Mmoa ne Awerɛkyekye a Efi Mmeae Bebree
ATUHOAMAFO fi United States mmeae foforo ne aman foforo mu bae. Atuhoamafo a wɔte saa no biako ne Tom (atifi), a wadi mfe 29, odumgyani a ofi Ottawa, Canada no. Ɔka kyerɛɛ Nyan! sɛ: “Mihuu nea asi no wɔ TV so na minyaa ɔpɛ sɛ mɛboa me nuanom odumgyafo a wɔwɔ New York no. Misiim Fida baa New York na mekɔɔ Ground Zero Memeneda kɔyɛɛ mmoa. Wɔde me kaa nea wɔfrɛ no aboafo kuw a woyiyi nneɛma abubu no ho ma yɛde bokiti yiyii nneɛma a abubu no.
“Yɛde sofi yiyii afabo no nkakrankakra hwehwɛɛ nneɛma a ebetumi aboa ma yɛahu odumgyafo a wɔatotɔ no. Mihuu Halligan adwinnade a wɔde bue dan ne nnwinnade foforo a wɔde hyehyɛ rɔba durubɛn ano de keka sisi anim. Ná ɛyɛ adwumaden ankasa. Egyee nnɔnhwerew abien ansa na atuhoamafo 50 resesaw mmubui kar kɛse biako.
“Wɔ Dwoda, September 17 no, yeyiyii odumgyafo bi a wɔbɔɔ kirididi kɔɔ dan no mu Benada a na atwam no afunu. Me werɛ remfi nea yehui no da—adwumayɛfo no nyinaa gyaee adwumayɛ, yiyii wɔn kyɛw dennen no, na wogyinaa hɔ—de kyerɛɛ obu maa yɛn mfɛfo a wɔawuwu no.
“Bere a migyina hɔ rehwɛ tebea no wɔ Ground Zero no, me ho dwiriw me wɔ sɛnea nnɛ nkwa twam frɛdɛ no ho. Ɛmaa misusuw m’asetra, m’adwuma, ne m’abusua ho. Ɛmfa ho sɛ asiane wɔ m’adwuma no mu no, ɛyɛ nea mfaso wɔ so—ɛma mitumi boa nkurɔfo, na migye ebinom nkwa mpo.”
Adansefo De Mmoa a Mfaso Wɔ So Ma
Wɔ asiane no akyi nnanu no, nnipa bɛyɛ 70 guan kɔɔ Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwumayɛbea ti hɔ. Wɔmaa ebinom a na wɔahwere ahɔhodan a wɔda mu ne wɔn nneɛma no baabi dae na wɔmaa wɔn ntade nso. Wɔmaa wɔn aduan. Ebia nea ɛsen saa no, Kristofo mpanyimfo a wɔn ho akokwaw maa wɔn nkate fam mmoa.
Yehowa Adansefo san de nnwinnade ne nneɛma a wohia wɔ ahokyere bere mu kɔmaa adwumayɛfo a na wɔreyɛ adwuma wɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Ground Zero no. Wɔde kar nso kɔmaa odumgya adwumayɛbea no ma wɔde sesaa odumgyafo kɔɔ beae a wɔrekɔyɛ mmoa no. Ná Ricardo (nifa, soro hɔ), Ɔdansefo a wadi mfe 39 na ɔyɛ ahotew ho dwumayɛni no ka afoforo ɔhaha pii ho ma wɔsesaw nneɛma abubu tɔn pii da biara da. Ɔka kyerɛɛ Nyan! sɛ: “Ná tebea no yɛ awerɛhow, titiriw ma odumgyafo a wɔrehwehwɛ wɔn mfɛfo adwumayɛfo a wɔayera no. Mihui sɛ wɔayi odumgyani bi anikan. Obi a na ofi soro rebɛhwe fam nso bɛhwee odumgyani foforo so ma owui. Odumgyafo pii sui. Me nso misui. Saa da no, obiara nni hɔ a na ɔwɔ akokoduru sen wɔn.”
‘Ɛbere ne Asiane’
Nnipa mpempem pii na wowuwui anaa wɔyerae. Anyɛ yiye koraa no, Adansefo 14 a na wɔwɔ beae a asiane no sii anaa baabi a ɛbɛn hɔ no na wɔka eyinom ho. Ná Joyce Cummings a wadi mfirihyia 65 na ofi Trinidad no rekɔhwɛ ne sẽ wɔ beae bi a ɛbɛn Wiase Aguadi Asoɛe hɔ. Awerɛhosɛm ne sɛ saa bere no ara na asiane no sii. Ɛda adi sɛ wusiw bunkam no so na wɔyɛɛ ntɛm de no kɔɔ ayaresabea bi a ɛbɛn hɔ. Wɔantumi annye no nkwa. Ne tebea no nso te sɛ nea nnipa pii hyia a wɔka ho asɛm sɛ ‘ɛbere ne asiane’ no. (Ɔsɛnkafo 9:11) Ná wonim no sɛ ɔsɛmpakafo a ɔyɛ nsi ankasa.
Ná Calvin Dawson (hwɛ adaka no mu) yɛ adwuma wɔ adwumakuw bi a wodi anim yɛ nnwuma ma afoforo mu wɔ anafo fam aban no fã a ɛto so 84 so. Na ɔwɔ n’adwumayɛbea, na ohuu atifi fam aban no pefee bere a wimhyɛn no bɛhwee mu ara no. N’adwumawura a na onni adwumayɛbea hɔ no frɛɛ no telefon so bisaa no nea asi. Ɔkae sɛ: “Ná Calvin rebɔ mmɔden aka nea ohui akyerɛ me. Ɔkae sɛ, ‘Nkurɔfo rehuruw fa mpomma mu!’ Meka kyerɛɛ no sɛ omfi adwumayɛbea hɔ na ɔmma wɔn a aka no nso mfi hɔ.” Calvin antumi amfi hɔ. Adwumawura no toaa so sɛ: “Ɛsɛ sɛ meka kyerɛ wo sɛ na Calvin yɛ ɔbarima soronko na na obiara pɛ n’asɛm, yɛn a yɛnyɛ nyamesomfo mpo. Yɛn ani gyee ne suban pa ne n’ayamye ho.”
Ɔdansefo foforo a owui ne James Amato (kratafa a edi hɔ no ase hɔ wɔ nifa so), agya a ɔwɔ mma baanan na ɔyɛ panyin wɔ New York odumgya adwumayɛbea hɔ. Wɔn a wonim no no kae sɛ ɔwɔ akokoduru ara ma “na owura ɔdan a ɛrehyew no mu bere a na nnipa reguan fi mu mpo no.” Wɔbɔɔ James aba so yɛɛ no dɔm so panyin bere a na onni hɔ.
Ɔdansefo foforo a ɔde mfe ason ayɛ odumgya adwuma ne George DiPasquale. Ná ne yere ne Melissa na na ɔwɔ babea a wadi mfe abien, Georgia Rose. Na ɔyɛ ɔpanyin wɔ Yehowa Adansefo asafo a ɛwɔ Staten Island no mu, na na ɔwɔ anafo fam aban no fã a ɛto so du no so bere a aban no dwiriw gui no. Ɔno nso de ne nkwa twaa so bere a ɔbɔɔ mmɔden sɛ obegye afoforo no.
Eyinom yɛ odumgyafo, polisifo, ne ahokyere mu adwumayɛfo ɔhaha pii a wowuwui bere a wɔde akokoduru bɔɔ mmɔden sɛ wobegye nkurɔfo no mu abien pɛ. Yɛrentumi nka akokoduru a saa adwumayɛfo yi daa no adi no ho asɛm. New York Kuropɔn sohwɛfo, Rudolph Giuliani, kae akyiri yi kyerɛɛ odumgyafo kuw bi a na wɔrebɔ wɔn aba so sɛ: “Ɔpɛ a mowɔ sɛ mode akokoduru bɛkɔ mo anim wɔ tebea a ɛyɛ den sen biara mu no yɛ biribi a ɛkanyan yɛn nyinaa. . . . Na . . . akokoduru ho nhwɛso biara nni hɔ a edi mu sen nea New York Kuropɔn Odumgya Adwumayɛbea daa no adi no.”
Asɛnka a Ɛkyekye Nkurɔfo Werɛ
Wɔ nna a edi asiane no akyi mu no, Yehowa Adansefo bɛyɛ 900,000 a wɔwɔ United States no bɔɔ mmɔden kɛse sɛ wɔbɛkyekye wɔn a wɔredi awerɛhow no nyinaa werɛ. Ɔdɔ a wɔwɔ ma wɔn mfɛfo nnipa kaa wɔn ma wɔkyekyee wɔn a wɔredi awerɛhow no werɛ. (Mateo 22:39) Wɔ wɔn asɛnka mu no, wɔbɔɔ mmɔden nso sɛ wɔbɛtwe adwene asi nokware anidaso koro pɛ a ɛwɔ hɔ ma adesamma a wɔrehu amane no so.—2 Petro 3:13.
Adansefo no daa ayamhyehye adi bere a wɔkɔɔ ɔmanfo nkyɛn no. Ná wɔn botae ne sɛ wobefi Kyerɛwnsɛm no mu akyekye nkurɔfo werɛ na wɔasuasua Kristo a ɔkaa nea edi so yi no nhwɛso a abotɔyam wom no: “Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnosoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma moahome. Momfa me kɔndua nto mo ho so, na munsua me, sɛ midwo na mebrɛ me ho ase koma mu; na mubenya ɔhome ama mo akra. Na me kɔndua yɛ mmerɛw, na m’adesoa yɛ hare.”—Mateo 11:28-30.
Wɔmaa mpanyimfo akuw a wofi Yehowa Adansefo asafo ahorow a ɛwɔ Manhattan mu no kwan ma wɔkɔɔ Ground Zero kɔkasa kyekyee adwumayɛfo a wɔreboa afoforo wɔ hɔ no werɛ. Nkurɔfo kyerɛɛ ho anigye kɛse. Nsɛm a asomfo yi kae ni: “Mmarima no sui bere a yɛkenkan kyerɛw nsɛm kyerɛɛ wɔn no.” Ná adwumayɛfo no regye wɔn ahome wɔ hyɛmma bi mu wɔ hyɛn gyinabea bi. “Na mmarima no abotow koraa, na na wɔasisi wɔn ti ase, a na wontumi nnyina nea wɔahu no ano. Yɛne wɔn traa ase kenkan kyerɛw nsɛm fii Bible no mu. Mmarima no daa yɛn ase yiye sɛ yɛbaa hɔ, na wɔkae sɛ wohia awerɛkyekye a ɛte saa ankasa.”
Ná nkurɔfo a yɛkɔɔ wɔn nkyɛn wɔ asiane no akyi no pɛ biribi akenkan bere nyinaa, na yɛmaa wɔn nhomawa ahorow mpempem pii a wɔantua hwee. Eyinom mu bi ne Bere a Obi a Wodɔ No Awu, Will There Ever Be a World Without War?, ne So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa? Afei nso, yɛtwee adwene sii Nyan! ahorow abien mu nsɛm a edi kan so titiriw: “Amumɔyɛsɛm a Asesa” (June 8, 2001) ne “Amanehunu Akyi Adwennwen Ano a Yebegyina” (September 8, 2001). Wɔ nsɛm pii mu no, Adansefo no kyerɛkyerɛɛ owusɔre ho anidaso a ɛwɔ Bible mu no mu. (Yohane 5:28, 29; Asomafo no Nnwuma 24:15) Ebia wɔde saa awerɛkyekyesɛm yi duu nnipa ɔpepem pii nkyɛn.
Ɛsɛ sɛ Ɛma Yesusuw Nneɛma Ho
Ɛsɛ sɛ asiane te sɛ nea esii wɔ New York Kuropɔn mu no ma yɛn nyinaa susuw nea yɛde yɛn nkwa reyɛ ho. So yedi pɛsɛmenkominya asetra akyi anaasɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛma afoforo ani agye? Odiyifo Mika bisae sɛ: ‘Dɛn na Yehowa hwehwɛ wo hɔ sen sɛ wobɛyɛ adetrenee na woadɔ ayamye na wode ahobrɛase ne wo Nyankopɔn anantew?’ (Mika 6:8) Ɛsɛ sɛ yɛde ahobrɛase dan kɔ Onyankopɔn Asɛm so kɔhwehwɛ nokware anidaso a ɛwɔ hɔ ma awufo na yehu nea ɛrenkyɛ Onyankopɔn bɛyɛ asan de Paradise tebea aba asase yi so no. Sɛ wopɛ sɛ wuhu pii fa Bible bɔhyɛ ahorow ho a, yɛhyɛ wo nkuran sɛ hu Yehowa Adansefo a wɔwɔ wo mpɔtam hɔ no.—Yesaia 65:17, 21-25; Adiyisɛm 21:1-4.
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 11]
TATIANA MPAEBƆ
Calvin Dawson yere kunafo, Lena, kaa mpae a ne babea a wadi mfe ason bɔe nnafua kakraa bi akyi a ohui sɛ ne papa mma fie no ho asɛm kyerɛɛ Nyan! Ná Lena abɔ mpae, na Tatiana bisae sɛ, “Maame, so metumi abɔ mpae?” Ɛna no penee so. Tatiana bɔɔ mpae sɛ: “Yɛn soro Agya, Yehowa, yɛpɛ sɛ yɛda wo ase wɔ saa aduan yi ne nkwa mu a yɛte nnɛ yi ho. Na yɛpɛ sɛ wo honhom no ka me ne Maame ho na ama yɛatumi ayɛ den. Na yɛsrɛ sɛ ma wo honhom no nka Paapa ho, sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ ɔsan ba a, obetumi ayɛ den. Ɛne sɛ sɛ ɔsan ba fie a, ne ho bɛyɛ fɛ, anya ahoɔden, anigye ne apɔwmuden, na yɛasan ahu no bio. Wɔ Yesu din mu . . . o, na hyɛ Maame nso den. Amen.”
Lena, a na ontumi nhu sɛ ebia Tatiana nim nea asi no, kae sɛ: “Tiana, woayɛ ade. Nanso, Me dɔba, so wunim sɛ Paapa rensan mma?” Ntɛm ara, awɔse guu Tatiana. Obisae sɛ, “Ɔrensan mma?” Ne maame buae sɛ, “Dabi. Minim sɛ saa na meka kyerɛɛ wo. Minim sɛ wunim sɛ Paapa rensan mma.” Tatiana kae sɛ: “Nanso na woka kyerɛ me bere nyinaa sɛ ɔbɛba wɔ wiase foforo no mu!” Bere a awiei koraa Lena huu nea ne babea no repɛ akyerɛ no, ɔkae sɛ: “Tatiana, mepa wo kyɛw. Mante ase saa. Ná misusuw sɛ wokyerɛ sɛ Paapa bɛsan aba ɔkyena.” Lena kae sɛ: “Me ho baee me sɛ mihui sɛ onim sɛ wiase foforo no bɛba paara.”