Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g02 5/8 kr. 9
  • Wiase Asomdwoe Nyɛ Adaeso Ara Kwa!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wiase Asomdwoe Nyɛ Adaeso Ara Kwa!
  • Nyan!—2002
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɛbɛyɛ Dɛn Na Asomdwoe Aba Asase So?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Nokware Asomdwoe—Efi He?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Ma “Onyankopɔn Asomdwoe” Nhwɛ Wo Koma So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2002
g02 5/8 kr. 9

Wiase Asomdwoe Nyɛ Adaeso Ara Kwa!

SƐ ANKA Alfred Nobel betumi ahu nsɛm a esisii wɔ afeha a etwaam no mu a, so anka ɔde anidaso bɛhwɛ wiase asomdwoe kwan? Akyinnye biara nni ho sɛ, anka n’ani begye sɛ nnipa pii abɔ mmɔden sɛ wɔbɛma akodi agyae. Nanso, anka obehu nokwasɛm a ɛyɛ yaw ankasa. Ɔbenfo Hugh Thomas bɔ no mua sɛ: “Afeha a ɛto so aduonu no​—ɛwom sɛ asetram yiyedi nyaa nkɔanim, na nniso ahorow susuw ahiafo asetra ho kɛse de, nanso​—nneɛma a egyee din wom ne atuo a ɛtotow ntoatoaso, ntwitwiridii, B-52 topae, nuklea topae ne awiei koraa no, aprɛm. Agye din wɔ akodi a wohwiee mogya gui na wɔsɛee ade kɛse wom sen bere foforo biara no mu.” Thomas de ka ho sɛ “enti, egyina sɛnea ankorankoro biara adwene yɛ no so, sɛ ebia wobetumi afa saa bere no sɛ bere a nkɔso bae ankasa anaasɛ ɛnte saa.”

So ɛte sɛ nea anidaso a ɛwɔ hɔ sɛ wiase asomdwoe bɛba no ayɛ kɛse wɔ ɛnnɛ a yɛahyɛn afeha a ɛto so 21 no mu no? Dabida! Bere a Newsweek nsɛmma nhoma reka amumɔyɛfo ntua a esii wɔ September 11, 2001, wɔ New York Kuropɔn ne Washington, D.C., no ho asɛm no, ɛka sɛ: “Wɔ wiase a wotumi dan 767 wimhyɛn yɛ no aprɛm a ɛno ankasa nam ne kwan no, biribiara nni hɔ a entumi nsi, biribiara nni hɔ a ɛnyɛ hu​—biribiara nni hɔ a wobetumi asiw ano.”

Ebinom ka sɛ sɛ wiase asomdwoe betumi aba ankasa a, ɛsɛ sɛ nneɛma abien si: Nea edi kan, ɛsɛ sɛ nnipa yɛ nsakrae akɛse wɔ wɔn adwene ne wɔn nneyɛe mu; nea ɛto so abien, ɛsɛ sɛ amanaman nyinaa yɛ biako wɔ nniso biako ase. Bible hyɛ bere a yebenya asomdwoe ho nkɔm​—nanso ɛnnam adesamma mmɔdenbɔ so na ɛbɛba. Dwom 46:9 ka Ɔbɔadeɛ Yehowa Nyankopɔn ho asɛm sɛ: ‘Ɔma akodi gyae kosi asase ano.’ Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn bɛyɛ eyi? Ɔnam N’ahenni a nnipa komapafo pii abɔ ho mpae mpɛn pii no so. Saa Ahenni no nyɛ komam tebea a wontumi nhu mu, na mmom nniso ankasa a Onyankopɔn nam so de asomdwoe bɛba fi asase ano akosi asase ano. Odiyifo Yesaia a honhom kaa no no ka siei sɛ saa nniso no nkoa ‘rensua akodi bio.’ (Yesaia 2:4) Ɛdenam nkyerɛkyerɛ adwuma a wɔbɛyɛ wɔ wiase nyinaa so no, nkurɔfo besua sɛ wɔbɛtra asomdwoe mu, na wɔnam so de wɔn “nkrante abobɔ nsɔw, ne wɔn mpeaw ayeyɛ nnare.”

Yehowa Adansefo reyɛ eyi mprempren mpo. Ɛwom sɛ wofi mmusuakuw ahorow mu, na wɔtete nsase bɛboro 200 so de, nanso wɔne wɔn yɔnko nnipa nni ako. Afã biara a wonnyina wɔ wiase a akodi asɛe no mu no da no adi sɛ asomdwoe nyɛ anidaso hunu na mmom ɛyɛ nea ebetumi aba ankasa.

So wobɛpɛ sɛ wubesua nokware asomdwoe ho anidaso a egyina Bible so no ho ade pii? Yɛsrɛ sɛ fa address a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 5 no mu nea ɛbɛn wo sen biara no kyerɛw nsɛmma nhoma yi akyerɛwfo, anaasɛ hu Yehowa Adansefo a wɔwɔ wo mpɔtam hɔ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena