Bible no Adwene
Nea Ɛsɛ sɛ Wuhu Fa Buronya Ho
NNIPA ɔpepem pii a wɔwɔ wiase nyinaa reboaboa wɔn ho ama afe 2002 Buronya afahyɛ no. Ebia woka wɔn ho. Nea ɛne eyi bɔ abira no, ebetumi aba sɛ womfa wo ho nhyɛ nyamesom mu nneyɛe a ɛkɔ so wɔ afahyɛ a agye din yi mu no mu. Wɔ akwan yi mu biara so no, ebia wuntumi nkwati nkɛntɛnso a Buronya de ba no. Abu so wɔ wiase no aguadi ne anigyede nyinaa mu, wɔ aman a ɛnyɛ Kristofo aman mpo mu.
Dɛn na wunim fa Buronya ho? So Bible no foa Kristo awodadi so? Dɛn na ɛhyɛ afahyɛ a agye din a wodi no December da a ɛtɔ so 25 biara yi akyi?
Wɔbaraa Buronya
Sɛ wugye bere kakra de hwehwɛ asɛm yi mu a, wubehu sɛ Buronya mfi nokware Kristosom mu. Bible mu animdefo pii a wɔwɔ nyamesom kuw ahorow mu gye tom saa. Bere a ɛno wɔ w’adwene mu no, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ wo nwonwa sɛ wɔ England no, Cromwell Mmarahyɛ Bagua no hyɛe wɔ 1647 mu sɛ Buronya nyɛ bɔneka bere ma enti wɔbarae koraa wɔ 1652 mu. Efi afe 1644 kosi 1656 no, ná Mmarahyɛ Bagua no hyɛ da hyia afe biara wɔ December 25 mu. Sɛnea abakɔsɛm kyerɛwfo Penne L. Restad kyerɛ no, “ná asɔfo a wɔka Yesu Awodadi ho asɛm no nim sɛ wobetumi akyere wɔn agu afiase. Wɔbɔɔ wɔn a na wɔhwɛ asɔrefie ne ɛho nhyehyɛe so ka sɛ wɔde Buronya ho nneɛma siesiee wɔn asɔredan mu. Wɔhyɛɛ mmara ma sɛ edu Buronya da a, na wobue aguadi dan ahorow no sɛnea wɔyɛ no da hunu biara mu no.” Dɛn nti na wɔhyɛɛ mmara denneennen saa? Ná Protestant Asesɛwfo gye di sɛ ɛnsɛ sɛ asɔre no de amanne horow a enni Kyerɛwnsɛm no mu si hɔ. Wɔnam ɔkasa ne nhoma horow a wɔkyekyɛe so kasa tiaa Buronya afahyɛ denneennen.
Nneyɛe a ɛte saa ara kɔɔ so wɔ Amerika Kusuu fam. Wɔ 1659 ne 1681 mfe no mu no, wɔbaraa Buronya wɔ Massachusetts Bay Colony.a Sɛnea mmara a wɔhyɛɛ no saa bere no kyerɛ no, ná ɛnsɛ sɛ wodi Buronya wɔ ɔkwan biara so. Wɔbɔɔ wɔn a wobuu saa mmara yi so no ka. Ɛnyɛ Protestant Asesɛwfo a na wɔwɔ New England no nko na na wɔn ani nnye Buronyadi ho, kuw ahorow bi a na wɔwɔ Amerika mfinimfini nso ka ho. Ná adwene a Pennsylvania Quakerfo wɔ wɔ Buronyadi ho no te sɛ Protestant Asesɛwfo de no ara pɛ. Nhoma bi ka sɛ “bere a Amerikafo nyaa wɔn ahofadi akyi bere tiaa bi no, Elizabeth Drinker, a na n’ankasa yɛ Quakerni no, kyɛɛ Philadelphiafo mu yɛɛ wɔn akuw abiɛsa. Ná Quakerfo binom a ‘wobu [Buronya] da sɛ da hunu biara wɔ hɔ,’ wɔn nso a wogyinaa nyamesom so dii Buronya wɔ hɔ, ne wɔn nso a ‘wɔnam ntɔkwaw kõ ne asabow’ so dii Buronya.”
Ná Henry Ward Beecher, Amerika ɔsɛnkafo bi a wagye din a wɔtetee no wɔ abusua bi a na emufo kɔ ortɔdoks Calvinfo asɔre mu no nnim Buronya ho nsɛm pii kosi sɛ odii mfe 30. Beecher kyerɛwee wɔ 1874 mu sɛ: “Me fam de, ná Buronya nka m’asetra ho.”
Baptist ne Congregationalfo asɔre a edii kan bae no nso anhu biribiara wɔ Kyerɛwnsɛm no mu a wobetumi agyina so adi Kristo awoda. Nhoma bi ka sɛ Baptistfo anni Buronya de besi December 25, 1772 ansa na Baptist Asɔre a ɛwɔ Newport [Rhode Island] no dii wɔn Buronya a edi kan. Eyi yɛ bere a wɔtee Baptist asɔre a edi kan koraa wɔ New England no akyi bɛyɛ mfirihyia 130.
Baabi a Buronya Fi
New Catholic Encyclopedia gye tom sɛ: “Obiara nnim da a wɔde woo Kristo. Nsɛmpa no nkyerɛ da anaa ɔsram ko . . . Sɛnea nsɛm a H. Usener bɔɔ ne tirim kae kyerɛ no . . . na animdefo a wɔwɔ hɔ nnɛ gye tom no, wɔde Kristo awoda hyɛɛ awɔw bere (December 25 wɔ Julian Kalenda so, January 6 wɔ Misrifo kalenda so), efisɛ wɔ saa da yi, bere a owia no kɔtɔ wɔ kusuu fam baabi a ɛkyɛ asase no mu pɛpɛɛpɛ no, abosonsomfo a wɔsom owia nyame Mithra no hyɛ dies natalis Solis Invicti (owia a wontumi nni so no awoda) ho fa. Wɔ Dec. 25, 274 Y.B. mu no, Roma ɔhempɔn Aurelian kaa owia nyame no ho asɛm sɛ ɔno ne otitiriw a ɔbɔ ahemman no ho ban na osii asɔrefi maa no wɔ Campus Martius. Buronya fii ase bere a na owia nyamesom agye ntini titiriw wɔ Roma no.”
M’Clintock ne Strong Cyclopœdia ka sɛ: “Buronya nyɛ ahyɛde a efi Onyankopɔn hɔ, na saa ara na emfi Apam Foforo no mu. Da pɔtee a wɔde woo Kristo no nni Apam Foforo no mu baabiara, na ɛda adi sɛ, enni nhoma foforo biara mu nso.”
“Nnaadaa Hunu”
Esiane nea yɛaka wɔ atifi hɔ nti, so ɛsɛ sɛ nokware Kristofo de wɔn ho hyɛ Buronya amammerɛ ahorow mu? So Onyankopɔn ani gye ho sɛ yɛde ne som bɛfra nyamesom mu gyidi horow ne nneyɛe a wɔn a wɔnsom no kura mu? Ɔsomafo Paulo bɔɔ kɔkɔ wɔ Kolosefo 2:8 sɛ: “Monhwɛ yiye na obi amfa nyansapɛ ne nnaadaa hunu a ɛnam nnipa atetesɛm ne wiase mfitiasesɛm so na ɛnnam Kristo so ammɛfa mo nnommum.”
Ɔsomafo no san kyerɛwee sɛ: “Mo ne wɔn a wonnye nni nntwe kɔndua koro; na twaka bɛn na trenee ne amumɔyɛ wɔ? Anaasɛ ayɔnkofa bɛn na hann ne sum wɔ? Na ɔka bɛn na Kristo ne Belial [Satan] ka? Anaasɛ kyɛfa bɛn na ogyidini ne nea onnye nni wɔ?”—2 Korintofo 6:14, 15.
Esiane adanse a akyinnye biara nni ho a ɛwɔ hɔ nti, Yehowa Adansefo mfa wɔn ho nhyɛ Buronya afahyɛ horow mu. Nea ɛne Kyerɛwnsɛm no hyia no, wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde “Onyamesom a ɛho tew na ɛho nni fĩ agya Onyankopɔn anim” bɛtra ase, denam wɔn ho a woyi fi “wiase nkekae mu” no so.—Yakobo 1:27.
[Ase hɔ asɛm]
a Massachusetts Bay Colony a Engiresi Protestant Asesɛwfo de sii hɔ wɔ 1628 mu no, ne trabea a edi kan a ɛsõ paa na ɛhɔ asetra nyaa nkɔso a ɛsen biara wɔ New England.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 24]
England Mmarahyɛ Bagua baraa Buronya wɔ 1652 mu
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 25]
“Me fam de, na Buronya nka m’asetra ho”—HENRY WARD BEECHER, AMERIKA SƆFO BI
[Mfonini wɔ kratafa 25]
Abosonsomfo a wɔsom Mithras ne owia nyame no (a wɔadi no adwini) hyɛɛ December 25 ho fa
[Asɛm Fibea]
Musée du Louvre, Paris