ƆFÃ A EDI KAN
“Ɔsoro Buei”
NEA ƐWOM: Yebehu baabi a Yehowa te no ho biribi kakra
Onipa biara rentumi mfa n’aniwa nhu Yehowa, ade nyinaa so tumfo Nyankopɔn no, na onnya nkwa. (Ex. 33:20) Nanso Yehowa maa Hesekiel nyaa anisoadehu ahorow bi a ɛma yehu sɛnea Yehowa ahyehyɛde no fã a ɛwɔ soro no te. Saa anisoadehu ahorow no ma yɛn ho dwiriw yɛn, na ɛma yɛn ani sɔ hokwan kɛse a yɛanya sɛ yɛresom nokware Nyankopɔn koro pɛ no.