Bible No Adwene
Onyankopɔn Da Abodwokyɛre Adi Kodu He?
“ONYANKOPƆN PƐ SƐ OYI N’ABUFUW ADI, NA ƆMA WOHU NE TUMIDI, NANSO ƆDE ABODWOKYƐRE BEBREE KURAA ABUFUW ADE A WƆASIESIE AMA ƆSƐE NO MU.”—ROMAFO 9:22.
ABAKƆSƐM nyinaa mu no, Onyankopɔn ada abodwokyɛre adi wɔ abɔnefosɛm ne amumɔyɛsɛm ho. Bɛboro mfirihyia 3,000 a atwam no, Hiob bɔɔ abubuw sɛ: “Adɛn nti na abɔnefo nya nkwa? Wonyin kyɛ, na wɔyɛ ahoɔdenfo akɛse nso? Wɔn asefo si wɔn anim pintinn ka wɔn ho, na wɔn mma wɔ wɔn ani so. Wɔn afi mu dwo, ehu bi nni mu, na Onyankopɔn abaa bi nni wɔn so.” (Hiob 21:7-9) Abodwokyɛre a ɛte sɛ nea Onyankopɔn da no adi wɔ abɔnefo ho no ho nsɛm ahaw wɔn a wɔn ani gye atɛntrenee ho te sɛ odiyifo Yeremia nso.—Yeremia 12:1, 2.
Wususuw ho dɛn? So abɔnefosɛm ho kwan a Onyankopɔn ama no yɛ wo nwonwa? Sɛ ɛtɔ mmere bi a wote nka sɛ ɛsɛ sɛ Onyankopɔn yɛ ntɛm sɛe abɔnefo nyinaa amonom hɔ ara? Susuw nea Bible ka fa baabi a Onyankopɔn abodwokyɛre kodu ne nea enti a ɔma ne bo dwo kyɛ no ho hwɛ.
Dɛn Nti na Onyankopɔn Da Abodwokyɛre Adi?
Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ yebisa sɛ: Dɛn nti na Onyankopɔn a ɔwɔ trenee ho gyinapɛn a ɛkorɔn sen biara no ma abɔnefosɛm ho kwan koraa? (Deuteronomium 32:4; Habakuk 1:13) So eyi kyerɛ sɛ ɔpene abɔnefosɛm so? Dabida! Susuw mfatoho a edi hɔ yi ho hwɛ: Fa no sɛ oduruyɛfo bi a ɔyɛ oprehyɛn mfa ahotew nnyinasosɛm nketenkete nyɛ adwuma, na ɔyɛ n’ayarefo ayayade kɛse nso. Sɛ na ɔyɛ adwuma wɔ ayaresabea a, so anka wɔrenyi no mfi hɔ ntɛm ara? Nanso, nsɛm tebea bi wɔ hɔ a ebia ɛho behia sɛ wɔma nneɛma ho kwan wɔ ɔkwan soronko so. Sɛ nhwɛso no, wɔ tebea a egye ntɛmpɛ paa mu, ebia wɔ akono no, so ɛho renhia sɛ wɔma oprehyɛnyɛfo a ɔfa ɔkwan ne tebea horow a ɛyɛ hu so hwɛ ayarefo, a ebia ɔde nneɛma ne nnwinnade a wɔde yɛ oprehyɛn a wɔ tebea pa mu no wobebu no sɛ enni mũ no ho kwan?
Saa ara na Onyankopɔn anya abotare, rema nneɛma pii a n’ani nnye ho koraa no ho kwan nnɛ. Ɛwom sɛ ɔtan amumɔyɛ de, nanso wama ho kwan kakra ma ɛrekɔ so. Ntease pa bi wɔ nea enti a ɔreyɛ saa no mu. Ade biako ne sɛ, eyi ma wonya kwan siesie nsɛmpɔw bi a atua a Satan tewee wɔ Eden turom hɔ no ma ɛsɔree no korakora. Eyinom yɛ nsɛmpɔw a ɛfa teɛ a ɔkwan a Onyankopɔn fa so di tumi teɛ ne fata a ɛfata ho. Afei nso, boasetɔ a wanya wɔ bɔne ho no ama wɔn a wɔyɛ bɔne no anya bere ne hokwan a wɔde bɛsakra.
Onyankopɔn Mmɔborohunufo a Ɔwɔ Boasetɔ
Yɛn awofo a wodi kan, Adam ne Hawa, kɔkaa Satan ho ma wɔtew atua tiaa Onyankopɔn. Anka Onyankopɔn betumi asɛe wɔn saa bere no ama ayɛ nea ɛfata. Nanso, ɔdaa boasetɔ ne mmɔborohunu adi, na ofii ɔdɔ mu ma wɔwoo mma. Nanso, wɔwoo saa mma yi ne adesamma abusua a wofi wɔn mu no nyinaa wɔ bɔne mu.—Romafo 5:12; 8:20-22.
Onyankopɔn bɔɔ ne tirim sɛ obegye nnipa afi tebea a ɛyɛ awerɛhow yi mu. (Genesis 3:15) Nanso, esiane sɛ ɔte sɛnea sintɔ a yenya fii Adam mu no anya yɛn so nkɛntɛnso no ase nti, ɔda boasetɔ ne mmɔborohunu pii adi kyerɛ yɛn. (Dwom 51:5; 103:13) ‘N’adɔe dɔɔso’ na wayɛ krado, na ɔwɔ ɔpɛ sɛ ‘ɔde befiri yɛn pii.’—Dwom 86:5, 15; Yesaia 55:6, 7.
Baabi a Onyankopɔn Abodwokyɛre Kodu
Nanso, ɛbɛyɛ nea ɛnkyerɛ ɔdɔ na ntease nnim sɛ Onyankopɔn bɛhwɛ ma amumɔyɛ akɔ so daa. Agya biara nni hɔ a ɔwɔ dɔ a ɔbɛma kwan ma ne mma mu biako de boapayɛ akɔ so ayɛ abusua no mufo a aka no ayayade daa. Enti, Onyankopɔn nam ne su afoforo te sɛ ɔdɔ, nyansa, ne atɛntrenee so bɛma bɔne ho kwan a ɔma no akari pɛ bere nyinaa. (Exodus 34:6, 7) Sɛ nea enti a wanya abodwokyɛre no wie du a, bɔne ho kwan a wama no bɛba awiei.—Romafo 9:22.
Ɔsomafo Paulo daa eyi adi pefee. Ɔkaa no bere bi sɛ: “[Onyankopɔn] na tete bere a atwam no mu no, ɔmaa amanaman nyinaa kwan sɛ wɔmfa wɔn ankasa akwan so.” (Asomafo no Nnwuma 14:16) Bere foforo no, Paulo kaa sɛnea “Onyankopɔn abu n’ani agu mmere horow a wonnim no so” ama nkurɔfo a wɔanni ne mmara ne nnyinasosɛm so no ho asɛm. Paulo toaa so sɛ: ‘Afei de, Onyankopɔn hyɛ nnipa a wɔwɔ mmaa nyinaa sɛ wɔnsakra wɔn adwene.’ Dɛn ntia? ‘Efisɛ wayi da bi ato hɔ a obebu wiase ntɛn trenee mu.’—Asomafo no Nnwuma 17:30, 31.
Nya Onyankopɔn Abodwokyɛre so Mfaso Mprempren
Ɛnde, akyinnye biara nni ho sɛ, ɛnsɛ sɛ obi yɛ n’adwene sɛ obetumi abu n’ani agu Onyankopɔn mmara so na afei wasrɛ bɔne fafiri kɛkɛ bere a ɔpɛ sɛ ɔkwati nea afi ne nneyɛe mu aba no. (Yosua 24:19) Na tete Israelfo pii susuw sɛ wobetumi ayɛ saa. Wɔansesa. Wɔanhu Onyankopɔn abodwokyɛre ne ne boasetɔ no so mfaso. Onyankopɔn amma wɔn amumɔyɛ no ho kwan daa.—Yesaia 1:16-20.
Bible da no adi sɛ sɛ onipa bi bɛkwati atemmu a etwa to no a, ɛsɛ sɛ onii no ‘sakra’—kyerɛ sɛ, onu ne ho na ogye ne sintɔ ne ne bɔne tom Onyankopɔn anim, na afei ofi komam dan ne ho. (Asomafo no Nnwuma 3:19-21) Afei, Yehowa Nyankopɔn nam Kristo agyede afɔre no so de onii bɔne befiri no. (Asomafo no Nnwuma 2:38; Efesofo 1:6, 7) Wɔ Onyankopɔn bere a ɛsɛ mu no, obeyi nneɛma a ɛyɛ awerɛhow a Adam bɔne no de bae no nyinaa afi hɔ. Yebenya “ɔsoro foforo ne asase foforo,” baabi a Onyankopɔn rennya ‘nneɛma a ɛfata ɔsɛe’ ho abodwokyɛre bio. (Adiyisɛm 21:1-5; Romafo 9:22, Phillips) Anigyesɛm bɛn ara na ebefi abodwokyɛre soronko a Onyankopɔn da no adi, nanso ɛwɔ baabi a ekodu, mu aba sɛɛ yi!
[Mfonini wɔ kratafa 29]
Onyankopɔn maa Adam ne Hawa woo mma