Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lmd adesua 9
  • Hu Nnipa Mmɔbɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hu Nnipa Mmɔbɔ
  • Dɔ Nnipa—Boa Wɔn Ma Wɔmmɛyɛ Asuafo
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Yesu Yɛe
  • Dɛn Na Yesua Fi Yesu Hɔ?
  • Suasua Yesu
  • Tema—Ade a Ɛma Yɛda Ayamye ne Mmɔborohunu Adi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Da Tema Adi
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2021
  • Nya Tema
    Nyan!—2020
  • Yi Téma Adi Wɔ Wo Som Adwuma Mu
    Yɛn Ahenni Som—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Dɔ Nnipa—Boa Wɔn Ma Wɔmmɛyɛ Asuafo
lmd adesua 9

YƐ SANKƆHWƐ

Yesu ne n’asuafo no asi afi ɔkorow mu rekɔ mpoano. Nnipadɔm gu hɔ retwɛn wɔn wɔ hɔ.

Mar. 6:30-34

ADESUA 9

Hu Nnipa Mmɔbɔ

Nnyinasosɛm: “Mo ne wɔn a wodi ahurusi nni ahurusi; mo ne wɔn a wosu nsu.”—Rom. 12:15.

Nea Yesu Yɛe

Yesu ne n’asuafo no asi afi ɔkorow mu rekɔ mpoano. Nnipadɔm gu hɔ retwɛn wɔn wɔ hɔ.

VIDEO: Yesu Huu Nnipadɔm No Mmɔbɔ

1. Hwɛ VIDEO yi, anaa kenkan Marko 6:​30-34. Wuwie a susuw nsɛmmisa yi ho:

  1. Adɛn nti na na Yesu ne n’asomafo no pɛ sɛ ‘wɔkɔhyɛ baabi komm’?

  2. Dɛn na ɛmaa Yesu kyerɛkyerɛɛ nnipadɔm no?

Dɛn Na Yesua Fi Yesu Hɔ?

2. Sɛ yehu nnipa mmɔbɔ a, ɛnyɛ asɛmpa no nko ara na yɛbɛka akyerɛ wɔn, mmom yɛbɛboa wɔn nso.

Suasua Yesu

3. Yɛ aso tie no. Ma onipa no kwan ma ɔnkasa. Sɛ ɔreka sɛnea ɔte nka anaa nea ɛhaw no a, mmɔ n’asɛm no ngu. Sɛ woyɛ aso tie no a, ɛbɛma no ahu sɛ ne ho hia wo.

4. Wunya obi a n’ani gye asɛm no ho a, dwen nea ɛbɛboa no ho. Wohwɛ nkɔmmɔ a moabɔ atwam a, wubetumi abisa wo ho sɛ:

  1. ‘Adɛn nti na ɛho hia sɛ ohu nokware no?’

  2. ‘Sɛ osua Bible no a, mfaso bɛn na obenya wɔ n’abrabɔ mu nnɛ, na daakye nso ɛbɛboa no sɛn?’

5. Wunya biribi a ɛbɛboa no a, fa kyerɛ no. Wo ne no hyɛ ase sɛ morebɔ nkɔmmɔ a, mma no nnkyɛ ansa na woama no ahu sɛ Bible adesua betumi ama no anya ne nsɛmmisa ho mmuae na ebetumi aboa no wɔ n’abrabɔ mu nso.

HWƐ NEA EDIDI SO YI NSO

Rom. 10:​13, 14; Filip. 2:​3, 4; 1 Pet. 3:8

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena