Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g20 nɔma 1 kr. 5-7
  • Dɛn Ne Adwinnwen?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Ne Adwinnwen?
  • Nyan!—2020
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ADWINNWEN—EBI YE, EBI NSO NYE
  • Dɛn Ne Saa Ade A Wɔfrɛ “Nhyɛso” Yi?
    Nyan!—1981
  • Wubetumi Agyina Nhyɛso Ano—Nanso Ɔkwan Bɛn So?
    Nyan!—1981
  • Adwennwen a Eye ne Nea Enye
    Nyan!—1998
  • Mɛyɛ Dɛn Atumi Adi Basaa A Meyɛ No So?
    Nyan!—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2020
g20 nɔma 1 kr. 5-7
Adwumawura bi a ɔwɔ kurow kɛse mu de mmirika rewura ɔfese bi mu.

SƐNEA WUBEGYINA ADWINNWEN ANO

Dɛn Ne Adwinnwen?

Sɛ wuhyia tebea bi a emu yɛ den a, wobɛhwɛ na ato wo adwinnwen. Nea ɛma ɛba saa ne sɛ, nneɛma bi kɔ so wɔ wo nipadua mu a ɛboa wo ma wutumi di tebea no ho dwuma. Nea ɛba ne sɛ, w’amemene puw ahoɔdennuru bi gu wo nipadua mu. Saa ahoɔdennuru no ma wo koma bɔ ntɛmntɛm, ɛma mogya a ɛredi aforosian wɔ wo ntini mu no ano yɛ den, ɛma w’aharawa mu bue anaa ɛma emu yɛ ketewa, na ɛma ntini a ɛwɔ wo nnompe ho no mu yeyere. Enti w’ani bɛba wo ho so no, na woayɛ krado sɛ wubedi ɔhaw no ho dwuma. Sɛ ade a ɛde adwinnwen no bae no twam a, afei wo nipadua no dwo fɔmm, na ɛsan si ne dedaw mu.

ADWINNWEN—EBI YE, EBI NSO NYE

Sɛ wuhu sɛ asiane bi reba wo so anaasɛ wuhyia tebea bi a emu yɛ den a, wobɛhwɛ na ato wo adwinnwen. Wei boa wo ma wutumi di tebea no ho dwuma. Nea nipadua no yɛ de boa wo no, efi ase wɔ amemene no mu. Adwinnwen a ɛte saa ye, efisɛ ɛboa wo ma wutumi di tebea no ho dwuma ntɛm. Adwinnwen kakra betumi aboa wo nso ama woadu botae a wode asisi w’anim ho. Afei nso, sɛ ebia worekɔkyerɛw sɔhwɛ, worekɔtena adwumawura bi anim ama wabisabisa wo nsɛm a obegyina so afa wo, anaa wode wo ho rekɔhyɛ agokansi bi mu a, ɛho adwinnwen betumi aboa wo ama woabɔ wo ho mmɔden.

Nanso, sɛ adwinnwen tena wo so kyɛ a, ebetumi apira wo. Sɛ woma adwinnwen hyɛ wo so daa a, ebetumi abɔ wo yare, ebetumi ama wo bo afuw ntɛmntɛm, anaa wo werɛ ahow. Saa ara nso na ebetumi ama woayare awerɛfiri, ebetumi agyaw wo ayamhyehye, na ɛremma wuntumi nnwen nneɛma ho yiye. Ebetumi ama wo suban asɛe, na ebetumi aka sɛnea wo ne afoforo di nso. Sɛ adwinnwen hyɛ obi so bere nyinaa a, ebetumi nso ama wafi ase anom nnubɔne, anaa wayɛ nneɛma foforo a ɛmfata a osusuw sɛ ɛbɛboa no ama watumi agyina ano. Ebetumi mpo ama onii no anya adwenemhaw, wayɛ hahaaha, anaa wanya adwene sɛ obekum ne ho.

Ɛwom, ɛsono obiara ne sɛnea adwinnwen tumi haw no, nanso etumi kɔfa yare ahorow pii ba. Ɛkame ayɛ sɛ, adwinnwen tumi ka nipadua no afã nyinaa.

SƐNEA ADWINNWEN BETUMI AHAW WO NIPADUA

Akwaa ahorow a ɛma yɛte nneɛma nka.

Ɔbarima bi a adwinnwen ahyɛ no so de ne nsa asi ne moma so.

Adwinnwen ma akwaa ahorow a ɛma yɛte nneɛma nka no puw ahoɔdennuru ahorow bi gu wo nipadua mu. Ebi ne adrenaline ne cortisol. Ahoɔdennuru yi ma wo koma bɔ ntɛmntɛm, na ɛma mogya a ɛredi aforosian wɔ wo nipadua mu no ano yɛ den. Afei nso, ɛma asikre a ɛwɔ wo mogya mu no kɔ soro. Wei nyinaa boa ma woyɛ w’ade ntɛm bere a asiane bi asi. Enti sɛ adwinnwen hyɛ wo so pii a, ebetumi ama

  • wo bo afuw ntɛmntɛm, wo ho ayeraw wo, woanya adwenemhaw, wo ti apae wo, wokɔ kɛtɛ so a, worentumi nna

Nnompe ne ɛho ntini.

Ntini a ɛwɔ wo nnompe ho no, sɛ adwinnwen bɛtɔ wo so a, emu yeyere. Wei boa ma wokeka wo ho ntɛm bere a asiane bi reba wo so, sɛnea ɛbɛyɛ a worempira. Enti sɛ adwinnwen hyɛ wo so pii a, ebetumi ama

  • wo honam nyinaa ayɛ wo yaw anaa atutu wo, wo ti apae wo, wo ntini mu atwetwe wo

Aharawa ne akwaa ahorow a ɛboa ma wohome.

Adwinnwen bɛtɔ wo so a, ɛma wohome ntɛmntɛm. Wei ma wotwe mframa pa (oxygen) pii kɔ wo mu. Enti sɛ adwinnwen hyɛ wo so pii a, ebetumi ama

  • w’ahome atew anaa woatee so. Ebinom nso, ebetumi ama wɔabɔ birimbirim

Koma ne ɛho akwaa ahorow.

Sɛ adwinnwen bɛtɔ wo so a, wo koma bɔ ntɛmntɛm sɛnea ɛbɛyɛ a mogya bɛkɔ wo nipadua afã nyinaa. Afei nso, ntini a mogya di mu aforosian no, ebi mu buebue, na ebi nso mu yɛ nketewa. Wei ma mogya kɔ wo nipadua afã ahorow a ehia mogya paa no; ebi ne ntini a ɛfomfam wo nnompe ho no. Enti sɛ adwinnwen hyɛ wo so pii a, ebetumi ama

  • woanya mogya mmoroso, komayare, wo fã adwudwo

Akwaa ahorow a epuw ahoɔdennuru gu nipadua mu.

Sɛ adwinnwen bɛtɔ wo so a, akwaa ahorow bi wɔ wo mu a epuw ahoɔdennuru bi te sɛ adrenaline ne cortisol gu wo nipadua mu. Wei ma wutumi gyina adwinnwen ano. Wo berɛbo nso ma asikre a ɛwɔ wo mogya mu no kɔ soro. Wei ma wunya ahoɔden foforo. Enti sɛ adwinnwen hyɛ wo so pii a, ebetumi ama

  • woanya asikreyare, ahoɔden a wo nipadua de ko tia yare no so atew na woataa ayareyare, woayɛ basaa, woayɛ kɛse

Nsono ne akwaa ahorow a ɛyam aduan.

Adwinnwen bɛtɔ wo so a, sɛ wudidi a wo nipadua rentumi nyɛ ho adwuma yiye. Enti sɛ adwinnwen hyɛ wo so pii a, ebetumi ama

  • wo bo afono wo, woafe, wo yam atu, wo yam atim

Nipadua akwaa a ɛboa ma yɛwo.

Adwinnwen bɛtɔ obi so a, ebetumi ama nna ho akɔnnɔ ne nna mu ahoɔden a ɔwɔ so atew. Adwinnwen pii betumi ama

  • ɔbarima bi ho adwudwo, ɔbea bi brayɛ ayɛ basaa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena