Ayarehwɛfo—Dɛn Nti na Yehia Wɔn?
“Ayarehwɛ yɛ nnwuma a ɛyɛ den sen biara no biako. Ahummɔborɔ bɛma woanya ɔpɛ no, nanso nimdeɛ na yɛde yɛ adwuma no.”—Mary Adelaide Nutting, 1925, ayarehwɛ mu ɔbenfo a odii kan wɔ wiase.
AYARESA fii ase ɔkwan tiaa so mfe mpempem pii a atwam ni—wɔ Bible mmere mu mpo. (1 Ahene 1:2-4) Wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no, mmea a wɔda nsow pii ahwɛ ayarefo. Sɛ nhwɛso no, susuw Elizabeth a ofi Hungary (1207-31), a ɔyɛ Ɔhene Andrew II babea, no ho hwɛ. Ɔyɛɛ aduan kyekyɛ ho nhyehyɛe wɔ 1226 ɔkɔm bere mu. Ɛno akyi no, ɔyɛɛ nhyehyɛe maa wosisii ayaresabea ahorow, na ɔhwɛɛ akwatafo wɔ hɔ. Elizabeth wui a na wadi mfe 24 pɛ, na ɔde ne nkwa tiaa no mu fã kɛse no ara hwɛɛ ayarefo.
Yɛrentumi nka ayarehwɛ ho asɛm a yɛmmɔ Florence Nightingale din. Engiresini bea kokodurufo yi ne ayarehwɛfo a wɔn dodow yɛ 38 no yɛɛ nhyehyɛe ma wɔsan boaboaa nkurɔfo ano ma wɔhwɛɛ asraafo wɔ Scutari, Constantinople borɔn bi so, wɔ Crimea Ko a efii ase 1853-56 no mu. Bere a oduu hɔ no, na nnipa a wowuwu no dodow bɛyɛ ɔha mu 60; bere a ofii hɔ wɔ 1856 mu no, na ɛyɛ nea ennu ɔha mu 2.—Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 22 no.
Beae foforo a enyaa nkɛntɛnso kɛse wɔ ayarehwɛ mu ne Protestantfo Mmea Asomfo Asoɛe a ɛwɔ Kaiserswerth, Germany, a Nightingale kɔɔ sukuu wɔ hɔ ansa na ɔrekɔ Crimea no. Bere bi akyi no, ayarehwɛfo akuw foforo a wɔda nsow bae. Sɛ nhwɛso no, wɔ 1903 mu no, Agnes Karll de German Ayarehwɛfo Ahyehyɛde no sii hɔ.
Ɛnnɛ, ayarehwɛfo ne adwumayɛfo a wɔdɔɔso sen biara wɔ akwahosan ahyehyɛde no mu. Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no bɔ amanneɛ sɛ mprempren ayarehwɛfo ne awogyefo bɛboro 9,000,000 na wɔresom aman 141 mu. Adwuma pa bɛn ara na wɔyɛ sɛɛ yi! The Atlantic Monthly ka sɛ ayarehwɛfo “na wɔde ɔhwɛ, nimdeɛ, ne ahotoso a ayarefo hia na ama wɔatra nkwa mu no ma.” Enti, yebetumi abisa afa ayarehwɛfo ho ma afata sɛ, Sɛ wonni hɔ a, anka yɛbɛyɛ dɛn?
Nea Ayarehwɛfo Yɛ De Ma Yenya Ahotɔ
Nsɛm asekyerɛ nhoma bi kyerɛ ayarehwɛ ase sɛ “ɔkwan a ɔyarehwɛfo nam so boa ɔyarefo ma ne ho san no fi yare anaa opira bi ho, anaasɛ ɔno yarefo no tumi yɛ nea ɔpɛ.”
Nokwarem no, pii ho hia na wɔatumi ayɛ saa. Ɛhwehwɛ pii sen yare no ho nhwehwɛmu te sɛ ebia ɔyarefo no home ne ne mogya a wɔbɛhwɛ mu. Ɔyarehwɛfo no di dwuma titiriw wɔ ɔyarefo no ahosan mu. Sɛnea The American Medical Association Encyclopedia of Medicine kyerɛ no, “nea ɛhaw ɔyarehwɛfo no titiriw ne sɛnea ɔyarefo no dwen yare no ho, na ɛnyɛ yare no ankasa a abɔ no no, na otu ne ho si hɔ sɛ ɔbɛhwɛ ma ɔyarefo no adi ne honam yaw so, watumi adi n’adwennwen so, na sɛ ɛbɛyɛ yiye a, wama wakwati ɔhaw foforo biara.” Bio nso, ɔyarehwɛfo no “fi ntease mu hwɛ ɔyarefo no, a nea ɛka ho ne sɛ obenya abotare de ahu ɔyarefo no dadwen ne nneɛma a osuro, na wahyɛ no nkuran akyekye ne werɛ.” Na saa nhoma yi ka sɛ, ɔyarehwɛfo no adwuma ne sɛ “ɔbɛboa ɔyarefo no ma wanya akokoduru ne obu a ɛsɛ ama ne ho ɛmfa ho sɛ onim sɛ obewu.”
Ayarehwɛfo pii yɛ adwuma boro nea wɔhwehwɛ fi wɔn hɔ mpo. Sɛ nhwɛso no, Ellen, D. Baer kyerɛw osuahu a onyae wɔ Montefiore Aduyɛbea a ɛwɔ New York Kuropɔn mu no ho asɛm. Ná ɔmpɛ sɛ ɔbɛpere ne ho ne oprehyɛnyɛfo no ayɛ adwuma anɔpa. Ɔkyerɛw sɛ: “Ná mepɛ sɛ metra ayarefo no ho. Ná mepɛ sɛ meboa wɔn bere a wɔregu ahome, bere a wɔretu mpase, bere a wɔresesa wɔn ntade, bere a wɔrebisa nsɛm, na mekyerɛkyerɛ nneɛma mu kyerɛ wɔn, na mema wonya awerɛkyekye. M’ani gyei sɛ me ne ayarefo no nyaa abusuabɔ pa.”
Akyinnye biara nni ho sɛ, ɔyarefo biara a wakɔda ayaresabea pɛn no betumi akaakae ɔyarehwɛfo a ɔwɔ mmɔborohunu ne ahofama a ɛte saa no. Nanso dɛn na ɛhwehwɛ na obi abɛyɛ ɔyarehwɛfo a ne ho akokwaw?
[Mfonini wɔ kratafa 19]
Florence Nightingale
[Asɛm Fibea]
Courtesy National Library of Medicine