Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w87 7/1 kr. 8-13
  • Ɔsoro Asomdwoe Ma Wɔn A Yehowa Akyerɛkyerɛ Wɔn

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsoro Asomdwoe Ma Wɔn A Yehowa Akyerɛkyerɛ Wɔn
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Enti A Wiase No Nni Asomdwoe
  • Asomdwoe A Ɛma Akomatɔyam A Onyankopɔn De Ma No
  • Mma A Yehowa Akyerɛkyerɛ Wɔn
  • “Nnipakuw Kɛse” A Wɔakyerɛkyerɛ Wɔn Wɔ Onyankopɔn Akwan So
  • Asomdwoe A Ɛda Nsow
  • Sɛnea Wubetumi Anya Ɔsoro Asomdwoe a Ɛdɔɔso Kɛse
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Ma “Onyankopɔn Asomdwoe” Nhwɛ Wo Koma So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nokware Asomdwoe—Efi He?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Onyankopɔn Asomdwoe Ho Asomafo a Yɛbɛyɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
w87 7/1 kr. 8-13

Ɔsoro Asomdwoe Ma Wɔn A Yehowa Akyerɛkyerɛ Wɔn

“Wo mma nyinaa bɛyɛ wɔn a Yehowa akyerɛkyerɛ wɔn, na wo mma asomdwoe bɛdɔɔso.”​—YESAIA 54:13. New World Translation.

1, 2. Dɛn so na anigye a wobenya no gyina?

ASOMDWOE! Hwɛ sɛnea obiara pɛ! Nanso wɔanya biribi wɔ adesamma kyerɛwtohɔ mu mpo a, ɛnyɛ asomdwoe. Dɛn nti na eyi te saa?

2 Asomdwe a wobenya yɛ nea ɛfa obu ma tumidi ho kɛse. Na hena na ɔwɔ tumi a ɛkorɔn sen biara wɔ amansan yi mu? Ɛyɛ Ɔbɔadeɛ, Yehowa Nyankopɔn. Enti yɛne no ntam abusuabɔ a ɔpene so hia wɔ asomdwoe a yebenya no mu. (Dwom 29:11; 119:165) Sɛ saa abusuabɔ a ɛho hia kɛse no sɛe a, ɛrentumi nyɛ yiye sɛ yebenya nokware asomdwoe wɔ yɛne Onyankopɔn ntam, wɔ obi ne ne yɔnko ntam, ne wɔ yɛn ankasa mu.​—Yesaia 57:21.

Nea Enti A Wiase No Nni Asomdwoe

3. Ɛyɛɛ dɛn na adesamma ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ no sɛee?

3 Sɛnea yenim yiye no, ɛyɛ adesamma abakɔsɛm akyi bere tiaa bi na Onyankopɔn honhom mu mma no mu biako tew atua tiaa Yehowa. Atuatew yɛ biribi a ɛde ɔko ba. Saa asomdwoe sɛefo a akyiri yi wɔbɛfrɛɛ no Satan ɔbonsam no ka kyerɛɛ Hawa sɛ, sɛ ɔte nka sɛ biribi a ɔbɛyɛ no ho bɛba no mfaso a, ɔmma Onyankopɔn mmara nsiw no kwan wɔ ne yɛ mu. Ɔbonsam kyinkyim nokwasɛm ahorow no ma osusuwii sɛ Onyankopɔn a obetie no no bɛma wahwere adepa bi. Na ɛyɛ pɛsɛmenkominya adwene, su a ɛma obi susuw ne nkutoo ho kan. Ankyɛ na ne kunu bɛkaa ne ho wɔ ne mmarato adeyɛ no mu, na nea afi mu aba ne sɛ ama wɔn asefo nyinaa anya saa honhom no bi.​—Genesis 3:1-6, 23, 24; Romafo 5:12.

4, 5. (a) Satan atumi anya adesamma nsusuwii so nkɛntɛnso akodu he? (b) Tumi bɛn na eyi anya wɔ mmɔden a onipa bɔ sɛ obenya asomdwoe no so?

4 Ɛnyɛ adesamma fã ketewaa bi pɛ na wopia Onyankopɔn mmara to nkyɛn. Kyerɛwnsɛm no ka kyerɛ yɛn sɛ Satan ‘redaadaa amanaman nyinaa.’ (Adiyisɛm 12:9) Nnipa binom yɛ mmaratofo kɛse na wɔnkyerɛ obu mma Nyankopɔn ne wɔn mfɛfo nnipa; afoforo de nyɛ kɛse saa. Nanso Satan atumi anya adesamma nsusuwii so nkɛntɛnso ara ma ɛmaa ɔsomafo Yohane tumi kae sɛ: “Wiase nyinaa da ɔbɔne no mu.” (1 Yohane 5:19) Sɛ́ ɛyɛ nea nkurɔfo ka sɛ wogye di sɛ Satan wɔ hɔ anaasɛ dabi no, nea ɔpɛ na wɔyɛ. Wotie no, enti ɔne wɔn sodifo. Esiane eyi nti, adesamma atwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho, na ɔtan da wɔne no ntam. Wɔ tebea a ɛte sɛɛ mu no, so ɛyɛ nwonwa sɛ mmɔden biara a onipa bɔ sɛ obenya asomdwoe no ntumi nyɛ yiye?​—Kolosefo 1:21.

5 Nanso, nnipa a wɔn dodow kɔ anim bere nyinaa a wofi aman nyinaa so renya ɔsoro asomdwoe, asomdwoe a efi Onyankopɔn hɔ. Ɔkwan bɛn so na eyi atumi ayɛ yiye?

Asomdwoe A Ɛma Akomatɔyam A Onyankopɔn De Ma No

6. (a) Bible no si asomdwoe so dua dɛn? (b) Ɛnam hena so na yebetumi anya asomdwoe a Onyankopɔn de ma no bi?

6 Wɔka Yehowa ho asɛm ma ɛfata wɔ Romafo 15:33, NW sɛ “Onyankopɔn a ɔma asomdwoe.” Efi mfiase pɛɛ na ayɛ Onyankopɔn atirimpɔw sɛ n’abɔde nyinaa benya asomdwoe. N’asɛm a efi honhom mu a ɛyɛ Bible no ka asomdwoe ho asɛm bɛboro mpɛn 300. Ɛda no adi pefee sɛ Yesu Kristo yɛ “Asomdwoe Hene.” (Yesaia 9:6, 7) Ɔne nea Onyankopɔn ahyɛ no sɛ ɔmmɛsɛe asomdwoe sɛefo kɛse, Satan Ɔbonsam, nnwuma no. (1 Yohane 3:8) Na ɛdenam “Asomdwoe Hene” no so no, yɛn mu biara betumi anya asomdwoe a ɛma akomatɔyam a Onyankopɔn de ma no.

7. (a) Dɛn na ɛka asomdwoe a Onyankopɔn de ma no ho? (b) Dɛn nti na ɛnyɛ biribi a ɛsɛ sɛ yɛtwɛn kosi sɛ nhyehyɛe dedaw yi betwam na yɛadu pɛyɛ ho koraa ansa?

7 Asomdwoe a ɛyɛ nwonwa bɛn ara na eyi yɛ sɛɛ yi? Ɛkyerɛ pii sen ɔko a enni hɔ ara kwa. Hebri asɛmfua Sha.lohm’, a wɔtaa kyerɛ ase “asomdwoe” no kyerɛ akwahosan, yiyedi, ne asetra pa. Onyankopɔn asomdwoe a nokware Kristofo wɔ no da nsow efisɛ ennyina tebea a atwa wɔn ho ahyia no so. Eyi nkyerɛ sɛ nneɛma bɔne a atwa wɔn ho ahyia no nka wɔn. Mmom no wɔba benya ahoɔden wɔ wɔn mu a ɛmma wɔnnyɛ biribi a ɛbɛma tebea no asɛe kɛse denam yɛ a wɔbɛyɛ bi atua so ka bere a ɛka wɔn no so. (Romafo 12:17, 18) Ɛwom sɛ ebia na obi yare anaasɛ onni pii wɔ honam fam de, nanso obetumi anya akwahosan na wadi yiye wɔ honhom mu na ɛno bɛma wanya asomdwoe a Onyankopɔn de ma no bi. Ɛda adi sɛ, sɛ saa pɛsɛmenkominya wiase yi fi hɔ a, nnipa a wɔte saa asomdwoe a wonya no bɛyɛ kɛse, na emu bɛdɔ bere a adesamma nyinaa adu pɛyɛ ho no. Nanso ɔsoro asomdwoe a wonya mprempren no yɛ adwene ne koma mu ahotɔ, kommyɛ tebea a obi nya wɔ ne mu a nea ɛba wɔ nipadua no akyi biara mfa ho. (Dwom 4:8) Efi obi ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ a ɔpene so no mu na ɛba. Ahonyade a ɛsom bo bɛn ara ni!

Mma A Yehowa Akyerɛkyerɛ Wɔn

8. Henanom na wodii kan nyaa asomdwoe yi bi wɔ wɔne Onyankopɔn ntam denam Yesu Kristo so?

8 Henanom na esiane sɛ Yehowa akyerɛkyerɛ wɔn na wodi n’ahyɛde ahorow nso nti wɔwɔ saa asomdwoe yi no? Wɔ ɛho mmuaema mu no, Bible no di kan twe yɛn adwene si wɔn a wɔbom yɛ honhom mu Israel no so. Wɔka wɔn ho asɛm wɔ Galatifo 6:16, faako a yɛkenkan eyi no: “Dodow a wɔnam [abrabɔ ho mmara] kwan yi so no, asomdwoe ne mmɔborohunu mmra wɔn ne Nyankopɔn Israel so.” Eyinom ne 144,000 a Onyankopɔn apaw wɔn ma wɔne Yesu Kristo konya ɔsoro asetra mu kyɛfa no.​—Adiyisɛm 14:1.

9. Dɛn ne “abrabɔ ho mmara” a na ɛka asomdwoe a honhom mu Israel benya ho no?

9 Wɔ afeha a edi kan no mu no, na wɔn a wɔyɛ honhom mu Israel no resua nokware titiriw bi, “abrabɔ ho mmara” a na ɛfa asomdwoe a wobenya no ho tẽẽ. Na ɛyɛ nea ɛho hia sɛ wɔte abrabɔ ho mmara yi ase. Wɔ bɛyɛ nea ɛboro mfeha 15 mu no, Yehowa de Mose Mmara no dii dwuma de yɛɛ nneɛma pa a ɛbɛba no sunsuma. Nanso wɔ Yesu Kristo afɔrebɔ wu no akyi no, nea na wɔhwehwɛ wɔ Mose Mmara no ase no anyɛ nea ɛkyekyere wɔn bio. (Hebrifo 10:1; Romafo 6:14) Eyi daa adi wɔ gyinae a Kristofo sodikuw no sii wɔ Yerusalem a ɛfa twetiatwa ho no mu. (Asomafo no Nnwuma 15:5, 28, 29) Wosii so dua bi wɔ krataa a efi honhom mu a wɔde kɔmaa Galatifo no mu. Na nneɛma pa a wɔde Mose Mmara no yɛɛ ne sunsuma no afi ase reyɛ adwuma. Ná Yehowa de nkakrankakra de nea n’ayamye a ɛnsɛ a ɔnam Kristo so ada no adi no kyerɛ rehyɛ Kristo akyidifo a wɔasra wɔn no adwene ne wɔn koma mu. Ɛdenam nsiesiei yi mu gyidi a wobenya na wɔayɛ wɔn ade ma ɛne no ahyia so no, na wobetumi anya asomdwoe bi a adesamma a wɔyɛ abɔnefo mu biara ntumi nyaa bi da.​—Galatifo 3:24, 25; 6:16, 18.

10. (a) Na honhom mu Israelfo no rehu bɔhyɛ bɛn a wɔakyerɛw ato hɔ wɔ Yesaia 54:13 no mmamu? (b) Ɔkwan bɛn so na teɛ a Yehowa ateɛ wɔn so no aboa wɔn wɔ asomdwoe a wɔanya no mu?

10 Na honhom mu Israelfo no rehu bɔhyɛ a wɔakyerɛw ato hɔ wɔ Yesaia 54:13, NW no mmamu. Ɛhɔ na Onyankopɔn ankasa ka kyerɛɛ n’ahyehyɛde a ɛte sɛ ɔyere a honhom abɔde anokwafo na wɔwom no sɛ: “Wo mma nyinaa bɛyɛ wɔn a Yehowa akyerɛkyerɛ wɔn, na wo mma asomdwoe bɛdɔɔso.” Ɛwom sɛ saa ɔbea no ba titiriw ne Yesu Kristo ankasa a ɔwoo no sɛ Mesia bere a wɔde honhom kronkron sraa no wɔ 29 Y.B. mu no de. Nanso Yehowa ɔbea a ɔwɔ soro no wɔ mmra pii​—144,000 foforo a wɔba bɛyɛ aseni a wɔkaa ne ho asɛm too hɔ wɔ Genesis 3:15 no fã a ɛto so abien. Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ ɔno na ɔbɛyɛ saa mma yi nyinaa Kyerɛkyerɛfo Kɛse. Wakyerɛkyerɛ wɔn nokware a ɛfa n’ankasa ne n’atirimpɔw ho no. Waka ɔkwan a ɛsɛ sɛ wɔfa so som no akyerɛ wɔn. Ɛtɔ bere bi a na ɛsɛ sɛ ɔteɛ wɔn so. Eyi ho behia bere a wɔantie n’Asɛm no. Nteɛso betumi ayɛ biribi a ɛyɛ den sɛ wobegye atom. Nanso wofi ahobrɛase mu agye atom sɛ ho hia wɔn na wɔayɛ nsakrae ahorow a wɔhwehwɛ no, na nneɛma pa afi saa nteɛso no mu aba​—“asomdwoe aba a ɛyɛ trenee.”​—Hebrifo 12:7, 11; Dwom 85:8.

“Nnipakuw Kɛse” A Wɔakyerɛkyerɛ Wɔn Wɔ Onyankopɔn Akwan So

11. (a) Henanom nso na Yehowa rekyerɛkyerɛ wɔn wɔ yɛn bere yi mu? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔkyerɛ sɛ wɔfata asɛm a wɔaka wɔ Yesaia 2:2, 3 no, na ɛkã afoforo dɛn?

11 Ɛnyɛ honhom mu Israelfo no nko ne kuw a Yehowa rekyerɛkyerɛ wɔn wɔ yɛn bere yi mu. Wɔ mfirihyia aduonum a atwam no mu no, wɔde adwene asi kuw foforo bi nso so. Wɔde honhom kaa Yesaia ma ɔkyerɛwee wɔ wɔn ho wɔ ne nhoma no ti 2 nkyekyem 2 ne 3 sɛ: “Nna a edi akyiri no mu no, [Yehowa] fi bepɔw no betim hɔ ataa mmepɔw atifi, na wɔama so asen nkoko nyinaa, na amanaman nyinaa asen yuu aba ho.” Yiw, wɔn a wogye nokware Nyankopɔn koro no tom no ma ɛyɛ nea ɛkorɔn sen biara wɔ wɔn asetra mu. Enti wohu no pefee te sɛ nea wɔama so asen ɔsom foforo biara a kan no wɔde wɔn ho hyem a na wiase a atwa wɔn ho ahyia no nso kɔ so de ne ho hyem bi no. Nnipa a wɔwɔ aman horow nyinaa mu ahu eyi. Wɔahu sɛ ɛmfa ho sɛ dɛn ara na wiase atumfoɔ ka anaasɛ nneyɛe ahorow a ɛmfata Kristofo abu so wɔ wiase no mu, wɔn a wɔsom Yehowa no de wɔne no ntam abusuabɔ di biribi foforo biara kan. Wɔn a wɔhwɛ wɔn no ahu aba a ɔsom a ɛte sɛɛ ma wɔsow wɔ wɔn asetra mu no nso na ama wɔn mu pii nso pɛ sɛ wonya ɔsom kronn mu kyɛfa. Enti mprempren nnipa a wɔn dodow boro ɔpepem abiɛsa reka akyerɛ afoforo sɛ: “Mommra ma yɛnkɔ [Yehowa] bepɔw so nkɔ Yakob Nyankopɔn fi, na ɔkyerɛ n’akwan, na yɛnnantew n’atempɔn so.”​—Hwɛ Sakaria 8:23 nso.

12. Ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Yesaia 2:2, 3 no nya mfaso wɔ yɛ a Onyankopɔn yɛ wɔn Kyerɛkyerɛfo no mu, na nkyerɛkyerɛ a ɔde ma wɔn no fã a ɛda nsow ne dɛn?

12 Susuw nea ɛno kyerɛ no ho​—Onyankopɔn a wobenya no sɛ wɔn Kyerɛkyerɛfo! Wɔn a wonya nkyerɛkyerɛ a ɛte sɛɛ na wɔn ani sɔ ne fibea ampa no adwenem nhaw wɔn bere nyinaa. Wonhinhim wɔ nsɛm abien ntam a wonhu nea wɔyɛ wɔ nea ɛteɛ ho. Nokware a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no da hɔ pefee. Na dɛn na Yesaia 2:4 kyerɛ sɛ ɛbɛda nsow titiriw wɔ nkyerɛkyerɛ a wonya no mu? Ɛfa sɛnea ɛmaa wonya asomdwoe wɔ wiase a nitan ama emu apaapae mu ho. Enti ɛmfa ho sɛ dɛn ara na afoforo paw sɛ wɔbɛyɛ no, wɔn a Yehowa akyerɛkyerɛ wɔn no fi ase sɛ wɔde wɔn nkrante bɛbobɔ nsɔw ne wɔn mpeaw ayeyɛ nnare. Wonsua akodi bio.

13. Mmeae horow bɛn na “nnipakuw kɛse” no fi, na dɛn na ama wɔayɛ nnipa ko a wɔyɛ no?

13 Ɛyɛ saa kuw yi ara na wɔda wɔn adi wɔ Adiyisɛm 7:9, 10, 14 sɛ wɔn a wonya nkwa kɔ Onyankopɔn asase foforo a asomdwoe wom a edi “ahohiahia kɛse” a ɛreba no akyi no so no. “Nnipakuw kɛse” a wonya nkwa no fi aman, mmusuakuw, nkurɔfo, ne kasa horow nyinaa mu, na anka wɔn mu pii wɔ akuw ahorow a ɛne wɔn ho wɔn ho di ako mu. Na afoforo nso di asetra kwan a pɛsɛmenkominya wom akyi titiriw; ná ɛno nso mma wonnya asomdwoe. Nanso mprempren eyinom a wofi aman nyinaa mu aba no yɛ nnipa a wɔdɔ asomdwoe, nnipa a wɔma asomdwoe nya nkɔso. Na dɛn na ama wɔayɛ saa? Yehowa akyerɛkyerɛ wɔn.​—Yesaia 11:9.

Asomdwoe A Ɛda Nsow

14. Yehowa nkurɔfo asomdwoe no gyina dɛn so, na ɔkwan bɛn so na eyi te saa?

14 Asomdwoe a Yehowa de dom ne nkurɔfo no da nsow ampa. Ɛnte sɛ biribi a ɛba bere a afanu bi a wonnye wɔn ho nni yɛ apam bi a enni mũ no. Ɛnyɛ nea wogyae nneɛma mu siesie wom. Egyina trenee so. (Yesaia 32:17) Ɔkwan bɛn so na ɛno betumi ayɛ yiye wɔ asomdwoe a ɛfa adesamma a wɔnyɛ pɛ ho mu? Ɛdenam gyidi so no, yebetumi anya trenee a esiane Kristo afɔre a ɛsom bo wɔ bɔne ho mpata mu no nti etumi yɛ yiye no.

15. Wɔ Yesu asase so som adwuma no mu no, dɛn na na Yehowa rekyerɛkyerɛ wɔn a wɔbɛba abɛyɛ ne mma no a na ɛho hia wɔ asomdwoe a wobenya no mu?

15 Eyi boa yɛn ma yɛte nea Yesu kae a wɔakyerɛw ato hɔ wɔ Yohane 6:45-47 no ase. Ɛhɔ no, na ɔrekasa akyerɛ Yudafo a wɔantumi ammɛn no sɛ Mesia na enti wonwiinwii wɔ ne ho no. Nanso ɛyɛ n’asuafo no ho na ɔkaa eyi: “Wɔakyerɛw adiyifo no mu [ne titiriw no, wɔ Yesaia 54:13] sɛ: Wɔn nyinaa bɛyɛ nnipa a Onyankopɔn akyerɛkyerɛ wɔn. Obiara a wate afi agya no nkyɛn na wasua no na ɔba me nkyɛn. Ɛnyɛ sɛ obi ahu agya no, gye nea ɔwɔ Onyankopɔn nkyɛn no, ɔno na wahu agya no. Nokware, nokware, mise mo sɛ: Nea ogye di no wɔ daa nkwa.” Saa asuafo no gyee nkyerɛkyerɛ a na Yehowa de rema wɔn no toom. Ɛtwee wɔn bɛn Yesu. Bere a afoforo pow nea Yesu kyerɛkyerɛe no na wogyaw no no, n’asuafo no annyaw no. Sɛnea Petro kae no: “Yɛagye adi, na yɛahu sɛ wone Nyankopɔn kronkronni no.” (Yohane 6:69) Esiane wɔn gyidi wɔ Yesu Kristo mu no nti na ebetumi ayɛ yiye sɛ wɔne Yehowa benya abu suabɔ a asomdwoe wom, abusuabɔ a daa nkwa ho bɔhyɛ ka ho.

16. (a) Ɛdefi Pentekoste 33 Y.B. mu no, ɔkwan bɛn so na Yesu akyidifo no nyaa mfaso wɔ nsiesiei a wɔnam Kristo so yɛe no mu? (b) Dɛn na na wɔhwehwɛ wɔ wɔn ho wɔ ɛno akyi?

16 Wofii ase de Kristo afɔre no mu mfaso ahorow no dii dwuma wɔ Yesu akyidifo anokwafo no ho fi Pentekoste 33 Y.B. mu. Nea Paulo kyerɛwee akyiri yi wɔ Romafo 5:1 no bɛyɛɛ nokware wɔ wɔn ho sɛ: “Afei efi gyidi mu na wɔabu yɛn bem nti, yɛnam yɛn Awurade Yesu Kristo so wɔ Onyankopɔn fam asomdwoe.” Na eyinom nyinaa yɛ Adam asefo fi awo mu. Sɛ́ abɔnefo no, na wɔatwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho. Na adwuma pa biara nni hɔ a wɔn ankasa bɛyɛ a ebetumi ayi bɔne a wonya fii awo mu no afi hɔ. Nanso ɛdenam Yehowa ayamye a ɛnsɛ no so no, wogyee Yesu ɔdesani nkwa a ɛyɛ pɛ afɔre no toom maa Adam asefo. Wɔ wɔn a wonya nsiesiei yi mu gyidi fam no, etumi yɛ yiye mprempren sɛ wɔde trenee bɛdom wɔn na ama Onyankopɔn de wɔn ayɛ mma a wɔwɔ ɔsoro asetra ho anidaso. (Efesofo 1:5-7) Nanso so na wɔhwehwɛ nea ɛsen saa wɔ wɔn fam? Yiw, na ɛsɛ sɛ wɔnantew Yehowa akwan so. Ná wɔremfa bɔne nyɛ wɔn su bio. Na mmom wohu sɛ trenee biara a wɔwɔ no yɛ Onyankopɔn ayamye a ɛnsɛ a wɔnam Kristo so ayi no adi akyerɛ wɔn. Sɛnea Kyerɛwnsɛm no ka no ‘wɔnam Yesu Kristo so wɔ Onyankopɔn fam asomdwoe.’

17, 18. (a) So “nguan foforo” no nya asomdwoe a ɛte sɛɛ bi wɔ wɔne Onyankopɔn ntam? (b) Nsemmisa afoforo bɛn na ɛho hia sɛ yesusuw ho?

17 Na wɔn a Yesu kaa wɔn ho asɛm sɛ ne “nguan foforo” no nso ɛ? (Yohane 10:16) So wonya asomdwoe sɛ a ɛte sɛɛ bi wɔ wɔne Onyankopɔn ntam? Wonnya bi Onyankopɔn mma, na mmom Kolosefo 1:19, 20 de wɔn ka ho sɛ wɔn a wonya ɔsoro asomdwoe. Ɛka sɛ ɛsɔɔ Onyankopɔn ani sɛ ɔnam Kristo so “bɛpata ɔno ne nneɛma nyinaa ntam koraa, ɛne sɛ ɔnam [Yesu] asennua ho mogya so ayɛ asomdwoe nam ɔno ara so apata nneɛma nyinaa, asase so de [a ɛyɛ wɔn a wɔde daa nkwa bɛdom wɔn wɔ paradise asase so no] oo, ɔsoro de oo, ne no ntam.” Wobu wɔn a wɔwɔ asase so anidaso yi trenee na asomdwoe ba wɔne Onyankopɔn ntam mprempren mpo a ɛnyɛ sɛ wɔyɛ mma na mmom sɛ ‘Onyankopɔn nnamfo’ sɛnea na ɛte wɔ Abraham fam no. Hwɛ ɔdom gyinabea ara a ɛno yɛ!​—Yakobo 2:23.

18 So w’ankasa wunya saa asomdwoe no bi? So worenya no kɛse sɛnea nnipa a wɔte ase wɔ abakɔsɛm mu bere titiriw yi mu betumi anya no? Yebesusuw nneɛma ahorow a ebetumi aboa ma ɛno ayɛ yiye no bi ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

Ntĩmu Nsemmisa

◻ Dɛn nti na wiase no nni asomdwoe?

◻ Dɛn ne asomdwoe a Onyankopɔn de ma mprempren no?

◻ Henanom na wobetumi anya asomdwoe a ɛte sɛɛ?

◻ Ɔkwan bɛn so na trenee yɛ biribi a ɛho hia wɔ saa asomdwoe yi mu?

[Mfonini wɔ kratafa 12]

“Obiara a wate afi Agya no nkyɛn na wasua no na ɔba me nkyɛn”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena