pɛ betumi ama nipadua no anya ɔhome na aboa adi adwennwen so.
Nya Adwennwen Ho Adwempa
Sɛ wokɔ ahohia mu a:
Nka sɛ wonsɔ Onyankopɔn ani. Bible ka kyerɛ yɛn sɛ Hana, a na ɔyɛ ɔbea nokwafo no “kra werɛ howee” (“ho hiaa no yiye,” Revised Standard Version) mfe pii. (1 Samuel 1:4-11) Wɔ Makedonia no, Paulo ‘ho hiaa no afã nyinaa.’ (2 Korintofo 7:5) Ansa na Yesu rewu no, na ɔwɔ “owu yaw mu,” na na n’adwennwen sõ araa ma “ne ho fifiri yɛe sɛ mogya atɔwatɔw a ɛsosɔ fam.”a (Luka 22:44) Ná saafo yi yɛ Onyankopɔn asomfo anokwafo. Enti, sɛ wuhyia adwennwen a, ntease biara nnim sɛ wobɛka sɛ Onyankopɔn apa wo.
Sua biribi fi w’ahohia no mu. Paulo kyerɛwee sɛ ɛsɛ sɛ ogyina “ɔhonam mu nsɔe,” a akyinnye biara nni ho sɛ na ɛyɛ yare a ɛmaa ne ho hiaa no yiye. (2 Korintofo 12:7) Nanso, bɛyɛ mfe anum akyi no, otumi kae sɛ: “Makokwaw ade biara ne ade nyinaa mu, ɔmee ne ɔkɔm ne taamu ne hiadi; mitumi ade nyinaa yɛ, nea ɔhyɛ me den no mu.” (Filipifo 4:12, 13) Paulo ani annye ne “honam mu nsɔe” no ho, na ɔnam gyina a ogyinaa mu no so suaa sɛnea ɔde ne ho bɛto Onyankopɔn so koraa ahwehwɛ ahoɔden.—Dwom 55:22.
Nya Honhom Fam Adwene
Kenkan Onyankopɔn Asɛm na dwennwen ho. Yesu kae sɛ: “Anigye ne wɔn a honhom mu nneɛma hia wɔn.” (Mateo 5:3, NW) Onyankopɔn Asɛm a yɛbɛkenkan na yɛasusuw ho no ho hia. Mpɛn pii no, yɛnam nsi a yɛde hwehwɛ Kyerɛwnsɛm mu so nya nkuranhyɛsɛm pa a ehia na yɛde atra ase da biara. (Mmebusɛm 2:1-6) Odwontofo no kyerɛwee sɛ: “Me mu dadwen dɔɔso a, [Onyankopɔn], w’awerɛkyekye gye me kra ani.”—Dwom 94:19.
Bɔ mpae daa. Paulo kyerɛwee sɛ: “[Momma] mo adesrɛ nnu Nyankopɔn asom; na Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so no bɛhwɛ mo koma ne mo adwene so Kristo Yesu mu.” (Filipifo 4:6, 7) Yiw, “Onyankopɔn asomdwoe” betumi adi yɛn haw so na yɛagyina ano, sɛ yehia “tumi a ɛboro so” mpo a.—2 Korintofo 4:7.
Kɔ Kristofo nhyiam ahorow. Kristofo asafo no de mmoa ho nhyehyɛe a ɛsom bo ma, efisɛ wotu wɔn a wɔwom no fo sɛ ‘wɔnhwehwɛ wɔn ho ntwetwe wɔn ho wɔn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu, na wɔnhyehyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran.’ Wɔ ntease pa mu no, Paulo ka kyerɛɛ afeha a edi kan mu Hebri Kristofo no sɛ ‘wonnnyae wɔn ho wɔn ho nhyiam.’—Hebrifo 10:24, 25.
Nokware Anidaso
Nokwarem no, adwennwen a wɔbɛtew so no ntaa nyɛ akwankyerɛ tiawa bi akyi kɛkɛ a obi bedi. Mpɛn pii no, nsakrae titiriw a obi bɛyɛ wɔ ne nsusuwii mu ho hia. Sɛ nhwɛso no, ebia ebehia sɛ obi sua akwan foforo a ɔbɛfa so adi ne nsɛm tebea ho dwuma sɛnea ɛbɛyɛ a emmunkam ne so. Wɔ tebea bi mu no, sɛnea adwennwen no taa ba anaa den a ɛyɛ no bɛma ɛho abehia sɛ ɔhwehwɛ oduruyɛfo a ne ho akokwaw.
Nokwarem no, obiara nni hɔ nnɛ a ɔwɔ asetra a adwennwen a enye nnim koraa. Nanso, Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ ɛrenkyɛ Onyankopɔn bɛdan n’ani aba adesamma so, na wayi tebea ahorow a ɛma wodwennwen pii wɔ ɔkwan a ɛfata so no afi hɔ. Wɔ Adiyisɛm 21:4 no, yɛkenkan sɛ Onyankopɔn ‘bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio.’ Ɛno akyi no, adesamma anokwafo bɛtra asomdwoe mu. Odiyifo Mika ka siei sɛ: “Wɔbɛtratra wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma ase, na obi bi renyi wɔn hu, efisɛ asafo [Yehowa, NW] ano na aka.”—Mika 4:4.
[Ase hɔ asɛm]
a Wɔabɔ amanneɛ sɛ fifiri tumi yɛ sɛ mogya atɔwatɔw wɔ adwennwen tebea a emu yɛ den bi mu. Wɔ hematidrosis mu sɛ nhwɛso no, fifiri bi wɔ hɔ a ɛsosɔ a mogya wom anaa ɛte sɛ mogya atɔwatɔw anaa mogyasufi. Nanso, yɛrentumi nka nea esii wɔ Yesu asɛm no mu pɔtee.
[Kratafa 28 adaka]
Adwennwen ne Oprehyɛnyɛ
Nnuruyɛfo bi susuw adwennwen tebea a wɔn ayarefo wom ho ansa na wɔde wɔn akɔ oprehyɛn dan mu. Sɛ nhwɛso no, Oduruyɛfo Camran Nezhat a ɔyɛ oprehyɛnyɛfo no ka sɛ:
“Sɛ obi a merebɛyɛ no oprehyɛn ka kyerɛ me sɛ wabɔ hu saa da no, na ɔmpɛ sɛ ɔyɛ a, migyae.” Dɛn ntia? Nezhat kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Oprehyɛnyɛfo biara nim sɛ nkurɔfo a wɔabɔ hu kɛse no brɛ wɔ oprehyɛnyɛ mu. Mogya tu wɔn pii, wonya nyarewa ne ɔhaw ahorow pii. Ɛyɛ den ma wɔn kɛse sɛ wɔn ho bɛyɛ wɔn den. Sɛ wonsuro a nneɛma kɔ yiye paa.”
[Kratafa 26 mfonini ahorow]
Honhom fam adwene a wubenya no betumi aboa wo ma woayɛ komm
[Kratafa 27 mfonini ahorow]
W’akwahosan a wobɛhwɛ no yiye no tew adwennwen so
Gye w’ahome
Di aduan pa
Teɛteɛ w’apɔw mu