Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g93 10/8 kr. 30
  • Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ
  • Nyan!—1993
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Wogyina Mmonnaato Ano
    Nyan!—1993
  • Nea Mmonnaato Yɛ Ankasa
    Nyan!—1993
  • Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ
    Nyan!—1993
  • Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ
    Nyan!—1981
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1993
g93 10/8 kr. 30

Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ

Afrika Agode Anigye bɛn ara na asɛm “African Toys for Free!” [Afrika Agode a Wɔde Ma Kwa”!] no yɛ. (March 22, 1993 Awake!) Sɛ́ adwinne ho ɔkyerɛkyerɛfo no, minim sɛnea ɛho hia sɛ wɔboa mmofra ma wɔn ankasa tumi yɛ nneɛma wɔ saa television ne kɔmputa agode bere yi mu. Sɛ awofo gye bere ne wɔn mma yɛ nneɛma bom a, ɛno nso ma ɛka wɔn adwenem!

D. B., Germany

Madi mfe ason. M’ani gyee asɛm no ho, na misusuwii sɛ ɛyɛ anigye pii sɛ [Afrika mmofra] yɛ wɔn ankasa nneɛma a wɔde di agoru! Ɛte sɛ agoru bi, na mɛpɛ sɛ mesɔ hwɛ.

M. S., United States

Mmonnaato Na nsɛm a moka faa “Mmonnaato​—Ade a Eyi Ɔbea Hu” ho no ye ankasa. (May 8, 1993 Nyan!) Madi mfe 14, na mate sɛ wɔato mmeawa a wosua sen me mmonnaa. Nanso mekenkan mo asɛm no ansa na nusu retaatae me, na mihui sɛ ɛyɛ aniberesɛm sen sɛnea misusuwii no. Meda mo ase.

S. B., United States

Wɔ afe a edi kan wɔ ntoaso sukuu mu no, yɛn “abusua no adamfo” bi too me mmonnaa. Wɔ mfe kakraa a atwam no mu no, misusuwii sɛ mabɔ aguaman. Mprempren mitumi hu sɛ Yehowa nim sɛ na ɛnyɛ me mfomso! Ɛyɛ me yaw kɛkɛ sɛ mannya mmoa ntɛm.

A. S., United States

Dwumadi pii ka ahotɔ a wubenya afi mmonnaato mu ho asɛm, nanso ɛnkyerɛ ɔkwan a wobɛfa so akwati. Nokwarem no, ɛho hia kɛse sɛ wosiw ano sen sɛ wobedi ho dwuma! Asɛm no boaa me yiye wɔ eyi mu, na ɛda adi sɛ ɛbɛboa mmea a wɔwɔ mmaa nyinaa a wobetumi ato wɔn mmonnaa no.

J. A. M., Brazil

Obi a na ɔpɛ sɛ ɔto me mmonnaa tow hyɛɛ me so wɔ me fie nkyɛn. Mekoo ntɔkwa bi a menkoo bi da na meteɛm bɔɔ Yehowa din kɛse mpɛn pii ara ma akraman no fii ase boboom. Awiei koraa no me nteɛteɛm no fonoo nea ɔtow hyɛɛ me so no na oguanee. Mekamfo kyerɛ sɛ obiara mfa mo nyansahyɛ ahorow no nni dwuma. Sɛnea tebea horow a asɛm no si wom te no, yɛn nneyɛe betumi de nsakrae bi aba.

S. P., United States

Bɛyɛ mfe 20 a atwam ni no, ɔmannifo bi too me mmonnaa. Mammɔ polisifo amanneɛ efisɛ na ɛyɛ m’aniwu. Manka ho asɛm mpo ankyerɛ obiara da kosii mfe abiɛsa a atwam ni a mekae wɔ ayaresa mu no. Saa bere no na mekaa ho asɛm kyerɛɛ me kunu. Afei ɔte nea enti a metwetwe me ho wɔ nna ho no ase. Bere a mekenkan mo asɛm no wiei no, anigye​—ɛnyɛ ɛyawdi​—ma misui nea edi kan wɔ mfe 20 mu, na medaa Yehowa ase.

T. P., United States

Ahunmu Nhwehwɛmu Makenkan ahunmu nhwehwɛmu ho nsɛm a eye kyɛn so a ɛwɔ September 8, 1992 Awake! mu awie. Ɛwom sɛ nimdeɛ kakraa bi na mewɔ wɔ asɛm yi ho de, nanso m’ani agye nkyerɛkyerɛmu a emu da hɔ a mode ama no ho kɛse. Migye di sɛ nsɛm yi bɛboa yɛn ma yɛakyerɛ anisɔ kɛse wɔ Yehowa atirimpɔw ma adesamma abusua asoɔmmerɛwfo no ho.

W. D. F., Costa Rica

Yɛrekyerɛw mo ada mo ase wɔ mmɔden a mobɔe de boaboaa ahunmu nhwehwɛmu ho nsɛm ano no ho. Bere a yɛkenkan asɛm a edi akyiri no wiei no, yɛde anigye daa Yehowa, Onyankopɔn a ɔne nimdeɛ nyinaa wura, a wahyehyɛ amansan yi wɔ anwonwa kwan a ɛte sɛɛ so no ase. Yɛde ahopere hwɛ nhyehyɛe foforo no kwan, bere a ɔbɛma adesamma asoɔmmerɛwfo a wɔwɔ adwene a ɛyɛ pɛ no hokwan ma wɔate amansan yi mu nneɛma ase yiye no.

I. N. O. ne J. N. O., Nigeria

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena