Nkoasom—Ɔhaw No Da So Wɔ Hɔ
SO NKOASOM to atwa? Nnipa pii susuw saa. Nea asɛmfua no de ba adwenem ankasa ne atirimɔdenne ne nhyɛso a ɛyɛ ahodwiriw. Nanso wɔ nnipa pii fam no, biribi a ɛte saa no atwam. Sɛ nhwɛso no, nea ɛba ebinom adwenem ne po so ahyɛn a na wɔde tɔ nkoa mfehaha a atwam a wɔde nnua yɛe a na wɔde fa nnipadɔm a osuro ahyɛ wɔn ma a wɔahyehyɛ wɔn apeepee so, a wɔn ho ayɛ fĩ a wontumi nhu nea wɔde wɔn bɛtoto ho.
Nokwarem no, saa po so ahyɛn no nyɛ adwuma bio na amanaman ntam biakoyɛ a ɛwɔ hɔ nnɛ no ama nkoasom a ɛte saa no agu. Nanso nkoasom to ntwae. Ahyehyɛde a ɛhwɛ hokwan a nnipa wɔ so a wɔfrɛ no Wiase Nyinaa Ahyehyɛde a Ɛko Tia Nkoayɛ no bu akontaa sɛ nnipa ɔpepem 200 da so ara wɔ nkoasom bi mu. Ɛda adi sɛ wɔyɛ adwuma wɔ tebea horow bi a ebia ɛyɛ hu koraa sen nea na nkoa wom wɔ mfehaha a atwam no mu. Nokwarem no, nhwehwɛmufo bi ka sɛ, “nnipa pii wɔ nkoasom mu nnɛ sen bere biara wɔ abakɔsɛm mu.”
Kyerɛwtohɔ a ɛfa nnɛyi nkoayɛ ho no yɛ ahodwiriw. Kanji,a a wadi mfe du pɛ hwɛ anantwi da biara ma owura tirimɔdenfo bi a ɔhwe no daa. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛ me ti yɛ yiye a na minya paanoo a akyen kakra di, anyɛ saa a mitwa da mũ no nyinaa a minnidi. Wɔmmaa me akatua da wɔ adwuma a meyɛ no ho efisɛ meyɛ akoa ne wɔn agyapade. . . . Mmofra a me ne wɔn bɔ tipɛn ne mmofra afoforo redi agoru, na mepɛ sɛ miwu mmom sen sɛ mɛtra tebea a ɛyɛ hu yi mu.”
Te sɛ Kanji no, nnɛyi nkoa taa yɛ mmofra anaa mmea. Wɔyɛ adwumaden a wɔmpɛ, wɔnwene kuntu a wɔde sɛw dan mu, yiyi kar akwan, twa ahwerew, anaa mpo wosi tuutuu. Na wobetumi atɔn wɔn agye sika kakraa bi te sɛ dɔla 10 pɛ. Mmofra binom mpo wɔ hɔ a wɔn awofo ankasa na wɔtɔn wɔn kɔ nkoasom mu de tua ka bi a ɛboro wɔn so.
So wuhu amanneɛbɔ a ɛtete saa sɛ ɛyɛ abofono? Ɛnyɛ wo nko na wote nka saa. Nhoma kyerɛwfo Kevin Bales kae wɔ ne nhoma Disposable People mu sɛ: “Nkoasom yɛ biribi a ɛho ntew. Ɛnyɛ sɛ wobewia obi adwuma kɛkɛ; ɛyɛ obi asetra nyinaa a wowia.” Esiane atirimɔdensɛm a onipa de ayɛ ne yɔnko nnipa nti, dɛn na yebetumi agyina so agye adi sɛ nkoasom mu ɔhaw bɛba awiei da bi? Asɛmmisa yi bɛma woasusuw nsɛm ho akɔ akyiri sen sɛnea ebia na wususuw kan no.
Sɛnea yebehu no, nkoayɛ pii na ɛwɔ hɔ. Egu ahorow pii, emu binom ka obiara a ɔte nkwa mu asetra. Enti ehia sɛ yɛn nyinaa hu sɛ ebia adesamma benya nokware ahofadi bere bi anaa. Nanso nea edi kan no, momma yensusuw adesamma nkoasom ho abakɔsɛm kakraa bi ho.
[Ase hɔ asɛm]
a Ɛnyɛ ne din ankasa.
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 19]
Bere tenten ni na wɔde mmea ne mmofra a ahia wɔn akɔ nkoasom mu
[Asɛm Fibea]
Top photo: UN PHOTO 148000/Jean Pierre Laffont
U.S. National Archives photo