Nhomasua a Esiesie Nkurɔfo Asetra
“Bible [yɛ] akwankyerɛ nhoma a ɛboa wɔ asetram kɛse.”—Thomas Tiplady, 1924.
ƐNYƐ nwonwa dodo sɛ yɛbɛka sɛ nhomasua a egyina Bible so tumi sesa nkurɔfo asetra. Ama wɔn a wɔahaw na wɔn abam abu no anya anidaso ne anigye wɔ asetra mu. Ɔwofo bi a onni kunu a ofi Namibia kyerɛw kɔmaa Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ South Africa no sɛ:
“Madi mfe 29, na mede nnanu pɛ kenkanee Questions Young People Ask—Answers That Work nhoma no wiei. Ɛkaa me koma paa efisɛ meyɛ ankonam ankasa. Me mpena nyaa kar akwanhyia wui na ogyaw me ne yɛn mma baanu. Yɛrehu amane ankasa. Ɛtɔ da a, ɛyɛ me sɛ minkum wɔn na minkum me ho nso. Nanso, bere a me nsa kaa nhoma yi no, m’adwene sesae. Mesrɛ mo sɛ mo ne me mmɛyɛ ofie Bible adesua a wontua hwee.”
Bible yɛ akwankyerɛ nhoma a ebetumi ama asi obiara yiye wɔ asetram—wɔ abusua asetra mu, wɔ adwumayɛfo ntam, ne afipamfo ntam. (Dwom 19:7; 2 Timoteo 3:16) Ɛde sɛnea yɛbɛyɛ ade pa na yɛakwati adebɔne ho akwankyerɛ pa ma. Ɛyɛ nhoma a ɛka asetra ho nsɛm pefee. Sɛ wokenkan a, wubehu sɛ ɛka nnipa a wɔtraa ase ankasa ho nsɛm pii. Wubehu nea enti a ebinom nyaa anigye wɔ asetram na ebinom nso dii awerɛhow. Ɛbɛma woahu nneɛma a mfaso wɔ so ne nea mfaso nni so pefee.
Nhomasua a Esiesie Nkurɔfo Asetra Nnɛ
Bible no si mfaso a ɛwɔ so sɛ obi benya nyansa so dua. Ɛka sɛ: “Nyansa ne ade titiriw: Enti nya nyansa.” (Mmebusɛm 4:7) Ɛka nso sɛ mpɛn pii no nnipa nni nyansa, ma enti etu fo sɛ: “Sɛ ɛka mo mu bi nyansa a, ommisa Onyankopɔn a ɔma nnipa nyinaa ade kwa no.”—Yakobo 1:5.
Ɔkwan bɛn so na yɛn Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn, ma nnipa nyansa kwa? Ɔnam N’asɛm, Bible no so na ɛyɛ saa, na ɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnkenkan. Onyankopɔn ka kyerɛ yɛn sɛ: “Me ba, sɛ wutie me nsɛm, na wode me mmara nsɛm sie wo nkyɛn, sɛ wobɛyɛ asõ atie nyansa, . . . , ɛno na wubehu [Yehowa, NW] suro, na woahu Onyankopɔn ho nimdeɛ. Na [Yehowa, NW] na ɔma nyansa.” (Mmebusɛm 2:1, 2, 5, 6) Sɛ yɛde Onyankopɔn Asɛm mu afotu di dwuma ma ɛso ba yɛn mfaso a, yehu ankasa sɛ ɛyɛ ɔsoro nyansa.
Fa ohia ano a obi begyina no sɛ nhwɛso. Bible hyɛ adwumaden ho nkuran na ɛkasa tia nneyɛe a ɛbɛma yɛasɛe sika kakra a yɛwɔ no. Ne saa nti, Bible no kasa tia nneyɛe bɔne te sɛ sigaretnom ne asabow denneennen.—Mmebusɛm 6:6-11; 10:26; 23:19-21; 2 Korintofo 7:1.
Na nkɛntɛnso a yɛn ayɔnkofo betumi anya wɔ yɛn so nso ɛ? Bible ka sɛ: ‘Nea ɔne anyansafo bɔ no bɛyɛ onyansafo, nanso nea ɔne nkwasea bɔ no behu amane.’ (Mmebusɛm 13:20) So woahyɛ no nsow sɛ nnamfo nhyɛso taa ma nkurɔfo—mmofra ne mpanyin—boro nsa, nom nnubɔne, de wɔn ho hyɛ ɔbrasɛe mu? Yiw, sɛ yɛne wɔn a wɔyɛ nneɛma a ɛte saa bɔ a, yɛbɛyɛ sɛ wɔn, efisɛ Bible mpo ka sɛ: ‘Fekubɔne sɛe ɔbra pa.’—1 Korintofo 15:33.
Nokwarem no, yɛn nyinaa pɛ sɛ yɛn ani gye. Nanso, ɛbɛyɛ dɛn na ɛno atumi ayɛ yiye? So wohyɛɛ no nsow sɛ Bible ka sɛ ɛnyɛ nneɛma, na mmom su pa ne abusuabɔ pa, ɛnkanka wɔ yɛne Onyankopɔn ntam, na ɛde anigye ba? (1 Timoteo 6:6-10) Yesu Kristo kae wɔ ne Bepɔw so Asɛnka a agye din no mu sɛ wɔn a wɔwɔ anigye ankasa ne ‘wɔn a honhom fam nneɛma ho hia wɔn, wɔn a wodwo, wɔn a trenee ho kɔm ne sukɔm de wɔn, mmɔborohunufo, wɔn a wɔn komam tew ne wɔn a wɔpɛ asomdwoe.’—Mateo 5:1-9.
Sɛ wususuw Bible nkyerɛkyerɛ ho yiye a, wubehu sɛnea etumi kyerɛ yɛn asetra kwan no. Afotu a Bible de ma no da nsow koraa. Afotu a ɛde ma no so wɔ mfaso daa—wɔnkyerɛw no kɛkɛ, na empira yɛn nso. Wɔn a wɔde Bible afotu di dwuma no nya so mfaso daa.
Nhomasua a Esiesie Nkurɔfo Asetra
Nanso, sɛ mfaso a yenya fi Bible mu nnɛ no da nkyɛn a, ɛma yenya daakye asetra ho anidaso nso. Ɛka asase a wɔbɛtew so na wɔasiesie so ma ayɛ ofie nwonwaso na wɔde ama wɔn a wɔsom Onyankopɔn no ho asɛm. Hyɛ kyerɛwtohɔ a ɛka koma a wɔka fa saa daakye yi ho nsow: “Hwɛ, Onyankopɔn ntamadan wɔ nnipa mu, na ɔbɛtra mu wɔ wɔn mu, na wɔayɛ ne man, na Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtra. Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.”—Adiyisɛm 21:3, 4; Mmebusɛm 2:21, 22.
Wo de susuw ho hwɛ: Mmofra a wɔyare biara nni hɔ, ɔkɔm nni hɔ, yare bɔne a ɛma nipadua no gow nni hɔ, ɛyaw biara nni hɔ! Abasamtu, huammɔdi, ne awerɛhow, remma nkurɔfo nte nusu bio, efisɛ nea ɛde eyinom ba no bɛsakra anaasɛ ebefi hɔ. Esiane sɛ Onyankopɔn abɔfo dɔm no bɛsɛe wɔn a wɔboapa yɛ bɔne no nti, akorɔmfo, awudifo, atorofo, ne afoforo a wɔmma asetra nyɛ anigye no nyinaa befi hɔ. Nnipa besisi wɔn ankasa afie na wɔatra mu dwoodwoo.—Yesaia 25:8, 9; 33:24; 65:17-25.
So wugye eyi di? Wopɛ sɛ wuhu sɛnea wode Bible nnyinasosɛm bedi dwuma kɛse na ama woanya mfaso nnɛ ne daakye? Sɛ saa a, yɛsrɛ wo hu Yehowa Adansefo, na wɔn ani begye sɛ wɔde wo ne w’abusua bɛka “nhomasua a esiesie nkurɔfo asetra” ho nhyehyɛe a wɔreyɛ wɔ wiase nyinaa no ho.