Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w90 8/1 kr. 21
  • Asɛmpa a Efi Norway

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛmpa a Efi Norway
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yesu Nguan Tie Ne Nne
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • ‘Anigye Ne Onipa a Ohu Nyansa’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • “Onyankopɔn Nhwɛ Onipa Anim”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Ɔdɔ Ka Mmusua Bom
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
w90 8/1 kr. 21

Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ

Asɛmpa a Efi Norway

ASƐMPA adawurubɔfo bɛboro 9,500 a wɔwɔ Norway no renya osuahu ahorow pii a ɛyɛ anigye. Nnipa komapafo hu Bible mu nkrasɛm a Yehowa Adansefo bɔ ho dawuru no sɛ ɛno ne nokware no, na ɛyɛ wɔn mpaebɔ ho mmuae, sɛnea wohu wɔ osuahu ahorow a edidi so yi mu no.

◻ Awarefo bi a wɔn mfe nkɔɔ anim pii bɔɔ Onyankopɔn mpae sɛ ɔmmoa wɔn ma wonhu asetra mu atirimpɔw. Dapɛn biako akyi no, Yehowa Adansefo kɔsraa wɔn, na ɔyere no kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmmra mu. Na wɔabɔ okunu no kɔkɔ wɔ Yehowa Adansefo ho, enti ofii adi sɛ ɔrekɔhohoro ne kar ho. Wɔwoo ne yere no wɔ Lebanon na na ɔnte Norway kasa no yiye, enti Adansefo no kyerɛɛ no Yehowa din wɔ ne Arabic Bible no mu. Dapɛn abien akyi no, Adansefo no san kɔɔ hɔ bio, na okunu no puei bio sɛ ɔrekɔhohoro ne kar ho. Adansefo no bisaa ne yere no sɛ osusuw sɛ ebetumi ayɛ yiye sɛ bere foforo a wɔbɛba no, ne kunu no bɛtra hɔ bi na wakyerɛ nea wɔbɛka no ase anaa, na ɔhyɛɛ bɔ sɛ obebisa no.

Nsrahwɛ a ɛto so abiɛsa no mu no, na kar no ho tew ma enti ɔbarima no tee nka sɛ ontumi mfa ɛno nyɛ anoyi a ɔde befi hɔ, enti ɔtraa ase bisabisaa nsɛm ahorow bi na ɔde ahu nsonsonoe a ɛda Yehowa Adansefo ne Ɔman asɔre no ntam. Nsrahwɛ no dii nnɔnhwerew abiɛsa, na wogyaw nhomawa biako maa awarefo no. Adansefo no kɔe no, ɔyere no kɔdae, nanso okunu no fii ase kenkan nhomawa no, na ɔkenkan kyerɛw nsɛm a ɛwɔ mu no nyinaa. Onyanee ne yere no ɔdasum ka kyerɛɛ no sɛ: “Kan eyi hwɛ.” Ɔsɔree, na wɔboom kenkan nhomawa nɔ kosii anɔpa nnɔnnum. Wohui sɛ nokware no na wɔahu no, anigye ma wosui, na wɔde Yehowa din bɔɔ no mpae. Wɔne wɔn yɛɛ daa Bible adesua, na wofii ase kɔɔ nhyiam ahorow. Ɔbarima no gyaee n’adwuma a ɔne asraafo yɛ no, na wofii asɔre a wɔkɔ no mu, na wogyaee tawanom. Mprempren, wɔabɔ wɔn asu na wɔde anigye ne wɔn nuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ wiase nyinaa resom Yehowa.

◻ Anuawanom baanu bi a wɔreyɛ afie ne afie asɛnka adwuma hyiaa ɔbea bi a ɔkyerɛɛ asɛm no ho anigye. Ɔtoo nsa frɛɛ wɔn sɛ wɔmmra bio na obisaa wɔn sɛ obetumi afrɛ mmea afoforo abɛka ho anaa? Nsrahwɛ a edi hɔ no mu no, mmea afoforo baanan na wɔbae. Na wɔn mu biako bɔ mmɔden wɔ n’asɔre mu yiye. Ɔkae sɛ ofi ne mmofraase apɛ sɛ obedi Yesu ahyɛde sɛ wɔnyɛ asuafo no so. Na eyi ama ɔne ne kunu akɔ Afrika akɔyɛ mmoa a wɔde ma aman afoforo ho adwuma. Na mmea no nyinaa wɔ nsemmisa pii, na wɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ anuawanom no bɛkɔ akɔsra wɔn dapɛn abien biara. Wɔtoo nsa frɛɛ afipamfo afoforo, na ebinom kɔɔ so bae bere a afoforo nso gyaee, nanso, nea ɔbɔ mmɔden wɔ n’asɔre mu no hui sɛ ɔresua nokware no. Da koro a n’asɔre no sɔfo kae sɛ obegyina akodi akyi, na ogye Baasakoro no di no, ofii asɔre no mu. Ofii ase kɔɔ Yehowa Adansefo nhyiam ahorow na ankyɛ ofii ase nyaa asɛnka adwuma no mu kyɛfa. Ɛno akyi bere tiaa bi no, wɔbɔɔ no asu. Awiei koraa no, mprempren mfe 30 akyi no, n’ani gye sɛ nokwarem no, ɔredi Yesu ahyɛde sɛ wɔnyɛ asuafo no so.​—Mateo 28:19.

Yehowa rehyira anuanom a wɔwɔ Norway no wɔ wɔn ɔsom kronn no mu ne wɔn a wotie asɛmpa no nyinaa nso!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena