Mehweree Me Ba a na Ɔhyɛ Yafunum No
DWODA, April 10, 2000, yɛ da a owia bɔe maa wim yɛɛ hyew, enti mifii adi sɛ merekɔyɛ nneɛma bi. Na merehyɛn me nyinsɛn no asram anan kosi asia no mu, na m’ani gyei sɛ mipuee abɔnten, ɛwom mpo sɛ na me ho mfa me papa de. Afei bere a midi santen bi a yɛato rekotua nneɛma ka wɔ sotɔɔ bi a wɔtɔn nnuan wɔ mu no, metee nka sɛ biribi nkɔ yiye wɔ me nipadua mu.
Miduu fie no, mihui sɛ na ade a ɛyɛ me no yɛ paa ara. Na mogya retu me—biribi a ansi wɔ me nyinsɛn abien a atwam dedaw no mu—na ɛbɔɔ me hu yiye! Mefrɛɛ me duruyɛfo, nanso esiane sɛ na me ne no wɔ nhyehyɛe sɛ yebehyia ɛda a edi hɔ no nti, ɔkae sɛ mentwɛn. Ansa na me ne me kunu rededa yɛn mma baanu no, yeboom bɔɔ mpae srɛɛ Yehowa sɛ ɔmma yɛn ahoɔden a yebehia wɔ ɔkwan biara so. Awiei koraa no, medae.
Nanso bɛyɛ sɛ nnɔnabien no, mesɔree a na mete yaw a emu yɛ den. Ɛyaw no kɔɔ fam nkakrankakra, nanso bere a meresan ada bio pɛ, na ɛsan bae, a saa bere yi de na ɛtoatoa so. Mogya a na ɛretu me no yɛɛ kɛse, na metee nka sɛ menkyem. Medwen kɔɔ akyiri bɔɔ mmɔden hwehwɛe sɛ ebia mayɛ biribi a ɛbɛma eyi asi, nanso mantumi anhu mfomso bi a na mayɛ.
Ɛbɔɔ anɔpa nnɔnnum no, na minim sɛ ɛsɛ sɛ mekɔ ayaresabea. Bere a me ne me kunu duu hɔ no, dan a wɔhwɛ wɔn a wɔn tebea gye ntɛmpɛ wom adwumayɛfo a wɔwɔ ayamye na wɔyɛ aboafo, na wɔsan yɛ timmɔbɔ a yɛkɔtoo wɔn no maa yenyaa akomatɔyam. Afei nnɔnhwerew abien akyi no, oduruyɛfo no kaa asɛm a na yɛmpɛ sɛ yɛte no kyerɛɛ yɛn: Mahwere me ba no.
Esiane nsɛnkyerɛnne a na madi kan ahu no nti, na masiesie me ho ama nea ebefi mu aba yi, enti manyɛ ade antra so. Bio nso, me kunu kaa me ho bere yi nyinaa mu na ɛboaa me yiye. Bere a yɛrebɛkɔ fie a yenkura akokoaa no, na yenhu nea yɛbɛka akyerɛ yɛn mma baanu, Kaitlyn a wadi mfe asia ne David a wadi mfe anan no.
Dɛn na Yɛnka Nkyerɛ Yɛn Mma No?
Na mmofra no nim sɛ biribi nkɔ yiye ansa na wɔrekɔda, nanso na yɛbɛyɛ dɛn aka akyerɛ wɔn sɛ wɔn nuabarima anaa nuabea kumaa a na wɔrehwɛ no kwan no awu? Yesii gyinae sɛ yɛbɛda nokware no adi na yɛremfa biribiara nsie wɔn. Me maame boaa yɛn wɔ eyi yɛ mu denam ka a ɔka kyerɛɛ mmofra no sɛ akokoaa no ne yɛn mmɛtra fie no. Bere a yeduu fie no, wɔbam yɛn dennennen fefew yɛn ano. Wɔn asɛmmisa a edi kan ne sɛ, “Akokoaa no ho ye?” Mantumi ammua, nanso me kunu a na waka yɛn afam ne ho denneennen no, kae sɛ: “Akokoaa no awu.” Yɛbam yɛn ho yɛn ho sui, na ɛno na ɛboa maa yɛn ho fii ase san yɛn.
Na yensiesiee yɛn ho yiye mmaa nea yɛn mma no bɛyɛ akyiri yi no. Sɛ nhwɛso no, mepɔnee akyi adapɛn abien no, wɔbɔɔ amanneɛ wɔ Yehowa Adansefo asafo a yɛwom no mu sɛ Ɔdansefo bi a ne mfe akɔ anim a ɔyɛ yɛn abusua no adamfo paa awu. David, a wadi mfe anan no, sui a wɔpata no a ɛmpata, enti me kunu de no kɔɔ abɔnten. David gyaee su no, obisaa nea enti a n’adamfo no awu no ho asɛm. Afei obisaa nea enti a akokoaa no wui. Ɔka kyerɛɛ ne papa sɛ: “So worebewu?” Na ɔpɛ sɛ ohu nea enti a ɛde besi sesɛɛ Yehowa Nyankopɔn nsɛee Ɔbonsam na omfii ase “nsiesie nneɛma” no nso. Nokwarem no, yɛn ho dwiriw yɛn wɔ nneɛma a na ɛrekɔ so wɔ saa abofra ketewaa no adwene mu no ho.
Kaitlyn nso bisaa nsɛm bebree. Sɛ ɔde n’abaduaba redi agoru a, na ɔtaa hyɛ da yɛ te sɛ nea abaduaba no bi yare, ma abaduaba a aka no bɛyɛ ayarehwɛfo anaa abusuafo. Osiesie krataa adaka te sɛ abaduaba ayaresabea na ɛtɔ mmere bi a na ɔhyɛ da yɛ te sɛ nea n’abaduaba no biako awu. Yɛn mma no nsɛmmisa ne agoru no maa yenyaa hokwan kyerɛkyerɛɛ wɔn nkwa ho nneɛma a ɛho hia ne sɛnea Bible no betumi aboa yɛn ma yɛagyina sɔhwɛ ahorow ano. Yɛkaee wɔn Onyankopɔn atirimpɔw a ɛne sɛ ɔbɛyɛ asase no paradise fɛfɛ, a amanehunu ne yaw biara nnim—owu mpo ka ho—no nso.—Adiyisɛm 21:3, 4.
Sɛnea Migyina Adehwere no Ano
Bere a mifii ayaresabea baa fie mfiase no, metee nka sɛ mayɛ sisirii na m’adwene atu afra. Na minnim sɛnea mefi ase ayɛ nneɛma a atwa me ho ahyia a ɛsɛ sɛ mɛyɛ no. Mefrɛɛ me nnamfo awarefo dodow bi a wɔafa saa tebea koro no mu, na wɔmaa me awerɛkyekye nsɛm pii. Yɛn adamfo pa bi brɛɛ yɛn nhwiren na ofii ne pɛ mu sɛ ɔbɛhwɛ mmofra no wɔ awiabere. M’ani sɔɔ ɔdɔ mu a ofi dwen yɛn ho ne mmoa ankasa a ɔde mae no ho yiye!
Mehyehyɛɛ abusua mfonini wɔ nhoma a wɔde mfonini hyehyɛ mu no mu. Mefaa abofra ntade a wɔnhyɛe no hwɛe—ade titiriw a na ɛkae me abofra a mahwere no no. Mekɔɔ nkate fam ahokyere a na ɛsakrasakra mu. Abusuafo ne nnamfonom mmoa a wɔde maa me nyinaa akyi mpo no, na mintumi nnyae su wɔ nna bi mu. Ɛtɔ mmere bi a na ɛyɛ me sɛ m’adwene resɛe. Na ɛyɛ den ma me titiriw sɛ me ne nnamfo a wɔanyinsɛn bɛbɔ. Kan no, na misusuw sɛ yafunu a wɔpɔn yɛ “ɔhaw a etwam bere tia mu” wɔ ɔbea asetram, a ɛnkyɛ na yɛatumi adi so. Hwɛ sɛnea midii mfomso!a
Ɔdɔ—Ayaresa a Ɛsen Biara
Bere a etwaam ne ɔdɔ a me kunu ne me mfɛfo Kristofo yii no adi kyerɛɛ me no yɛɛ ayaresa a etu mpɔn a minyae. Ɔdansefo biako yɛɛ aduan brɛɛ yɛn. Asafo mu panyin bi ne ne yere brɛɛ yɛn nhwiren ne krataa a wɔde ma hyɛden, na wɔtraa yɛn nkyɛn anwummere no. Susuw a wosusuw yɛn ho no kaa yɛn koma efisɛ na yenim sɛnea wɔn mmere ho yɛ nã fa. Yɛn nnamfo afoforo de nkrataa a wɔde ma hyɛden anaa nhwiren brɛɛ yɛn. Nsɛm tiawa te sɛ “Yɛredwen mo ho” kaa yɛn pii! Asafo no muni biako kyerɛwee sɛ: “Yebu nkwa sɛnea Yehowa bu no no—sɛ biribi a ɛsom bo sen biara. Sɛ onim bere a akasanoma biako mpo tɔ fam a, ɛnde ampa ara sɛ onim bere a yafunum ba tɔ.” Me nua yere kyerɛwee sɛ: “Awo ne nkwa yɛ anwonwade a ɛma yɛn ho dwiriw yɛn, na saa pɛpɛɛpɛ nso na sɛ yafunum ba anyɛ yiye a ɛyɛ yɛn ahodwiriw.”
Nnawɔtwe kakraa bi akyi a na yɛwɔ Ahenni Asa so no, metee nka sɛ mepɛ sɛ misu enti mifii asafo nhyiam no ase ansa na wɔrefi ase. Me nnamfo paa baanu a wohui sɛ mede nusu repue no bɛtraa me nkyɛn wɔ kar no mu, soo me nsa, na wɔma me serewee. Ankyɛ na yɛn baasa no nyinaa san kɔɔ mu. Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ wubenya nnamfo a ‘wɔfam wo ho sen onua’!—Mmebusɛm 18:24.
Bere a ɛho asɛm retrɛw no, ɛyɛɛ me nwonwa sɛ mibehui sɛ na me mfɛfo Adansefo dodow no ara afa saa tebea koro yi mu. Wɔn a na bere bi a atwam mpo no na me ne wɔn mmɔ pii no tumi maa me awerɛkyekye ne nkuranhyɛ soronko. Ɔdɔ mu a wofi boaa me wɔ bere a na ade ahia me no kae me Bible mu asɛm a ese: “Adamfo dɔ bere nyinaa mu, na onua, wɔwoo no maa hiada.”—Mmebusɛm 17:17.
Awerɛkyekye a Efi Onyankopɔn Asɛm Mu
Mepɔn me yafunu no nnawɔtwe akyi na wodii Kristo wu Nkaedi no. Bere a yɛrekenkan Bible kyerɛwtohɔ ahorow a ɛfa Yesu nna a na etwa to anwummere no, ɛbaa m’adwene mu prɛko pɛ sɛ: ‘Yehowa nim sɛnea ɛyɛ yaw sɛ wobɛhwere ade. Ɔhweree n’ankasa ba!’ Ɛtɔ da bi a, esiane sɛ Yehowa yɛ yɛn soro Agya nti, me werɛ fi sɛnea ɔwɔ ntease ne tema ankasa ma ne nkoa—ɔbarima ne ɔbea. Amonom hɔ ara no metee nka sɛ me ho atɔ me paa. Mete nka sɛ mabɛn Yehowa sen bere biara.
Minyaa nkuranhyɛ pii nso fii Bible ho nhoma mu, titiriw no Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma a aba dedaw a ɛka nsɛm fa hwere a wɔhwere obi a wɔdɔ no ho asɛm no. Sɛ nhwɛso no, nsɛm a ɛfa “Abawu Ano a Wogyina” ho a ɛwɔ February 8, 1988 Nyan! mu no boaa me pii, na saa ara na Bere a Obi a Wodɔ No Awu nhomawa no nso yɛe.b
Awerɛhodi Awiei
Mmere rekɔ so no, ná mitumi bɔ nkɔmmɔ a menka akokoaa a na mahwere no no ho asɛm, na mihui sɛ me ho retɔ me bere a mitumi serew a m’ahonim mmu me fɔ. Eyi mpo mu no, na mitumi yɛ basaa, ne titiriw no sɛ mihyia nnamfo a wɔntee me yafunu a apɔn no ho asɛm anaa bere a abusua bi a wɔawo foforo abɛsra yɛn wɔ yɛn Ahenni Asa so no.
Afei da koro anɔpa a mesɔree no metee nka sɛ m’adwenemhaw no afi me so koraa. Metee nka sɛ me ho atɔ me mpo ansa na merebue m’aniwa—asomdwoe ne ahotɔ a mentee da wɔ asram pii mu. Nanso, bere a mehweree me ba no afe biako akyi a minyinsɛnee bio no, na yafunu a ebetumi apɔn ho asɛm san ba m’adwenem. Anigyesɛm ne sɛ, mewoo abarimaa hoɔdenfo bi wɔ October 2001 mu.
Meda so di awerɛhow wɔ akokoaa a mehweree no no ho. Nanso, nea esii yi nyinaa ama manya anisɔ kɛse ama nkwa, m’abusua, mfɛfo Kristofo, ne Onyankopɔn—a ɔkyekye yɛn werɛ no. Osuahu yi nso asi nokwasɛm a ɛyɛ yaw a ɛne sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔfa yɛn mma no na mmom ‘ɛbere ne asiane na ɛto yɛn nyinaa’ no so dua.—Ɔsɛnkafo 9:11.
Hwɛ sɛnea mehwɛ kwan sɛ bere bi bɛba a Onyankopɔn beyi awerɛhow, osu, ne honam ne nkate mu yaw a efi yafunu a wɔpɔn mu ba nyinaa afi hɔ! (Yesaia 65:17-23) Afei adesamma asoɔmmerɛwfo nyinaa betumi aka sɛ: “Owu, wo nkonim wɔ he? Owu, wo nwowɔee wɔ he?”—1 Korintofo 15:55; Yesaia 25:8.— Wɔkyerɛw mae.
[Ase hɔ nsɛm]
a Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ obiara yɛ n’ade wɔ ɔkwan soronko so wɔ yafunu a wɔpɔn ho. Ebinom yɛ basaa, afoforo te nka sɛ wɔadi nkogu, afoforo nso werɛ how ma ɛboro so. Nhwehwɛmufo ka sɛ awerɛhow yɛ awosu mu adeyɛ a ɛba wɔ bere a yɛahyia ɔhaw a emu yɛ den te sɛ yafunu a wɔpɔn, na ɛboa ma yedi ɛyaw no so.
b Yehowa Adansefo na wontintimii.
[Adaka wɔ kratafa 29]
Nea Ɛtaa Ma Wɔpɔn Yafunu
The World Book Encyclopedia ka sɛ “Nhwehwɛmu a wɔayɛ kyerɛ sɛ nyinsɛn a wɔyɛ nhwehwɛmu hu nyinaa mu ɔha nkyem 15 kosi 20 yɛ nea wɔpɔn. Wɔtaa pɔn yafunu kɛse wɔ nnawɔtwe abien a edi kan wɔ nyinsɛn mu (bere a ɛyɛ mogyatɔw no), wɔ bere a mmea pii nnim sɛ wɔanyinsɛn mpo no.” Nhwehwɛmu foforo kyerɛ sɛ, “yafunu a wɔpɔn ɔha biara mu 80 si wɔ adapɛn 12 a edi kan wɔ nyinsɛn mu,” a anyɛ yiye koraa no emu fã yɛ nea efi sintɔ ahorow bi a ɛwɔ akokoaa no nkwammoaa mu. Saa sintɔ ahorow yi mfi sintɔ koro no ara a ɛwɔ ɛna anaa agya no nkwammoaa mu no.
Nneɛma foforo a ɛma wɔpɔn yafunu betumi afi ɛna no akwahosan. Nnuruyɛfo twe adwene si nkwammoaa a enni ahoɔden ne nnipadua mu ahoɔden a ɛko tia nyarewa a adi dɛm, nsanyare, ne sintɔ a ɛba ɛna no awotwaa anaa awotwaa ano kwan mu no so. Nea ebetumi de eyi aba bi nso ne nyarewa a enni sabea te sɛ asikreyare (a wɔnhwɛ no yiye) ne mogya mmoroso.
Sɛnea animdefo kyerɛ no, ɛnyɛ apɔw-mu-ateɛteɛ, nneɛma a emu yɛ duru so a wɔmema, anaa nna mu kyɛfa a wonya na ɛma yafunu tumi pɔn. Entumi mma sɛ ahwease, kuturuku a ano nyɛ den, anaa ehu a ɛka obi mpofirim betumi ama wɔapɔn yafunu. Nhwehwɛmu bi ka sɛ: “Ɛntaa mma sɛ asiane bi betumi apira yafunum ba no gye sɛ opira a ano yɛ den a ebetumi akum wo.” Hwɛ sɛnea ɔkwan a wɔfaa so nwenee awotwaa no di Ɔbɔadeɛ a ɔwɔ nyansa ne ɔdɔ ho adanse!—Dwom 139:13, 14.
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 31]
Sɛnea Abusua ne Nnamfo Betumi Aboa
Ɛtɔ mmere bi a ɛyɛ den sɛ wubehu asɛm pɔtee a ɛsɛ sɛ woka anaa ade pɔtee a ɛsɛ sɛ woyɛ bere a abusua muni anaa w’adamfo apɔn yafunu no. Ɔkwan a nkurɔfo fa so yɛ wɔn ade wɔ adehwere a ɛte saa ho gu ahorow, enti ɔkwan biako nni hɔ a wɔahyehyɛ ato hɔ a wɔfa so de awerɛkyekye ne mmoa mma. Nanso, susuw nyansahyɛ a edidi so yi ho hwɛ.c
Nneɛma ankasa a wubetumi ayɛ de aboa:
◆ Tu wo ho ma sɛ wobɛhwɛ mmofra a wɔanyinyin no.
◆ Siesie aduan na fa brɛ abusua no.
◆ Hyɛ agya no nso nkuran. Sɛnea agya bi kae no, “wɔnyɛ nkrataa ahorow a wɔde ma agyanom a wɔwɔ saa tebea yi mu hyɛden.”
Nsɛm anum a mfaso wɔ so a wubetumi aka:
◆ “Metee w’asɛm no, ɛyɛɛ me yaw yiye.”
Saa nsɛm tiawa yi kyerɛ pii, na ebetumi abue hokwan ama woaka awerɛkyekye nsɛm pii.
◆ “Eye sɛ wusu.”
Wɔtaa tew nusu wɔ yafunu pɔn akyi wɔ nnawɔtwe anaa asram mpo mu. Ma onipa no awerɛhyem sɛ ne nkate a ɔda no adi no mma wummu no sɛ ɔyɛ mmerɛw.
◆ “So memfrɛ wo nnawɔtwe a ɛreba no mu wɔ telefon so nhwɛ sɛnea wo ho te?”
Mfiase no, wɔn a asɛm ato wɔn no nya awerɛkyekye pii, nanso mmere rekɔ so na wɔda so ara redi yaw no, wobetumi ate nka sɛ afoforo werɛ afi wɔn. Ɛfata sɛ wohu sɛ woda so ara gyina wɔn akyi. Nkate betumi atra hɔ nnawɔtwe anaa asram pii mu. Ebetumi mpo aba bio wɔ bere a wɔatumi anyinsɛn a mfomso biara amma ho no.
◆ “Minnim nea menka ankasa.”
Saa a wobɛka no taa ye kyɛn sɛ wonka hwee. Nokwasɛm a wobɛka ne ɛhɔ a wowɔ no da dwen a wodwen wɔn ho no adi.
Nea ɛnsɛ sɛ woka:
◆ “Wobetumi awo foforo bere biara.”
Bere a eyi yɛ nokware no, wobetumi afa no sɛ wunni tema. Awofo no nhwehwɛ ɔba biara kɛkɛ, wɔpɛ saa abofra no. Ansa na wobedwen foforo a wobɛwo ho no, ɛda adi sɛ wobedi ɔba a wɔahwere no no ho awerɛhow.
◆ “Ebia na dɛmdi bi wɔ ne ho.”
Ɛwom sɛ ebetumi ayɛ nokware de, nanso ɛnyɛ awerɛkyekye koraa. Wɔ ɛna no adwene mu de, na ɔba a ɔhyɛ ne yafunu mu no di mũ.
◆ “Woanhu sɛnea akokoaa no te ankasa. Sɛ esii akyiri a anka tebea no bɛsɛe koraa.”
Mmea dodow no ara ne wɔn mma a wɔhyɛ yafunu mu nya abusuabɔ ntɛm. Enti akokoaa a ɔte saa wu a, wɔtaa di awerɛhow. Saa awerɛhow yi taa yɛ kɛse esiane nokwasɛm a ɛyɛ sɛ obiara “nnim” saa akokoaa no te sɛ nea ɛna no nim no no nti.
◆ “Anyɛ yiye koraa no wowɔ mma afoforo.”
Wɔ awofo a wɔredi awerɛhow afã mu no, eyi betumi ayɛ te sɛ nea woreka akyerɛ obi a wɔahwere akwaa bi sɛ: “Anyɛ yiye koraa no wowɔ biako wɔ hɔ no pɛpɛɛpɛ.”
Ɛwom, ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ nnipa komapafo a wosusuw afoforo ho yiye mpo tumi ka nea ɛmfata wɔ mmere bi mu. (Yakobo 3:2) Enti, mmea a wɔwɔ nhumu a wɔapɔn yafunu bɛpɛ sɛ wɔda Kristofo dɔ adi mmom sen sɛ wobenya menasepɔw ama wɔn a wɔde adwempa ka asɛm nanso wɔka no wɔ kwan a ɛmfata so no.—Kolosefo 3:13.
[Ase hɔ asɛm]
c Woyi fii A Guide to Coping With Miscarriage, a Wellington, New Zealand, Kuw a Ɛboa Wɔn a Wɔapɔn Yafunu, kyerɛwee no mu.