Bible no Adwene
Onyankopɔn Te Nka Dɛn Wɔ Basabasayɛ Ho?
BASABASAYƐ abu so na ɛda adi wɔ akwan pii so. Sɛ ɔko mu basabasayɛ da nkyɛn a, agumadi mu basabasayɛ, basabasayɛ a basabasayɛfo kuw de ba, sukuu mu basabasayɛ, adwumam basabasayɛ, ne anigyede mu basabasayɛ wɔ hɔ. Ɛkame ayɛ sɛ ofie basabasayɛ abu so wɔ mmusua pii mu. Sɛ nhwɛso no, nnansa yi nhwehwɛmu bi a wɔyɛe no da no adi sɛ wɔ Canada no, anyɛ yiye koraa no mmarima ne mmea ɔpepem 1.2 na wɔn ankasa ahokafo yɛɛ wɔn basabasa wɔ mfe anum a atwam yi ntam. Nhwehwɛmu foforo ka de wiei sɛ mmarima a wɔboro wɔn yerenom bɛyɛ ɔha mu 50 na wɔyɛ wɔn mma ayayade nso.
Akyinnye biara nni ho sɛ, basabasayɛ a ɛyɛ hu yi ama wo ho adwiriw wo sɛnea ama nnipa afoforo ho adwiriw wɔn no. Nanso basabasayɛ abɛyɛ biribi titiriw wɔ nnɛyi anigyede mu. Ɛnyɛ sɛ atiefo ani gye basabasayɛ a ɛkɔ so wɔ sini mu no ho nko na mmom television so a wɔyɛ nnipa ayayade nso. Aman pii pɛ akuturukubɔ ne agumadi a basabasayɛ wom. Nanso Onyankopɔn te nka dɛn wɔ basabasayɛ ho?
Basabasayɛ Ho kyerɛwtohɔ a Akyɛ
Basabasayɛ akyɛ wɔ abakɔsɛm mu. Wɔakyerɛw ayayade a edi kan a nnipa yɛe ho asɛm wɔ Bible mu wɔ Genesis 4:2-15. Adam ne Hawa babarima a odi kan, Kain twee ne nuabarima Habel ho ninkunu na ɔhyɛɛ da kum no. Dɛn na Onyankopɔn yɛe? Bible no kyerɛkyerɛ mu sɛ Yehowa Nyankopɔn twee Kain aso denneennen sɛ wakum ne nuabarima.
Wɔ Genesis 6:11 no, yɛkenkan sɛ bɛboro mfe 1,500 wɔ saa asɛm no akyi no, ‘basabasayɛ hyɛɛ asase so ma.’ Dɛn bio na Onyankopɔn yɛe? Ɔhyɛɛ ɔtreneeni Noa sɛ ɔmpam adaka a ebetumi akora ɔne n’abusua so bere a Yehowa de nsuyiri baa asase so, na ‘ɔsɛee’ basabasayɛfo a na wɔwɔ hɔ saa bere no. (Genesis 6:12-14, 17) Nanso dɛn na ɛkaa nnipa no ma wɔde wɔn ho hyɛɛ basabasayɛ mu saa?
Adaemone Nkɛntɛnso
Genesis kyerɛwtohɔ no da no adi sɛ Onyankopɔn mma, abɔfo asoɔdenfo, dan wɔn ho sɛ nnipa, warewaree mmea ne wɔn woo mma. (Genesis 6:1-4) Na wɔn mma a wɔfrɛ wɔn Nefilim yi yɛ nnipa soronko. Ɛdenam wɔn agyanom adaemone yi nkɛntɛnso so no, wɔbɛyɛɛ basabasayɛfo asisifo. Bere a nsuyiri no bae na ɛkataa asase so no, saa asisifo a wɔn tirim yɛ den yi wuwui. Nanso adaemone yi san danee wɔn ho abɔfo kɔɔ ahonhom atrae.
Bible no ma emu da hɔ pefee sɛ efi saa bere no, abɔfo atuatewfo yi anya nkɛntɛnso a emu yɛ den wɔ nnipa so. (Efesofo 6:12) Wɔfrɛ wɔn kannifo Satan sɛ “owudifo” a odi kan. (Yohane 8:44) Enti na wobetumi aka ama afata sɛ basabasayɛ a ɛkɔ so wɔ asase so fi adaemone, anaa Satan.
Bible no bɔ kɔkɔ wɔ tumi a basabasayɛ nnaadaasɛm wɔ ho. Wɔ Mmebusɛm 16:29 no ɛka sɛ: “Omimdifo sisi ne yɔnko, na ɔde no fa ɔkwan a enye so.” Wɔadaadaa nnipa pii ma wɔapene basabasayɛ so, wɔahyɛ ho nkuran, anaa wɔayɛ bi. Afei nso wɔakanyan nnipa ɔpepem pii ma wɔn ani agye agodie a ɛhyɛ basabasayɛ ho nkuran ho. Wobetumi aka nsɛm a ɛwɔ Dwom 73:6 no afa nnɛyi awo ntoatoaso ho ma afata yiye. Odwontofo no ka sɛ: “Ahantan adi wɔn kɔn ho barehyia, na akokobirisɛm asi wɔn adurade.”
Onyankopɔn Kyi Basabasayɛ
Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ Kristofo bu wɔn bra wɔ basabasayɛ wiase yi mu? Bible kyerɛwtohɔ a ɛfa Yakob mma Simeon ne Lewi ho no ma yɛn akwankyerɛ a edi mũ. Wɔn nuabea Dina de ne ho bɔɔ nnipa a na wɔn bra asɛe a wɔwɔ Sekem no. Eyi kowiei sɛ Sekemni bi too no mmonnaa. Simeon ne Lewi kunkum Sekem mmarima nyinaa a wɔanhu wɔn mmɔbɔ de tuaa so ka. Akyiri yi Yakob nam Onyankopɔn honhom so de nsɛm yi domee ne mma a wɔanhyɛ wɔn abufuw so no: “Simeon ne Lewi yɛ anuanom. Wɔn nkrante yɛ anuɔden akode. Me kra, nkɔ wɔn agyina mu, m’anuonyam, nkɔfra wɔn asafo mu. Efisɛ wɔn abufuw mu na wokum nnipa, na wɔn ahupoo mu na wɔsɛee anantwi.”—Genesis 49:5, 6.
Nea ɛne saa nsɛm yi hyia no, Kristofo kwati sɛ wɔne wɔn a wɔyɛ basabasa anaa wɔkanyan basabasayɛ bɛbɔ fekuw. Nokwarem no, Onyankopɔn kyi wɔn a wɔkanyan basabasayɛ. Bible no ka sɛ: “[Yehowa, NW] sɔ ɔtreneeni hwɛ, na ɔbɔnefo ne nea ɔpɛ amim de, ne kra tan no.” (Dwom 11:5) Wotu Kristofo fo sɛ wɔnkwati abufuhyew biara, ne atɛnnidi mpo.—Galatifo 5:19-21; Efesofo 4:31.
So Basabasayɛ To Betwa Dabi?
Tete diyifo Habakuk bisaa Yehowa Nyankopɔn sɛ: “Minsu memfrɛ wo basabasayɛ ho nkosi da bɛn?” (Habakuk 1:2, NW) Ebia na woabisa asɛm a ɛte saa pɛn. Onyankopɔn maa Habakuk mmuae, na ɔhyɛɛ no bɔ sɛ obeyi “ɔbɔnefo” hɔ. (Habakuk 3:13) Yesaia nkɔmhyɛ nhoma no nso ma yɛn anidaso. Ɛhɔ na Onyankopɔn hyɛ bɔ sɛ: “Wɔrente nhyɛso nka w’asase so bio, wɔrente ɔsɛe ne obubu nka w’ahye mu.”—Yesaia 60:18.
Yehowa Adansefo wɔ ahotoso sɛ ɛrenkyɛ Onyankopɔn beyi basabasayɛ biara ne wɔn a wɔhyɛ ho nkuran nyinaa afi asase so. Saa bere no, sɛ anka basabasayɛ bɛhyɛ asase so ma no, “[Yehowa, NW] anuonyam hu bɛhyɛ asase so ma sɛ nsu kata ɛpo so.”—Habakuk 2:14.
[Mfonini wɔ kratafa 12]
Basabasayɛ nyaa ne mfiase bere a Kain kum Habel no