Ako A Wofi Bere Tenten Adi Atia Nkoasom
“Nea akoa a obi yɛ kyerɛ ni: sɛ wɔbɛyɛ wo ayayade na woagyina ano, sɛ wɔbɛhyɛ wo ayɛ wo basabasa ma woahu amane.”—Euripides, Hela agorukyerɛwfo bi a ɔtraa ase afeha a ɛto so anum A.Y.B.
NKOASOM kura abakɔsɛm a enye fi bere tenten. Efi bere a anibue dii kan kɔɔ so wɔ Misraim ne Mesopotamia no, aman a wɔyɛ den no de aman a wɔnyɛ den yɛɛ nkoa. Enti wofii ase kyerɛw nsisi a ɛsen biara wɔ adesamma abakɔsɛm mu ho asɛm.
Wɔ mfirihyia apem a ɛto so abien A.Y.B. mu no, ɛkame ayɛ sɛ na Misraim de ɔman mũ nyinaa mu nnipa ɔpepem pii ayɛ nkoa. (Exodus 1:13, 14; 12:37) Bere a na Hela di Mediterranea so no, anyɛ yiye koraa no na Hela mmusua pii wɔ akoa biako—sɛnea nnɛ wɔ aman binom mu no mmusua bi wɔ wɔn ankasa kar no. Helani nyansapɛfo Aristotle gyee saa nneyɛe yi toom na ɔkae sɛ wɔakyɛ adesamma mu ayɛ no akuw abien, awuranom ne nkoa, na awuranom no wɔ tumi sɛ wɔde ahyɛde ma, bere a wɔwo nkoa no nso sɛ wɔbɛyɛ setie.
Romafo no hyɛɛ nkoasom ho nkuran kɛse mpo sen Helafo no. Wɔ ɔsomafo Paulo bere so no, ebetumi aba sɛ na Roma kuropɔn no mu nnipa dodow no fã—ɛda adi sɛ nnipa ɔpehaha pii—yɛ nkoa. Na ɛte sɛ nea Roma Ahemman no hwehwɛ nkoa ɔpepem fã afe biara ma wosisi nkaedum, yɛ sika kɔkɔɔ ho adwuma, yɛ mfuw, na wɔma ebi nso kɔsom wɔ adefo atrae.a Ná wɔde wɔn a wɔfa wɔn nnomum wɔ ɔko mu no yɛ nkoa, enti ɛbɛyɛ sɛ hia a na Romafo hia nkoa pii titiriw nti na ɛmaa ahemman no kɔɔ so dii ako no.
Ɛwom sɛ woguu nkoasom bere a Roma Ahemman no baa awiei no de, nanso nneyɛe no da so ara kɔ so. Sɛnea Domesday Book (1086 Y.B.) kyerɛ no, adwumayɛfo a na wɔwɔ England wɔ mfinimfini mmere mu no mu ɔha mu 10 na na wɔyɛ nkoa. Na wɔda so ara nya nkoa denam nkonim a wodi so. Engiresi asɛmfua “slave” (akoa) no fi asɛm “Slav” mu, esiane sɛ na Slavfo no mu fã kɛse no ara yɛ nkoa wɔ Europa wɔ Mfinimfini Mmere no mfiase nti.
Nanso efi Kristo bere so no, asasepɔn biara nni hɔ a ahu nkoasom mu amane sen Afrika. Ansa na Yesu bere no reba mpo no, tete Misrifo tɔɔ Etiopiafo tɔn wɔn sɛ nkoa. Wobu akontaa sɛ bɛyɛ mfirihyia 1,250 mu no, wɔde nnipa bɛyɛ ɔpepem 18 fii Afrika kɔɔ Europa ne Mediterranea Supɔw so ma wɔkɔyɛɛ nkoa wɔ saa mmeae no. Fi a wofii ase yɛɛ Amerika atubraman wɔ afeha a ɛto so 16 mu no ma wobuee nkoatɔ ho aguadi foforo, na ankyɛ na nkoa a na wɔde wɔn fa Atlantic so no bɛyɛɛ aguadi a na sika wom sen biara wɔ asase so. Abakɔsɛm akyerɛwfo bu akontaa sɛ efi 1650 ne 1850 mu no, nkoa bɛboro ɔpepem 12 na wɔde wɔn fii Afrika.b Wɔtɔn wɔn mu pii wɔ nkoatɔ gua so.
Akodi a Etia Nkoasom
Wɔ mfehaha no mu no, ankorankoro ne aman nyinaa ako pɛ sɛ wɔde wɔn ho fi nkoasom mu. Wɔ afeha a edi kan ansa na Kristo reba no, Spartacus dii Roma dɔm 70,000 a wɔyɛ nkoa anim koe sɛ wobenya ahofadi a ankosi hwee. Ɔman anidan a Haiti nkoa yɛe bɛyɛ mfeha abien a atwam mu no kowiee nkonimdi mu ankasa, na nea efi mu bae ne sɛ wɔde ahofadi nniso sii hɔ wɔ 1804 mu.
Nokwarem no, nkoasom kɔɔ so bere tenten wɔ United States. Nkoa binom wɔ hɔ a wɔperee denneennen sɛ wɔne wɔn adɔfonom benya ahofadi. Nkurɔfo binom a na wɔade wɔn ho nso fi komam ko tiaa nkoasom denam pene a wɔpenee so sɛ wontwa nkoasom mu anaa boa a wɔboaa nkoa a woguanee no so. Nanso anyɛ yiye kosi afeha a ɛto so 19 awiei mu ansa na awiei koraa no wɔbaraa saa adeyɛ no wɔ saa ɔman no nyinaa mu. Na ɛnnɛ nso ɛ?
So Akodi no Ayɛ Kwa?
Amansan Nyinaa Mpaemuka a Ɛfa Hokwan a Nnipa Wɔ Ho no kae sɛ: “Wɔremfa obiara nnomum anaa akoa bio; yebegu nkoasom ne ɛho biribiara.” Ɛda adi sɛ saa botae no a wɔde anigye bɔɔ ho amanneɛ wɔ 1948 mu no fata. Nnipa komapafo pii de wɔn bere, wɔn ahoɔden, ne wɔn ahode abɔ afɔre sɛ wobedu saa botae no ho. Nanso ɛnyɛ mmerɛw sɛ wobedi nkonim.
Sɛnea asɛm a edi kan no kyerɛ no, nnipa ɔpepem pii yɛ adwuma a wontua wɔn ka wɔ tebea ahorow a enye mu, na wɔatɔ wɔn mu pii anaa wɔatɔn wɔn bere a wɔmpɛ. Ɛmfa ho adwempa a wɔde bɔ mmɔden sɛ wobegu nkoasom—ne hyɛ a wɔde wɔn nsa hyɛ ase wɔ bagua ahorow ase wɔ wiase nyinaa sɛ wɔbɛbara—no, ahofadi ankasa a obiara benya ho ayɛ nã. Wiase nyinaa sikasɛm ama sum ase nkoatɔ abɛyɛ biribi a sika wom kɛse. Sɛ yɛbɛka a, ɛte sɛ nea nkoasom ase reyɛ atim wɔ adesamma mu. So wɔrentumi nyɛ tebea no ho biribiara? Ma yɛnhwɛ.
[Ase hɔ nsɛm]
a Tete nhoma bi ka sɛ ebetumi aba sɛ na Roma adefo paa binom wɔ nkoa bɛyɛ 20,000.
b Asɔfo asisifo binom kae sɛ na Onyankopɔn pene atirimɔden aguadi yi so wɔ nnipa asetra mu. Ne saa nti, nnipa pii da so ara kura nsusuwii hunu a ɛne sɛ Bible no pene atirimɔdenne a ɛte saa so, bere a ɛnte saa. Yɛsrɛ sɛ hwɛ asɛm “Bible no Adwene: So Onyankopɔn Pene Nkoatɔ no So?” a ɛwɔ September 8, 2001, Nyan! mu no.
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 20, 21]
Bere bi a atwam no na wɔtaa tɔn wɔn a wɔde wɔn guu ahyɛn mu fi Afrika bae (atifi) no wɔ Amerika nkoatɔ gua so
[Nsɛm Fibea]
Godo-Foto
Archivo General de las Indias