ADESUA 26
Nsɛm a Wɔhyehyɛ Ma Edidi So
ANSA na wubetumi ahyehyɛ asɛm bi ma adidi so no, ɛsɛ sɛ wunya botae bi wɔ w’adwenem. So wo botae ara ne sɛ wobɛka biribi—gyidi bi, nneyɛe bi, sɛnea biribi te, suban bi, anaa asetra kwan bi—ho asɛm akyerɛ afoforo kɛkɛ? So wohwɛ kwan sɛ wubedi asɛm bi ho adanse anaasɛ wobɛbɔ agu? So wo botae ne sɛ wobɛma wɔanya biribi ho anigye anaasɛ wobɛkanyan wɔn ma wɔayɛ biribi? Sɛ́ ebia wobɛma wo kasa no akyerɛ obi anaa atiefo a wɔdɔɔso no, sɛ ebetu mpɔn a, ehia sɛ wususuw nea wonim dedaw wɔ asɛm no ho ne adwene a wɔwɔ wɔ ho no ho. Bere a woayɛ eyi awie no, hyehyɛ wo nsɛm no wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛboa wo ma woadu wo botae ho.
Bere a Asomafo no Nnwuma 9:22 reka Saul (Paulo) som adwuma ho asɛm no, ɛbɔɔ amanneɛ sɛ “ɔmaa Yudafo a wɔte Damasko no ho yeraw wɔn, na odii adanse kyerɛe sɛ oyi ne Kristo no.” Dɛn na na ɛwɔ saa adanse a na edidi so no mu? Sɛnea akyiri yi Paulo som adwuma a ɔkɔyɛe wɔ Antiokia ne Tesalonika kyerɛ no, osii nokwasɛm a ɛyɛ sɛ na Yudafo no gye Hebri Kyerɛwnsɛm no di ne sɛ na wɔkyerɛ sɛ wogye nea ɛka fa Mesia ho no tom so dua. Afei, Paulo paw saa Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm a ɛka Mesia no som adwuma ne n’asetra ho asɛm no na ɔde kaa asɛm. Ɔfaa eyi de kaa asɛm de totoo nea Yesu yɛe ankasa ho. Awiei koraa no, ɔde baa awiei pefee sɛ Yesu ne Kristo, anaa Mesia no. (Aso. 13:16-41; 17:2, 3) Wo nso, sɛ woka Bible mu nokwasɛm ma edidi so saa a, ebetumi adan afoforo ti.
Asɛm no a Wobɛhyehyɛ. Wubetumi ahyehyɛ asɛm no wɔ akwan horow pii so ma adidi so. Sɛ wohwɛ na ɛbɛboa wo a, wubetumi akeka akwan no bi abobɔm. Susuw akwan a wubetumi afa so no bi ho hwɛ.
Nsɛmti a wɔhyehyɛ. Eyi hwehwɛ sɛ wokyekyɛ wo nsɛm mu afã horow, na ebiara twe adwene si wo botae no so. Afã horow no betumi ayɛ nsɛm a ehia a ɛbɛma ntease aba wo nsɛm no mu. Ebetumi ayɛ nsɛm pɔtẽẽ bi a edi biribi ho adanse anaa ɛbɔ gu. Wubetumi agyina sɛnea w’atiefo no te ne wo botae so de nsɛm bi a ɛfa asɛm no ho aka ho anaa woayi afi mu.
Susuw nsɛmti a wɔhyehyɛ ho nhwɛso bi ho hwɛ. Nsɛm a wubetumi aka wɔ ɔkasa tiawa a ɛfa Onyankopɔn din ho mu ni (1) dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛde Onyankopɔn din hu no, (2) nea Onyankopɔn din kyerɛ, ne (3) sɛnea yebetumi adi saa din no ni.
Yebetumi asua nneɛma pii afa sɛnea wɔhyehyɛ nsɛmti ahorow ho denam nhoma a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ahyehyɛ a yɛde yɛ ofie Bible adesua no so. (Mat. 24:45) Mpɛn pii no, nsɛmti a ebetumi aboa asuafo ma wɔate Bible mu nokware atitiriw ase no wɔ nhoma ahorow yi mu. Wɔ nhoma akɛse mu no, wɔde nsɛmti nketewa na ɛkyekyɛ ti biara mu. Asɛmti biara siesie osuani no ma adesua a edi hɔ no, na ɛboa ma ɔte ne nyinaa ase.
Nea ɛkɔfa biribi ba ne nea efi mu ba. Nea ɛkɔfa biribi ba a wubegyina so asusuw nsɛm ho nso yɛ ɔkwan foforo a wɔfa so da nsɛm adi nnidiso nnidiso.
Sɛ worekasa akyerɛ nnipakuw bi anaa ankorankoro a ehia sɛ wosusuw nea ebefi biribi a wɔreyɛ anaasɛ wɔabɔ wɔn tirim sɛ wɔbɛyɛ mu aba ho yiye a, saa kwan yi betumi atu mpɔn. Mmebusɛm ti 7 ma yɛn eyi ho nhwɛso fɛfɛ. Ɛkyerɛkyerɛ sɛnea aberantewa bi a “onni ti” (nea ɛkɔfa biribi ba) de ne ho kɔmaa tuutuuni bi ma ohuu amane mu (nea efi mu ba) pefee.—Mmeb. 7:7.
Nea ɛbɛyɛ na woasi nsɛm so dua yiye no, wubetumi de nneɛma bɔne a efii wɔn a wɔannantew Yehowa akwan so mu bae no atoto nea wɔn a wotiee Yehowa no nyae ho. Bere a Yehowa honhom kaa Mose no, ɔyɛɛ saa ntotoho no bere a ɔkasa kyerɛɛ Israel man no ansa na wɔrehyɛn Bɔhyɛ Asase no so no.—Deut., ti 28.
Wɔ tebea horow bi mu no, eye sɛ wubefi wo nkɔmmɔbɔ no ase denam tebea bi (nea efi biribi mu ba) a wobɛtwe adwene asi so no so na afei wode ɛho adanse a ɛtwe adwene si nneɛma a ɛma no ba (nea ɛkɔfa biribi ba) no so ama. Eyi taa fa ɔhaw bi ne ano aduru ho.
Ɔhaw ne ano aduru. Wɔ asɛnka mu no, sɛ wususuw asɛm bi a ɛhaw nkurɔfo ho na wokyerɛ sɛ ano aduru ankasa wɔ hɔ a, ebetumi ahyɛ obi nkuran ma watie wo. Ɔhaw no betumi ayɛ nea wode to gua anaa biribi a nea wo ne no rekasa no de ba.
Saa ɔhaw no betumi ayɛ nokwasɛm a ɛyɛ sɛ nnipa nyinyin na wowuwu, nsɛmmɔnedi a adɔɔso, anaa ntɛnkyea a abu so. Nkyerɛkyerɛmu tenten biara ho nhia na akyerɛ sɛ ɔhaw yi wɔ hɔ, efisɛ ɛda adi pefee. Twe adwene si ɔhaw no so fa fi ase, na afei fa ano aduru a ɛwɔ Bible mu no ma.
Ɔkwan foforo so no, ɔhaw no betumi ayɛ kokoam asɛm a ɛhaw ɔwofo a onni ɔhokafo, abasamtu a obi hyia esiane yare a emu yɛ den bi nti, anaasɛ ahokyere a obi hyia esiane sɛ obi ne no di nsɛm atirimɔden so nti. Nea ɛbɛma woatumi ayɛ mmoa yiye no, ɛsɛ sɛ wudi kan yɛ otiefo pa. Bible no de saa haw ahorow yi nyinaa ho afotu pa ma. Nanso ehia sɛ yɛde nhumu di dwuma wɔ ho. Sɛ wo nkɔmmɔbɔ no so bɛba onipa foforo no mfaso a, ɛsɛ sɛ woma wo nsɛm mu da hɔ. Ma emu nna hɔ sɛ́ ebia worebɛka ano aduru koraa anaa bere tiaa mu ahotɔ, anaa ɔkwan a ɔbɛfa so agyina tebea a ɛrensakra wɔ nhyehyɛe bɔne yi mu ano ho asɛm. Ɔkwan foforo so no, hwɛ hu sɛ kyerɛwsɛm a wode bɛma no betumi afoa sɛnea wode asɛm no bɛba awiei no so. Anyɛ saa a, onipa a wo ne no rekasa no rente wo nkyerɛkyerɛmu no ase.
Sɛnea nsɛm sisi nnidiso nnidiso. Nsɛm bi wɔ hɔ a, wogyina bere a esisii so na ɛhyehyɛ. Sɛ nhwɛso wɔ Exodus nhoma mu no, wɔka Ɔhaw Du no ho asɛm sɛnea esisii nnidiso nnidiso. Wɔ Hebrifo ti 11 no, ɔsomafo Paulo kaa mmarima ne mmea a wɔyɛɛ gyidi ho nhwɛso pa no ho asɛm nnidiso nnidiso.
Sɛ woka nsɛm a asi atwam nnidiso nnidiso a, eyi betumi aboa w’atiefo ma wɔate sɛnea nneɛma bi kɔɔ so no ase. Eyi fa nnɛyi abakɔsɛm ne nsɛm a esisii wɔ Bible mmere mu nso ho. Saayɛ so no, wubetumi aka sɛnea nsɛm sisii nnidiso nnidiso, nea ɛkɔfa bae ne nea efii mu bae nyinaa ho asɛm abom. Sɛ wobɔ wo tirim sɛ wobɛka nsɛm a Bible ka sɛ ebesisi daakye no ho asɛm a, akyinnye biara nni ho sɛ ɛho asɛm a wobɛka no nnidiso nnidiso no bɛyɛ mmerɛw ama w’atiefo no sɛ wobedi akyi na wɔakae.
Nsɛm a wobɛka no nnidiso nnidiso no nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ bere nyinaa wode nsɛm a edii kan sisii fi w’asɛm ase. Wɔ nsɛm bi mu no, ɛbɛyɛ papa koraa sɛ wobɛka asɛm bi mu suahu a ɛkanyan anigye de afi ase. Sɛ nhwɛso no, sɛ worema osuahu bi a, wubetumi apaw sɛ wobɛka bere bi a wɔsɔɔ obi mudi ma Onyankopɔn hwɛe ho asɛm. Bere a wode asɛm no fã yi akanyan anigye awie no, wubetumi aka sɛnea nsɛm no sisii no nnidiso nnidiso.
Nsɛm a Ehia Nkutoo a Wobɛka. Ɛmfa ho sɛnea wobɛhyehyɛ wo nsɛm no, hwɛ hu sɛ wobɛka nea ɛho hia nkutoo. Ɛsɛ sɛ w’asɛmti no ne nsɛm a wopaw no hyia. Ɛsɛ sɛ wususuw nnipa ahorow a wobetie wo no nso ho. Asɛm bi betumi ayɛ ahiasɛm ama atiefo bi, nanso wɔ atiefo afoforo fam no, ebia ɛbɛyɛ nea ɛho nhia. Ɛsɛ sɛ wohwɛ hu nso sɛ wo nsɛm no nyinaa bɛboa ma woadu wo botae ho. Anyɛ saa a, ɛmfa ho sɛ ebia wo kasa no yɛ anigye no, mfaso biara remma so.
Sɛ woreyɛ nhwehwɛmu a, wubetumi anya nsɛm a ɛyɛ anigye pii a ɛfa w’asɛm no ho. Emu ahe na ɛsɛ sɛ wode di dwuma? Sɛ woka pii de puapua w’atiefo no a, ebetumi asɛe w’atirimpɔw no. Ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛkae nsɛntitiriw kakraa bi a wusiesie no yiye no sen sɛ wobɛka nsɛm pii ntɛmntɛm agu wɔn so. Eyi nkyerɛ sɛ wuntumi mfa nsɛm bi a ɛyɛ anigye nhyem koraa. Ɛnsɛ sɛ woma ebunkam wo botae no so. Hyɛ sɛnea wɔnam anifere kwan so kaa nsɛm a ɛte saa wɔ Bible mu wɔ Marko 7:3, 4 ne Yohane 4:1-3, 7-9 no nsow.
Bere a wufi asɛm biako so kɔ foforo so no, hwɛ hu sɛ worenyɛ saa prɛko pɛ mma asɛm no nyera w’atiefo no. Sɛnea ɛbɛyɛ na nsɛm no bɛtoatoam yiye no, ehia sɛ wunya nsɛm bi a wode bɛhyehyɛ ntam akeka asisi anim. Ebetumi ayɛ kasasin anaa kasamu a ɛkyerɛ abusuabɔ a ɛda nsɛm no ntam. Wɔ kasa horow pii mu no, wotumi de nsɛmfua ntiantiaa a wɔde ka nsɛm bom di dwuma de kyerɛ abusuabɔ a ɛda asɛm a wɔaka ne nea edi so no ntam.
Sɛ wode nsɛm a ehia nkutoo di dwuma na wohyehyɛ no nnidiso nnidiso a, ɛbɛboa wo ma woadu wo botae ho.