Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 7/12 kr. 28
  • Ɔsono Mfare

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsono Mfare
  • Nyan!—2012
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔsono Ani Atew Dɛn?
    Nyan!—1989
  • Asonse Ɛsom Bo Dɛn?
    Nyan!—1998
  • Mmoa Ahemman No—So Ɛreyera?
    Nyan!—1983
  • Ɔsono Ɔfrɛ A Edu Akyirikyiri
    Nyan!—1988
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2012
g 7/12 kr. 28

So Wɔbɔe?

Ɔsono Mfare

● Nhwehwɛmufo reyɛ robɔt nsa bi a ɛbɛyɛ fakaa na atumi ayɛ nneɛma pii yiye. Ɔpanyin a ɔda adwumakuw no fã a wɔreyɛ robɔt yi ano no ka sɛ, “seesei robɔt nsa foforo a wɔreyɛ yi sen biribiara a wɔayɛ wɔ mfiridwuma mu.” Ɛyɛɛ dɛn na wonyaa adwene a ɛte saa? Ɔka sɛ, “Efi ɔkwan a ɔsono de ne mfare yɛ ade no so.”

Susuw ho hwɛ: Wɔkyerɛ sɛ, ɔsono mfare a emu duru bɛyɛ kilogram 140 no yɛ “akwaa a ɛso wɔ mfaso na ɛyɛ fakaa sen biribiara wɔ okyinnsoromma yi so.” Akwaa a etumi yɛ nnwuma ahorow pii yi tumi yɛ adwuma sɛ ɛhwene, durubɛn, ne nsa. Ɔsono mfare yi ma otumi home, ɔte ade hua, nom nsu, so ade mu, anaa mpo ɔde teɛm denneennen!

Nanso ɛnyɛ ne nyinaa ne no. Ɔsono mfare no wɔ ntini bɛyɛ 40,000 a etumi ma ɔdannan no sɛnea ɔpɛ biara. Ɔsono betumi de ne mfare no ano afa sika kaprɛ ketewaa mpo wɔ fam. Bere koro no ara mu no, ɔsono betumi de ne mfare no ama biribi a emu duru yɛ kilogram 270 so!

Nhwehwɛmufo hwɛ kwan sɛ sɛ wosua sɛnea ɔsono mfare no tumi de ahokokwaw yɛ ade no a, ebetumi aboa wɔn ma wɔayɛ robɔt a eye sen nea ɛwɔ hɔ seesei no na wɔde adi dwuma wɔ afie ne nnwuma mu. Adwumakuw no panyin a yɛadi kan aka ne ho asɛm no ka sɛ, “Eyi ne bere a edi kan a yɛayɛ robɔt foforo koraa a etumi ma nnipa ne mfiri bom yɛ adwuma yiye a asiane biara nni mu.”—g12-E 04.

Wudwen ho dɛn? So ɔsono mfare no nam adannandi so na ɛbae? Anaa wɔbɔe?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena