ƆFÃ A ƐTO SO NNAN
“Mede Nsi Bɛbɔ Me Din Kronkron No Ho Ban”—Gog Bɛtow Ahyɛ Nokware Som So, Nanso Ɔrentumi Nsɛe No
NEA ƐWOM: Yehowa bɛbɔ ne nkurɔfo ho ban de wɔn atwa ahohiahia kɛse no
Yehowa dɔ nnipa, nanso ɔbɛma yɛabu yɛn nneyɛe ho akontaa akyerɛ no. Yemmisa sɛ, wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔsom Yehowa, nanso wɔmfa wɔn nneyɛe nkyerɛ saa no, obu wɔn sɛn? Dɛn na Yehowa begyina so abɔ obi ho ban wɔ ahohiahia kɛse no mu? Yenim sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ, nanso adɛn nti na obekunkum nnipa ɔpepem pii a wɔyɛ abɔnefo?