Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • kp kr. 6-8
  • Ne Nyinaa Kyerɛ Dɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ne Nyinaa Kyerɛ Dɛn?
  • Monkɔ So Nwɛn!
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Yɛte “Nna a Edi Akyiri” no Mu?
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Ɛnkyɛ Onyankopɔn Atirimpɔw Bɛbam
    Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw? Wobɛyɛ Dɛn Ahu?
  • Asɛmpa a Wɔpɛ sɛ Wote No
    Yehowa Adansefo—Wɔne Henanom? Wɔn Gyidi ne Dɛn?
  • Bere Bɛn Na Awiei No Bɛba? Dɛn Na Yesu Kae?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2021
Hwɛ Pii Ka Ho
Monkɔ So Nwɛn!
kp kr. 6-8

Ne Nyinaa Kyerɛ Dɛn?

YESU KRISTO kae sɛ ɔko, aduankɔm, yaredɔm ne asasewosow bɛma yɛahu ‘nneɛma nhyehyɛe yi awiei.’—Mateo 24:1-8; Luka 21:10, 11.

Efi 1914 no, akodi a ɛkɔ so wɔ aman ne mmusua ntam, a mpɛn pii no nea ɛde ba ne asɔfo a wɔde wɔn ho gye amammuisɛm mu ne amumɔyɛfo ntua a mprempren abu so no, ama asetra ayɛ basaa.

Ɛmfa ho sɛ nyansahu ama kuayɛ anya nkɔso no, aduankɔm aka nnipa ɔpehaha pii wɔ wiase nyinaa. Afe biara aduankɔm ma nnipa mpempem pii wuwu.

Yaredɔm anaa nsanyare a abu so nso ka sɛnkyerɛnne a Yesu de mae no ho. Bere a Wiase Ko 1 baa awiei no, influensa a ebuu so no kunkum nnipa bɛboro 21,000,000. Ná ɛnyɛ yaredɔm a bere bi a atwam no na ɛba beae kakraa bi no bi, na mmom ɛkaa aman nyinaa ne nsupɔw a ɛwɔ akyiri no nso. Mprempren, AIDS rekunkum nnipa pii wɔ wiase nyinaa, na wɔ aman a wonnyaa nkɔso mu no, nsamanwaw, atiridii, anifurae a nkontia de ba ne tɔnkomda da so ara haw wɔn.

Wɔbɔ amanneɛ sɛ afe biara asasewosow pii a ɛsono emu biara anoden sisi. Ɛmfa ho mfiri papa a wɔwɔ ne akwan a etu mpɔn a wɔfa so hwehwɛ asasewosow ne sɛnea ano yɛ den fa mu de ho amanneɛbɔ ma no, wɔtaa bɔ asasewosow a esi wɔ mmeae a nnipa pii te ho amanneɛ.

Bible no nso ka siei sɛ: “Hu eyi sɛ, nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba. Efisɛ nnipa bɛyɛ ahopɛfo, sikapɛfo, ahohoahoafo, ahantanfo, abususɛnkafo, awofo asɛm ho asoɔdenfo, bonniayɛfo, wɔn a biribiara ho ntew mma wɔn, wɔn a wonni dɔ, apamsɛefo, ntwirifo, wɔn a wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ so, wɔn a wɔyɛ keka, wɔn a wɔmpɛ papa, afatwafo, anuɔdenfo, wɔn a wɔhoman, wɔn a wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn, wɔkatere wɔn anim kyerɛ onyamesom pa, nanso wɔpa emu ahoɔden. Saa nnipa yi, dan wo ho fi wɔn ho!”—2 Timoteo 3:1-5.

So wunnye ntom sɛ yɛte “mmere a emu yɛ den” no mu?

So woahyɛ no nsow sɛ, nnipa yɛ ahopɛfo ne sikapɛfo a ahantan ahyɛ wɔn ma?

Hena na obetumi agye kyim sɛ nnipa a wɔyɛ katee wɔ nneɛma ho nanso wonni ayɛ, wɔyɛ apamsɛefo ne ntwirifo nhyɛɛ wiase ma?

So wunim sɛ awofo asɛm ho asoɔden ne ɔdɔ a wɔnna no adi koraa ayɛ kɛse wɔ wiase nyinaa?

Akyinnye biara nni ho sɛ yɛte wiase bi a anigyede agye nnipa adwene nanso wɔmpɛ papayɛ mu. Saa na Bible ka su a ɛbɛkɔ so wɔ “nna a edi akyiri” mu no ho asɛm.

So yehia adanse pii sɛnea ɛbɛyɛ a yebehu mmere a yɛte mu no? Yesu nso kae wɔ nna a edi akyiri no ho sɛ, wɔbɛka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa wɔ wiase nyinaa. (Mateo 24:14) So wɔreyɛ saa?

Bere nyinaa wotintim Ɔwɛn-Aban, Bible nsɛmma nhoma a ɛka Yehowa Ahenni ho asɛm kyerɛ no wɔ kasa pii mu sen nsɛmma nhoma foforo biara.

Afe biara, Yehowa Adansefo de nnɔnhwerew bɛboro ɔpepepem biako kɔ afoforo nkyɛn kɔka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm kyerɛ wɔn.

Ɛnnɛ, wotintim nhoma ahorow a ɛkyerɛkyerɛ Bible no mu wɔ kasa bɛyɛ 400 mu, a kasa a nnipa a wɔte asase so akyirikyiri ne mmeae a nnipa kakraa bi te no mpo ka ho. Yehowa Adansefo aka asɛmpa no wɔ aman nyinaa mu; afei nso, wɔaka asɛm no wɔ nsupɔw ne nsasesin a esusua dodo a amammuifo mmu ho akonta no mu. Wɔyɛ Bible nkyerɛkyerɛ adwuma wɔ aman dodow no ara so daa.

Nokwarem no, wɔaka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa wɔ wiase nyinaa, a ɛnyɛ sɛ wɔde bɛsakra wiase nnipa nyinaa, na mmom sɛ wobedi wɔn adanse. Nnipa a wɔwɔ mmaa nyinaa anya hokwan a wɔde bɛkyerɛ sɛ wɔdwen nea ɔbɔɔ ɔsoro ne asase no ho, ne sɛ wɔbɛkyerɛ obu ama ne mmara na wɔada ɔdɔ adi akyerɛ wɔn mfɛfo nnipa anaa.—Luka 10:25-27; Adiyisɛm 4:11.

Ɛrenkyɛ, Onyankopɔn Ahenni beyi abɔnefo nyinaa afi hɔ na wama asase adan paradise.—Luka 23:43.

[Adaka wɔ kratafa 6]

Ɛyɛ Dɛn Ho Nna a Edi Akyiri?

Ɛnyɛ adesamma nna a edi akyiri. Bible no ma wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn apɛde no nya anidaso sɛ wɔbɛtra ase daa.—Yohane 3:16, 36; 1 Yohane 2:17.

Ɛnyɛ nna a edi akyiri ma asase no. Onyankopɔn Asɛm hyɛ bɔ sɛ asase a yɛte so yi begyina daa.—Dwom 37:29; 104:5; Yesaia 45:18.

Mmom no, eyi yɛ basabasayɛfo, wiase a ɔdɔ nnim ne wɔn a wodi wiase no akyi fẽẽ no nna a edi akyiri.—Mmebusɛm 2:21, 22.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 7]

So Bible no Yɛ Onyankopɔn Asɛm Ampa?

Bible mu adiyifo kyerɛwee mpɛn pii sɛ: ‘Sɛ́ Yehowa se ni.’ (Yesaia 43:14; Yeremia 2:2) Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba no mpo sii so dua sɛ ‘ɔmmɔ n’ankasa ne tirim nkasa.’ (Yohane 14:10) Bible no ankasa ka no pefee sɛ: “Kyerɛw nyinaa fi Nyankopɔn home mu.”—2 Timoteo 3:16.

Sɛnea United Bible Societies (Kuw a wotintim Bible) bɔɔ ho amanneɛ no, Bible akyi no, wontintim nhoma foforo biara wɔ kasa bɛboro 2,200 mu da. Nhoma foforo biara nni hɔ a wɔakyekyɛ mfuamfua bɛboro ɔpepepem anan da. So wonhwɛ kwan sɛ saa na ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ asɛm a Onyankopɔn wɔ ma adesamma nyinaa no ho?

Sɛ wopɛ sɛ wunya nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri a ɛbɛma woahu sɛ Bible no fi Onyankopɔn home mu a, hwɛ Amansan Nhoma, a Yehowa Adansefo tintimii no mu.

Sɛ wode anisɔ kenkan Bible no, na wugye tom sɛ ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm ampa a, wubenya so mfaso kɛse.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 8]

Dɛn Ne Onyankopɔn Ahenni?

Ɛyɛ aban a ɛwɔ soro a Yehowa, nokware Nyankopɔn no, ɔsoro ne asase Bɔfo no, na odi so.—Yeremia 10:10, 12.

Bible da no adi sɛ Yesu Kristo na Onyankopɔn de saa nniso tumi no ama no. (Adiyisɛm 11:15) Bere a Yesu wɔ asase so no, ɔdaa no adi sɛ Onyankopɔn ama no tumi soronko—tumi a ɛma otumi dii po ne wim tebea so, saa nyarewa nyinaa bi, na onyanee awufo mpo. (Mateo 9:2-8; Marko 4:37-41; Yohane 11:11-44) Bible nkɔmhyɛ bi ka siei sɛ Onyankopɔn de ‘tumi ne anuonyam ne ahenni bɛma no, na aman, nkurɔfo ne kasa horow nyinaa asom no.’ (Daniel 7:13, 14) Wɔfrɛ saa nniso no ɔsoro Ahenni; efisɛ ɔsoro na mprempren Yesu Kristo fi di ne tumi no.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 7]

Wɔka asɛmpa no wɔ wiase nyinaa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena