Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ
Hyɛ a Wɔhyɛ Onipa Foforo No
BIBLE no ka sɛ: “Munyi onipa dedaw no ne ne nneyɛe ngu, na monhyɛ onipa foforo a wɔyɛ no foforo kɔ nimdeɛ mu nea ɔbɔɔ no no suban so no.” (Kolosefo 3:9, 10) Bere bi a atwam mu no, na wɔn a wɔyɛ Yehowa Adansefo nnɛ no mu pii yɛ Satan wiase a nokwaredi nni mu no fã. Bere a wobenyaa nea Onyankopɔn hwehwɛ wɔ Kristofo hɔ no ho nokware nimdeɛ no, wɔyɛɛ nsakrae na wɔhyɛɛ onipa foforo no. Osuahu ahorow a edidi so yi kyerɛ sɛnea wobetumi ayɛ nsakrae ahorow a ɛte sɛɛ.
◻ Ɔkorɔnfo bi a wagye din wɔ Spain a na ɛnyɛ sɛ hia a ahia no nti na ɔbɔ korɔn no fii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible no. Ná nneɛma a wawia ayɛ ne fi hɔ ma. Bere a ɔkɔɔ so nyaa Bible mu nnyinasosɛm ahorow ho nokware nimdeɛ no, n’ahonim fii ase haw no na osii gyinae sɛ ɔbɛsan de nneɛma a wawia no wuranom ade akɔma wɔn.
Ɔkɔɔ ne kan adwuma mu panyin nkyɛn na ɔka kyerɛɛ no sɛ wawia n’afiri a wɔde horo ade foforo bi. Ɔbarima yi ani gyee nea enti a wayɛ nsakrae yi ho na ɔmaa no kwan sɛ ontua afiri a wɔde horo ade a ne bo yɛ Amerika sika dɔla 292 no ka, na ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔremmɔ polisifo amanneɛ.
Afei ɔkɔɔ kurow no mu odikuro nkyɛn na ɔkɔka kyerɛɛ no sɛ wabɔ kurow no mu nkanea a ne bo yɛ den no abien na ɔpɛ sɛ otua ho ka. Bere a odikuro no hui sɛ ɔbarima yi ahyɛ “onipa foforo” no esiane Bible no a ɔresua nti no, ɔde kyɛɛ no, na wannye sika biara.
Ɔbarima no kɔɔ nnipa afoforo a wɔwɔ mpɔtam hɔ no nkyɛn na ɔsan de wɔn nneɛma a wawia no kɔmaa wɔn na wɔn nyinaa ho dwiriw wɔn wɔ nsakrae kɛse a aba wɔ ne suban mu esiane Bible nnyinasosɛm ahorow a ɔde di dwuma nti no ho.
Nanso na nneɛma a wawia no pii wɔ hɔ a onnim ne wuranom. Enti bere a wabɔ Yehowa mpae akyi no, ɔkɔɔ polisifo nkyɛn na ɔde afiri a wɔde bɔ nnwom wɔ kar mu ahorow asia a wawia no maa wɔn. Polisifo no ho dwiriw wɔn efisɛ na wɔntee ne ho asɛm biara wɔ hɔ. Wɔma otuaa sika dodow bi na wɔde no too afiase bere tiaa bi.
Mprempren ɔwɔ ahonim pa wɔ Yehowa anim. Nea ɛne Efesofo 4:28 a ese, “Owifo nwia ade bio,” no hyia ne hu a wahu sɛ akorɔnfo “rennya Onyankopɔn ahenni” no nti, wagyae korɔnbɔ na wahyɛ “onipa foforo” no.—1 Korintofo 6:9, 10.
◻ Nokware a wɔn a wɔwɔ Kristo su no bi di no yɛ nea mpɛn pii afoforo a wɔwɔ akyiri no hu sɛnea osuahu a efi Italy yi kyerɛ no. Ná Yehowa Adansefo no mu biako wo hɔ bere a lɔre akwanhyia bi sii no. Ɔkɔɔ kar no biako ho kɔhwɛe sɛ ebia obetumi aboa, na bere a ohuu ɔbarima bi a wapira kɛse na mogya retu no no, ɔne no kasae na ɔbɔɔ Yehowa din. Ɔbarima no maa ne ti so na obisaa no sɛ ɔyɛ Yehowa Adansefo no mu biako, na obuae sɛ yiw. Ɔbarima no kae sɛ: “Awuraa, me yam hyehye me. Me bag da kar no mu a sika ɔpepem pii hyem. Mesrɛ wo, fa kɔ wo fi. Sɛ ɛwɔ wo nkyɛn a minsuro. Sɛ anyɛ saa a sika yi nyinaa bɛyera. Sɛ me ho tɔ me a, wubetumi de sika no abrɛ me!” Ɔdansefo no faa sika no kɔe na ɔsan de brɛɛ no bere a ne ho tɔɔ no no. Ɔdaa no ase kɛse.
Yehowa hyira wɔn a ‘woyi onipa dedaw no kyene’ na ‘wɔhyɛ onipa foforo no.’—Efesofo 4:22-24.
“Owifo nnwia ade bio, na mmom ɔmmɔ mmɔden mfa ne nsa nyɛ adwuma pa, na wanya biribi a ɔde bɛma nea odi hia.”—Efesofo 4:28
September Da Biara Da Asɛm
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)