Yɛn Mmere A Emu Yɛ Den Yi—Dɛn Nti Na Basabasayɛ Wom Saa?
YESU hyɛɛ mprempren basabasayɛ nhyehyɛe yi awiei ho nkɔm sɛ: “Sɛnea ɛyɛe Noa nna no mu no, saa nso na ɛbɛyɛ onipa ba no nna no mu.” (Luka 17:26) So basabasayɛ bɛsan aba bio a emu yɛ den kɛse esiane abɔfo bɔne nkɛntɛnso nti? Yiw, efisɛ ɛnyɛ amumɔyɛ a emu bɛtrɛw saa daakye bere no mu ho nkɔm nko na Yesu hyɛe, na mmom wɔ Adiyisɛm no, ɔkyerɛɛ ne fibea nso. Ɔka sɛnea wotuu otuatewfo a odi kan, Satan Ɔbonsam, ankasa fii soro ho asɛm, na ɔka sɛ “wɔtow n’abɔfo kaa ne ho gui.” Wɔtow wɔn guu he? Honhom mu anisoadehu no bua sɛ: “Asase . . . nnue, efisɛ ɔbonsam [basabasayɛfo a odi kan no] asian aba mo nkyɛn, na wafa abufuw kɛse.” Enti wɔ nhyehyɛe bɔne yi awiei bere mu no, basabasayɛ—a ahonhommɔne dɔm ma enya nkɔso—bɛkã adesamma bio!—Adiyisɛm 12:7-12; 6:4; Mateo 24:12.
Ɛnde nea ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu so sɛ́ nneɛma ahorow nti a basabasayɛ nya nkɔso wɔ yɛn mmere a emu yɛ den yi mu no ne adaemone nkɛntɛnso a emu ayɛ den yi. Akwan horow a wɔnam so da wɔn ho adi no mu biako ne asumansɛm ne ahonhonsɛmdi ho anigye a wɔama ɛrenya nkɔso ne hyɛ a nkurɔfo de wɔn ho hyem no. Sɛ wokenkan nnipa a wokunkum wɔn abusuafo anaa nnamfo a wɔdɔ wɔn wɔ ɔkwan a nyansa nnim so esiane sɛ wɔtee “nne ahorow” a ɛreka akyerɛ wɔn sɛ wɔnyɛ saa, anaasɛ bere a asumanfo no ankasa hyɛ sɛ wonkunkum nnipa a wɔn ho nni asɛm no a, ɛnde ɛnsɛ sɛ ɛyɛ wo nwonwa nso sɛ wobɛkenkan sɛ ná awudifo no resuasua Satan anaasɛ, wɔ ɔkwan a akyinnye biara nni ho so no, wɔde wɔn ho rehyɛ asumansɛm mu.—Deuteronomium 18:10-13; Galatifo 5:19-21.
Enti biribi titiriw nti na nneɛma bɔne ahorow yi rekɔ so wɔ yɛn mmere a emu yɛ den yi mu no. Nea ama aba saa biara a wɔbɛka ho asɛm no yɛ nea ɛtõ Onyankopɔn mmara a ɛteɛ no wɔ ɔkwan bi so. Mfitiase atuatew no yɛ nea asow aba mprempren. Wɔrentumi nsi Onyankopɔn atwetwe. (Galatifo 6:7) Nokwarem no, saa awo ntoatoaso a basabasayɛ a ɛsen biara wom yi ne nea ɔsomafo Paulo ka too hɔ pɛpɛɛpɛ wɔ 2 Timoteo 3:1-5 no. Ɔkaa nea ɛde bɛba no ho asɛm nso sɛ: “Nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba. [Dɛn ntia?] Efisɛ nnipa bɛyɛ ahopɛfo, sikapɛfo, wɔn a wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ so [anaasɛ, “basabasayɛfo,” Today’s English Version], wɔn a wɔyɛ keka, . . . anuɔdenfo.” So ɛnyɛ ɛno ara ne nea atwa yɛn ho ahyia a yehu? Yiw, yɛwɔ “nna a edi akyiri” no mu!
Ntɛm ara, awo ntoatoaso biako mufo nyinaa abɛyɛ “ahopɛfo,” a mpɛn pii wɔyɛ “sikapɛfo,” wɔn a “wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn.” Som a obi som ne ho yi ara na ɛma wɔpow Yehowa tumidi nnɛ no. Nanso, bere koro no ara mu no, awo ntoatoaso yi basabasayɛ no hyɛ no agyirae sɛ ɛsɛ sɛ woyi fi hɔ na wɔde foforo si ananmu.—1 Yohane 2:15-17.
Yɛn Basabasayɛ Wiase Yi Ba Awiei!
Sɛ wunya Bible no adwene a ɛne sɛ atua a wɔtew tiaa Onyankopɔn tumidi na ɛmaa basabasayɛ fii ase a, ɛnde ɛrenyɛ den sɛ wubehu sɛ basabasayɛ no remma awiei na saa ara na asomdwoe nso rentumi mma kosi sɛ Onyankopɔn beyi nnɛyi atuatewfo no afi hɔ koraa ansa. Na ɛno ara ne nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ. “Asomdwoe Nyankopɔn no bɛpɛtɛw Satan mo nan ase ntɛm.” (Romafo 16:20) Ɛsɛ sɛ woyi Satan basabasayɛ “aba” no nyinaa fi hɔ. Na saa ara na ɛsɛ sɛ Satan nso fi hɔ.—Genesis 3:15; Mateo 25:41.
Anigye bɛn ara na ɛbɛyɛ sɛ wobɛtra ase bere a Satan nni hɔ! Saa bere no “Asomdwoe Hene,” Yesu Kristo, bɛhwɛ sɛ ‘asomdwoe a enni awiei bɛba.’ (Yesaia 2:2-4; 9:6, 7) Ɛbɛyɛ nhyehyɛe foforo koraa, “trenee fi.” (2 Petro 3:13, The New English Bible) Asase so Sodifo foforo no beyi basabasayɛ ahorow nyinaa afi hɔ a amanehunu ne owu ka ho. Ose: “Owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw nso nni hɔ; efisɛ nhyehyɛe dedaw no atwam!”—Adiyisɛm 21:1-4, NE.
Sɛnea na ɛte wɔ Noa nna no mu no, Yehowa ayɛ ogye wɔ basabasayɛ wiase no mu ho ɔdɔ nsiesiei (Sefania 2:2, 3) Ansa na saa ogye no bɛba no, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so sua Onyankopɔn Asɛm no na ama yɛanya gyidi a ɛyɛ den. “Na dɛn ne gyidi? Gyidi ma yenya yɛn anidaso no mu ahotoso, na ɛma yɛn nneɛma a yenhu ho adansegye. . . . Na ɛsɛ sɛ obiara a ɔba Onyankopɔn nkyɛn no gye di sɛ ɔwɔ hɔ na otua wɔn a wɔhwehwɛ no no ka.”—Hebrifo 11:1, 6, NE.
Sɛ wowɔ gyidi a ɛyɛ den a, wubetumi apow basabasayɛ nyinaa. (Mateo 26:52) Wubetumi anya ahotoso sɛ ɛrenkyɛ atɛntrenee bedi nim. (Deuteronomium 32:4) Wubetumi adi atuatewsɛm a ɛwɔ wo mma mu no so denam ‘yɛn a wobɛyɛn wɔn [Yehowa] kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu’ no so. Kae, Bible no ne nhoma a ɛkyerɛkyerɛ mmofra sɛ wonni wɔn awofonom ni. (Efesofo 6:1-4) Sɛ́ abusua no, mubetumi atwe mo ho afi ɔbrasɛe nneɛma ahorow ho na mode mo adwene asi nneɛma a ɛfata so. (Filipifo 4:8) Eyi nso bɛbɔ mo ho ban afi “ahonhommɔne” no ho.—Efesofo 6:10-18.
Nea ɛyɛ anigye no, hu a yebehu sɛ nea ɛwɔ hɔ mprempren no yɛ tebea a ɛwɔ hɔ bere tiaa bi a ɛrenkyɛ ɛbɛba awiei, ne sɛ ɔkwan wɔ hɔ a yebetumi afa so afi mu no betumi ama yɛn ahoɔden a yɛde begyina ano. Yehowa Adansefo pii di eyi ho adanse. Wo nso wubetumi ‘aguan afi nneɛma nyinaa a ɛbɛba yi mu.’ Ɛdefa awiei bere yi mu ɔhaw ahorow no ara ho no, Yesu kae sɛ: “Na nneɛma yi refi ase aba a, monhwɛ ɔsoro na momma mo ti so, efisɛ mo gye rebɛn.” Enti, ma wo bo ntɔ wo yam! Ɛrenkyɛ, Yesu begye adesamma afi nhyɛso ne basabasayɛ nyinaa mu.—Luka 21:28, 36; Dwom 12;1, 2, 12, 14.
[Kratafa 4 adaka]
“Sɛ ɔdebɔneyɛfo di asɛmmɔne mpɛn ha na ɔtra hɔ kyɛ a, ɛnyɛ dɛn araa, minim sɛ ebesi wɔn a wosuro Onyankopɔn na wɔfrɛ no no yiye; na ɛrenwie ɔbɔnefo yiye, na ɔremma ne nna nkyɛ, ɔte sɛ sunsuma, sɛ ɔmfɛre Onyankopɔn ntia.”—Ɔsɛnkafo 8:12, 13.