Aba a Wogui a Ɛsow Aba Wɔ Mfe Pii Akyi
“Mmabarima Baason Ntetee Ho Nsɛnnennen ne Nhyira” ho asɛm a epuei wɔ February 8, 1999 Nyan! mu no na ɛmaa yɛn nsa kaa krataa a edi so yi.
M’adɔfo pa Onua ne Onuawa Dickman,
Mekenkan mo asɛm no wiei nkyɛe, na ɛsɛ sɛ mekyerɛw krataa brɛ mo. Ná minim mo abusua no mfe pii a atwam ni wɔ Mississippi [1960-61]. Nokwarem no, me ne mo mmabarimanom na ɛkɔɔ sukuu na na metaa ba mo fie ne mmarimaa no bedi agoru. Nanso ɛnyɛ eyinom na ɛkaa me mmofra adwene no kɛse. Ɛmfa ho sɛ na minnyinii no, m’ani gyee kyia a mmarimaa no ankyia frankaa wɔ sukuu esiane wɔn Kristofo ahonim nti no. Ɛwom sɛ na meyɛ Grandview Baptist Asɔre no muni de, nanso bere a mo mmabarima no mu biako kyerɛkyerɛɛ ne gyinabea mu kyerɛɛ me no, mihui sɛ ɛyɛ nokware.
Wɔn mu biako maa me From Paradise Lost to Paradise Regaineda nhoma no bi, ɛnte saa a, ɛnde na miwiae. Mintumi nkae no yiye, nanso mekenkanee ne nyinaa. Saa bere no, na mibu no sɛ anansesɛm nhoma bi a ɛyɛ fɛ. Ná minnim sɛ wɔagu nokware aba no wɔ me mu a na ɛbɛda hɔ akyɛ mfe pii.
M’abusua no tu kɔɔ Atifi fam wɔ 1964 mu, na migyaee asɔre kɔ. Ná nyamesom mu nyaatwom no haw me, enti mfe pii twaam a na mempɛ sɛ mede me ho bɛbɔ nyamesom ahyehyɛde biara.
Mfe bi akyi no, bere a mifii ase susuw asetra atirimpɔw ho no, mibehui sɛ ɛsɛ sɛ me ne Ɔbɔade no nya abusuabɔ. Ná mempɛ sɛ menam nyamesom nyaatwomyɛ so na enya saa abusuabɔ no. Saa nokware aba no a na wɔagu no mfe pii no fii ase sɛ ɛrefifi; a na minnim.
Mekɔɔ so dwennwen kɔ a na mempɛ sɛ mekɔ ɔsoro no ho; na mepɛ sɛ metra asase so ha yi ara. Ná mete nka sɛ okyinsoromma yi ankasa yɛ abɔde a ɛyɛ nwonwa, enti na na Onyankopɔn bɛsɛe no? Afei nso na minsusuw sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn. Sɛ na ɔyɛ Onyankopɔn a, ɛnde na n’afɔrebɔ no yɛ nnaadaa. Ná nsusuwii, nkate, ne ntease yi ne nea masua wɔ Baptist Asɔre mu no nhyia. Enti mifii ase bɔɔ mpae ankasa, na Yehowa yɛɛ ho biribi ntɛm so. Nna kakraa bi akyi no, Adansefo baa me pon ano na wɔne me fii Bible adesua ase. Ɛwom sɛ na me ne Yehowa Adansefo biara nhyiae da fi bere a na mene mo abusua no bɔ no kosii sɛ mifii adesua ase no de, nanso na mimmu mo mma no ne akokoduru a wɔde gyina nea ɛteɛ akyi no animtiaa da. Bere a mifii adesua ase na merenya nimdeɛ no, biribiara mu bɛdaa hɔ maa me. Egyee me afe ne fã ansa na meretoto m’abrabɔ yiye. Awiei koraa no wɔbɔɔ me asu wɔ 1975 mu.
Bere biara a yebesusuw asɛm a ɛfa sɛnea yɛn abrabɔ betumi adi adanse bere a yennim ho no, mo abusua no ba m’adwenem. Sɛ yesusuw hia a ɛho hia sɛ yegu Ahenni aba pii esiane sɛ yennim faako ne bere a ebefifi no ho a, mifi m’asetra mu suahu mu hu sɛnea eyi yɛ nokware no.
Ɛsɛ sɛ meda mo ase sɛ moka Yehowa nkurɔfo ho na mugyinaa mo gyidi no akyi saa bere no. Moboaa obi ma ohuu nokware no a na munnim. Mo abrabɔ ne nea mugye di, ne mo mma no de no maa nokware no hyerɛnn baabiara. Na misusuw sɛ mintumi nhu tebea a moakɔ mu, anaasɛ mintumi nna mo ase. Meda mo ase bio.
Mede Kristofo dɔ kyia mo,
L. O..
[Ase hɔ asɛm]
a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wotintimii wɔ 1958 mu; nanso seesei wɔagyae ne tintim.