Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 5/15 kr. 14-15
  • Nsɛmmɔnedi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsɛmmɔnedi
  • Nyan!—2015
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onyankopɔn bu nsɛmmɔnedi sɛn?
  • Nsɛmmɔnedifo bɛtumi asesa anaa?
  • Nsɛmmɔnedi bɛba awiei da bi?
  • Onyankopɔn Te Nka Dɛn Wɔ Basabasayɛ Ho?
    Nyan!—2002
  • Wiase Bi Bɛba a Basabasayɛ Nnim?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2016
  • Yɛn Mmere A Emu Yɛ Den Yi​—Dɛn Nti Na Basabasayɛ Wom Saa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Basabasayɛ a Ɛbɛba Awiei Koraa—Ɔkwan Bɛn So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2015
g 5/15 kr. 14-15

BIBLE NO ADWENE

Nsɛmmɔnedi

Nsɛmmɔnedi mpaa nnipa asetenam da. Ɛnneɛ, asɛmmisa no ne sɛ, “Nsɛmmɔnedi ne nnipa bɛtena afebɔɔ anaa?”

Onyankopɔn bu nsɛmmɔnedi sɛn?

NEA NKURƆFO KA

Nnipa pii susu sɛ, sɛ obi gyegye wo a, ɛnsɛ sɛ woma ɔfa ne ho di. Nyamesomfo bi mpo gye tom saa. Nnipa bebree nso ani gye ho sɛ wɔbɛhwɛ nsɛmmɔnedi anaa basabasayɛ wɔ TV so anaa sini mu.

NEA BIBLE KA

Ɛnnɛ, sɛ wokɔ Mosul mpɔtam wɔ Iraq atifi fam a, wobɛhu tete Asiria kuropɔn Niniwe amamfõ so. Bere a Niniwe gyina mu denneennen no, Onyankopɔn ka too hɔ sɛ ɔbɛma “Niniwe adane amamfõ.” (Sefania 2:13) Onyankopɔn kaa sɛ ‘ɔbɛma nnipa ahwɛ Niniwe aka asɛm.’ Adɛn ntia? Efisɛ na ɛyɛ “mogya kuro.” (Nahum 1:1; 3:1, 6) Dwom 5:6 ka sɛ “Yehowa kyiri mogyahwiegufoɔ.” Nea ɛtoo Niniwe no ma yɛhu pefee sɛ Onyankopɔn asɛm baa mu.

Nsɛmmɔnedi ahyɛase nyinaa fi ɔtamfo bi a ɔmpɛ Onyankopɔn ne nnipa asɛm. Ɔno ne Satan Ɔbonsam, na Yesu frɛɛ no “wudini.” (Yohane 8:44) Afei nso ‘wiase nyinaa da ɔbɔnefoɔ yi tumi mu,’ na wei nti na sɛ nnipa redi nsɛmmɔne anaa wɔhwɛ wɔ TV so a wɔn ani mmu wɔn dwɛ no. (1 Yohane 5:19) Nanso sɛ yɛpɛ sɛ yɛsɔ Onyankopɔn ani a, ɛnneɛ ɛsɛ sɛ yɛkyi basabasayɛ na yɛdɔ nneɛma a Onyankopɔn ani gye ho.a Ɛbɛtumi ayɛ yie saa?

‘Obiara a n’ani gye awudisɛm ho no, Yehowa kra kyiri no koraa.’—Dwom 11:5.

Nsɛmmɔnedifo bɛtumi asesa anaa?

NEA NKURƆFO KA

Wɔde nsɛmmɔnedi woo yɛn, enti ɛnyɛ ade a yɛbɛtumi asesa.

NEA BIBLE KA

‘Monyi bobɔne, abufuo, nnebɔne, ne kasatia ngu; na mommma kasafĩ mmfiri mo anom mmpue.’ Afei ɛtoa so sɛ: “Monyi nipasu dada no ne ne nneyɛɛ ngu, na monhyɛ nipasu foforɔ.” (Kolosefoɔ 3:8-10) Wei yɛ biribi a ɛboro yɛn so anaa? Dabi. Nnipa tumi sesa.b Ɔkwan bɛn so?

Nea ɛdi kan, ɛsɛ sɛ yɛsua Onyankopɔn ho ade na yɛhu sɛnea ɔte paa. (Kolosefoɔ 3:10) Sɛ obi sua Onyankopɔn ho asɛm na ɔhu ne su ahorow ne n’akwan a, ɛka no bɛn yɛn Bɔfo no, na ɔyɛ nea ɛsɔ n’ani.—1 Yohane 5:3.

Nea ɛtɔ so mmienu no fa yɛn fekubɔ ho. “Wo ne obufufafoɔ mmfa yɔnkoɔ; na wo ne onipa a ne koko ha no mmmɔ, na woansua n’akwan na ansum wo kra fidie.”—Mmebusɛm 22:24, 25.

Nea ɛtɔ so mmiɛnsa ne nhumu. Ɛsɛ sɛ yɛhu nokwasɛm yi: Sɛ obi pɛ nsɛmmɔnedi anaa basabasayɛ a, ɛkyerɛ sɛ ɔnni ahosodi. Nanso obi a ɔpɛ asomdwoe tumi hyɛ ne ho so. Mmebusɛm 16:32 ka sɛ: “Deɛ ne bo kyɛre fuo no yɛ sene dɔmmarima.”

“Monyɛ deɛ ɛbɛma asomdwoeɛ atena mo ne nnipa nyinaa ntam.”—Hebrifoɔ 12:14.

Nsɛmmɔnedi bɛba awiei da bi?

NEA NKURƆFO KA

Basabasayɛ deɛ, yɛne no na ɛte; ɛremfi hɔ da.

NEA BIBLE KA

“Aka kakraa bi na ɔdebɔneyɛfoɔ nni hɔ bio . . . Na ahobrɛasefoɔ bɛnya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoeɛ bebree mu.” (Dwom 37:10, 11) Enti Onyankopɔn bɛsɛe nsɛmmɔnedifo sɛnea ɔsɛee tete Niniwefo no. Ɔbɛyɛ saa de agye ahobrɛasefo ne wɔn a wɔpɛ asomdwoe. Sɛ Onyankopɔn sɛe nsɛmmɔnedifo wie a, basabasayɛ renyi ne ti wɔ asase so bio!—Dwom 72:7.

Ɔbaa bi redua nhwiren wɔ toro mu

‘Wɔn a wɔdwoɔ na wɔbɛnya asase no.’—Mateo 5:5

Enti ɛnnɛ na ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ Onyankopɔn na yɛdɔ asomdwoe. Nea 2 Petro 3:9 ka ni: ‘Yehowa wɔ mo ho aboterɛ ɛfiri sɛ ɔmpɛ sɛ obiara bɛsɛeɛ, na mmom ɔpɛ sɛ obiara nya adwensakra.’

“Wɔde wɔn nkrantɛ bɛyɛ nsɔ na wɔde wɔn mpea ayɛ kantankrankyi.”—Yesaia 2:4.

a Tete no, Onyankopɔn maa kwan ma Israelfo ne wɔn atamfo koe; wɔyɛɛ saa de bɔɔ wɔn asase ho ban. (2 Berɛsosɛm 20:15, 17) Nanso bere a Onyankopɔn ne Israelfo twaa apam a ɔne wɔn yɛe mu na ɔde Kristofo asafo no sii hɔ no, nneɛma sesae, efisɛ Kristofo asafo no nni ɔman baako pɛ bi mu.

b Wopɛ sɛ wohu nnipa a wɔatumi asesa wɔn abrabɔ a, hwɛ asɛm a wɔato din “Bible Tumi Sesa Nnipa” wɔ Ɔwɛn-Aban mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena