Hena na Ɔde Daa Asomdwoe Bɛba?
DƐN nti na Onyankopɔn mmaa asomdwoe ho mpae a wiase ɔsom ahorow akannifo bɔe no ho mmuae ɛ? Bible no wɔ mmuae bi a ɛyɛ anigye. Ɛnyɛ sɛ Onyankopɔn ani nnye asomdwoe ho—ɔwɔ ɔpɛ a ano yɛ den ma asomdwoe sen asɔfo a wɔrebɔ asɛmpɔw no ho mpae no. Nokwasɛm ne sɛ, Onyankopɔn ayɛ nhyehyɛe pɔtee a ɛde wiase asomdwoe bɛba dedaw. Wɔayɛ nhyehyɛe a edi mũ a ɔde bedi saa botae no ho dwuma dedaw. Wada n’atirimpɔw adi pefee akyerɛ adesamma. Nanso, awerɛhosɛm ne sɛ, wiase ɔsom ahorow no bu wɔn ani gu nea Onyankopɔn aka no so koraa.
Onyankopɔn hyɛɛ “aseni,” sodifo bi, ho bɔ bere tenten a atwam ni, a Bible no da no adi nkakrankakra, de nsɛm pii ma fa onni ko a saa sodifo yi bɛyɛ ho. (Genesis 3:15; 22:18; 49:10) Odiyifo Yesaia, a wonim no sɛ ɔde Mesia ho nkɔmhyɛ a ɛda nsow mae no, kyerɛwee sɛ saa Ɔkannifo a wɔaka ne ho asɛm yi bɛba abɛyɛ “Asomdwoe-hene” wɔ asase nyinaa so na wɔ n’ahenni ase no, “asomdwoe a enni awiei” bɛba.(Yesaia 9:6, 7) Sɛ ɔsoro Sodifo no, ɔde ne ho begye nsɛm mu ayi amumɔyɛsɛm afi hɔ na wadan asase ayɛ no paradise, a atɛnkyea, ɔyare, ohia anaa owu rentra hɔ bio. Asomdwoe ne daa nkwa bɛtra hɔ. (Dwom 72:3, 7, 16; Yesaia 33:24; 35:5, 6; Daniel 2:44; Adiyisɛm 21:4) Bere bɛn na eyi bɛba?
Wiase Asomdwoe Abɛn
Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo sɛ nsɛm a ɛda nsow a ɛbɛwosow wiase no a ebesi wɔ bere koro no ara mu na ebedi wiase abɔnefo nneɛma nhyehyɛe awiei ne adesamma abusua foforo mfiase no anim. (Mateo 24:3, 7-13) Nsɛm a asisi yi—akodi, ɔkɔm, ne asasewosow, sɛ yɛbɛbobɔ kakra bi din a—mu pii aba wɔ mmere horow nyinaa mu wɔ bere ne bere mu. Nanso ne nyinaa nhaw adesamma pɛnkoro mu wɔ wiase nyinaa te sɛ nea asi wɔ yɛn bere yi mu no. Na nea efi saa amanehunu no mu ba no sɛe ade kɛse sen sɛnea na ɛte kan no esiane sɛ nnipa adɔɔso pii wɔ asase so nti.
Asɛm foforo a Bible no hyɛɛ ho nkɔm ne nneɛma a atwa yɛn ho ahyia a adesamma resɛe no no. (Adiyisɛm 11:18) Bio koraa no, ansa na awiei a wɔaka ho asɛm no bɛba no, ɛsɛ sɛ wowie wiase nyinaa kɔkɔbɔ adwuma bi, “ahenni ho asɛmpa” no a wɔbɛka. Nnɛ Yehowa Adansefo reyɛ saa adwuma no wɔ wiase nyinaa.—Mateo 24:14.
Saa nkɔmhyɛ ahorow a anya mmamu no yɛ asɛmpa ma adesamma anokwafo. Wiase foforo a asomdwoe ankasa wom a wɔahyɛ ho bɔ abɛn! Ɛno bɛhwɛ ma ɔtan ne amumɔyɛsɛm afi hɔ koraa. Bible no kyerɛ mu sɛ: ‘Wɔrenyɛ bɔne na wɔrensɛe ade bio, me bepɔw kronkron no nyinaa so, na Yehowa ho nimdeɛ bɛyɛ asase ma, sɛ nsu kata po so no.’—Yesaia 11:9.
Mpaebɔ a Onyankopɔn Tie
Mpae a yɛbɔ Onyankopɔn nyɛ nea ɛho nni mfaso anaa adeyɛ hunu bi. Wɔ Bible no mu no, wɔfrɛ Yehowa sɛ “Mpaebɔ tiefo.” (Dwom 65:2) Enti wɔ bere biara mu no, otie mpae dodow a enni ano a nnipa komapafo bɔ wɔ asase so no. Nanso, so ahwehwɛde ahorow wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wodu ho na wɔatie mpaebɔ? Bible kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ nnipa komapafo a wosua Bible nokwasɛm fa Onyankopɔn ho no tie eyinom, na wɔbɛyɛ ‘nokware asomfo’ a wɔsom no “honhom ne nokware mu.” (Yohane 4:23) Onni wɔn a wommu n’apɛde mpaebɔ ho dwuma mma wɔn: “Nea oyi n’asõ fi mmara tie ho no, ne mpaebɔ mpo yɛ akyide.”—Mmebusɛm 28:9.
Nea ɛyɛ awerɛhow no, nyamesom akannifo pii a wɔwɔ hɔ nnɛ nkyerɛkyerɛ anaa wɔmmɔ mpae mfa Onyankopɔn atirimpɔw a ɛde asomdwoe bɛba ho. Mmom no, wɔbɔ mpae sɛ nnipa nniso bedi wɔn haw ahorow ho dwuma, bere a Onyankopɔn Asɛm ka no fann sɛ “enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn” no.—Yeremia 10:23.
Wɔhyɛɛ nkɔm sɛ wɔ “nna a edi akyiri no mu,” wɔ yɛn mmere yi mu no, wɔn a wɔdɔ asomdwoe bɛsen akɔ sɛnkyerɛnne kwan so ‘Yehowa fi bepɔw’ ho—kyerɛ sɛ, akɔ nokware som mu. Saafo no bɛyɛ nsakrae akɛse wɔ wɔn asetra mu: ‘Wɔde wɔn nkrante bɛbobɔ nsɔw, na wɔde wɔn mpeaw ayeyɛ nnare; ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio.’—Yesaia 2:2-4.
So asɔrefo kuw bi wɔ hɔ nnɛ a wɔrebɔ mmɔden atra ase ma ɛne saa asɛm no ahyia? Anaa so ɔsom nyinaa ka asomdwoe ho asɛm kɛkɛ bere a wɔhyɛ akodi ho nkuran? Bere foforo a wubehyia Yehowa Adansefo no, yɛto nsa frɛ wo sɛ wo ne wɔn nsusuw asomdwoe ɔsɛmpɔw no ho na hu ɔsom ko a ɛkyerɛ nnipa sɛ wɔne afoforo nyinaa ntra asomdwoe mu.