Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w90 4/1 kr. 3-7
  • Onyankopɔn Asɛm Yɛ Nokware

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Onyankopɔn Asɛm Yɛ Nokware
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yɛn Abrabɔ a Yɛde Di Adanse
  • Bible Nyansa a Ɛkorɔn No
  • Bible no Afotu​—Nyansa a Ɛwom no Da Nsow
  • Ma Yɛn Daakye Yiyedi
  • Asetra mu Nsɛnnennen
  • Mma “Wiase Nyansa” Nnaadaa Wo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
  • Nyansa Reteɛm
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • Akwankyerɛ Pa Ma Nnɛyi Mmofra
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Nhomasua a Esiesie Nkurɔfo Asetra
    Nyan!—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
w90 4/1 kr. 3-7

Onyankopɔn Asɛm Yɛ Nokware

“Yɛ wɔn kronkron wɔ nokware no mu; w’asɛm yɛ nokware.”​—YOHANE 17:17.

1. Hebrini dwontofo no buu Bible no dɛn, nanso pii bu no dɛn nnɛ?

“W’ASƐM yɛ me nan ase kanea, ne me kwan so hann.” (Dwom 119:105) Saa na Hebrini dwontofo no kae. Nnipa kakraa bi pɛ na wɔwɔ obu a ɛte saa ma Onyankopɔn Asɛm nnɛ. Wɔ afeha 20 yi mu no, wɔayɛ Onyankopɔn Asɛm no nhoma a wɔfrɛ no Kyerɛw Kronkron. Wɔakyerɛ ase akɔ kasa horow pii mu, na wɔde pii ama asen nhoma biara wɔ abakɔsɛm mu. Nanso pii pow sɛ wobegye atom sɛ wɔn nan ase kanea. Mpɛn pii no, wɔn a wɔka sɛ wɔyɛ Kristofo mpo pɛ sɛ wodi wɔn ankasa nsusuwii akyi sen sɛ wɔbɛma Bible no ayɛ wɔn kwan so hann.​—2 Timoteo 3:5.

2, 3. Yehowa Adansefo bu Bible no dɛn, na mfaso ahorow bɛn na eyi ama wɔanya?

2 Nea ɛne eyi bɔ abira kɛse no, yɛn a yɛyɛ Yehowa Adansefo no ne odwontofo no yɛ adwene. Yɛn fam de, Bible no yɛ akwankyerɛ a efi Onyankopɔn hɔ. Yenim sɛ “kyerɛw nyinaa fi Onyankopɔn home mu, na eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nteɛso ne trenee mu yɛn.” (2 Timoteo 3:16) Yɛmpɛ sɛ yɛsɔ nneɛma a ɛfa abrabɔ pa ne suban ho no hwɛ ansa na yɛayɛ ho biribi te sɛ nea pii yɛ nnɛ no. Yenim nea ɛteɛ efisɛ Bible no ka kyerɛ yɛn.

3 Eyi de mfaso pii abrɛ yɛn. Yɛabehu Yehowa, na yɛahu n’anuonyam atirimpɔw ahorow ma asase ne adesamma, enti yɛwɔ ahotoso sɛ yɛne yɛn mmusua betumi anya daakye bi a anigye wom. Yefi koma nyinaa mu ne odwontofo a ɔkaa nea edi so yi yɛ adwene: “Medɔ wo mmara dɛn ara! Ɛne m’adwene daa adesae. Wo mmara nsɛm ayɛ me onyansafo asen m’atamfo, na ɛwɔ me daa.”​—Dwom 119:97, 98.

Yɛn Abrabɔ a Yɛde Di Adanse

4. Bible no a yebegye atom sɛ Onyankopɔn Asɛm no de asɛyɛde bɛn na ɛto yɛn so?

4 Enti, yɛwɔ biribiara a yebegyina so ne Yesu ayɛ adwene wɔ asɛm a ɔka kyerɛɛ n’Agya sɛ: “W’asɛm yɛ nokware” no mu. (Yohane 17:17) Nanso nokwasɛm yi a yebehu no de asɛyɛde bi to yɛn so. Ɛsɛ sɛ yɛboa afoforo ma wohu sɛ Onyankopɔn Asɛm yɛ nokware. Saa kwan yi so no, wɔn nso betumi anya nhyira ahorow a yɛanya no bi. Yɛbɛyɛ dɛn aboa wɔn wɔ saa kwan no so? Ade biako ne sɛ, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden biara a yebetumi sɛ yɛde Bible nnyinasosɛm ahorow bedi dwuma wɔ yɛn da biara da asetra mu. Wɔ saa kwan yi so no, nnipa komapafo behu sɛ Bible asetra kwan no ne nea eye kyɛn so ampa.

5. Afotu bɛn na Petro de mae wɔ yɛn abrabɔ a yɛde bedi adanse no ho?

5 Eyi ne aba a ɛwɔ ɔsomafo Petro afotu a ɔde maa Kristofo mmea a wɔn kununom nyɛ gyidifo no mu. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo, ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo ankasa mo kununom, na sɛ ebinom antie asɛm no nso a, wɔafa ɔyerenom abrabɔ a ɔkasa nni mu so anya wɔn.” (1 Petro 3:1) Na ɛno nso ne nnyinasosɛm a ɛwɔ n’afotu a ɔde maa Kristofo nyinaa​—mmarima, mmea, ne mmofra​—no akyi, bere a ɔkaa nea edi so yi sɛ: “Na mommɔ ɔbra pa, amanaman mu, na nea wotwiri mo wɔ mu sɛ nnebɔneyɛfo no, wɔhwɛ mo nneyɛe pa no a, wɔahyɛ Onyankopɔn anuonyam, ‘ɔhwɛ da no.’”​—1 Petro 2:12; 3:16.

Bible Nyansa a Ɛkorɔn No

6. Ɔkwan bɛn so na Petro boa yɛn ma yehu sɛ ɛsɛ sɛ yɛboa afoforo ma wɔkyerɛ Bible no ho anisɔ?

6 Bio nso, Kristofo betumi aboa afoforo ma wɔakyerɛ Bible no ho anisɔ, sɛ wɔyɛ sɛnea Petro tuu fo no a, sɛ: “Na mummu Awurade Kristo kronkron mo koma mu. Nso munsiesie mo ho daa, sɛ mobɛkyerɛ obiara a obisa mo anidaso a ɛwɔ mo mu no ase, odwo ne osuro mu.” (1 Petro 3:15) Ɛsɛ sɛ Kristofo asomfo tumi kasa ma Bible no na wɔkyerɛkyerɛ mu kyerɛ afoforo sɛ ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm. Wɔbɛyɛ dɛn ayɛ saa?

7. Bible no ho nokwasɛm bɛn na ɛkyerɛ sɛ ɛbɛyɛ Onyankopɔn Asɛm?

7 Yehu ɔkwan biako a obi fa so susuw nneɛma ho ma ɛdan n’adwene wɔ Mmebusɛm nhoma no mu. Ɛhɔ na yɛkenkan sɛ: “Me ba, sɛ wotie me nsɛm na wode me mmara nsɛm sie wo nkyɛn, sɛ wobɛyɛ aso atie nyansa . . . a, wubehu Onyankopɔn ho nimdeɛ. Na [Yehowa] na ɔma nyansa; n’anom na nimdeɛ ne ntease fi ba.” (Mmebusɛm 2:1-6) Yehu Onyankopɔn ankasa nyansa wɔ Bible no mu. Sɛ onipa komapafo bi hu saa nyansa a emu dɔ no a, obetumi ahu sɛ Bible no nyɛ onipa asɛm ara kwa.

8, 9. Ɔkwan bɛn so na wɔakyerɛ sɛ Bible no afotu a ɛfa adwene a ɛkari pɛ a yebenya wɔ ahonyade akyidi ho no yɛ nokware?

8 Susuw nhwɛso kakraa bi ho hwɛ. Ɛnnɛ, wɔtaa de sika na ɛhwɛ asetra mu yiyedi. Dodow a obi kɔ so nya sika no, dodow no ara na wosusuw sɛ odi yiye kɛse. Nanso, Bible no bɔ honam fam nneɛma a yebesi so dua mmoroso no ho kɔkɔ. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Wɔn a wɔpɛ wɔn ho anya no hwe sɔhwɛ ne afiri ne nkwasea akɔnnɔ a enye mma nnipa na ɛtwe wɔn kogu ɔsɛe ne ɔyera mu mu. Na bɔne nyinaa ntini ne sika [ho dɔ] a ebinom dii akyiri yeraa gyidi kwan na wɔde yaw pii wowɔɔ wɔn ho.”​—1 Timoteo 6:9, 10; fa toto Mateo 6:24 ho.

9 Osuahu akyerɛ sɛnea kɔkɔbɔ yi fata. Adwene ne nneyɛe ho ɔbenfo bi kae sɛ: “Obi a odi kan wɔ biribiara mu ne ɔdefo a wobɛyɛ no remma wunnya abotɔyam, obu anaa ɔdɔ ankasa.” Yiw, wɔn a wɔde wɔn ahoɔden nyinaa pɛ ahonyade no taa di yaw na wɔyɛ basaa. Ɛwom sɛ Kyerɛwnsɛm no gye bo a sika som no tom de, nanso ɛtwe adwene si biribi a ɛho hia kɛse sen eyi so: “Nyansa ma ahobammɔ sɛnea sika ma ahobammɔ no; nanso nimdeɛ so mfaso ne sɛ nyansa gye ne wuranom nkwa.”​—Ɔsɛnkafo 7:12, New World Translation.

10. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yetie Bible afotu a ese yɛnhwɛ yɛn fekubɔ yiye no?

10 Ahyɛde ahorow a ɛte saa pii wɔ Bible no mu. Foforo ne sɛ: “Nea ɔne anyansafo bɔ no dan onyansafo, na nea ɔne nkwasea bɔ no hu amane.” (Mmebusɛm 13:20) Osuahu akyerɛ sɛ eyi nso yɛ nokware. Atipɛnfo nhyɛso ma mmofra pii bow nsa, wɔde nnuru di dwuma ɔkwammɔne so, na wobu ɔbra bɔne. Wɔn a wɔne wɔn a wɔka kasafi bɔ no hu sɛ awiei koraa no, wɔn nso ka saa kasa a ɛyɛ abofono no ara bi. Pii wia wɔn adwumawuranom esiane sɛ ‘obiara reyɛ saa’ nti. Ampa, sɛnea Bible no ka nso no: “[Ayɔnkofa] bɔne sɛe ɔbra pa.”​—1 Korintofo 15:33.

11. Ɔkwan bɛn so na adwene ne nneyɛe ho nhwehwɛmu bi a wɔyɛe no kyerɛe sɛ nyansa wom sɛ yebedi Mmara Pa no so?

11 Bible no mu afotu a agye din kɛse no biako ne nea wɔkyerɛ sɛ wɔfrɛ no Mmara Pa no: “Enti ade biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.” (Mateo 7:12) Sɛ adesamma di mmara yi so a, ɛda adi pefee sɛ wiase no bɛyɛ baabi a eye kyɛn so. Nanso sɛ nnipa dodow no ara nni mmara yi so mpo a, eye sɛ wubedi so. Dɛn ntia? Efisɛ wɔbɔɔ yɛn sɛ yensusuw afoforo ho na yɛmma wɔn ho asɛm nhia yɛn. (Asomafo no Nnwuma 20:35) Adwene ne nneyɛe ho nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ United States na ama wɔahu sɛnea nnipa yɛɛ wɔn ade bere a wɔboaa afoforo no de baa awiei sɛ: “Ɛda adi sɛ afoforo ho a yebesusuw yɛ nnipa awosu te sɛ nea yesusuw yɛn ankasa ho no ara pɛ.”​—Mateo 22:39.

Bible no Afotu​—Nyansa a Ɛwom no Da Nsow

12. Dɛn ne ade biako a ɛma Bible no da nsow?

12 Nokwarem no, wɔ Bible no akyi no, yɛwɔ afotu fibea ahorow pii nnɛ. Atesɛm nkrataa wɔ afotu afã horow, na nhoma a nea obi ankasa betumi ayɛ de aboa ne ho ho nsɛm wom nyɛ na wɔ nhomatɔnbea. Bio nso, adwene ne nneyɛɛ ho abenfo, wɔn a wɔde ayɛ wɔn adwuma sɛ wɔde afotu bɛma, ne afoforo a wɔde tebea ahorow pii ho afotu ma wɔ hɔ. Nanso, anyɛ yiye koraa no Bible no da nsow wɔ akwan horow abiɛsa so. Nea edi kan no, n’afotu ho wɔ mfaso bere nyinaa. Ɛnyɛ nkyerɛkyerɛ ara kwa, na empira yɛn da. Ɛsɛ sɛ obiara a odi Bible no afotu so no ne odwontofo no yɛ adwene bere a ɔka kyerɛɛ Onyankopɔn wɔ mpaebɔ mu sɛ: “Wo nkae nsɛm yɛ nokware yiye” no.​—Dwom 93:5, New World Translation.

13. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Bible no korɔn kɛse kyɛn nnipa nyansa fibea ahorow?

13 Nea ɛto so abien no, Bible no akɔ so atra hɔ de abesi nnɛ. (1 Petro 1:25; Yesaia 40:8) Wonim no yiye sɛ nnipa afotu tumi sesa, na wɔtaa kasa tia nea wogye tom wɔ afe biako mu no wɔ afe a edi hɔ no mu. Ɛwom sɛ wowiee Bible no kyerɛw bɛyɛ mfe 2,000 a atwam ni de, nanso ekura afotu a nyansa wom sen biara a ɛwɔ hɔ, na wotumi de emu nsɛm di dwuma wɔ wiase no baabiara. Sɛ́ yɛte Afrika, Asia, Amerika Kesee Fam anaa Kusuu Fam anaa Europa Apuei Fam anaa Atɔe Fam no, yetumi de di dwuma ma ɛyɛ yiye.

14. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn Asɛm mu afotu ye kyɛn biara?

14 Nea etwa to no, Bible mu afotu no pii no yɛ nea ebiara ne no nsɛ. Bible mu bɛ bi se: “[Yehowa] na ɔma nyansa,” na ɛmfa ho sɛ asɛnnennen anaa gyinaesi bɛn ara a ɛda yɛn anim no, nyansa wɔ Bible no mu a ɛboa yɛn ma yenya ano aduru. (Mmebusɛm 2:6) Mmofra, wɔn a wonnya nnii mfe aduonu, awofo, wɔn a wɔn mfe akɔ anim, adwumayɛfo, adwumawuranom, wɔn a wodi tumi, wɔn nyinaa hu sɛ Bible no mu nyansa fa wɔn ho. (Mmebusɛm 4:11) Sɛ yehyia tebea horow a na wonnim wɔ Yesu ne n’asuafo no bere so mpo a, Bible no ma yɛn afotu a etumi yɛ adwuma. Sɛ nhwɛso no, wɔ afeha a edi kan no mu no, na wonnim tawanom wɔ Mfinimfini Apuei. Ɛnnɛ de, wɔnom no baabiara. Nanso, obiara a ɔhyɛ Bible no afotu a ese yɛmmma “biribi nhyɛ [yɛn] so [anaa ɛnkyerɛ yɛn nea yɛnyɛ]” na yɛntwe yɛn ho mfi “ɔhonam ne honhom mu fi nyinaa mu” no nsow no bɛkwati saa ade a ne yɛ tumi ka obi hɔ na ɛsɛe akwahosan yi.​—1 Korintofo 6:12; 2 Korintofo 7:1.

Ma Yɛn Daakye Yiyedi

15. Dɛn nti na pii kyerɛ sɛ Bible no bere atwam?

15 Ampa, pii ka sɛ Bible no bere atwam na ɛho nhia wɔ yɛn afeha 20 yi mu. Nanso, ɛbɛyɛ sɛ nea enti a wɔka saa ne sɛ Bible no nka nea wɔpɛ atie. Kyerɛwnsɛm no mu afotu sodi bedi aboa yɛn daakye nanso ɛtaa gye ntoboase, nteɛso, ne nneɛma bi a yɛde bɛkame yɛn ho​—su horow a wɔmpɛ wɔ wiase a ɛhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnhwehwɛ nea yɛde bedwudwo yɛn akɔnnɔ ano ntɛm ara mu no.​—Mmebusɛm 1:1-3.

16, 17. Gyinapɛn ahorow a ɛkorɔn bɛn na Bible no de ma wɔ ɔbarima ne ɔbea nna mu abrabɔ pa ho, na ɔkwan bɛn so na wɔabu ani agu so wɔ nnɛ mmere mu?

16 Fa ɔbarima ne ɔbea nna mu abrabɔ pa sɛ nhwɛso. Kyerɛwnsɛm mu gyinapɛn ahorow a ɛfa ho no yɛ katee. Aware mu nkutoo na wɔma ɔbarima ne ɔbea nna ho kwan, na wɔbara nna a ɛte saa wɔ aware akyi no nyinaa. Yɛkenkan sɛ: “Nguaman ne abosonsomfo ne awaresɛefo ne ahodomfo ne mmarima a wɔne wɔn ho da . . . rennya Onyankopɔn ahenni no.” (1 Korintofo 6:9, 10) Bio nso, wɔ Kristofo fam no, Bible no hwehwɛ ɔyere biako aware, okunu biako ma ɔyere biako. (1 Timoteo 3:2) Ɛwom sɛ wobetumi ama awaregu anaa ntetewmu ho kwan wɔ tebea horow bi a emu yɛ den mu de, nanso Bible kyerɛ sɛ aware abusuabɔ no yɛ nkwa nna nyinaa mu ade. Yesu ankasa kae sɛ: “Mfiase no, nea ɔbɔɔ nnipa no, ɔbarima ne ɔbea na ɔyɛɛ wɔn, na ɔkae sɛ: Eyi nti na onipa begyaw agya ne ɛna, na ɔde ne ho akɔbata ne yere ho, na wɔn baanu no akɔyɛ ɔhonam koro? Enti wɔnna so nyɛ baanu bio, na mmom ɔhonam koro. Enti nea Onyankopɔn de abom no, mma onipa nntetew mu!”​—Mateo 19:4-6, 9; 1 Korintofo 7:12-16.

17 Ɛnnɛ, wobu ani gu saa gyinapɛn ahorow yi so wɔ mmeae pii. Wɔpene ɔbarima ne ɔbea nna mu nneyɛe bɔne so. Wobu da a mmofra a wonnya nnii mfe aduonu a wɔyɛ nhyehyɛe fi adi ne wɔn ho da no sɛ mfomso biara nni ho. Wogye tra a wɔbom tra a wɔnwaree no tom. Awarefo mu no, mpena a ɔhokafo no biako twe no yɛ nea abu so. Awaregu abu so wɔ nnɛyi wiase yi mu. Nanso, gyinapɛn ahorow a wɔagow mu yi mfaa anigye mmae. Nneɛma bɔne a afi mu aba no akyerɛ sɛ Bible no teɛ wɔ ka a ɛka sɛ ɛsɛ sɛ wodi abrabɔ fam gyinapɛn ahorow a ɛyɛ katee so no mu.

18, 19. Dɛn na afi Yehowa abrabɔ pa ho gyinapɛn a wobu ani gu so wɔ baabiara no mu aba?

18 Ladies’ Home Journal kae sɛ: “Ɔbarima ne ɔbea nna so dua a wosii wɔ afe apem ahankron aduosia ne aduɔsɔn mfe no mu no ammfa adesamma anigye a enni ano amma, na mmom adesamma awerɛhow a anibere wom.” Nea ɛka “adesamma awerɛhow a anibere wom” a wɔka ho asɛm wɔ ha ho no ne mmofra a wɔn awofo awaregyae ama wɔanya adwenemhaw ne mpanyimfo a wɔwɔ nkate mu ɔhaw kɛse. Nea ɛka ho nso ne mmusua a awofo a wonni ahokafo wom a adɔɔso ne mmeawa a wɔnwaree nanso wɔawowo bere a wɔn ankasa mpo nnyinii ahe biara a abu so. Afei nso, mmaninyare te sɛ ananse a ɛka awode, babaso, kekae, ne AIDS a abu so no ka ɔhaw yi ho.

19 Esiane eyi nyinaa nti, asetra mu nsɛm ho ɔbenfo bi kae sɛ: “Ebia yɛanyin sɛnea yebetumi asusuw ho sɛ so ɛremmoa yɛn nyinaa yiye sɛ yɛbɛhyɛ ɔbarima ne ɔbea nna a edi aware anim a yɛbɛtwe yɛn ho afi ho no ho nkuran sɛ nhyehyɛe a ebetumi adi yɛn manfo ahiade ahorow ne hokwan a wɔwɔ sɛ wonya ahofadi no ho dwuma asen biara: nyarewa mu ahofadi, nyinsɛn a wɔmpɛ mu ahofadi.” Bible no ka no ɔkwan a ɛteɛ so sɛ: “[Anigye] ne onipa a ɔde n’ani ato [Yehowa] so, na ɔnnan n’ani nkyerɛ ahantanfo ne wɔn a wɔman di atoro.” (Dwom 40:4) Wɔn a wɔde wɔn ho to Bible no nyansa so no mma wɔn a wobu Bible no animtiaa no atosɛm ne ka a wɔka sɛ ɔbrasɛe de anigye ba no nnaadaa wɔn. Sɛ ɛyɛ katee koraa mpo a, Bible no gyinapɛn ahorow a nyansa wom no ye sen biara.

Asetra mu Nsɛnnennen

20. Bible nnyinasosɛm bɛn na aboa wɔn a ɛsɛ sɛ wogyina ohia buroburoo ano wɔ wɔn asetra mu no

20 Bible mu nyansa no nso boa yɛn ma yetumi di nsɛnnennen a yehyia wɔ asetra mu no ho dwuma. Sɛ nhwɛso no, Kristofo binom di hia buroburoo wɔ nsase bi so. Nanso wotumi gyina wɔn hia no ano na wɔkɔ so ara nya anigye. Ɔkwan bɛn so? Ɛdenam Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu a wodi so no so. Wɔfa awerɛkyekyesɛm a ɛwɔ Dwom 55:22 no aniberesɛm: “Dan w’adesoa to [Yehowa] so, na obeso wo mu.” Wɔde wɔn ho to Onyankopɔn so na wama wɔn ahoɔden a wɔde begyina ano. Afei wɔde Bible nnyinasosɛm di dwuma na wɔkwati nneyɛe a epira na ɛsɛe sika, te sɛ tawanom ne asabow. Wɔyɛ nsi, sɛnea Bible no kamfo kyerɛ no, ma enti wɔtaa hu sɛ wotumi bɔ wɔn mmusua akɔnhama bere a anihafo ne wɔn a wɔpa abaw no ntumi nyɛ saa no. (Mmebusɛm 6:6-11; 10:26) Nea ɛka ho bio no, wotie Bible no kɔkɔbɔ a ɛne sɛ: “Mma w’ani mmere amumɔyɛfo,” no. (Dwom 37:1, New World Translation) Wɔnto kyakya anaasɛ wɔnyɛ mmaratode te sɛ nnubɔne tɔn. Nneɛma yi betumi ama wɔanya wɔn nsɛnnennen ano “aduru” ntɛm de, nanso aba a ɛbɛsow a ɛtra hɔ daa no yɛ nwene.

21, 22. (a) Ɔkwan bɛn so na Kristoni ɔbea bi nyaa mmoa ne awerɛkyekye fii Bible no mu? (b) Bible no ho nokwasɛm foforo bɛn nso na ɛboa yɛn ma yehu sɛ ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm?

21 So Bible no sodi boa wɔn a wɔyɛ ahiafo buroburoo no ampa? Yiw, sɛnea osuahu ahorow pii di adanse no. Kristoni okunafo bi a ɔwɔ Asia kyerɛw sɛ: “Ɛwom sɛ midi hia de, nanso me bo mfuw anaa minni ho yaw. Bible mu nokware no ma minya adwene a ɛteɛ.” Ɔbɔ amanneɛ sɛ Yesu bɔhyɛ titiriw bi anya mmamu wɔ ne fam. Yesu kae sɛ: “Monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan; na wɔde eyinom nyinaa bɛka mo ho.” (Mateo 6:33) Ɔde adanse ma sɛ esiane ne Nyankopɔn som adwuma a ɔde di kan wɔ n’asetra mu nti, ne nsa ka honam fam nneɛma a ohia wɔ asetra mu no bere nyinaa wɔ ɔkwan bi so. Na ne Kristofo som adwuma no ma onya nidi ne asetra mu botae bi a ɛma otumi gyina ne hia no ano.

22 Nokwarem no, sɛnea Bible mu nyansa mu dɔ no kyerɛ sɛ ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm ampa. Nhoma a nnipa nkutoo ayɛ biara nni hɔ a ɛka asetra afa horow pii ho asɛm na etumi hu nneɛma mu kɔ akyiri na ɛka nokware bere nyinaa saa. Nanso Bible no ho nokwasɛm foforo bi wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ efi soro: Ɛwɔ tumi a ɛma nnipa sakra yɛ nnipa pa. Yebesusuw eyi ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

So Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

◻ Ɔkwan bɛn so na Yehowa Adansefo yɛ wɔn a wɔahyira wɔn esiane Bible no a wɔagye atom sɛ Onyankopɔn Asɛm no nti?

◻ Sɛ́ wɔn a wogye Onyankopɔn Asɛm no di no, asɛyɛde bɛn na yɛwɔ, na ɔkwan bɛn so na yɛn abrabɔ betumi aboa yɛn ma yɛadi asɛyɛde yi ho dwuma?

◻ Dɛn na ɛma Bible no afotu a nyansa wom no korɔn kyɛn nnipa afotu ara kwa?

◻ Nhwɛso ahorow a ɛkyerɛ sɛnea Bible mu nyansa mu dɔ no bi ne nea ɛwɔ he?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena