Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w04 6/15 kr. 28
  • ‘Ɔkyerɛɛ Yɛn Sɛ Yɛnkyerɛ Obu Mma Ne Som’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Ɔkyerɛɛ Yɛn Sɛ Yɛnkyerɛ Obu Mma Ne Som’
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ayarehwɛfo Dwumadi Titiriw
    Nyan!—2000
  • Ayarehwɛfo—Dɛn Nti na Yehia Wɔn?
    Nyan!—2000
  • ‘Masɔ Gyidi no Mu’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Asɛm Tiawa Bi a Obiara Betumi Abisa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
w04 6/15 kr. 28

‘Ɔkyerɛɛ Yɛn Sɛ Yɛnkyerɛ Obu Mma Ne Som’

YEHOWA DANSEFO bi a ɔwɔ Rovigo mansin a ɛwɔ Italy mu no behui sɛ biribi ahon no na ama ne tebea no nye koraa. Bere a odii nna pii wɔ ayaresabea a ɔkae sɛ wɔmmma no mogya no, wɔmaa ayarehwɛfo bɛhwɛɛ no wɔ faako a wɔhwɛ wɔn a wɔyare kokoram no.

Gyidi a emu yɛ den a ɔyarefo a wadi mfe 36 yi wɔ ne ne pɛ mu a ofi ne aduruyɛfo ne ayarehwɛfo a wɔhwɛɛ no no yɛɛ biako no maa wɔn ho dwiriw wɔn. Aka kakra ma kokoram no akum no no, ayarehwɛfo a wɔboaa no no mu biako kyerɛw ɔyarefo a na wɔfrɛ no Angela no ho suahu wɔ ayarehwɛfo nsɛmma nhoma bi mu.

“Angela ho yɛ anika na na ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛtra nkwa mu. Na onim sɛnea ne tebea no te ne sɛnea ne yare no mu yɛ den, na sɛnea anka yɛn mu biara bɛyɛ no, ɔhwehwɛɛ yare no ano aduru a ɛbɛma wanya nkwa, anaa ayaresa no. . . . Sɛ́ ayarehwɛfo no, yɛde nkakrankakra behuu sɛnea Angela te. Wampo mmoa biara a yɛde maa no no. Mmom no, akokoduru a na Angela wɔ no maa nneɛma yɛɛ mmerɛw maa yɛn. Ná ɛyɛ yɛn anigye kɛkɛ sɛ yɛbɛhwɛ Angela, efisɛ na yenim sɛ eyi ne bere a yebetumi ne no abɔ na ɛde mfaso abrɛ yɛn nyinaa. . . . Ntɛm ara na yehui sɛ ɔsom a ɔwom no bɛyɛ akwanside ama yɛn wɔ n’ayaresa no mu.” Na saa na ɔyarehwɛfo no susuw efisɛ ɔtee nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔma Angela mogya, nanso wampene.—Asomafo no Nnwuma 15:28, 29.

“Sɛ́ ayaresafo a yɛn ho akokwaw no, yɛka kyerɛɛ Angela sɛ yɛne no nnyɛ adwene wɔ ne gyinaesi no ho, nanso ɔboaa yɛn ma yɛtee sɛnea na obu nkwa no ase. Yɛbɛtee sɛnea ne som ho hia no ne n’abusua no nso ase. Angela ampa abaw. Wampa abaw wɔ ne yare no ho. Na ɔwɔ akokoduru. Na ɔpɛ sɛ onya nkwa, ɔko ne yare no, na ɔkɔ so tra nkwa mu. Ɔdaa ne bo a na wasi wɔ ne gyidi ho no adi. Akokoduru ne gyidi a emu yɛ den a na yɛn mpo yenni bi. . . . Angela akyerɛ yɛn hia a na ehia sɛ yɛkyerɛ obu ma ne som, biribi a ɛnka yɛn adwuma a yesuae ho koraa. . . . Yegye di sɛ nea Angela akyerɛ yɛn no yɛ ade a ɛho hia kɛse, efisɛ yehyia nnipa horow, tebea horow, ne ɔsom ahorow mufo, na yebetumi asua biribi afi mu de aboa obiara a yebehyia no.”

Ɛno akyi no, nsɛmma nhoma no twee adwene sii Adwuma Ho Mmara a Ɛfa Abrabɔ Ho Ma Italy Ayarehwɛfo a wogye toom wɔ 1999 mu no so, ɛka sɛ: “Ɔyarehwɛfo no yɛ n’adwuma bere a osusuw sɛnea ɔyarefo no yɛ n’ade fa ɔsom, abrabɔ, amammerɛ ne honam ani hwɛbea ne bɔbea su ko a ɔwɔ no ho.” Ɛtɔ mmere bi a, ɛyɛ den ma aduruyɛfo ne ayarehwɛfo no sɛ wɔbɛkyerɛ obu ama ɔyarefo bi nyamesom mu gyidi, nanso ayarefo no ani sɔ wɔn a wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ saa no.

Yehowa Adansefo susuw gyinae a wosi wɔ wɔn akwahosan ne ayaresa ho no ho yiye. Wosusuw nea Kyerɛwnsɛm no ka wɔ ho no ho anibere so, na sɛnea wɔdaa no adi wɔ Angela asɛm no mu no, wɔnyɛ katee. (Filipifo 4:5) Wɔ wiase nyinaa no, nnuruyɛfo pii na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛkyerɛ obu ama wɔn ayarefo a wɔyɛ Adansefo no ahonim.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena