Ayarehwɛfo Dwumadi Titiriw
“Ɔyarehwɛfo yɛ obi a osiesie ɔyarefo ho, hyɛ no nkuran, na ɔbɔ ne ho ban—onipa a wayɛ krado sɛ ɔbɛhwɛ obi a ɔyare, obi a wapira, anaa obi a ne mfe akɔ anim.”—Nursing in Today’s World—Challenges, Issues, and Trends.
ƐWOM sɛ ayamye ho hia de, nanso ɛnyɛ ɛno nkutoo na ɛma obi yɛ ɔyarehwɛfo pa. Ayarehwɛfo pa hia ntetee a ɛkɔ akyiri ne osuahu pii nso. Ahwehwɛde titiriw biako nso ne sɛ ɔde afe biako kosi mfe anan anaa nea ɛsen saa besua ade anya adwuma no ho ntetee a ɛfata. Nanso su horow bɛn na ɛma obi yɛ ɔyarehwɛfo pa? Mmuae bi a efi ayarehwɛfo a wɔn ho akokwaw a Nyan! bisabisaa wɔn nsɛm hɔ ni.
“Oduruyɛfo no sa yare, nanso ɔyarehwɛfo na ɔhwɛ ɔyarefo no. Eyi taa hwehwɛ sɛ wɔhyɛ ayarefo a wɔahaw wɔ nkate ne honam fam no den bere a, sɛ nhwɛso no, wɔka kyerɛ wɔn sɛ wɔanya yare bi a enni sabea anaasɛ wobetumi awu no. Ɛsɛ sɛ woyɛ ɔyarefo no na.”—Carmen Gilmartín, Spain.
“Ɛho hia sɛ wobɛte yaw ne awerɛhow nka te sɛ ɔyarefo no, na woanya ɔpɛ sɛ wobɛboa no. Ayamye ne abodwokyɛre ho hia. Ɛsɛ sɛ wunya ɔpɛ bere nyinaa sɛ wubesua ayarehwɛ ne aduruyɛ ho ade pii.”—Tadashi Hatano, Japan.
“Nnansa yi, ɛho abehia sɛ ayarehwɛfo nya nimdeɛ pii. Enti, ɛsɛ sɛ wonya ɔpɛ sɛ wobesua ade na wɔte nea wosua no ase. Afei nso, ɛsɛ sɛ ayarehwɛfo si gyinae ntɛm na wɔyɛ ho biribi ntɛm bere a tebea no hwehwɛ sɛ wɔyɛ saa no.”—Keiko Kawane, Japan.
“Sɛ ɔyarehwɛfo no, ɛsɛ sɛ wokyerɛ nkurɔfo ho anigye. Ɛsɛ sɛ woyɛ obi a ɔte asɛm ase na ɔwɔ tema.”—Araceli García Padilla, Mexico.
“Ɛsɛ sɛ ɔyarehwɛfo pa yɛ nsi, ɔma n’ani da hɔ, na n’ani ku n’adwuma ho. Sɛ ɔyarehwɛfo nni ahofama—sɛ ɔyɛ pɛsɛmenkominya anaasɛ ontie afotu a efi nnuruyɛfo a wɔn ho akokwaw no nkyɛn a—saa ɔyarehwɛfo no ho mma mfaso mma ayarefo ne ne mfɛfo adwumayɛfo nyinaa.”—Rosângela Santos, Brazil.
“Ɛsɛ sɛ wunya su horow pii: sɛ wobɛyɛ fakaa, ate asɛm ase, na woanya boasetɔ. Ɛsɛ sɛ wunya adwempa nso, na wutumi ne wo mfɛfo adwumayɛfo ne nnuruyɛfo afoforo bɔ. Ɛsɛ sɛ woyɛ obi a otumi nya biribi ho nimdeɛ ntɛm na ama woakɔ so ayɛ ɔyarehwɛfo pa.”—Marc Koehler, France.
“Ɛsɛ sɛ wodɔ nnipa na wunya ɔpɛ ankasa sɛ wobɛboa afoforo. Ɛsɛ sɛ wutumi gyina adwenemhaw ano efisɛ wɔ ayarehwɛ mu no, ɛsɛ sɛ wohwɛ yiye paa na woanni mfomso. Ɛsɛ sɛ woyɛ fakaa na ama woatumi ayɛ adwuma a woyɛ daa no bere a adwumayɛfo pii nni hɔ no—na woayɛ no yiye nso.”—Claudia Rijker-Baker, Netherlands.
Ɔyarehwɛfo a Odwen Afoforo Ho
Nursing in Today’s World ka sɛ “ayarehwɛ hwehwɛ sɛ wobesusuw onipa a ɔyare no ho wɔ akwan horow pii so. Enti, yenim sɛ nnuruyɛfo sa yare, na ayarehwɛfo hwɛ ɔyarefo.”
Enti, ɔyarehwɛfo na ɔde mmoa ma. Enti, ɛda adi sɛ, ɛsɛ sɛ ɔyarehwɛfo no yɛ obi a odwen ɔyarefo no ho. Bere bi, wobisaa ayarehwɛfo 1,200 a wɔanya ayarehwɛ ntetee sɛ, “Sɛ ayarehwɛfo no, dɛn na ehia mo titiriw?” Mmuae a wɔn mu ɔha mu 98 de mae ne sɛ wɔde ɔhwɛ a edi mũ bɛma.
Ɛtɔ da bi a, ayarehwɛfo no susuw sɛ wɔnsom bo mma ayarefo no. Carmen Gilmartín, a yɛfaa n’asɛm kae wɔ atifi hɔ a ɔde mfe 12 asom sɛ ɔyarehwɛfo no, ka kyerɛɛ Nyan! sɛ: “Bere bi meka kyerɛɛ m’adamfo bi sɛ metee nka sɛ mensɛ hwɛɛ bere a na merehwɛ wɔn a wɔn yare mu ayɛ den no. Mibuu me ho sɛ ‘Mmoa’ a mede rema no sua. Nanso m’adamfo no buae sɛ: ‘Ɛyɛ “Mmoa” a ɛsom bo ankasa, efisɛ sɛ obi yare a, ohia wo sen biara—sɛ ɔyarehwɛfo a ɔwɔ tema.’”
Nokwarem no, ɔhwɛ a ɛte saa a wɔde ma no betumi ama ɔyarehwɛfo a ɔde nnɔnhwerew du anaa nea ɛboro saa yɛ adwuma da biara no ho akyere no kɛse! Dɛn na ɛkanyan saa ahwɛfo a wɔwɔ ahofama yi ma wɔbɛyɛɛ ayarehwɛfo?
Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Woyɛ Ɔyarehwɛfo?
Nyan! bisabisaa ayarehwɛfo a wɔwɔ wiase nyinaa nsɛm sɛ, “Dɛn nti na mobɛyɛɛ ayarehwɛfo?” Mmuae a wɔde mae no bi ni.
Terry Weatherson de mfirihyia 47 ayɛ adwuma sɛ ɔyarehwɛfo. Ɔyɛ adwuma mprempren sɛ ɔyarehwɛfo a ɔhwɛ ayarefo tẽẽ wɔ Ayaresa Dwumadibea a Ɛhwɛ Dwensɔtwaa Mu wɔ Manchester, England. Ɔka sɛ: “Wɔtetee me sɛ Katolekni na mekɔɔ Katolekfo sukuu. Sɛ́ abeawa no, meyɛɛ m’adwene sɛ mɛyɛ kokorani anaasɛ ɔyarehwɛfo. Ná mewɔ ɔpɛ sɛ mɛsom afoforo. Wubetumi aka sɛ ɛno ne adwuma a m’ani gye ho. Sɛnea wutumi hu no, mepaw ayarehwɛ.”
Chiwa Matsunaga a ofi Saitama, Japan, ankasa ayɛ ɔwogyefo adwuma mfe awotwe ni. Ɔka sɛ: “Mitiee me papa afotu a ɛne sɛ ‘eye paa sɛ wubesua adwuma bi na ama woanya biribi ayɛ wo nkwa nna nyinaa.’ Enti mepaw ayarehwɛ.”
Etsuko Kotani a ofi Tokyo, Japan, ayarehwɛfo panyin a ɔde mfe 38 ayɛ adwuma no, kae sɛ: “Bere a mekɔ sukuu no, ade tɔɔ me papa so ma ne mogya so tew kɛse. Bere a mihuu me papa wɔ ayaresabea no, misii gyinae sɛ mɛyɛ ɔyarehwɛfo na ama matumi aboa ayarefo daakye.”
Nea ɛkanyan afoforo nso ne wɔn ankasa suahu bere a wɔyaree no. Eneida Vieyra, a ɔyɛ ɔyarehwɛfo wɔ Mexico no, ka sɛ: “Bere a midii mfe asia no, meyaree ntehyewa ma wogyee me too ayaresabea adapɛn abien, na saa bere no na misii gyinae sɛ mɛyɛ ɔyarehwɛfo.”
Ɛda adi pefee sɛ, ɔyarehwɛfo a obi bɛyɛ no hwehwɛ ahofama kɛse. Momma yɛnyɛ nsɛnnennen ne anigye a ɛwɔ adwuma a ɛsom bo yi ho mu nhwehwɛmu kakra.
Ayarehwɛ Mu Anigye
Anigye bɛn na ɛwɔ ayarehwɛ mu? Saa asɛmmisa no ho mmuae begyina dwuma a ɔyarehwɛfo no di so. Sɛ nhwɛso no, sɛ awogyefo boa obi ma no wo a, wɔn ani gye. Ɔwogyefo bi a ofi Netherlands ka sɛ: “Ɛyɛ anigye sɛ woboa obi ma otumi wo abofra bi a ɔwɔ apɔwmuden.” Jolanda Gielen-Van Hooft, a ɔno nso fi Netherlands no, ka sɛ: “Awo yɛ nneɛma a ɛyɛ anigye sen biara no biako a awarefo—ne akwahosan ho dwumayɛni—betumi anya. Ɛyɛ anwonwade!”
Rachid Assam a ofi Dreux, France, no yɛ ɔyarehwɛfo a Wogye no tom a ɔma ayarefo aduru ma wɔda wɔ oprehyɛn mu a ɔwɔ ne mfe 40 mu. Dɛn nti na n’ani gye ayarehwɛ ho? Ɔka sɛ, esiane “abotɔyam a minya sɛ meboa ma wotumi yɛ oprehyɛn na meyɛ adwuma a ɛyɛ anigye na enya nkɔanim bere nyinaa nti.” Isaac Bangili a ɔno nso fi France no kae sɛ: “Aseda a yɛn nsa ka fi ayarefo ne wɔn mmusua hɔ, ɛnkanka bere a yɛboa wɔn wɔ ahokyere bere mu ma ɔyarefo a na yesusuw sɛ anidaso biara nni hɔ mma no ho tɔ no no kanyan me yiye.”
Terry Weatherson, a yɛbɔɔ ne din mfiase no nyaa aseda a ɛte saa bi. Okunafo bi kyerɛwee sɛ: “Merentumi ntra hɔ a menka sɛnea womaa yenyaa ahotɔ bere a na Charles yare a wufi boasetɔ mu dwudwoo yɛn no ho asɛm. W’awerɛkyekye maa yɛn ani gyei, na ɛbɛyɛɛ ɔbotan a ɛma yɛn ahoɔden.”
Nsɛnnennen Ano a Wobegyina
Sɛ anigye a ɛwɔ ayarehwɛ adwuma mu da nkyɛn a, nsɛnnennen pii nso wom. Ɛnsɛ sɛ ɔyarehwɛfo di mfomso! Sɛ́ aduru na ɔyarehwɛfo no de rema anaasɛ ɔretwe mogya anaasɛ ɔde nsu resi obi so anaasɛ ɔde ɔyarefo bi reto baabi no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ ahwɛyiye ankasa. Ɛnsɛ sɛ odi mfomso wɔ n’adwumayɛ mu—na eyi te saa titiriw wɔ nsase a mansotwe nyɛ na wɔ so no so. Nanso, ɛtɔ mmere bi a, ɔyarehwɛfo no kɔ ahokyere kɛse mu. Sɛ nhwɛso no, fa no sɛ ɔyarehwɛfo no te nka sɛ oduruyɛfo no akyerɛw aduro bi a enye ama ɔyarefo bi anaasɛ ɔde ahyɛde a ɛmfata ama ɔyarefo no. Dɛn na ɔyarehwɛfo no betumi ayɛ? So obetumi agye oduruyɛfo no kyim? Ɛno gye akokoduru, anifere, ne odwo—na asiane nso wom. Awerɛhosɛm ne sɛ nnuruyɛfo bi nkyerɛ nyansahyɛ ahorow a efi wɔn a wosusuw sɛ wɔhyɛ wɔn ase hɔ no ho anigye.
Dɛn na ayarehwɛfo bi aka afa eyi ho? Barbara Reineke a ofi Wisconsin, U.S.A., ɔyarehwɛfo a ɔman agye no atom a ɔde mfe 34 ayɛ adwuma no, ka kyerɛɛ Nyan! sɛ: “Ɛsɛ sɛ ɔyarehwɛfo nya akokoduru. Nea edi kan koraa no, wɔ mmara kwan so no, ɔhaw biara a ebefi aduru biara a wɔde ma anaa ayaresa a wɔde ma mu aba no ho asodi da ne so. Ɛsɛ sɛ otumi po ahyɛde a oduruyɛfo no de ma, sɛ ɔte sɛ saa ahyɛde no nyɛ adwuma bio anaasɛ ogye di sɛ ɛyɛ nea ɛmfata a. Ayarehwɛ nte sɛ nea na ɛte wɔ Florence Nightingale bere so anaasɛ mfirihyia 50 a atwam no mpo. Afei ɛsɛ sɛ ɔyarehwɛfo no hu bere a ɛsɛ sɛ ɔpo oduruyɛfo akwankyerɛ ne bere a ɛsɛ sɛ ɔhyɛ oduruyɛfo no ma ɔhwɛ ɔyarefo bi no, sɛ ɛyɛ anadwo dasum mpo a. Na sɛ wudi mfomso a, ɛnsɛ sɛ woma wo ho fɛw a ebia oduruyɛfo no bedi no haw wo.”
Ɔhaw foforo a ayarehwɛfo hyia nso ne adwumam basabasayɛ. Amanneɛbɔ bi a efi South Africa kyerɛ sɛ ayarehwɛfo ne nnipa a “wobu wɔn sɛ wɔyɛ wɔn ayayade di wɔn nsɛmmɔne sen biara wɔ adwumam. Nokwarem no, wɔtaa tow hyɛ ayarehwɛfo so wɔ adwumam sen afiase awɛmfo anaa polisifo, na ayarehwɛfo ɔha mu 72 na wonni ahobammɔ esiane ɔsɔretia nti.” Wɔbɔ amanneɛ a ɛte saa ara wɔ United Kingdom, baabi a ayarehwɛfo ɔha mu 97 kyerɛe wɔ nhwehwɛmu bi a wɔyɛe nnansa yi mu sɛ wonim ɔyarehwɛfo bi a wɔboroo no afe a etwaam no. Dɛn na ɛde basabasayɛ yi ba? Mpɛn pii no, ayarefo a wɔnom nnubɔne anaa wɔnom nsa anaa adwennwen ahyɛ wɔn so anaa wɔn werɛ ahow no na wɔma ɔhaw no ba.
Ɛsɛ sɛ ayarehwɛfo gyina ɔbrɛ ne adwennwen nso ano. Adwumayɛfo a wɔn so tew nso ka ho. Sɛ ɔyarehwɛfo a ɔwɔ ahonim pa ntumi mfa ɔhwɛ a ɛfata mma ɔyarefo esiane adwuma a aboro ne so nti a, ɔhaw ntɛm ara. Sɛ ɔbɛbɔ mmɔden sɛ ɔbɛkɔ so ayɛ adwuma a onnye n’ahome no de abasamtu kɛse brɛ no.
Wɔ wiase nyinaa no, ayaresabea pii nni adwumayɛfo dodow a ɛsɛ. Mundo Sanitario a ɛwɔ Madrid no bɔ amanneɛ sɛ: “Yenni ayaresafo dodow a ɛsɛ wɔ yɛn ayaresabea ahorow no mu. Obiara a ohia ayarehwɛ no hu hia a ayarehwɛfo ho hia.” Dɛn na wɔkyerɛe sɛ ɛde ɔhaw no ba? Sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrensɛe sika pii! Amanneɛbɔ koro no ara kae sɛ ayarehwɛfo dodow 13,000 na na wɔn ho ahia wɔ Madrid ayaresabea ahorow no mu!
Ade foforo nso a wɔkyerɛ sɛ ɛma ayarehwɛfo haw ne bere pii a wɔde yɛ adwuma nanso wonnya akatua a ɛsɛ no. The Scotsman kae sɛ: “Sɛnea ɔmanfo adwumayɛ fekuw, Unison, kyerɛ no, Britania ayarehwɛfo bɛboro anum biara mu biako ne ayarehwɛ aboafo anan biara mu biako na wɔsan yɛ adwuma foforo na ama wɔanya wɔn asetrade.” Ayarehwɛfo 4 biara mu abiɛsa na wɔte nka sɛ wɔn akatua nso wɔn. Ne saa nti, ayarehwɛfo pii pɛ sɛ wogyae adwuma no.
Nneɛma foforo pii nso wɔ hɔ a ɛma ayarehwɛfo haw. Nsɛm a Nyan! nya fii ayarehwɛfo hɔ wɔ wiase nyinaa no da no adi sɛ, sɛ ayarefo bi wu a, etumi haw ayarehwɛfo kɛse. Magda Souang, a ofi Egypt no, yɛ adwuma wɔ Brooklyn, New York. Bere a wobisaa no nea ɛma adwuma no yɛ den no, obuae sɛ: “Sɛ́ mehu sɛ ayarefo a mehwɛɛ wɔn no mu 30 ne akyi awu wɔ mfirihyia du ntam. Ɛno ma wudi yaw kɛse.” Ɛnyɛ nwonwa sɛ nhoma bi ka sɛ: “Sɛ wode wo bere nyinaa hwɛ ɔyarefo na owu a ɛno tumi haw wo kɛse.”
Ayarehwɛfo Daakye
Mfiridwuma ho nimdeɛ a enya nkɔanim de nhyɛso kɛse ba ayarehwɛ adwuma no mu. Asɛnnennen no ne sɛnea wubetumi de mfiri no ayɛ nnipa ho adwuma, sɛnea wubenya ayamhyehye ama ayarefo. Afiri biara ntumi mfa anigye a ɔyarehwɛfo ma ayarefo nya no mma.
Nsɛmma nhoma bi ka sɛ: “Ayarehwɛ yɛ adwuma a ɛbɛtra hɔ daa. . . . Bere tenten a nnipa kɔ so tra ase no, ɔhwɛ, ayamhyehye ne ntease ho behia bere nyinaa.” Ayarehwɛ di saa ahiade no ho dwuma. Nanso ntease kɛse bi wɔ hɔ a ɛma yenya akwahosan ho anidaso. Bible kyerɛ sɛ bere bi bɛba a obiara renka sɛ “Meyare.” (Yesaia 33:24, NW) Nnuruyɛfo, ayarehwɛfo, ne ayaresabea ho nhia wɔ wiase foforo a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ no mu.—Yesaia 65:17; 2 Petro 3:13.
Bible hyɛ bɔ bio sɛ: “[Onyankopɔn bɛpopa] wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.” (Adiyisɛm 21:3, 4) Nanso, ansa na saa bere no bɛba no, ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ mmoa ne afɔrebɔ kɛse a ayarehwɛfo ɔpepem pii a wɔwɔ wiase nyinaa, a sɛ ɛnyɛ wɔn a anka ayaresabea renyɛ anigye no, ho anisɔ! Ɛnde, hwɛ sɛnea asɛmmisa yi fata, “Ayarehwɛfo—sɛ wonni hɔ a, anka yɛbɛyɛ dɛn?”
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 22]
Florence Nightingale—Nea Odii Nnɛyi Ayarehwɛ Mu Akoten
Britaniafo awofo bi a na wodi yiye na wɔwoo Florence Nightingale wɔ Italy wɔ 1820 mu, na na wɔkorɔkorɔ no yiye. Abofra Florence ampɛ sɛ ɔbɛware, na mmom osuaa akwahosan ne ahiafo a wɔhwɛ wɔn ho ade. Ɛmfa ho sɛ na n’awofo sɔre tia no, Florence kɔɔ ayarehwɛ ntetee sukuu wɔ Kaiserswerth, Germany. Akyiri yi, okosuaa ade wɔ Paris, na bere a odii mfe 33 no, ɔbɛyɛɛ mmea ayaresabea a ɛwɔ London no panyin.
Nanso ohyiaa ne nsɛnnennen a ɛsen biara bere a otuu ne ho mae sɛ ɔbɛhwɛ asraafo a wopirapirae wɔ Crimea ko no mu no. Na ɛsɛ sɛ ɔne n’ayarehwɛfo a wɔn dodow yɛ 38 no siesie ayaresabea a nkura ahyɛ hɔ ma no. Ná adwuma no yɛ den, efisɛ mfiase no na samina, nnwinnade a wobesi mu nneɛma anaa mpopaho, mpa, ne ntama a wɔde kyekyere akuru pii nni hɔ. Florence ne ne kuw no gyinaa ɔhaw no ano, na bere a ɔko no baa awiei no, na wayɛ nsakrae kɛse wɔ ayarehwɛ ne ayaresabea adwuma mu wɔ wiase nyinaa. Wɔ 1860 mu no, ɔtee Nightingale Ayarehwɛfo Ntetee Sukuu wɔ St. Thomas Ayaresabea wɔ London—ayarehwɛ sukuu a edi kan a asɔre biara din nna so. Ɔyaree mfe pii ma ɔkaa mpa mu kosii sɛ owui wɔ 1910 mu. Nanso, ɔkɔɔ so kyerɛw nhoma ne nkratawa ahorow de bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma ayarehwɛ atu mpɔn.
Ebinom gye kyim sɛ ɛnyɛ Florence Nightingale nkutoo na na okura su pa, na wɔka sɛ ɛsɛ sɛ yɛkamfo afoforo nso wɔ ayarehwɛ ho mmoa a wɔde mae no ho. Bio nso, wɔagye din pa a na okura ho akyinnye denneennen. Sɛnea A History of Nursing nhoma no ka no, ebinom kyerɛ sɛ na “nsɛm ha no ntɛmntɛm, onni ahosodi, ɔyɛ katee, obufufafo, ne nhyɛsofo,” bere a afoforo nso ani gyee “n’adenim ne n’ahoɔfɛ, ahokeka soronko a na ɔwɔ, ne su horow a na okura” ho no. Sɛnea na ne su te biara no, ade biako na ɛda adi: Ahokokwaw a ɔdaa no adi wɔ ayarehwɛ ne ayaresabea sohwɛ mu no trɛw kɔɔ aman pii mu. Wobu no sɛ ɔno na odii nnɛyi ayarehwɛ mu akoten.
[Mfonini]
St. Thomas Ayaresabea wɔ bere a wosii Nightingale Ayarehwɛfo Ntetee Sukuu akyi no
[Asɛm Fibea]
Courtesy National Library of Medicine
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 24]
Ahwehwɛde a Ɛma Obi Yɛ Ɔyarehwɛfo
Ɔyarehwɛfo: “Obi a ɔwɔ ayarehwɛ ho nimdeɛ na ne ho akokwaw wɔ ayarehwɛ mu ahwehwɛde pɔtee bi ho.”
Nea wawie ayaresa ntetee sukuu: “Ɔyarehwɛfo a wawie sukuu a wɔama no tumi (wɔagye no atom) mmara kwan so sɛ ɔnhwɛ ayarefo bere a ɔman ayarehwɛfo nhwehwɛmu bagua no agye no atom . . . na wɔama no mmara kwan so abodin pɔtee bi (R.N.).”
Ayaresabea ɔyarehwɛfo titiriw: “Ɔyarehwɛfo a wɔagye no atom a ɔwɔ ayarehwɛ adwuma pɔtee bi ho nimdeɛ, ahokokwaw, ne suahu a ɛkɔ akyiri.”
Ɔyarehwɛfo a ogye awo: “Obi a ɔwɔ ayarehwɛ ne awogye nyinaa ho nimdeɛ.”
Ɔyarehwɛfo a onni ho ntetee biara: “Obi a ɔwɔ ayarehwɛ ho nimdeɛ nanso ɔnhyɛɛ da nkɔɔ ayarehwɛ sukuu biara.”
Ɔyarehwɛfo a wɔama no tumi krataa: “Obi a wahyɛ da akɔ ayarehwɛ ntetee sukuu . . . a wɔama no tumi krataa sɛ ɔnhwɛ ayarefo.”
[Nsɛm Fibea]
Efi U.S. nhoma Dorland’s Illustrated Medical Dictionary mu
UN/J. Isaac
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 25]
‘Wɔn a Ayarehwɛ Gyina Wɔn so Titiriw’
Wɔ Amanaman Ntam Ayarehwɛfo Bagua Mfirihyia Ɔha a wodii no June 1999 mu no, Oduruyɛfo Gro Harlem Brundtland, a ɔyɛ Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no kwankyerɛfo panyin no kae sɛ:
“Ayarehwɛfo, a wɔyɛ akwahosan ho adwumayɛfo a wɔn ho hia, no wɔ gyinabea soronko, na ɛma wɔyɛ nnipa a wɔma akwahosan tu mpɔn. . . . Esiane sɛ aman dodow no ara akwahosan nhyehyɛe mu adwumayɛfo a wɔfata no mu ɔha biara mu 80 yɛ ayarehwɛfo ne awogyefo dedaw nti, wɔn titiriw na wobetumi ayɛ adwumaden de ama nsakrae titiriw aba na ama Nnipa Nyinaa atumi anya Akwahosan pa wɔ afeha a ɛto so 21 no mu. Nokwarem no, wɔboa wɔ akwahosan adwuma biara mu . . . Ɛda adi pefee sɛ ayarehwɛfo na ayaresa adwuma no gyina wɔn so kɛse.”
Wɔ ɔkasa bi a kan Mexico mampanyin Ernesto Zedillo Ponce de León mae mu no, ɔde nkamfo titiriw maa Mexico ayarehwɛfo sɛ: “Da biara da no, . . . monam mo nimdeɛ, mo mmɔdenbɔ, ne mo som so ma Mexicofo akwahosan yɛ papa. Da biara da no, ɛnyɛ mo mmoa nko na mode ma wɔn a wohia no, na mmom, mufi ayamye mu ma wonya awerɛkyekye na muyi ɔdɔ a emu dɔ nso adi kyerɛ wɔn. . . . Moyɛ nnipa a mo ho hia sen biara wɔ yɛn akwahosan ahyehyɛde no mu . . . Wɔ nkwa biara a wɔbɛkora so mu, abofra biara a wɔyɛ no aduru mu, ɔbea biara a wɔboa no ma ɔwo, asɛm biara a ɛfa akwahosan ho, yare biara a wɔsa, ne ɔyarefo biara a wɔyɛ aso ma no yɛ no mmoa kɛse mu no, yɛn ayarehwɛfo no ho wom.”
[Nsɛm Fibea]
UN/DPI Photo by Greg Kinch
UN/DPI Photo by Evan Schneider
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 27]
Oduruyɛfo Bi Kyerɛ Anisɔ
Oduruyɛfo Sandeep Jauhar a ɔwɔ New York Presbyterian Ayaresabea no kaa mmoa a ayarehwɛfo pa yɛ no ho asɛm. Ɔyarehwɛfo bi fi anifere mu ka kyerɛɛ no sɛ ɔyarefo bi a ɔrewu hia aduru bi a ɛyɛ nwene pii. Ɔkyerɛwee sɛ: “Ayarehwɛfo pa kyerɛkyerɛ nnuruyɛfo nso. Ayarehwɛfo a wɔwɔ adan pɔtee mu, te sɛ wɔn a wɔwɔ baabi a wɔhwɛ nkurɔfo a wɔn tebea gye ntɛmpɛ no yɛ nnipa a wɔahyɛ da anya ntetee a ɛsen biara no bi wɔ ayaresabea hɔ. Bere a na meresua aduruyɛ ho ade no, na wɔkyerɛ me sɛnea wɔde nnwinnade a wɔde fa ntini mu ne nnwinnade a ɛma ɔyarefo no nya mframa di dwuma. Ná wɔkyerɛ me nnuru ko a ɛnsɛ sɛ mede di dwuma.”
Ɔtoaa so sɛ: “Ayarehwɛfo kyekye ayarefo werɛ kɛse, efisɛ wɔn na wonya bere pii ma ayarefo. . . . Sɛ ɔyarehwɛfo a mewɔ ne mu ahotoso ka kyerɛ me sɛ menhwɛ ɔyarefo bi ntɛm a, mentwentwɛn me nan ase koraa.”
[Mfonini wɔ kratafa 23]
“Ná mewɔ ɔpɛ sɛ mɛsom afoforo.”—Terry Weatherson, England.
[Mfonini wɔ kratafa 23]
“Bere a mihuu me papa wɔ ayaresabea no, misii gyinae sɛ mɛyɛ ɔyarehwɛfo.”—Etsuko Kotani, Japan.
[Mfonini wɔ kratafa 23]
‘Awogye yɛ osuahu a ɛyɛ anigye sen biara no biako a ɔwogyefo betumi anya.’—Jolanda Gielen-Van Hooft, Netherlands.
[Mfonini wɔ kratafa 24]
Awogyefo nya anigye ne abotɔyam bere a wɔboa ma wɔwo abofra bi no