Ɛda a Aban a Ɛbɔ Ho Abien no Dwiriw Gui
NSƐM a esisii September 11, 2001, wɔ New York City, Washington, D.C., ne Pennsylvania no yɛ nea wiase nnipa ɔpepem pii, anaasɛ ɔpepepem pii mpo, werɛ remfi da. Ɛhe na na wowɔ bere a wuhui anaa wotee ntua a wɔde baa Wiase Aguadi Asoɛe a ɛwɔ New York ne Pentagon a ɛwɔ Washington so ho amanneɛbɔ no?
Agyapade pii, ne nea ɛho hia sen saa no, nnipa pii nkwa a ɛsɛee prɛko pɛ ma ɛyɛɛ nwonwa no ama adesamma anya biribi a wobegyina so asusuw nneɛma ho.
Dɛn na yɛasua afa nneɛma a ɛsɛ sɛ yɛde di kan ne nea yɛpaw wɔ asetram no ho? Ɔkwan bɛn so na awerɛhosɛm a ɛte saa no ama yɛada su pa ahorow a yekura—ahofama, ayamhyehye, boasetɔ, ne ayamye—adi? Saa asɛm yi ne nea edi hɔ no bɛbɔ mmɔden abua asɛmmisa a etwa to no.
Wɔn a Wofi Mu Kae Bɔ Wɔn Amanneɛ
Wɔtoo asase ase keteke kwan no mu wɔ New York asiane no akyi ntɛm ara, na nnipa pii nantew twaa Manhattan anafo kwan no—na wɔn mu pii twaa Brooklyn ne Manhattan atwene no. Ná wotumi hu Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwumayɛbea ti adan no. Aguanfo no bi de wɔn ani kyerɛɛ saa beae no ntɛm ara.
Alisha (nifa so), a ɔyɛ Ɔdansefo bi babea no, ka wɔn a wodii kan duu hɔ no ho. Ná mfutuma ne nsõ ayɛ ne ho nyinaa.a Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Bere a mete keteke mu rekɔ adwuma no na mihui sɛ wusiw fi Wiase Aguadi Asoɛe hɔ reba. Bere a miduu beae a asiane asi no, na nhwehwɛ gugu fam hɔ nyinaa, na na ɔhyew wɔ hɔ ankasa. Ná nkurɔfo reguan kɔ mmaa nyinaa, na na polisifo rebɔ mmɔden asiesie beae hɔ. Ná ɛte sɛ baabi a ɔko asi.
“Miguan kɔɔ ɔdan bi a ɛbɛn hɔ mu kohintawee. Afei metee nnyigyei no bere a wimhyɛn a ɛto so abien bɛhwee anafo fam aban no mu no. Yentumi nka tebea no ho asɛm, na wusiw kumɔmm abunkam baabiara. Wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ yemfi baabi a asiane asi no. Wɔde me traa hyɛmma bi a ɛretwa East River akɔ Brooklyn no mu. Bere a miduu agya no, mehwɛɛ soro huu nkyerɛwde akɛse bi, ‘WATCHTOWER.’ Me maame som adwumayɛbea no ti! Mekɔɔ dwumadibea hɔ ntɛm ara. Ná minim sɛ ɛhɔ ne beae a wɔbɛhwɛ me yiye. Mitumi popaa me ho nyinaa na afei mefrɛɛ m’awofo.”
Ná Wendell (nifa so) yɛ pon ano hwɛfo wɔ Marriott Ahɔhodan a ɛhyɛ aban abien no ntam no mu. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ná mereyɛ adwuma wɔ abrannaa no so bere a wimhyɛn a edi kan no bɛhwee aban no mu no. Mihui sɛ nneɛma redwiriw gu. Mehwɛɛ abɔnten so, na mihui sɛ ogya rehyew ɔbarima bi a ɔda fam hɔ. Miyii me soro atade de mmirika kɔɔ hɔ sɛ merekodum gya no. Obi foforo a ɔretwam bɛboaa me. Ɔbarima no ntade nyinaa hyewee gye ne sɔks ne ne mpaboa. Afei odumgyafo bɛfaa no kɔɔ ayaresabea.
“Ɛno akyi bere tiaa bi no, Bryant Gumbel, a ɔwɔ CBS TV dwumadibea no frɛɛ telefon so bisabisaa me nea mihu wɔ nea ɛrekɔ so no ho. Enti, m’abusuafo a wɔwɔ Virgin Islands no tee wɔ wɔn TV so na wohui sɛ mewɔ nkwa mu.”
Ná Donald, odwumayɛni tenten gramoo bi a ne tenten yɛ sɛntimita 195 a ɔyɛ adwuma wɔ Wiase Sikasɛm Asoɛe no, wɔ aborosan a ɔyɛ mu adwuma no beae a ɛto so 31 no rehwɛ Aban a Ɛbɔ Ho Abien no ne Marriott Ahɔhodan no. Ɔkae sɛ: “Nea mihui no maa metɔɔ mum na me ho dwiriw me. Nkurɔfo fi atifi fam aban no mpomma mu tete gui na ebinom nso huruhuruw faa mu. Ehu kaa me ma miguan fii ɔdan a na mewom no mu ntɛm sɛnea metumi.”
Osuahu foforo ne ɛna bi a ɔwɔ ne mfe 60 mu ne ne mmabea baanu a wɔwɔ wɔn mfe 40 mu de no. Ná Ruth ne ne nuabea Joni ne wɔn maame Janice wɔ ahɔhodan bi a ɛbɛn Aban Abien no mu. Ruth, a ɔyɛ ɔyarehwɛfo no, ka n’asɛm sɛ: “Ná mewɔ aguare. Mpofirim ara na me maame ne me nuabea teɛɛm sɛ mimfi aguaree hɔ. Ná yɛwɔ abansoro no fã a ɛto so 16 no so, na na yetumi hu sɛnea nneɛma redwiriw fa mpomma mu no. Me maame hui ankasa sɛ ɔbarima bi atu nam ɔdan bi so sɛ nea wɔatow no afi baabi.
“Misiesiee me ho ntɛm ara, na yefii ase sianee. Yɛtee nteɛteɛm bebree. Yepue kogyinaa abɔnten. Yɛtee sɛ nneɛma reyɛ bumm, bumm, na yehui sɛ ogya redɛw. Wɔhyɛɛ yɛn sɛ yenguan nkɔ Battery Park wɔ anafo fam, baabi a Staten Island Ferry wɔ no. Bere a yɛrekɔ no, yɛanhu Maame a na ɔwɔ ntehyewa a enni sabea no bio. Ná ɔbɛyɛ dɛn agyina wusiw, nsõ, ne dɔte yi nyinaa ano? Yɛde dɔnhwerew fã hwehwɛɛ no a yɛanhu no. Nanso, anhaw yɛn mfiase no efisɛ na ɔwɔ ahoɔden na na ɔmpere nneɛma ho.
“Awiei koraa no, wɔkyerɛɛ yɛn sɛ yɛnnantew nkɔ Brooklyn Bridge no so na yentwa nkɔ n’agya. Hwɛ ahotɔ ara a yenyae bere a yeduu twene no fã a ɛhɔ yɛ Brooklyn na yehuu nkyerɛwde kɛse bi a ɛne ‘WATCHTOWER’ no! Yehui sɛ yɛanya yɛn ti adidi mu.
“Wogyee yɛn fɛw so maa yɛn dabere. Wɔmaa yɛn ntade nso efisɛ na yenni biribiara. Nanso na Maame wɔ he? Yɛde anadwo mũ nyinaa hwehwɛɛ no wɔ ayaresabea ahorow mu nanso yɛanhu no. Ade kyee anɔpa dubiako ne fã no, yɛn nsa kaa amanneɛbɔ bi. Ná maame wɔ ase hɔ, baabi a ahɔho twɛn no! Dɛn na na ayɛ no?”
Janice, ɛna no, toa asɛm no so sɛ: “Bere a yeguan fii ahɔhodan no mu no, na meredwen m’adamfo bi a ne mfe akɔ anim a na ontumi ne yɛn nguan no ho. Ná mepɛ sɛ mesan kɔtam no. Nanso na ɛno yɛ hu paa. Wɔ gyegyeegye no mu no, me ne me mmabea no mu tetewee. Nanso, na ɛnhaw me pii, esiane sɛ na wonim wɔn benkum ne wɔn nifa na na Ruth yɛ ɔyarehwɛfo a onim adwuma.
“Baabiara a mehwɛe no, na nkurɔfo hia mmoa, titiriw mmofra ne nkokoaa. Meboaa nnipa pii sɛnea metumi. Mekɔɔ baabi a wɔde wɔn a wɔn ho akam akogu reyɛ wɔn mu nhwehwɛmu ahu sɛnea obiara pira te na wɔnam so ahwɛ wɔn a wɔapira paa no kan no. Meboa hohoroo polisifo ne odumgyafo a na nsõ ne dɔte ayɛ wɔn ho nyinaa no nsa ho ne wɔn anim. Metraa hɔ kosii ahemadakye nnɔnabiɛsa. Afei meforoo hyɛmma a etwa to no kɔɔ Staten Island. Ná misusuw sɛ ebia me mmabea no akɔhwehwɛ guankɔbea wɔ hɔ. Nanso manhu wɔn.
“Anɔpa no, mebɔɔ mmɔden sɛ menya hyɛmma a edi kan no asan akɔ Manhattan, nanso me nsa anka esiane sɛ na menka adwumayɛfo a wogye wɔn a asiane ato wɔn no ho nti. Nanso mihuu polisifo a meboaa wɔn no biako. Meteɛɛm sɛ: ‘John! Mepɛ sɛ mesan kɔ Manhattan.’ Obuae sɛ: ‘Wo de di m’akyi.’
“Bere a miduu Manhattan no, mede m’ani kyerɛɛ Marriott Ahɔhodan no. Ebia na hokwan da so wɔ hɔ sɛ mɛboa m’adamfo a ne mfe akɔ anim no. Ná hokwan biara nni hɔ! Ná ahɔhodan no adwiriw agu. Ná beae hɔ ayɛ pasaa—na obiara nni hɔ. Ná polisifo ne odumgyafo a wɔn anim ayɛ bosãã no na wɔwɔ hɔ.
“Mesan kɔfaa Brooklyn Bridge no so. Bere a miduu twene no agya koraa no, mihuu nkyerɛwde bi a minim no yiye, ‘WATCHTOWER.’ Ebia mehu me mma no wɔ hɔ. Ampa ara wɔbaa baabi a ahɔho twɛn no bekyiaa me. Hwɛ sɛnea yɛyɛɛ yɛn ho atuu na yɛtee nusu!
“Anwonwasɛm ne sɛ, me ntehyewa no amma pɛnkoro mpo, ɛmfa ho wusiw, dɔte, ne nsõ bebrebe no. Mekɔɔ so bɔɔ mpae, efisɛ na mepɛ sɛ meyɛ mmoa, ɛnyɛ sɛ mɛyɛ adesoa.”
“Ná Baabiara Nni Hɔ a Ebesi!”
Rachel, ɔbea bi a ɔwɔ ne mfe 20 mfiase no, ka kyerɛ Nyan! kyerɛwfo no sɛ: “Ná menam me fie ho wɔ Manhattan anafo na metee wimhyɛn bi sũ wɔ soro. Na ano yɛ den araa ma mehwɛɛ soro. Mannye anni—na ɛyɛ wimhyɛn kɛse bi a ɛreba fam. Misusuw nea enti a ɛde mmirika kɛse reba fam no ho. Ná baabiara nni hɔ a ebesi! Ebia agye wimhyɛnkafo no nsam. Afei metee sɛ ɔbea bi reteɛteɛm, ‘Wimhyɛn no ahwe dan no mu!’ Atifi fam aban no paa gya kɛse bi. Mihuu tokuru tuntum kɛse bi wɔ aban no mu.
“Ná ɛno ne ahude a ɛsen biara a mahu wɔ m’asetram pɛn. Ná ɛyɛ me sɛ adaeso. Migyinaa hɔ tɛɛ m’anom. Bere tiaa bi mu no, wimhyɛn foforo bɛhwee aban a ɛto so abien no mu, na ɛmaa aban abien no bubui koraa. Me ho dwiriw me. Ná mintumi nhwɛ!”
“Sɛ Ɛsɛ sɛ Miguare Twa Asu no a, Meguare”
Ná afei na Denise a wadi mfe 16 no adu ne sukuu a ɛbɛn Amerika Aguadi Nhyehyɛe Asoɛe, a edi adan abiɛsa bi a ɛtoa Wiase Aguadi Asoɛe no so wɔ anafo fam so no. “Na afei na abɔ anɔpa 9.00 apa ho kakraa bi. Na minim sɛ biribi asi, nanso na minnim dekode. Na mewɔ sukuudan tenten no fã a ɛto so 11 no rekosua abakɔsɛm. Ná adesuafo no nyinaa abɔ hu. Nanso na ɔkyerɛkyerɛfo no pɛ sɛ yɛyɛ sɔhwɛ. Na yɛpɛ sɛ yepue kɔ fie.
“Afei ɔdan no wosowee bere a wimhyɛn a ɛto so abien no bɛhwee anafo fam aban no mu no. Nanso na yennim nea asi ara. Mpofirim ara na metee wɔ ɔkyerɛkyerɛfo no akasam a ɛhyɛ ne ho so sɛ: ‘Wimhyɛn abien ahwe Aban Abien no mu!’ Misee me ho sɛ, ‘Nyansa nnim sɛ yɛbɛkɔ so atra ha. Eyi yɛ amumɔyɛsɛm, na Aguadi Nhyehyɛe Asoɛe no bedi so.’ Enti yepuei.
“Yeguan kɔɔ Battery Park. Medan me ho hwɛɛ nea ɛrekɔ so. Mihui sɛ anafo fam aban no redwiriw agu. Enti misusuwii sɛ ɛbɛma adan atenten a atwa ho ahyia nyinaa abubu. Ná merebrɛ ɔhome ho efisɛ na nsõ ne dɔte akɔ me hwene ne me menem. Miguan kɔɔ East River, na misusuwii sɛ, ‘Sɛ ɛsɛ sɛ miguare twa asu no a, meguare.’ Bere a mereguan no, mebɔɔ Yehowa mpae sɛ onnye me.
“Awiei koraa no, meforoo hyɛmma bi kɔɔ New Jersey. Edii nnɔnhwerew anum ansa na me maame rehu me, nanso na asiane biara ntoo me!”
“So Eyi Ne M’asetra Da a Etwa To?”
Ná Joshua, a wadi mfe 28, a ofi Princeton, New Jersey, no rekyerɛ ade wɔ atifi fam aban no fã a ɛto so 40 no so. Ɔka sɛ: “Mpofirim ara, ɛyɛɛ sɛnea ɔtopae bi atow. Ɔdan no wosowee, enti mekae sɛ, ‘Dabi, eyi yɛ asasewosow.’ Mehwɛɛ abɔnten, na na ɛyɛ me sɛ adaeso—na wusiw ne nneɛma a abubu fi dan no so regu. Meka kyerɛɛ adesuakuw no sɛ, ‘Munnyaw biribiara hɔ nguan. Momma yɛnkɔ!’
“Yesianee atrapoe a na wusiw ayɛ so ma no, na na nsu fi nnwinnade a nsu fam pete nneɛma so no mu reba. Nanso na yɛmmɔ hu. Mekɔɔ so bɔɔ mpae sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛfa baabi pa na yɛankohyia ogya no.
“Bere a yɛresian atrapoe no, misusuwii sɛ, ‘So eyi ne m’asetra da a etwa to?’ Mekɔɔ so bɔɔ Yehowa mpae, na minyaa abotɔyam soronko bi. Minnyaa abotɔyam a ɛte saa da. Me werɛ remfi saa bere no da.
“Bere a yepue fii ɔdan no mu no, na polisifo no rekyerɛ nkurɔfo baabi a wɔnkɔ. Mehwɛɛ aban no na mihui sɛ adan abien no mu abaabae. Ná ayɛ sɛ adaeso.
“Afei metee nnyigyei bi a ɛyɛ hu—kommyɛ soronko bi a ɛte sɛ nea nnipa mpempem pii agyae home. Ɛyɛɛ sɛ nea New York atɛm dinn. Afei metee nteɛteɛm bi. Ná anafo fam aban no redwiriw agu mu! Wusiw, nsõ ne mfutuma pii bi bɔ baa yɛn so. Ná ɛte sɛ sini mu dede. Nanso na eyi yɛ paara. Bere a wusiw no duruu yɛn ho no, na ɛyɛ den sɛ yɛbɛhome.
“Mede m’ani kyerɛɛ Manhattan Bridge no so, na ɛhɔ no medan me ho hui sɛ atifi fam aban no ne adwinnade kɛse a wɔde kyere TV so dwumadi no redwiriw agu. Bere a menam twene no so no, mekɔɔ so bɔɔ mpae sɛ medu Betel, Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwumayɛbea ti hɔ. Minnyaa anigye kɛse saa da wɔ m’asetra nyinaa mu sɛ saa beae no a mihui no. Ná sɛnkyerɛnne kɛse bi a nnipa mpempem pii betumi ahu da biara da si adwinnan fasu no so a ɛkenkan sɛ, ‘Kenkan Onyankopɔn Asɛm Bible no Daa’! Mekae sɛ, ‘Aka kakra na madu hɔ. Kɔ w’anim ara.’
“Bere a misusuw nsɛm a asisi no ho no, ɛkanyan me ma mihu nneɛma a ɛsɛ sɛ mede di kan wɔ asetram—sɛ́ mede nea ehia paa no bedi kan.”
“Mihui sɛ Nkurɔfo Rehuruw Fi Aban no So”
Jessica, a wadi mfe 22 no, huu nea na ɛresi no bere a opue fii asase ase keteke kwan mu no. “Mehwɛɛ soro huu nsõ, nneɛma a abubu, ne nnade asinasin nyinaa bi sɛ ɛreba fam. Ná nkurɔfo retwɛn afrɛ wɔ abɔnten so telefon so na na ehu reka wɔn kɛse esiane sɛ na santen no nkɔ ntɛm nti no. Mebɔɔ mpae hwehwɛɛ abotɔyam. Afei biribi foforo paee. Ná nnade ne nhwehwɛ nenam wim. Metee dede foforo, ‘Na ɛyɛ wimhyɛn foforo!’
“Mehwɛɛ soro, na na ɛyɛ ahodwiriw sɛ mɛhwɛ—nkurɔfo a wɔrehuruw fi adan a ɛwɔ soro paa so, baabi a na wusiw ne ogya fi ba no. Ɛda so ara gyinagyina m’ani so—ɔbarima ne ɔbea bi. Wosoo mpomma bi mu mfiase no. Afei eyii wɔn, na wɔkɔɔ so munimunii. Ná ɛyɛ den sɛ wobɛhwɛ.
“Awiei koraa no, miduu Brooklyn Bridge no so, na miyiyii me mpaboa a ɛkye me no guan kɔɔ nsu no agya a ɛhɔ yɛ Brooklyn no. Menantew kɔɔ Ɔwɛn Aban adwumayɛbea hɔ, na ɛhɔ no wɔboa dwudwoo me koma.
“Saa anadwo no, mekenkanee September 8, 2001 Nyan! mu nsɛm a ɛne Amanehunu Akyi Adwennwen Ano a Yebegyina no wɔ fie. Hwɛ sɛnea saa nsɛm no boaa me fae!”
Sɛnea na asiane no kɛse te no maa nkurɔfo boae sɛnea wobetumi biara. Asɛm a edi hɔ no ka saa adeyɛ no ho asɛm.
[Ase hɔ asɛm]
a Nyan! bisabisaa wɔn a wofii mu kae no pii nsɛm, na yentumi nka ne nyinaa wɔ asɛm tiawa yi mu. Wɔn mmoa so na yɛnam nyaa saa kyerɛwtohɔ yi.
[Asɛm a Wɔahyehyɛ/Mfonini ahorow wɔ kratafa 8, 9]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)
ASƐE
1 ATIFI FAM ABAN 1 Wiase Aguadi Asoɛe
2 ANAFO FAM ABAN 2 Wiase Aguadi Asoɛe
3 MARRIOTT AHƆHODAN 3 Wiase Aguadi Asoɛe
7 WIASE AGUADI ASOƐE NO
ASƐE KƐSE
4 WIASE AGUADI ASOƐE
5 WIASE AGUADI ASOƐE
L ONE LIBERTY PLAZA
D DEUTSCHE SIKAKORABEA 130 Liberty St.
6 U.S. TOWGYE ASOƐE 6 Wiase Aguadi Asoɛe
N S ATIFI NE ANAFO FAM ATWENE A NKURƆFO FA SO NO
ƐFA BI SƐEE
2F WIASE SIKASƐM ASOƐE
3F WIASE SIKASƐM ASOƐE
W AWƆW BERE TURO
[Asɛm Fibea]
As of October 4, 2001 3D Map of Lower Manhattan by Urban Data Solutions, Inc.
[Mfonini ahorow]
Soro: Anafo fam aban no dwiriw gui kan
Atifi: Ebinom guan kɔɔ Watchtower dan ahorow mu kɔpɛɛ guankɔbea
Nifa: Odumgyafo ne adwumayɛfo a wɔreyɛ mmoa ɔhaha pii yɛɛ adwumaden wɔ Ground Zero
[Nsɛm Fibea]
AP Photo/Jerry Torrens
Andrea Booher/FEMA News Photo
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]
AP Photo/Marty Lederhandler
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 4]
AP Photo/Suzanne Plunkett