Sɛnea Wubetumi Anya Ɔsoro Asomdwoe a Ɛdɔɔso Kɛse
“Sɛ wowɛn w’aso ma me mmara nsɛm ɛ, anka w’asomdwoe bɛyɛ sɛ asubɔnten, no wo trenee ayɛ sɛ po asorɔkye.”—YESAIA 48:18.
1. Sɛ yebenya asomdwoe kɛse sɛnea ɛsɛ a, dɛn na ɛho hia?
WƆN a wonya asafo Bible adesua mu kyɛfa nyinaa denam nsɛmma nhoma yi mmoa so no hu bo a asomdwoe a Onyankopɔn de ma no som, na ɛyɛ nea wɔpɛ saa asomdwoe no. Akyinnye biara nni ho sɛ wɔn mu ɔfã kɛse no ara nya bi. Nanso ɛnyɛ wɔn nyinaa na wonya no kɛse sɛnea wobetumi anya no. Dɛn nti? Ɛdefa wɔn a wobenya ɔsoro asomdwoe ho no, Yehowa se: “Me [Yehowa], wo Nyankopɔn, mene nea ɔkyerɛ wo nea eye ma wo, na ogya wo kɔ ɔkwan a fa so no so. Sɛ wowɛn w’aso ma ne mmara nsɛm a, anka w’asomdwoe bɛyɛ sɛ asubɔnten, na wo trenee ayɛ sɛ po asorɔkye.”—Yesaia 48:17, 18.
2. (a) Dɛn ne adwene a ɛwɔ asɛm “wowɛn w’aso” no mu? (b) Onyankopɔn ahyɛde no ahe na ɛsɛ sɛ yɛwɛn yɛn aso wɔ ho? (1 Yohane 5:3)
2 Ɛda adi sɛ obiara betumi anya mfaso wɔ nhyiam ahorow a yɛbɔ Bible no ho nkɔmmɔ wɔ ase no bi a ɔbɛba no mu. Nanso wɔn a wɔwɛn wɔn aso ma Yehowa ahyɛde ahorow na wɔde di dwuma wɔ wɔn ankasa asetra mu na wɔtra ase ma ɛne no hyia no nkutoo na wonya ɔsoro asomdwoe ankasa. So mmeae horow bi wɔ hɔ a ɛho hia sɛ woyɛ eyi kɛse? (2 Petro 1:2) Ɛnyɛ nea eye sɛ yebedi nneɛma a Onyankopɔn hwehwɛ no kakraa bi akyi na afei yɛabu yɛn ani agu nea yehu sɛ ɛma yɛn ho kyere yɛn anaasɛ ɛyɛ den dodo no so. Bere a Ɔbonsam bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛdaadaa Yesu Kristo ma wasusuw nneɛma ho wɔ pɛsɛmenkominya kwan so te sɛ ɔno no, Yesu buae pefee sɛ: “Wɔakyerɛw sɛ: Ɛnyɛ abodoo nko so na onipa nam bɛtra ase, na asɛm biara a efi Onyankopɔn anom so.”—Mateo 4:4.
3. Sɛ yebenya asomdwoe pii ampa a, yɛn asetra fã bɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛne Yehowa akwan hyia?
3 Onyankopɔn ahyɛde ahorow no ka yɛn asetra fã biara. Nea edi kan no, ɛfa yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ ho. Afei ɛka yɛn adwene wɔ n’ahyehyɛde a aniwa hu no ne Kristo som adwuma no, ɔkwan a yɛfa so ne yɛn abusua mufo di, ne sɛnea yɛne nnipa a wɔwɔ wiase no mu di no ho. Wɔn a wɔde nnamyɛ yɛ aso ma Yehowa ahyɛde ahorow wɔ saa nneɛma yi nyinaa mu no na wɔde asomdwoe pii hyira wɔn. Ma yensusuw nneɛma kakraa bi a ebetumi aboa yɛn ma yɛanya bi no ho.
So Ɛho Hia Sɛ Woma W’ani Kũ Nneɛma Yi Bi Ho?
4. (a) Dɛn nti na ofie Bible adesua a wɔne yɛn bɛyɛ anaasɛ Ahenni Asa so a yɛbɛkɔ no nyɛ nea ɛkyerɛ ankasa sɛ asomdwoe wɔ yɛne Onyankopɔn ntam? (b) Dɛn na ɛka Yesu Kristo mu gyidi a yebenya no ho? (Yohane 3:36)
4 So nnansa yi ara na woafi ase ne Yehowa Adansefo resua Bible no? Anaasɛ ebia wo ne asafo a ɛwɔ faako a wowɔ no abɔ bɛyɛ asram anaa mfe dodow bi? Sɛ saa a, ɛnde akyinnye biara nni ho sɛ woanya anigye sɛ wɔada Onyankopɔn atirimpɔw ahorow ho nimdeɛ adi akyerɛ wo. Nanso nokwasɛm a ɛyɛ sɛ obi nya ofie Bible adesua anaasɛ Ahenni Asa so a ɔkɔ mu anigye no nkyerɛ sɛ asomdwoe wɔ ɔne Onyankopɔn ntam. Wɔwoo yɛn nyinaa wɔ bɔne mu na yɛne Onyankopɔn ntam asomdwoe nam Yesu Kristo nkutoo so na etumi yɛ yiye. (Yesaia 53:5; Asomafo no Nnwuma 10:36) Gye a obi gye Yesu Kristo di kakraa bi no mma onnya saa asomdwoe no. Ɛho hia sɛ wo ankasa wuhu hia a yehia agyede no na wunya gyidi wɔ bo a Yesu afɔrebɔ no som no mu, na afei wudi saa gyidi no ho adanse denam n’ahyɛde so a wubedi no so. (Yakobo 2:26) Ahyɛde ahorow a Yesu de mae bere a ɔwɔ asase so no mu biako ne sɛ wobɛbɔ wɔn a wɔbɛba abɛyɛ n’asuafo no asu wɔ nsu mu. (Mateo 28:19, 20) So wɔabɔ wo asu de ayɛ wo ho a woahyira ama Yehowa denam Yesu Kristo so no ho sɛnkyerɛnne?
5. Dɛn nti na ahosohyira ne asubɔ ho hia wɔ asomdwoe a ɛbɛba yɛne Onyankopɔn ntam no mu?
5 So biribi wɔ w’asetra mu a ɛmma womfata mma asubɔ? Sɛ wunim sɛ biribi saa wɔ hɔ, anaasɛ woba behu wɔ adesua no mu sɛ saa na asɛm no te a, ntwentwɛn wo nan ase sɛ wubesiesie w’akwan. Hu sɛ suban anaasɛ nneyɛe biara a ɛremma obi mfata mma asubɔ no yɛ biribi a esiw ɔne Onyankopɔn ntam asomdwoe nso kwan. Yɛ wo ade ntɛm bere a hokwan da so ara wo hɔ yi. Sɛnea wɔakyerɛw wɔ 1 Petro 3:21 no, wɔn a Yehowa Nyankopɔn ma wonya ahonim pa no di kan hyira wɔn so ho ma no a egyina Kristo afɔrebɔ no mu gyidi so, wɔbɔ wɔn asu de yɛ saa ahosohyira no ho sɛnkyerɛnne na wɔyɛ Onyankopɔn apɛde. Afei asomdwoe a ɛne ahonim pa a wonya esiane gyinabea pa a wɔwɔ wɔ Onyankopɔn anim nti na ɛnam no ba bɛyɛ wɔn dea; entumi nyɛ yiye wɔ ɔkwan foforo biara so. Nanso ɛyɛ mfitiase ara kwa.
6. Dɛn nti na yɛn su wɔ asafo nhyiam ahorow ho no fa asomdwoe a yebenya ho?
6 Afei susuw asafo nhyiam ahorow a wobɛkɔ daa ne emu kyɛfa a wubenya sɛnea wubetumi no ho. So nhyiam ahorow yi wɔ afã bi wɔ w’asetra mu a womma wiase no anaasɛ wo ankasa dwumadi ahorow nnye wo asabawmu wom? So wusiesie wo ho ma nhyiam ahorow no na wubu no sɛ ɛyɛ hokwan a woanya sɛ wubenya mu kyɛfa? Nneɛma yi nso kã asomdwoe ankasa a obi benya no. Dɛn ntia? Efisɛ Onyankopɔn honhom wɔ ne nkurɔfo a wɔahyiam no so, na asomdwoe yɛ saa honhom no aba. (Galatifo 5:22) Ɛyɛ nhyiam ahorow yi ase na wɔboa yɛn ma yɛte nea Yehowa hwehwɛ no ase, na yehia eyi na ama yɛayɛ nea ɛsɔ n’ani. Ɛha nso na yesua sɛnea yɛbɛma asomdwoe akɔ so wɔ yɛne mfɛfo nnipa abusuabɔ mu—asafo no mu, wɔ fie, wɔ sukuu, wɔ yɛn honam fam adwuma mu. Yɛn nhyiam ahorow no yɛ akwan atitiriw a Yehowa nam so kyerɛkyerɛ yɛn no mu biako, na sɛnea Kyerɛwnsɛm no da no adi no, ɛyɛ wɔn a Yehowa kyerɛkyerɛ wɔn no na wonya asomdwoe a ɛdɔɔso.—Yesaia 54:13.
7. Nneɛma a yesusuw ho wɔ yɛn nhyiam horow no ase akyi a yebedi bɛn na ɛho hia?
7 Asɛm a ɛfa eyi ho kɛse a ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani kũ ho ne nea yesua no a yɛde bedi dwuma nkakrankakra wɔ yɛn ankasa asetra mu. Yɛmpɛ sɛ yɛyɛ sɛ saa Israelfo a Yehowa kae wɔ wɔn ho sɛ ‘ɔte ara na mote, monte ase’ no. (Yesaia 6:9) Bio nso, so yɛpɛ sɛ yɛyɛ sɛ wɔn a Yehowa kaa wɔn ho asɛm kyerɛɛ Hesekiel—nnipa a wotie Yehowa diyifo no nanso wɔnyɛ nea ɔka esiane sɛ wɔpaw sɛ wobedi wɔn ankasa honam fam akɔnnɔ a ɛho ntew akyi nti no? Nea ɛne eyi bɔ abira no, wɔka wɔn a wɔbɛboaboa wɔn ho ano wɔ Yehowa ofi wɔ yɛn bere yi mu na wɔagye wɔn atom no ho asɛm sɛ wɔka sɛ: “Mommra ma yɛnkɔ [Yehowa] bepɔw so nkɔ Yakob Nyankopɔn fi, na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan, na yɛnnantew n’atempɔn so.” (Mika 4:2) Sɛ yɛde nkyerɛkyerɛ a wɔde ma yɛn wɔ yɛn nhyiam horow ase no to yɛn koma so ampa na sɛ anyɛ yiye koraa no yɛhyɛ asɛm biako a yehia nsow wɔ nhyiam biara ase na afei yɛyɛ ho adwuma a, yebetwa asomdwoe aba. Sɛnea Yesu kae wɔ Luka 11:28 no: “Nhyira ne wɔn a wɔte Onyankopɔn asɛm na wodi so!”
8. Ɔkwan bɛn so na asɛnka adwuma mu kyɛfã kɛse a yebenya sɛnea yɛn nsɛm tebea ma kwan no ho bɛba yɛn mfaso?
8 Nneɛma a wosi so dua wɔ yɛn nhyiam horow no ase no mu biako ne hia a ɛho hia sɛ yebenya Onyankopɔn Ahenni no ho dawurubɔ no mu kyɛfa kɛse na yɛaboa afoforo ma wɔabɛyɛ asuafo no. (Mateo 24:14; 28:19) Adwuma yi di w’asetra mu akoten dɛn? Sɛ yɛayɛ aso ama nea Yehowa nam n’Asɛm no ne n’ahyehyɛde no so reka akyerɛ yɛn no ampa a, ɛnde yenim sɛ eyi ne adwuma a ɛho hia titiriw a wɔreyɛ wɔ asase so nnɛ. (Adiyisɛm 14:6, 7) Na ɛyɛ nokwasɛm a wonim yiye sɛ wɔn a wɔde wɔn ho ahyɛ bere nyinaa som adwuma mu—ne afei wɔn a ɛwom sɛ wontumi nyɛ akwampae adwuma de nanso wɔyere wɔn ho wɔ ɔsom adwuma no mu—no ne wɔn a” wɔwɔ anigye kɛse wɔ yɛn mu. Anigye a wonya no nte sɛ nsu koko a ɛsosɔ na mmom sɛnea Yehowa kae no, ɛte “sɛ asubɔnten.” (Yesaia 48:18) So ɛno ne nea worenya? Yɛn nyinaa betumi anya.
9. Sɛ yehyia nsɛm a emu yɛ den kɛse mpo a, dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛakura asomdwoe a Onyankopɔn de ma yɛn no mu?
9 Nanso afotu yi nyinaa a yebetie no mma yɛnyɛ nnipa a mprempren nneɛma nhyehyɛe yi mu nhyɛso ahorow no bi nka yɛn. Nanso ɛmfa ho sɛnea ebia tebea no mu bɛyɛ den no, Onyankopɔn ahyɛ yɛn bɔ sɛ, sɛ yɛdan ba ne nkyɛn a, obefi ɔdɔ mu aboa yɛn. (1 Petro 5:6, 7) So yɛasua sɛ yɛbɛhwehwɛ Yehowa hɔ mmoa ne akwankyerɛ wɔ biribiara a yɛyɛ mu na yɛadan akɔ ne nkyɛn wɔ mpaebɔ mu a yensuro, na bere a yɛayɛ nea yebetumi wɔ tebea horow a emu yɛ den akyi no, yɛadan yɛn adesoa ato Yehowa so na yɛafi gyidi mu agyaw ama no? (Mmebusɛm 3:5, 6; Dwom 55:22) Wɔhyɛ yɛn nkuran wɔ anigye mu wɔ Filipifo 4:6, 7 sɛ: “Monnna nnnwen biribiara nnhaw mo ho, na mmom ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ, ɛne aseda mma mo adesrɛ nnu Onyankopɔn asom; na Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so no bɛhwɛ mo koma ne mo adwene so Kristo Yesu mu.” Hwɛ nsiesiei a ɛyɛ nwonwa ara a ɛno yɛ! So woasua sɛ wubenya asomdwoe a efi Onyankopɔn hɔ a ɛno ma ɛba no mu mfaso kɛse?
Kɔ So Di Asomdwoe Akyi
10. Bere a yɛahwehwɛ asomdwoe akyi no, dɛn na ɛho hia wɔ yɛn fam?
10 Sɛ yenya asomdwoe a ɛte sɛɛ a, yɛrentumi mma ɛnyɛ nea yɛnhwɛ no yiye. Mmɔdenbɔ a emu yɛ den ho hia na ama yɛakura mu. Enti 1 Petro 3:10, 11 se: “Nea ɔpɛ sɛ ɔdɔ nkwa na ohu nna pa no, . . . ɔnhwehwɛ asomdwoe na onni akyiri.” Sɛ obi hwehwɛ botae bi na odu ho a, ɛbɛyɛ nea nyansa nni mu sɛ ɔrenhwɛ saa botae no so yiye. Bere a yɛahwehwɛ asomdwoe yi na yɛn nsa aka akyi no, ɛho hia sɛ yɛhwɛ yiye wɔ nneɛma a ebetumi asɛe no ho. Nea ɛho hia sen saa ne sɛ, ɛsɛ sɛ yedi nneɛma a ɛma asomdwoe nya nkɔso akyi.
11. (a) Su bɛn na ebetumi ama yɛne Yehowa ntam abusuabɔ no ayɛ nea ɛda asiane mu? (b) Bere bɛn na ɛsɛ sɛ yɛsrɛ Onyankopɔn mmoa ankasa wɔ sɔhwɛ ahorow ho? (Mateo 6:13)
11 Sɛ yɛanya asomdwoe wɔ yɛne Onyankopɔn ntam denam ɔkwan a wada no adi no so a, ɛho hia sɛ yɛhwɛ yiye na yɛansɛe saa abusuabɔ no denam bɔneyɛ mu a yɛbɛsan akɔ bio no so. Ɛwom, esiane sɛ yɛn nyinaa nyɛ pɛ nti, yɛn nyinaa yɛ bɔne. Nanso ɛyɛ nea asiane wom bere a obi yi ne ho ano wɔ su ne nneyɛe ahorow a Onyankopɔn kasa tia no ho. Yɛrentumi mfa yɛn kɔn nto nkyɛn nka sɛ, “Saa ara na mete.” (Romafo 6:16, 17) Ɛho hia sɛ yebenu yɛn ho wɔ bɔneyɛ ho mmom sen sɛ yebeyi yɛn ho ano wɔ ho, na afei nso ɛsɛ sɛ yɛsrɛ Onyankopɔn sɛ onnyina Yesu afɔrebɔ no mu gyidi a yɛwɔ so mfa mfiri yɛn. Ɛho hia nso sɛ yebesua sɛ yɛbɛdan akɔ Onyankopɔn nkyɛn na waboa yɛn na yɛamfa yɛn ho anhyɛ bɔneyɛ mu mmom sen sɛ yɛn nkutoo bɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛko atia eyi na awiei koraa no yɛagyae yɛn ho mu na afei yɛasrɛ bɔne fafiri no. Yɛnam Onyankopɔn mmoa so betumi ahyɛ “onipa foforo a wɔbɔɔ no Onyankopɔn so, nokware trenee ne ahotew mu” no.—Efesofo 4:20-24.
12. (a) Sɛ yebenya asomdwoe a, abusuabɔ afoforo bɛn na ɛho hia sɛ yɛma yɛn ani ku ho? (b) Dɛn na wɔhwehwɛ wɔ yɛn ho wɔ eyi mu?
12 Asomdwoe a wubenya no fa wo ne nnipa afoforo ntam abusabɔ nso ho. Nokware Kristofo som Onyankopɔn sɛ ahyehyɛde bi fã; wɔyɛ “anuanom kuw.” (1 Petro 2:17, NW) Sɛnea Yesu kae sɛ ɛbɛyɛ wɔ n’akyidifo ho no, wɔda nsow wɔ ɔdɔ a wɔwɔ ma wɔn ho wɔn ho no mu. (Yohane 13:35) Nanso wɔn mu biara nni hɔ a ɔyɛ pɛ. Esiane yɛn ankasa sintɔ ne afoforo de nti, ebia ɛho behia sɛ yɛbɔ mpae denneennen wɔ tebea horow bi ho na yɛyere yɛn ho sɛ yebedi ho dwuma. Hebrifo 12:14 ka kyerɛ yɛn sɛ: “Munni mo ne nnipa nyinaa ntam asomdwoe akyi.” Na wɔ yɛne yɛn nuanom Kristofo mmarima ne mmea abusuabɔ mu no, ɛyɛ yɛn asɛyɛde titiriw sɛ yɛbɛkɔ so adi asomdwoe akyi. 1 Tesalonikafo 5:13 ka no tẽẽ sɛ: “Munnya asomdwoe wɔ mo mu.” Ɛno nkyerɛ yɛ a yɛrenyɛ bɔne ntua bɔne so ka nko, na mmom ɛsɛ sɛ yɛyɛ nnipa a wɔhyɛ asomdwoe ho nkuran ankasa na yedi kan yɛ ade a ɛbɛma asomdwoe aba na ɛyɛ yɛn pɛ sɛ yebegyaa nneɛma mu esiane asomdwoe nti.—Efesofo 4:1-3.
13. (a) Dɛn na yebetumi ayɛ wɔ asomdwoe a yɛbɛma akɔ so wɔ yɛne wɔn a wonnye nni ntam no mu, nanso ɔkwan bɛn so na yɛkyerɛ sɛ yɛne Onyankopɔn ntam asomdwoe ne nea ehia kan? (b) Ɔkwan bɛn so na etumi yɛ yiye sɛ yenya asomdwoe bere a basabasayɛ ahorow atwa yɛn ho ahyia no?
13 Nanso wɔ asafo no akyi no, ɛnyɛ obiara na ɔbɛpɛ sɛ odi asomdwoe akyi. Eyi te saa araa ma Romafo 12:18 tu fo sɛ: “Sɛ ebetumi a, mo fam de, mo ne nnipa nyinaa ntra asomdwoe mu.” Nanso mmɔden a yɛbɔ sɛ yɛbɛma asomdwoe akɔ so no nyɛ nea gyae a yebegyae nneɛma mu wɔ Yehowa trenee gyinapɛn ahorow no ho ka ho. Ebia yebetumi asakra mmere a yɛde yɛ nneɛma ahorow bi no mu, nanso yenim sɛ ɛbɛyɛ nea nyansa nnim sɛ yebegyae asafo nhyiam kɔ anaasɛ yɛrenkɔ asɛnka sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛkɔ so akura yɛne aware mu ɔhokafo ntam asomdwoe mu. Na yenim sɛ Yehowa rempene hyɛ a yɛde yɛn ho bɛhyɛ nneyɛe bɔne a mfɛfo adwumayɛfo anaa mfɛfo sukuufo yɛ no mu na ama wɔagye yɛn atom no so. Yehu sɛ asomdwoe ankasa wɔ hɔ ma wɔn a wodi kan nya asomdwoe wɔ wɔne Onyankopɔn ntam, wɔn a wɔdɔ Yehowa mmara na wɔnantew n’akwan so no nkutoo. Saa asomdwoe no na ɛsom bo kɛse ma yɛn sen biribi foforo biara. (Dwom 119:165) Ampa, ebia basabasayɛ ahorow betwa yɛn ho ahyia. Ebia wɔn a wonnye nni ne wɔn ho wɔn ho begye akyinnye na wɔako; ebia wɔbɛyeyaw yɛn mpo esiane yɛn gyidi nti. Nanso yenim sɛ Onyankopɔn Asɛm no akyerɛkyerɛ yɛn sɛnea ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra. Sɛ yɛkɔ so fa ɔkwan a ɛne Yehowa trenee akwan no hyia so a, ɛnyɛ nea wɔbɛma asomdwoe a ɛho hia titiriw no abɔ yɛn.—Fa toto Dwom 46:1, 2 ho.
14. Ɛwom sɛ ahohiahia ba yɛn so de, nanso dɛn na ɛma etumi yɛ yiye sɛ yɛbɛkɔ so akura asomdwoe ne anidaso pa mu no?
14 Anadwo a etwa to ansa na Yesu rebewu no, ɔka kyerɛɛ n’asomafo anokwafo no sɛ: “Eyinom na maka mo, na moanya me mu asomdwoe. Mo ho behia mo wi yi ase de, nanso momma mo bo ntɔ mo yam! Me na madi wiase so nkonim.” (Yohane 16:33) Yiw, ahohiahia ba yɛn so. Sɛ́ Kristofo no, yehyia ɔtaa ahorow pii. Ebia wobesisi yɛn, na ɔyare a emu yɛ den bɛhaw yɛn mu pii. Nanso ɔsoro asomdwoe wowaw yɛn wɔ eyi nyinaa mu. Esiane sɛ Yehowa akyerɛkyerɛ yɛn nti, yenim nea enti a wɔtaa Kristofo. Yɛn adwenem nyɛ yɛn naa wɔ nea enti a nsisi wɔ hɔ ne nea enti a yɛyare no ho. Yenim nea ɛwɔ hɔ daakye nso. Yenim sɛ esiane Yesu asetra kwan a na nokwaredi wom ne n’afɔrebɔ wu no nti, yebetumi anya ogye. Bio nso, yenim sɛ ɛmfa ho sɛ ɔhaw ahorow bɛn ara na ɛba yɛn so mprempren no, yebetumi adan akɔ Onyankopɔn nkyɛn wɔ mpaebɔ mu a yɛwɔ ahotoso sɛ ofi ɔdɔ mu dwen yɛn ho na ɔnam ne honhom no so bɛhyɛ yɛn den.—Romafo 8:38, 39.
15. Ɔkwan bɛn so na ɛyɛ nokware sɛ asomdwoe a Kristo ma yetumi nya no nte sɛ nea wiase no de mo no?
15 Sɛ nea ɛfata no, Yesu kae wɔ Yohane 14:27 sɛ: “Asomdwoe na mede migyaw mo, m’asomdwoe na mede mema mo; ɛnyɛ sɛnea wiase ma na mema mo. Mommma mo koma nntutu, nanso mommma ɛmmpere mo!” Ɛyɛ nokware ampa—wiase no nni biribi a ɛte sɛ asomdwoe a Onyankopɔn nam Yesu Kristo so de ma no. Ɛma yɛyɛ den wɔ tebea horow a ɛma afoforo anidaso nyinaa sa no mu.
16. (a) Akwanhwɛ bɛn na ɛda wɔn a asomdwoe a Onyankopɔn de ma no ho hia wɔn titiriw nnɛ no anim? (b) Ɔkwan bɛn so na yebetumi akyerɛ sɛ saa asomdwoe no som bo ma yɛn?
16 Daakye a ɛyɛ nwonwa bɛn ara na ɛda wɔn a wogye asomdwoe a efi Onyankopɔn hɔ no tom mprempren na wɔma ɛyɛ nea ɛho hia wɔn titiriw wɔ wɔn asetra mu no nyinaa anim sɛɛ yi! Ɛrenkyɛ na wiase a nitan wɔ ɛne Onyankopɔn ntam no afi hɔ. Ɛrenkyɛ na abɔde nyinaa aka abom wɔ asomdwoe mu denam trenee nneɛma a Amansan Hene no hwehwɛ no so. Ɛmmra sɛ yɛn aseda wɔ anidaso kɛse yi ho bɛka yɛn ma yɛayɛ ade ma ɛne no ahyia koraa mprempren. Ɛmmra sɛ yɛn nyinaa betie Yehowa nkyerɛkyerɛ no yiye na yɛde n’ahyɛde ahorow no asie yɛn komam na ama yɛadɔ n’akwan na yɛayɛ nea ɔhwehwɛ. Sɛnea Mmebusɛm 3:1, 2 ka no: “Me ba, mma wo werɛ mfi me mmara, na ma wo koma nni me mmara nsɛm so; efisɛ onyinkyɛ ne nkwa mfe ne asomdwoe na ɛde bɛka wo ho.”
Ntĩmu Nsemmisa
◻ Sɛnea Yesaia 48:18 kyerɛ no, sɛ yebenya asomdwoe pii a, dɛn na ɛho hia?
◻ Nneɛma bɛn a yɛbɛyɛ na ebetumi ama yɛanya ɔsoro asomdwoe kɛse?
◻ Dɛn na wɔhwɛ kwan wɔ yɛn ho wɔ yɛne yɛn nuanom mmarima ne mmea ntam asomdwoe mu a yebekura mu?
◻ Ɔkwan bɛn so na yebetumi akura asomdwoe mu bere a wɔn a wonnye nni atwa yɛn ho ahyia mpo no?
[Mfonini wɔ kratafa 14]
Asubɔ
Nhyiam a yɛbɛkɔ
[Mfonini wɔ kratafa 15]
Nea yesua no a yɛde bedi dwuma
[Mfonini wɔ kratafa 16]
Asɛnka adwuma mu kyɛfa kɛse a yebenya
Yɛn adesoa a yɛbɛdan ato Yehowa so