Ɔkwan Tenten a Mitu Faa Owu ne Nkwa Mu Wɔ Cambodia
SƐNEA WATHANA MEAS KA KYERƐE
NÁ ƐYƐ 1974, na na mereko tia Khmer Rougefo wɔ Cambodia. Na meyɛ Cambodia asraafo mu panyin. Yɛkyeree Khmer Rouge sraani bi wɔ ɔko bi mu. Pol Pot nhyehyɛe a obedi ho dwuma daakye ho asɛm a ɔka kyerɛɛ me no sesaa m’asetra, na mifii honam ne honhom fam nyinaa akwantu tenten bi ase.a
Nanso ma menka m’akwantu tenten no mfiase ho asɛm nkyerɛ wo. Wɔwoo me 1945 wɔ Phnom Penh, a ɛwɔ ɔman a wɔfrɛ no Kampuchea (Cambodia) wɔ Khmer kasa mu no mu. Me maame de nkakrankakra benyaa dibea titiriw wɔ esum ase polisi adwuma mu. Na ɔyɛ Prince Norodom Sihanouk, ɔman no sodifo dwumayɛmafo titiriw. Esiane sɛ ɛkaa me ne no nkutoo na onni bere nti, ɔtee nka sɛ ɛsɛ sɛ ɔde me kɔ Buddhafo asɔrefie ma wɔkɔtete me wɔ hɔ.
Buddhasom mu Ntetee a Minyae
Midii mfe awotwe na me ne Buddhasom mu ɔkokorani panyin kɔtrae. Efi saa bere no besi 1969 no, mekyɛɛ me bere mu de fã yɛɛ asɔrefie nnwuma, na mede fã yɛɛ ofie de. Ɔkokorani a na mesom no no ne Chuon Nat, a na ɔyɛ Buddhani a ɔkorɔn sen biara wɔ Cambodia saa bere no. Meyɛɛ ne kyerɛwfo kakra, na meboaa no ma ɔkyerɛɛ Buddhafo nhoma kronkron “The Three Baskets” [“Nkɛntɛn Abiɛsa”] (Tipitaka, anaa Sanskrit Tripitaka) ase fii tete India kasa bi mu kɔɔ Cambodia kasa mu.
Wɔhyɛɛ me kokorani wɔ 1964 mu, na mesomee saa besii 1969 mu. Saa bere yi no na nsɛmmisa pii te sɛ, Dɛn nti na amanehunu pii wɔ wiase saa, na ɛyɛɛ dɛn na efii ase?, haw me. Mihui sɛ nkurɔfo nam akwan pii so bɔ mmɔden sɛ wɔbɛsɔ wɔn anyame ani, nanso na wonnim sɛnea wɔn anyame no betumi adi wɔn haw ahorow ho dwuma. Mannya mmuae a ɛma abotɔyam wɔ Buddhafo nhoma ahorow mu, na nkokorafo a aka no nso antumi ammoa me. M’abam bui araa ma misii gyinae sɛ mefi asɔrefie hɔ, na migyaee nkokora adwuma no.
Awiei koraa, wɔ 1971 mu no, mede me ho kɔhyɛɛ Cambodia sraadi mu. Wɔde me kɔɔ Vietnam bɛyɛ 1971, na esiane me nhomanim nti, wɔbɔɔ m’aba so yɛɛ me asraafo nkumaa so panyin, na wɔde me kaa asraafo a wɔatete wɔn ama sum ase akodi ho. Na yɛreko tia Khmer Rouge ne Vietcong Komunis asraafo.
Ɔko ne Nsakrae Wɔ Cambodia
Mebɛyɛɛ obi a ɔyɛ den wɔ akodi mu. Ɛkame ayɛ sɛ mihuu nnipa a wɔrewuwu da biara da araa ma ɛkokwaw me. Mankasa midii ako 157. Bere bi, Khmer Rougefo twaa yɛn ho hyiae wɔ kwaebirentuw bi mu kaa yɛn hyɛɛ mu bɛboro ɔsram biako. Nnipa bɛboro 700 wuwui. Nnipa bɛyɛ 15 na enyaa wɔn ti didii mu—na meka ho, na wopiraa me. Nanso manwu.
Bere foforo, wɔ 1974 mu no, yɛkyeree Khmer Rouge sraani bi. Bere a merebisabisa no nsɛm no, ɔka kyerɛɛ me sɛ Pol Pot ayɛ nhyehyɛe sɛ ɔbɛtɔre kan aban no mu mpanyimfo nyinaa ase, a wɔn a wɔwɔ sraadi mu ka ho. Ɔka kyerɛɛ me sɛ minnyaw biribiara hɔ na minguan. Ɔkae sɛ: “Kɔ so sesa wo din. Mma obiara nhu nipa ko a woyɛ. Yɛ w’ade sɛ obi a onnim hwee a onsuaa nhoma. Nka wo kan asetra ho asɛm nkyerɛ obiara.” Bere a migyaee no ma ɔkɔɔ ne fie no, mekɔɔ so kaee saa kɔkɔbɔ no.
Na wɔaka akyerɛ yɛn a yɛyɛ asraafo no sɛ, yɛreko ama yɛn man, nanso na yɛrekunkum Cambodiafo. Na Khmer Rouge, Komunisfo a wɔrepere tumidi no yɛ yɛn ankasa nkurɔfo. Nokwarem no, nnipa ɔpepem akron a wɔwɔ Cambodia no mu dodow no ara yɛ Khmerfo, nanso wɔn mu dodow no ara mfa wɔn ho mmɔ Khmer Rougefo no ho. Ná minhu nyansa biara a ɛwɔ mu. Na yɛrekunkum akuafo a wɔn ho nni asɛm a wonni atuo, na ɔko no ho asɛm mfa wɔn ho no.
Na akonno a yefi ba no yɛ awerɛhosɛm bere nyinaa. Na ɔyerenom ne mmofra ba hɔ de ahoyeraw bɛhwɛ sɛ ebia wɔn kununom ne wɔn agyanom asan aba anaa. Na ɛsɛ sɛ meka kyerɛ wɔn mu pii sɛ wɔakunkum wɔn abusuafo no. Eyi nyinaa mu no, Buddhasom mu ntease a mewɔ no amma mannya awerɛkyekye.
Misusuw sɛnea nneɛma asesa wɔ Cambodia ho mprempren. Ansa na 1970 reba no, na asomdwoe ne ahobammɔ wɔ hɔ sɛnea ɛfata. Na nnipa dodow no ara nni atuo; na mmara tia, gye sɛ wogye ho tumi krataa ansa. Na dwowtwa anaa korɔnbɔ nni hɔ ahe biara. Nanso bere a Pol Pot ne n’asraafo atuatew no kɔfaa ɔmanko bae no, biribiara sesae. Na atuo wɔ baabiara. Wɔtetee mmofra a na wɔadi mfe 12 ne 13 mpo maa sraadi, ma wosuaa sɛnea wɔtow tuo kum nnipa. Pol Pot nkurɔfo tumi maa mmofra bi kunkum wɔn ankasa awofo. Na asraafo no ka kyerɛ mmofra no sɛ, “Sɛ wodɔ wo man a, ɛsɛ sɛ wotan w’atamfo. Sɛ w’awofo yɛ adwuma ma aban a, wɔyɛ yɛn atamfo, na ɛsɛ sɛ mukunkum wɔn—anyɛ saa a yebekunkum mo ankasa.”
Pol Pot ne Nnipa Asetɔre
Wɔ 1975 mu no, Pol Pot dii nkonim wɔ ɔko no mu, na Cambodia bɛyɛɛ Komunis man. Pol Pot fii ase tɔree sukuufo, akyerɛkyerɛfo, aban mpanyimfo nyinaa, ne obiara a onim nhoma ase. Sɛ wohyɛ ahwehwɛaniwa a na wobetumi akum wo efisɛ wosusuwii sɛ woyɛ nhomanimfo! Pol Pot nniso no hyɛɛ nnipa dodow no ara tuu wɔn fii nkurow akɛse ne nketewa mu kɔɔ nkuraase ma wɔkɔyɛɛ kuadwuma. Na ɛsɛ sɛ obiara siesie ne ho wɔ ɔkwan koro so. Na ɛsɛ sɛ yɛyɛ adwuma nnɔnhwerew 15 da koro, di aduan ketewaa bi, a nnuru ne ntama nni hɔ, na na yɛda nnɔnhwerew 2 anaa 3 pɛ. Misii gyinae sɛ mefi me man mu ansa na aka akyi dodo.
Mekaee Khmer Rouge sraani no afotu no. Metow mfonini, nkrataa ne biribiara a ɛbɛma wɔahu me gui. Mituu amoa de me nkrataa bi guu mu. Afei mede m’ani kyerɛɛ atɔe fam kɔɔ Thailand. Na ɛyɛ hu. Na ɛsɛ sɛ mikwati mmeae a wɔhwehwɛ nneɛma mu wɔ kwan so, na mehwɛ yiye ankasa wɔ mmere a wɔahyɛ sɛ mma obiara mmfi adi no, esiane sɛ na Khmer Rouge asraafo nkutoo na na aban no ma wɔn tumi ma wotu akwan.
Mekɔɔ beae bi kɔtraa m’adamfo bi nkyɛn kakra. Afei Khmer Rougefo no tuu obiara fii hɔ kɔɔ baabi foforo. Wofii ase kunkum akyerɛkyerɛfo ne nnuruyɛfo no. Me ne me nnamfo baasa bi guanee. Yekohintawee wɔ kwae mu dii nnuaba biara a yennyae. Awiei koraa no, mebaa akuraa bi a m’adamfo bi te wɔ Battambang mantam mu ase. Mihuu ɔsraani dedaw a ɔkyerɛɛ me sɛnea minguan no nso wɔ hɔ maa me ho dwiriw me! Esiane sɛ migyaee no nti, ɔde me siei amoa mu asram abiɛsa. Ɔkyerɛɛ abofra bi ma obegyaee aduan guu amoa no mu maa me a na ɔnhwɛ mu.
Bere bi akyi no, mitumi guanee, na mihuu me maame, me maame nuabea, ne me nuabea a na wɔn nso reguan akɔ Thai hye so. Me werɛ howee saa bere no. Na me maame yare, na awiei koraa no, ɔyare no ne ɔkɔm kum no aguanfo atrae bi. Nanso, minyaa asetram hann ne anidaso bi. Mihyiaa Sopheap Um, ɔbea a ɔbɛyɛɛ me yere no. Me ne ɔno ne me maame nuabea ne me nuabea no guan twaa Thai hye kɔɔ Amanaman Nkabom aguanfo atrae. Yɛn abusua no huu amane kɛse wɔ Cambodia ɔmanko no mu. Yɛhweree abusuafo 18, a na me nuabarima ne me nuabarima yere ka ho.
Asetra Foforo Wɔ United States
Wobisabisaa yɛn ho nsɛm wɔ aguanfo atrae hɔ, na UN bɔɔ mmɔden sɛ wobenya obi aboa yɛn ma yɛatumi akɔ United States. Awiei koraa no, wonyaa obi! Yeduu St. Paul, Minnesota, wɔ 1980 mu. Na minim sɛ ehia sɛ misua Engiresi ntɛm na ama manya nkɔso wɔ me man foforo no mu. Nea ɔboaa me ma me bae no de me kɔɔ sukuu asram kakraa bi pɛ, ɛwom sɛ na ɛsɛ sɛ mekɔ sukuu bere tenten de. Mmom no, ɔhwehwɛɛ adwuma maa me sɛ ahɔhodan mu siesiefo. Nanso esiane sɛ na mintumi nka Engiresi ahe biara nti, midii mfomso pii. Sɛ adwumawura no ka kyerɛ me sɛ memfa antweri mmra a, na makɔfa nwura!
Nsrahwɛ Bi a Ɛyɛ Hu
Wɔ 1984 mu no, na meyɛ adwuma anadwo, da awia. Na yɛte beae bi a na ntawntawdi wɔ Asiafo ne abibifo ntam kɛse. Na nsɛmmɔnedi ne nnubɔne abu so wɔ hɔ. Anɔpa bi, me yere nyan me nnɔndu ka kyerɛɛ me sɛ obibini bi gyina yɛn pon no ano. Na ehu aka no efisɛ na osusuw sɛ waba rebewia yɛn. Mehwɛɛ ɔpon no tokuru mu, na mihuu obibini barima yi a wasiesie ne ho fɛfɛɛfɛ a okura bag, na oburoni bi ka ne ho. Mihui sɛ ɛnyɛ asɛmmɔne biara.
Mibisaa no dekode a ɔretɔn. Ɔde Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no bi kyerɛɛ me. Na mente biribiara ase. Mampɛ sɛ migye efisɛ asram kakra a na atwam no, na Protestant ɔdetɔnfo bi adaadaa me atɔn nhoma anum agye me $165. Nanso, ɔbarima bibini no de nsɛmma nhoma no mu mfonini kyerɛɛ me. Na mfonini no fɛ yiye! Na ɔbarima no serew adamfofa kwan so. Enti memaa no $1 gyei.
Bɛyɛ adapɛn abien akyi no, ɔsan bae bebisae sɛ mewɔ Cambodia kasa mu Bible a. Na mewɔ bi a minya fii Nazarene asɔre bi mu, ɛwom sɛ na mente ase de. Nanso m’ani gyei sɛ mmarima baanu a ɛsono abusua a wɔn mu biara fi mu aba me fie. Afei obisaa me sɛ, “Wopɛ sɛ wusua Engiresi?” Mepenee so, nanso me kyerɛkyerɛɛ mu sɛ minni sika a mede betua adesua no ho ka. Ɔka kyerɛɛ me sɛ ɔde Bible ho nhoma bi bɛkyerɛ me, na ɔrennye me hwee. Ɛwom sɛ na minnim ɔsom a ɔwom de, nanso mekaa no me tirim sɛ, ‘Anyɛ yiye koraa no, mintua hwee, na mesua Engiresi akenkan ne akyerɛw.’
Engiresi ne Bible no a Misua
Na ɛyɛ nkakrankakra. Na ɔkyerɛ me Bible mu nhoma a edi kan, Genesis, na afei me nso maka no Cambodia kasa mu sɛ, “Lo ca bat.” Na ɔka, “Bible,” na maka, “Compee.” Mifii ase nyaa nkɔso, na ɛhyɛɛ me nkuran. Na metaa de me Engiresi-Cambodia kasa mu nsɛm asekyerɛ nhoma, Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma, New World Translation Bible, ne me Cambodia kasa mu Bible kɔ adwuma mu. Na misua Engiresi kasa no nsɛmfua denam ntotoho a mede nhoma no yɛ so wɔ ahomegye bere mu. Adeyɛ nkakrankakra yi ne dapɛn dapɛn adesua no gyee me mfirihyia abiɛsa. Nanso, awiei koraa no, mitumi kenkan Engiresi!
Na me yere da so ara kɔ Buddhafo asɔrefie, na ɔde nnuan kɔma ne nananom. Nanso, anwansena na na wodi! Na mewɔ subammɔne a agye ntini wɔ me mu a minyae bere a na mewɔ sraadi ne Buddhasom mu no. Bere a na meyɛ ɔkokorani ni no, na nkurɔfo brɛ yɛn akyɛde ahorow a na sigaret ka ho. Na wogye di sɛ sɛ ɔkokorani nom sigaret no a, ɛte sɛ nea wɔn nananom na wɔrenom. Enti sigaretnom kaa me hɔ. Afei nso, wɔ sraadi mu no, na menom nsa yiye, na na menom opium na ama manya akokoduru de adi ako ahorow no. Enti, bere a mifii ase suaa Bible no, na ɛsɛ sɛ meyɛ nsakrae ahorow. Saa bere no na mihui sɛ mpaebɔ boa kɛse. Asram kakraa bi mu no, midii me subammɔne no so. Hwɛ sɛnea eyi maa m’abusua nkae no ani gyei!
Wɔbɔɔ me asu sɛ Ɔdansefo wɔ 1989 mu wɔ Minnesota. Saa bere no na mihui sɛ na Adansefo kuw bi a wɔka Cambodia kasa ne afei nso Cambodiafo pii wɔ Long Beach, California. Bere a me ne me yere susuw ho no, yesii gyinae sɛ yɛbɛkɔ Long Beach. Ɛyɛɛ nsakrae a ɛde nkɔso pii bae! Wodii kan bɔɔ me nuabea asu, na afei me maame nuabea (a seesei wadi mfe 85 no) ne me yere dii hɔ. Me mma baasa no bedii so. Awiei koraa no, me nuabea no waree Ɔdansefo bi a seesei ɔsom sɛ ɔpanyin wɔ asafo no mu.
Yɛafa sɔhwɛ ahorow pii mu wɔ United States ha. Yɛahyia sika fam ahokyere a emu yɛ den ne akwahosan mu haw, nanso yɛnam Bible nnyinasosɛm ahorow a yɛde yɛn ho ato so so akura Yehowa mu ahotoso a yɛwɔ no mu. Wahyira mmɔden a mebɔ wɔ honhom fam adwuma mu no so. Wɔ 1992 mu no, wɔpaw me asafo mu ɔsomfo, na mebɛyɛɛ ɔpanyin wɔ Long Beach ha wɔ 1995 mu.
Seesei, ɔkwan tenten a mifii ase bere a na meyɛ Buddhasom mu kokorani ne afei ɔsraani wɔ akonno wɔ Cambodia a ɔko asɛe hɔ no aba awiei asomdwoe ne anigye mu wɔ yɛn fie ne yɛn man foforo yi mu. Na yɛanya yɛn gyidi foforo wɔ Yehowa Nyankopɔn ne Kristo Yesu mu. Ɛyɛ me yaw sɛ mete sɛ nkurɔfo da so ara rekunkum wɔn ho wɔn ho wɔ Cambodia. Ɛno nti na ɛsɛ sɛ me ne m’abusua twɛn na yɛbɔ wiase foforo a wɔahyɛ ho bɔ, baabi a akodi nyinaa begyae, na nnipa nyinaa bɛdɔ wɔn yɔnkonom nokware mu sɛ wɔn ho no ho amanneɛ no!—Yesaia 2:2-4; Mateo 22:37-39; Adiyisɛm 21:1-4.
[Ase hɔ asɛm]
a Na Pol Pot yɛ Khmer Rouge Komunisfo asraafo a wodii nkonim wɔ ɔko no mu a wodii Cambodia so no kannifo.
[Asase mfonini/Mfonini wɔ kratafa 28]
VIETNAM
LAOS
THAILAND
CAMBODIA
Battambang
Phnom Penh
Bere a na meyɛ Buddhani kokorani no
[Asɛm Fibea]
Mountain High Maps® Copyright © 1997 Digital Wisdom, Inc.
[Kratafa 30 mfonini]
Me ne m’abusua wɔ Ahenni Asa so